Emu Nsɛm
June 15, 2009
Nea Adesua Nsɛm Wom
ADESUA NSƐM MA ADAPƐN A EDIDI SO YI:
August 3-9, 2009
KRATAFA 7
NNWOM: 31, 118
August 10-16, 2009
KRATAFA 11
NNWOM: 30, 181
August 17-23, 2009
KRATAFA 16
NNWOM: 192, 170
August 24-30, 2009
Ofiehwɛfo Nokwafo no ne Ne Sodikuw No
KRATAFA 20
NNWOM: 51, 114
Adesua Nsɛm No Atirimpɔw
Adesua Nsɛm 1, 2 KRATAFA 7-15
Sɛnea Yuda ahemfo baanan de nnamyɛ boaa nokware som no yɛ soronko. Dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ wɔ nnamyɛ a yɛde som Yehowa no mu? Saa adesua nsɛm abien yi bɛyɛ anigye paa, na yebesua nneɛma pii afi mu.
Adesua Asɛm 3 KRATAFA 16-20
Wɔ yɛn da biara da asetena mu no, yehyia tebea ahorow pii a ebetumi ama ayɛ mmerɛw koraa sɛ yebedi atoro, anaasɛ ɛbɛma yɛaka asɛm bi de adaadaa afoforo, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ho renkyere yɛn, anaasɛ yɛbɛfa no sɛ ɛyɛ papa mpo sɛ yɛbɛyɛ saa. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ko tia sɔhwɛ biara a ɛbɛma wɔadi atoro? Dɛn na ɛbɛboa wo ma woako atia?
Adesua Asɛm 4 KRATAFA 20-24
Onyankopɔn nkurɔfo wɔ obu kɛse ma akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no. Nanso, abusuabɔ bɛn na saa kuw no ne Sodikuw no wɔ? Na dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa ɔkwan a Yehowa fa so ma yɛn honhom fam aduan nnɛ no ho? Afei nso, ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wodi Nkaedi paanoo no na wɔnom bobesa no bi no dɛn? Saa adesua asɛm yi bɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm no mu.
NEA ƐWƆ EYI MU NSO:
Dɛn na Metumi De Atua Yehowa Ka?
KRATAFA 3
Sɛnea Wubenya Anigye wɔ Sigyadi Mu
KRATAFA 25
Adwuma a Wɔde Hyɛ Afoforo Nsa—Dɛn Ntia, na Wɔyɛ no Dɛn?
KRATAFA 28
KRATAFA 32