Ayeforohyia Bi a Ɛyɛ Soronko Koraa
BON a emu yɛ frɔmfrɔm bi da Mozambique atifi fam a mmepɔw fɛfɛ—a ebi so yɛ mmonkyi mmɔnka, na afifide pii wɔ afoforo so—atwa ho ahyia. Ɛha na Fíngoè akuraa no wɔ. Sɛ edu awɔw bere mu na sɛ wim tew anadwo a, nsoromma ma wim hyerɛn, na ɔsram no ma hann araa ma ɛhyerɛn nnipa a wɔtete nkuraa no ase no adan a wɔde sare abɔ so no so. Beae soronko a ɛte saa na ayeforohyia a ɛda nsow bi kɔɔ so.
Nnipa ɔhaha pii de nnɔnhwerew ne nna pii mpo nantew kɔɔ saa adeyɛ titiriw yi ase. Ebinom kɔfaa mmeae a asetrade ho yɛ nã na ɛyɛ hu a mpataku, agyata, ne asono wɔ. Akwantufo no mu pii de nkokɔ, mmirekyi, ne mfunne kaa wɔn nneɛma ho bae. Bere a woduu akuraa no ase no, wɔkɔɔ petee mu baabi a Kristofo no taa yɛ ɔmantam nhyiam horow no. Ɛwom sɛ na akwantu no ama wɔabrɛbrɛ de, nanso na wɔn ani agye, na sɛnea na wɔn anim ayɛ sereserew no kyerɛ sɛ wɔrehwɛ nea ɛrebɛba so no kwan denneennen.
Henanom na na wɔreware? Ná wɔdɔɔso! Yiw, mmarima ne mmea pii. Ɛnyɛ sɛ na wɔreyɛ dodow ayeforohyia bi a wɔbɛbɔ ho dawuru kɛse. Mmom no, wɔyɛ awarefo nokwaredifo a wɔwɔ adwempa a bere bi a atwam no na wɔmfaa wɔn aware no nhyɛɛ mmara ase esiane sɛ na baabi a wɔte no atew ne ho na ɛmmɛn adwumayɛbea ahorow a wɔyɛ kyerɛwtohɔ no nti. Saafo yi nyinaa behuu Onyankopɔn aware ho gyinapɛn ahorow bere a Yehowa Adansefo ne wɔn suaa Bible no. Wobehui sɛ ɛsɛ sɛ wɔware ma ɛne ɔman no mmara hyia de sɔ wɔn Bɔfo a ɔyɛ aware Hyehyɛfo no ani, sɛnea Yosef ne Maria nso dii mmara a na ɛhwehwɛ sɛ wɔkɔkyerɛw wɔn din no so bere a wɔwoo Yesu no.—Luka 2:1-5.
Ahoboa a Wɔyɛ Maa Adeyɛ No
Yehowa Adansefo bãã dwumadibea a ɛwɔ Mozambique no yɛe sɛ wɔbɛboa. Nea edi kan no, wɔkohuu Atemmu ne Ɔmannwoe Asoɛe no mpanyimfo wɔ ɔman no kuropɔn, Maputo, ma wɔkyerɛɛ wɔn nea mmara hwehwɛ sɛ wɔyɛ. Ɛno akyi no, asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ Tete mantam no kuropɔn mu no kohuu ɛhɔnom mpanyimfo no de huu nhyehyɛe a ɛka ho a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Wɔhyɛɛ da a asɛmpatrɛwfo ne Mmarakyerɛwfo ne Ɔmanfo Ho Adansedi Asoɛe hɔ mpanyimfo no betu kwan akɔ Fíngoè akuraa no ase. Saa bere no ara mu nso baa dwumadibea no kyerɛw krataa kɔmaa asafo ahorow a emufo ka ho nyinaa de akwankyerɛ maa wɔn. Adansefo no ne kurow mpanyimfo no nyinaa hwɛɛ adeyɛ titiriw no kwan denneennen.
Asɛmpatrɛwfo baasa ne aban mpanyimfo no koduu Fíngoè Kwasida, May 18, 1997. Ná ɛhɔnom mpanyimfo no asiesie atrae kama ama mpanyimfo no wɔ baabi a ɛne kurow no adwumayɛbea ti di nhwɛanim. Nanso, aban mpanyimfo a wɔbaa hɔ no ani gyee Yehowa Adansefo no ahɔhoyɛ ho araa ma, wɔpɛe sɛ wɔne asɛmpatrɛwfo no tra asese a wɔde bere tiaa bi sisii no mu mmom. Ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wɔtee sɛ na aduannoafo no biako yɛ ɛhɔ asafo no mu panyin, na afei nso na ɔhwɛfo kwantuni bi ka nnipa a wotuu wɔn ho sii hɔ yɛɛ nnwuma a ɛba fam koraa de yɛɛ ahoboa maa ayeforohyia no ho. Afei nso wohuu sɛnea asɛmpatrɛwfo a wɔtete asese nketewa mu na wɔde nkuruwa nketewa guare nanso wɔannwiinwii no, ho yɛ anika na wɔn anim tew fa. Ná wonhuu abusuabɔ a emu yɛ den saa da wɔ nnipa a wofi mmeae ahorow pii saa ntam. Nanso, nea ɛkaa wɔn kɛse paa ne gyidi a wɔdaa no adi ma wɔde nneɛma pii bobɔɔ afɔre na ama wɔatumi adi ɔman no mmara ne Onyankopɔn nhyehyɛe so no.
Anigye Bere
Bere a awarefo no beduu hɔ no, ntɛm ara na wosiesiee wɔn ho maa ade a edi kan a ehia wɔ aware no ho: awoda adansedi krataa a wobegye. Wɔn nyinaa too santen de abotare twɛn maa Ɔmanfo Kyerɛwtohɔ adwumayɛfo no de wɔn ho nsɛm a ɛbɛkɔ nkrataa so no mae. Afei wɔkɔtoo santen foforo ma wotwaa wɔn mfonini, ɛno akyi na wɔkɔɔ Ɔmanfo Ho Adansedi Asoɛe hɔ kogyee wɔn adansedi nkrataa. Afei wɔsan kɔɔ Ɔmanfo Kyerɛwtohɔ adwumayɛfo a wɔbɛyɛ aware adansedi krataa a na wɔrehwehwɛ no denneennen no ama wɔn no hɔ. Eyi akyi no, wɔde abotare twɛnee sɛ wɔbɛbobɔ wɔn din wɔ akasam so. Ná bere a wɔde aware adansedi krataa no rema no ka koma. Awarefo no nyaa anigye kɛse bere a wɔn mu biara momaa wɔn aware adansedi krataa so te sɛ nkonimdi bo a ɛsom bo bi no.
Bere a eyi nyinaa rekɔ so no, na owia no rebɔ denneennen. Nanso, ɔhyew ne mfutuma no ansɛe anigye a ɛbae saa bere no.
Ná mmarima no asiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ, a wɔn mu pii bobɔ abɔkɔn hyehyɛ coat. Mmea no hyehyɛɛ ɛhɔ ntade, na wɔde ntama atenten a kɔla pii wowom a wɔfrɛ no capulana bobɔɔ wɔn mu. Ná ebinom kurakura nkokoaa a wɔde saa ntama no ara bi akyekyere wɔn.
Nneɛma kɔɔ so yiye, nanso na adwuma no dɔɔso dodo ma da koro. Bere a onwini dwoe no, aban mpanyimfo no fi ayamye mu sii gyinae sɛ wɔbɛtoa so ayɛ awarefo no ho adwuma. Wɔkae sɛ wontumi mma “yɛn nuanom” ntwɛn saa bere a saafo no de nneɛma pii abobɔ afɔre ansa na wɔretumi aba hɔ no. Saa biakoyɛ ne ahofama honhom yi yɛ nea wɔbɛkae daa.
Awɔw a emu yɛ den bae anadwo no. Bere a awarefo no mu kakraa bi nyaa asese mu trae no, na wɔn mu dodow no ara wɔ abɔnten, a wɔaboa wɔn ho ano reto gya. Eyi ansɛe anigye a wonyae no koraa. Wɔn serew ne nnwom a wɔde nne ahorow toe no bunkam ogya nturuturui no so. Wɔn mu pii kaa wɔn akwantu no mu nsɛm bere a wokura nkrataa a wɔn nsa aka no foforo no mu denneennen no.
Eduu ahemadakye no, ebinom sii wɔn bo kɔɔ akuraa no mfinimfini kɔtɔn wɔn nkokɔ, mmirekyi, ne afunne, na wɔde atua wɔn aware a wɔde hyɛɛ mmara ase no ho ka. Nokwarem no, wɔn mu pii de saa mmoa no bobɔɔ “afɔre,” na wɔde gyee bo a ɛba fam koraa sen ne bo ankasa. Abirekyi yɛ biribi a ɛsom bo na ne bo yɛ den ma ahiafo; nanso wonyaa ɔpɛ sɛ wɔde bɛbɔ afɔre na ama wɔatumi aware na wɔasɔ wɔn Bɔfo ani.
Akwantu no mu Brɛ
Awarefo no bi nantew akwansin pii na ɛbaa hɔ. Saa na na ɛte wɔ Chamboko ne ne yere, Nhakulira fam. Bere a na wɔreto gya anadwo da a ɛto so abien no, wɔkaa wɔn suahu no. Ɛwom sɛ Chamboko adi mfe 77, n’ani biako afura, na biako a aka no nso nhu ade yiye de, nanso ɔde nnammɔn-hunu ne n’asafo mufo nkae nantew nnansa, efisɛ na wasi ne bo sɛ ɔde n’aware a adi mfe 52 no bɛhyɛ mmara ase.
Ná Anselmo Kembo a wadi mfe 72 no ne Neri atra bɛyɛ mfirihyia 50 dedaw. Aka nna kakraa bi ma akwantu no adu so no, nsɔe kɛse bi wɔɔ ne nan piraa no kɛse bere a na ɔreyɛ n’afuw mu adwuma no. Wɔyɛɛ ntɛm de no kɔɔ ayaresabea a ɛbɛn hɔ ma wɔhwɛɛ no. Nanso, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛnantew akɔ, na ɔtɔ guu ne nan a ɛyɛ ne yaw no so nantew kɔɔ Fíngoè. Egyee nnansa. Bere a Anselmo nsa kaa n’aware adansedi krataa no, ɔdaa anigye kɛse adi.
Ayeforohyia foforo a ɛda nsow ne Evans Sinóia a kan no na ɔyɛ mmea dodow kunu no de no. Bere a osuaa Onyankopɔn Asɛm mu nokware no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde ɔne ne yere a odi kan no aware bɛhyɛ mmara ase, nanso wampene so, na ogyaee no kɔfaa barima foforo. Ne yere a ɔto so abien a na ɔno nso resua Bible no penee so sɛ ɔbɛware no. Wɔn baanu no nantew kɔfaa baabi a ɛhɔ yɛ hu a agyata ne nkekaboa foforo wɔ. Nnansa akwantu akyi no, wɔn nso bɛyɛɛ awarefo wɔ mmara kwan so.
Eduu Fida, a na ɛyɛ nnanum wɔ da a asɛmpatrɛwfo ne aban mpanyimfo no baa hɔ no akyi no, na wɔawie adwuma no. Nea efi mu bae ne sɛ wɔmaa adansedi nkrataa a ɛda nkurɔfo adi 468 ne awoda adansedi nkrataa 374. Aware adansedi nkrataa dodow a wɔde mae no yɛ 233! Ná tebea no yɛ anigye. Ɛmfa ho ɔbrɛ a na ɛwom no, obiara gye toom sɛ na ɛnyɛ ɔbrɛ hunu. Akyinnye biara nni ho sɛ saa da no remfi wɔn a wɔkɔɔ bi no adwene ne wɔn koma mu da. Ná ɛyɛ ayeforohyia soronko koraa ampa!