Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 12/1 kr. 3-4
  • Nnipa Pii Ka sɛ Wɔwɔ Gyidi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa Pii Ka sɛ Wɔwɔ Gyidi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dwuma a Yesu Din Di Nnɛ
  • Edin a Ɛma Obi Nya Nokware Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yehowa Din No​—Sɛnea Ɛsom Bo Ma Yesu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Yehowa Din​—Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Ɛsom Bo Ma Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Hyɛ Yehowa Din Kɛse no Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 12/1 kr. 3-4

Nnipa Pii Ka sɛ Wɔwɔ Gyidi

ƆBEA nyamesomni bi a ɔwɔ Brazil teɛɛm sɛ: “Yesu yɛ ɔnwonwafo! Ne ho yɛ hu sɛ!” Nokwarem no, akyinnye biara nni ho sɛ Yesu din wɔ tumi. Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, nkurɔfo fi wɔn pɛ mu ahu amane na wɔawuwu ama no.

Asomafo Petro ne Yohane kaa asɛm wɔ Yerusalem wɔ ‘Yesu din mu.’ Esiane eyi a wɔyɛe nti, wɔkyeree wɔn na wɔhwee wɔn. Nanso “wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.”—Asomafo no Nnwuma 5:28, 41.

Afeha a edi kan mu Kristoni foforo a ɔkyerɛɛ obu kɛse maa Yesu din ne Antipa. Wɔ Bible nhoma a etwa to, Adiyisɛm mu no, Yesu kaa ne ho asɛm sɛ “me dansefo, ɔnokwafo, a wokum no wɔ mo nkyɛn, nea Satan te hɔ.” (Adiyisɛm 2:13, NW) Antipa ne Kristofo foforo a na wɔwɔ Pergamo no poe sɛ wɔbɛpa Kristo mu gyidi a wɔwɔ no. Antipa kuraa Yesu din mu denneennen de ne nkwa mpo twaa so!

Ɛno akyi bɛyɛ afeha fã, wɔ 155 Y.B. mu no, obi a wɔfrɛ no Polycarp a oyii n’anim sɛ Kristoni nso hyiaa sɔhwɛ a ɛte sɛ eyi bere a wɔhyɛɛ no sɛ ɔnsopa Kristo no. Obuae sɛ: “Mfe aduɔwɔtwe nsia na mede asom No, na Ɔnyɛɛ me bɔne biara. Mɛyɛ dɛn atumi aka me Hene a wagye me nkwa no ho abususɛm?” Esiane sɛ ɔpoe sɛ ɔbɛpa Kristo nti, wɔde Polycarp fam dua ho hyew no.

Ná asomafo no, Antipa, ne afoforo wɔ ɔpɛ sɛ wobewu ama Kristo ho adanse a na wɔredi no! Ɛnnɛ nso ɛ?

Dwuma a Yesu Din Di Nnɛ

Yesu din no kɔ so kanyan nkate a emu yɛ den. Wɔ nnansa yi mfe dudu mu no, asɔre horow a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ Yesu mu gyidi no dodow akɔ soro sen biara wɔ Latin America. Wɔ nkuraa nketewa mu mpo, Pentekostfo asɔre bi wɔ hɔ. Bere koro no ara mu no, amammui fam nkɛntɛnso a ɛwɔ asɔre horow no mu no nso renya nkɔanim. Sɛ nhwɛso no, Brazil Mmarahyɛ Baguafo no mu 31 yɛ asɔre ahorow yi mufo.

Asɔre foforo bi a ɛwɔ United States nso ka sɛ wɔn asɔre no gyina Yesu so. Emufo no frɛ wɔn ho sɛ Wɔn a Wodi Bɔhyɛ So. Time nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ wɔ 1997 mu sɛ, nnipa a wɔkɔɔ wɔn nhyiam no dodow nyaa nkɔanim fi 4,200 wɔ 1991 mu kosi ɔpepem 1.1 wɔ 1996 mu. Wɔn nnwom biako mu nsɛm ka sɛ: “O nkonim wɔ Yesu mu, me daa Agyenkwa.”

Nanso, ɛnyɛ nneɛma a wɔabɔ Yesu din ayɛ nyinaa na ɛfata. Wɔadi ako wɔ Yesu din mu mpɛn pii. Nkurɔfo akunkum Yudafo ne wɔn a wɔwɔ tetefo som mu, ayɛ wɔn a wonni wɔn afã ayayade, adi wɔn dɛm, na wɔde wɔn afam nnua ho ahyew wɔn—ne nyinaa wɔ Yesu din mu. Na nea ɛnkyɛe koraa no, asɛmpaka a wɔadan no aguadi no asɛe koraa. Eyinom nyinaa yɛ ɔkwammɔne a wɔfa so de Yesu din ne nea ɛkyerɛ ankasa no di dwuma a ɛyɛ abofono!

Bio nso, ɛma nsɛmmisa a ɛho hia yi sɔre: Dɛn na Yesu din a yɛbɛkyerɛ mu gyidi no kyerɛ? Na dɛn ne Yehowa Adansefo adwene wɔ asɛm yi ho? Asɛm a edi hɔ no bebua nsɛmmisa yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena