Biribi A Werɛ Remfi Da A Esii France
“YƐMPƐ YEHOWA KUROW BIARA!” Ɛno ne nsɛm a na ɛwɔ nkrataa a wɔde afomfam adan ho wɔ kurow no mu baabiara so. Asɔretiafo kuw bi kae sɛ: “Momma Yɛnka Mmom Nko Ntia Yehowafo Adansi No.” Ɛkame ayɛ sɛ atesɛm nkrataa mu nsɛm pii no na ɛmaa ɔmanfo adwene baa asɛm no so. Nkurɔfo kyerɛkyerɛw ɛho nkrataa kɔmaa mpanyimfo, na wɔde nkratawa bɛboro ɔpepem fã a ɛkaa adwuma no ho asɛm menaa nkurɔfo. Adwuma bɛn na ɛmaa Louviers kurow a ɛwɔ France atifi fam atɔe a ɛhɔ dwo no yɛɛ gyegyeegye saa? Ɛyɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea ne atrae foforo bi a na wɔpɛ sɛ wosi.
Yehowa Ma no Nyin
Yehowa Adansefo fii wɔn dwumadi ase wɔ France wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei. Wobuee Bible nhoma ho asoɛe a edi kan no wɔ 1905 mu wɔ Beauvène wɔ France anafo fam, na eduu 1919 no, na wɔabue adwumayɛbea ketewa bi wɔ Paris. Afe 1930 na wonyaa baa dwumadibea ankasa wɔ kurow no mu, na afe a edi hɔ no, adwumayɛfo no kɔtraa Betel fie bi mu wɔ Enghien-les-Bains, Paris atifi fam. Wiase Ko II akyi no, Betel abusua no san tu kɔɔ Paris, na wɔ 1959 mu no, woyii baa dwumadibea no kɔɔ abansoro dan bi a ɛtoa so anum mu wɔ Boulogne-Billancourt, wɔ kuropɔn no kurotia a ɛwɔ atɔe fam no.
Esiane sɛ Ahenni asɛnka adwuma no mu trɛwee nti, woyii nhomatintim ne nhomakra adwumayɛbea no kɔɔ Louviers, Paris atɔe fam kilomita 100, wɔ 1973 mu, na wɔyɛɛ nnwuma a aka no wɔ Boulogne-Billancourt. Nanso, France adawurubɔfo dodow a enyaa nkɔanim no maa dan a ɛwɔ Louviers no bɛyɛɛ ketewa, ɛmfa ho sɛ wɔtrɛw mu wɔ 1978 ne 1985 mu no. Enti wosii gyinae sɛ wobesi dan kɛse na wɔama Betel abusua no nyinaa atra faako. Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔn ani gyee saa adwuma yi ho, sɛnea yɛkaa ho asɛm mfiase no. Ɛmfa ho ɔsɔretia a ɛte saa no, wonyaa asase wɔ baabi a efi nhomatintimbea hɔ rekɔ hɔ yɛ kilomita biako ne fã pɛ. Wɔde mfe asia yɛɛ so adwuma denneennen, na awiei koraa no, bere a na wɔn mu atetew mfe 23 akyi no, Betel abusua no nyinaa bɛtraa faako wɔ Louviers wɔ August 1996 mu.
Enti wɔ Memeneda, November 15, 1997 no, nnipadɔm a wɔn ani agye 1,187, a France Betel abusua no mufo 300, ne afoforo 329 a wofi baa dwumadibea afoforo 42 ka ho no de ahomeka kɛse hyiae, na wotiee dan so hyira kasa a Onua Lloyd Barry a ɔyɛ Sodikuw no muni mae no. Nanso, esiane sɛ wohyiraa dan yi so bere a na wɔretan Yehowa Adansefo ani na wɔnam nsɛm amanneɛbɔ so asɛe wɔn din akyɛ wɔ France nyinaa nti, na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ France Adansefo nyinaa di nkonim yi mu ahurusi bi. Ne saa nti, Kwasida, November 16 no, wɔyɛɛ nhyiam titiriw bi a n’asɛmti ne “Kɔ So Tra Kristo Dɔ Mu” wɔ Villepinte Adehwɛbea, wɔ Paris atifi fam pɛɛ. Wɔtoo nsa frɛɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ France nyinaa, ne Belgium ne Switzerland Adansefo a wɔka France kasa, ne afei asafo ahorow a ɛwɔ Britain, Germany, Luxembourg, ne Netherlands sɛ wɔmmra bi.
Nhyiam a Ɛda Nsow
Wofii ase yɛɛ ahoboa maa nhyiam no asram asia ansa na ɛredu so. Afei, aka nnawɔtwe abien pɛ ma wɔahyira dan no so no, wɔn a wɔka lɔre akɛse wɔ France no de abufuw gyaee adwumayɛ esiane nneɛma bi a wɔn ani nnye ho nti, na wosisiw akwan atitiriw ne mmeae a wɔde pɛtro fa no. So na wobetumi de nkongua ne nneɛma foforo a wɔde bedi dwuma no atwam akɔ ansa na bere adu? So na akwan a wɔasisiw no no remma anuanom mma? Obiara koma tɔɔ ne yam bere a wɔsan fii adwuma ase wɔ nnawɔtwe biako pɛ akyi, na wobuebuee akwan no bio no. Fida anwummere a ade rebɛkye ma wɔahyira dan no so no, lɔre 38 twee nkongua 84,000 beguu asa akɛse abien a wogye tuaa ho ka maa dwumadi no so. Anuanom mmarima ne mmea bɛboro 800 yɛɛ adwumaden anadwo mũ no nyinaa de kosii Memeneda anɔpa nnɔnkron de hyehyɛɛ nkongua no, siesiee asɛnka agua no so, hyehyɛɛ akasam mfiri no, na wɔde video akɛse paa akron, bobɔɔ hɔ.
Ɛbɔɔ Kwasida anɔpa 6:00 no, na wɔabuebue apon no ma nnipadɔm no afi ase reba mu. Keteke ahorow 17 a wɔahyɛ da ahan de Adansefo bɛboro 13,000 kɔɔ kuropɔn no mu. Ɛhɔnom anuanom mmarima ne mmea bɛboro ahanu kɔɔ keteke gyinabea ahorow kohyiaa akwantufo no kwan, na wɔne wɔn boom akuwakuw kɔɔ nhyiambea hɔ. Onuawa biako kae sɛ saa nhyehyɛe a ɔdɔ wom yi ma “wɔtee nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ ne anigye.”
Afoforo nso de wimhyɛn anaa kar na ɛbaa Paris. Nanso, nnipa dodow no ara de bɔs ahorow 953 na ɛbaa Adehwɛbea hɔ, na Adansefo a wɔwɔ Paris no nso de kar ahorow a ɛhɔfo fa na ɛbae. Wɔn mu pii tuu kwan anadwo mũ nyinaa anaa wofii fie anɔpa paa, nanso na anigye a wɔanya sɛ wɔatumi aba saa nhyiam no bi no da adi. Nnamfo a wohuu wɔn ho akyɛ a wɔsan hyiaam no kyiaa wɔn ho anigye so, na wɔyeyɛɛ wɔn ho atuu. Sɛnea na nnipadɔm a wɔn ani agye no ahyehyɛ ntade fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ wɔ wɔn man mu no ma ɛdaa adi sɛ wɔyɛ amanaman ntam kuw. Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔde biribi soronko rebɛhyehyɛ so.
Eduu bere a dwumadi no fii ase anɔpa 10:00 no, na nkongua no nyinaa so ayɛ ma, nanso na ba ara na nnipa ɔhaha pii gu so reba hɔ. Baabiara a wobɛhwɛ no, w’ani kɔtɔ obi a ɔreserew anim. Nnipa mpempem pii kɔɔ so gyinaa hɔ anaa wɔtratraa fam. Mmofra pii fi ɔdɔ mu sɔre gyinaa hɔ ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim traa ase, ma ɛne nhyiam no asɛmti hyiae. Awarefo bi kyerɛwee sɛ: “Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yɛde yɛn nkongua maa anuanom mmarima ne mmea a na yennim wɔn, nanso na yɛpɛ wɔn asɛm paa no!” Nnipa pii daa ahofama honhom a ɛyɛ fɛ adi: “Yegyinagyinaa nkongua a yɛde Fida anadwo mũ nyinaa hyehyɛe no ho, da mũ no nyinaa. Nanso, wɔ a na yɛwɔ hɔ kɛkɛ no ma yenyaa anisɔ kɛse maa Yehowa.”
Ɛmfa ho sɛ na nhyiamfo no abrɛbrɛ anaa wɔn ho kyere wɔn no, wɔyɛɛ asõ tiee amanneɛbɔ ahorow a efi aman foforo so ne ɔkasa ahorow a Lloyd Barry ne Daniel Sydlik, a ɔno nso yɛ Sodikuw no muni mae no yiye. Onua Barry asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne “Yehowa Ma Ahoɔden a Ɛdɔɔso,” na ɔkyerɛɛ sɛnea Yehowa ahyira ne nkurɔfo ama wɔanya nkɔanim a sɔhwɛ ahorow mfa ho no mu fefeefe. Ná Onua Sydlik kasa no asɛmti ne “Anigye Ne Ɔman a Yehowa Ne Wɔn Nyankopɔn!” Ná ɔkasa ahorow abien no nyinaa fata bere no paa esiane ɔsɔretia a mprempren Yehowa Adansefo rehyia wɔ France no nti. Onua Sydlik kyerɛe sɛ nokware anigye nnyina nneɛma a ani tua so, na mmom egyina yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ne adwene a yekura wɔ nkwa ho so. Atiefo no de nsammɔ kɛse yii n’asɛmmisa a ɛne sɛ, “Mo ani agye anaa?” no ano.
Onuawa bi a na “wahwere n’anigye” kyerɛwee akyiri yi sɛ: “Mpofirim ara na mibehui sɛ me nsa betumi aka anigye. Ná meredi nneɛma a ɛho nhia akyi, na Yehowa nam ɔkasa yi so kyerɛɛ me nsakrae a ehia sɛ meyɛ.” Onua foforo kae sɛ: “Seesei mepɛ sɛ meyere me ho ma Yehowa koma tɔ ne yam. Mempɛ sɛ mema biribiara yi anigye a mafi ase renya wɔ me komam no fi me mu.”
Bere a nhyiam no reba awiei no, oguamtrani no de anigye kɛse kaa nnipa dodow a wɔbae no: 95,888—nhyiam a ɛsõ sen biara a Yehowa Adansefo ayɛ pɛn wɔ France!
Bere a wɔreto dwom a etwa to na nusu ataataa nnipa pii, na wowiei a wɔbɔɔ mpae a edi akyiri no, anuanom no fii wɔn akwantu ase san kɔɔ fie a wɔn ani agye na wɔn werɛ nso ahow. Afoforo hyɛɛ adamfofa su a wɔdaa no adi wɔ nhyiam no ase no nsow. Nnipa a wɔka bɔs no pii kaa su pa a nhyiamfo no yii no adi no ho nsɛmpa. Wɔn ho nso dwiriw wɔn wɔ nhyehyɛe a wɔyɛe a etumi maa bɔs 953 no nyinaa fii Adehwɛbea hɔ wɔ nnɔnhwerew abien ntam a nkyereso biara amma no ho! Keteke ne ɔmanfo kar ho adwumayɛfo kyerɛɛ su a nhyiamfo no yii no adi no ho anisɔ kɛse. Nkɔmmɔ pa pii kɔɔ so, na wodii adanse pii.
“Asasebere a Ɛwɔ Anhweatam So”
Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ mfɛfo Kristofo sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. . . . Momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Akyinnye biara nni ho sɛ, nhyiam titiriw yi hyɛɛ obiara nkuran, na na ɛyɛ “asasebere a ɛwɔ anhweatam so” sɛnea onuawa bi kaa ho asɛm no. Anuanom a wofi Togo bãã dwumadibea bae no kyerɛwee sɛ: “Bere a yɛresan akɔ no, na yɛanya ahoɔden foforo, nkuranhyɛ ne denhyɛ, na na yɛasi yɛn bo sen bere biara sɛ yebedi Yehowa som mu ahurusi.” Ɔmansin sohwɛfo bi kae sɛ: “Wɔn a na wɔayɛ bosaa no de anigye kɔɔ fie.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Ɛkanyan anuanom, na ɛhyɛɛ wɔn den.” Ɛkaa awarefo bi ma wɔkyerɛwee sɛ: “Yɛntee nka sɛ yɛabɛn Yehowa ahyehyɛde no sɛɛ da.”
Odwontofo no kae sɛ: “Me nan gyina nea ɛhɔ da fam, asafo ahyiae mu na mehyira [Yehowa, NW].” (Dwom 26:12) Kristofo nhyiam a ɛtete saa no boa obiara ma ɔsan gyina ne nan so yiye bere a ɔrehyia akwanside ahorow no. Onuawa bi de too so sɛ: “Ɛmfa ho ahohia biara a yehyia no, saa mmere soronko yi da yɛn koma so paa, na bere nyinaa ɛbɛwɔ hɔ, a ɛbɛkyekye yɛn werɛ.” Saa ara nso na ɔhwɛfo kwantuni bi kyerɛwee sɛ: “Sɛ tebea a ɛyɛ den sɔre a, Paradise ho mpopoe yi a yɛbɛkae no bɛboa yɛn ma yɛagyina ano.”
Dwom 96:7 tu fo sɛ: “Aman mmusuakuw, momfa mma [Yehowa, NW] momfa anuonyam ne tumi mma [Yehowa, NW].” Akyinnye biara nni ho sɛ bãã dwumadibea foforo a wɔahyira so wɔ France no yɛ nkonim kɛse ma Yehowa. Ne nkutoo na na obetumi ama adansi adwuma no akɔ so wɔ bere a nnipa pii ayere wɔn ho resɔre tia mu. Yehowa Adansefo a wɔwɔ France no asi wɔn bo sen bere biara sɛ ‘wɔbɛtra Kristo dɔ mu’ na ‘wɔama wɔn kanea ahyerɛn.’ (Yohane 15:9; Mateo 5:16) Wɔn a wɔkɔɔ dan so hyira dwumadi no bi nyinaa fi koma nyinaa mu te nka sɛ odwontofo no: “[Yehowa, NW] na ɔmaa eyi yɛe, ɛyɛ nwonwa, yɛn ani so.”—Dwom 118:23.
[Kratafa 26 mfonini]
Lloyd Barry
[Kratafa 26 mfonini]
Daniel Sydlik
[Kratafa 26 mfonini]
Nnipa 95,888 na wɔkɔɔ dwumadi titiriw no ase wɔ Villepinte Adehwɛbea hɔ
[Kratafa 28 mfonini ahorow]
Nnipa mpempem pii a wɔkɔɔ bi no gyinagyinaa hɔ anaa wɔtratraa fam tiei