Wiase Biakoyɛ—So Ɛbɛba Da Bi?
“SƐ YETUMI ma wiase aman ahorow a wɔade wɔn ho a yɛte mu no dan ɔman biako ankasa wɔ mmaa nyinaa wɔ awo ntoatoaso kakra a edi hɔ no mu a, . . . ɛnde ɛbɛkyerɛ sɛ yɛatumi ayi akodi a atra hɔ fi tete no nso afi hɔ koraa . . . Nanso, sɛ yɛantumi anyɛ saa a, ɛnde ebia . . . asetra mu nkɔso biara remma.” Saa na sraadi ho abakɔsɛm kyerɛwfo Gwynne Dyer ka wɔ ne nhoma a wɔato din War no mu.
Dyer ka sɛ nsɛm a ɛfa aman ne akuw afoforo a wɔwɔ tumi a wɔde akodi dii wɔn akameakame ho dwuma ho ayɛ abakɔsɛm kyerɛwtohɔ mu ma. Wɔn mpaapaemu no yɛɛ nnipa ɔpepem pii asetra pasaa. Ɔhene Salomo nkyerɛkyerɛmu a ɛfa sɛnea eyi nyaa ne bere so nnipa so tumi ho no da so ara yɛ nokware nnɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mesan mehwɛɛ nhyɛso a ɛwɔ owia ase no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!”—Ɔsɛnkafo 4:1.
Nnansa yi, sɛnea atifi hɔ abakɔsɛm kyerɛwfo no da no adi no, wɔ “wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu,” a ɛyɛ mmɔbɔ akyi no, biribi foforo wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛpɛ kwan bi fa so dan wiase aman a wɔade wɔn ho yi ɔman biako ankasa wɔ mmaa nyinaa: Asetra mu nkɔso ankasa na ɛho aba asɛm! Ɛnnɛyi akodi bɛsɛe ɔman biara a ɛde ne ho hyem, na ɛrennyaw nkonimdifo biara.
Wiase Biakoyɛ Abɛn Anaa?
Dɛn ne wiase biakoyɛ ho anidaso? So nnipa nhyehyɛe betumi adi nkɛntɛnso a ɛde mpaapaemu ba a ɛde asase reto asiane mu no so? Ebinom susuw saa. Britain Daily Telegraph, no akodi ho sɛnkyerɛwfo, John Keegan kyerɛw sɛ: “Ɛmfa ho sɛ basabasayɛ rekɔ so na obi nnim nea ɛreba no, ɛte sɛ nea yetumi hu wiase a akodi nnim ho mpopoe bi.”
Dɛn na ɛma onya saa anidaso yi? Adɛn nti na ɛmfa ho sɛ adesamma adi ako akyɛ na ɛda adi sɛ onipa ntumi nni n’ankasa ho so mma ensi no yiye no, nnipa pii wɔ anidaso? (Yeremia 10:23) Bere bi a atwam no, ebinom gyee kyim kae sɛ, ‘Adesamma renya nkɔanim. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ nkɔanim ba bere nyinaa.’ Ɛnnɛ mpo, nnipa pii gye di sɛ ɔkwan bi so no, papa a ɛwɔ nnipa mu no bedi bɔne so nkonim. So ɛyɛ anidaso a edi mu? Anaa ɛyɛ nnaadaasɛm bi kɛkɛ a ɛde huammɔdi pii bɛba? Abakɔsɛm kyerɛwfo J. M. Roberts kyerɛwee wɔ ne nhoma Shorter History of the World mu sɛ: “Ɛyɛ den sɛ yɛbɛka sɛ anidaso bi wɔ hɔ ma wiase no daakye. Saa ara nso na seesei biribiara nkyerɛ sɛ nnipa amanehunu rebɛba awiei, anaasɛ biribiara nni hɔ a wobetumi agyina so agye adi sɛ ɛsɛ sɛ ɛba saa.”
So nneɛma pa bi wɔ hɔ a enti yebetumi agye adi sɛ nkurɔfo ne aman bedi ahotoso a wonni wɔ wɔn ho wɔn ho mu ne mpaapaemu a ɛda wɔn ntam no so ankasa? Anaasɛ ebehia nea ɛboro nnipa mmɔdenbɔ so? Asɛm a edi hɔ no besusuw saa nsɛmmisa yi ho.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Background globe on the cover: Mountain High Maps® Copyright © 1995 Digital Wisdom, Inc.