Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 8/15 kr. 23-25
  • Adidibea Ma Nnipa a Wɔte sɛ Nguan Wɔ Navajo Asase So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adidibea Ma Nnipa a Wɔte sɛ Nguan Wɔ Navajo Asase So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Asɛmpa no a Wɔde Ba Navajo Asase So
  • “Nguan Asoɛe” a Wɔde Si Hɔ
  • Wɔagye Ahenni Asɛm no Ma Ayɛ Nwonwa
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 8/15 kr. 23-25

Adidibea Ma Nnipa a Wɔte sɛ Nguan Wɔ Navajo Asase So

HÓZHÓNÍ kyerɛ “biribi a ɛyɛ fɛ” wɔ Navajo Indiafo kasa mu, na saa na Navajofo frɛ wɔn asase no. Efi 1868 no, United States aban no atwa asase a n’afanan bɛyɛ kilomita 62,000 ato hɔ ama Navajofo no wɔ Arizona atifi fam apuei, wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ ahinanan, a amansin anan a ɛne Arizona, Colorado, New Mexico, ne Utah hyiam no. Seesei wɔagya Monument Bon a Atɔe fam sini ahorow ama hɔ agye din no ato hɔ sɛ Navajo Abusua Agodibea, na nsrahwɛfo a wofi wiase nyinaa ba hɔ. Abosam kɔkɔɔ a n’atenten yɛ mita 300 a atetew ne ho sisi asasetaw a ɛyɛ anhweatan no atifi kokuroo no ntam na bon no da. Ɔkwan a ɛfata so no, Navajo asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma bon no kyerɛ “kwan a ɛda abotan no ntam.”

Wɔahyɛ no nsow sɛ Navajofo dodow no ara wɔ ahobrɛase, wɔwɔ ahɔhoyɛ su a emu yɛ den, na wɔne wɔn abusua tenten mufo bɛn paa. Nnipa 170,000 a wɔwɔ asasesin no mu dodow no ara tete atrae a atew ne ho, a wɔn asetra gyina atetesɛm so. Wɔn mu binom da so yɛn nguan, na wɔtete mpata a wɔde dɔte ato a wɔfrɛ no hogan mu. Navajofo adwinni ne wɔn nsaano adwuma agye din kɛse. Nea nkurɔfo ani gye ho kɛse koraa ne wɔn kɛtɛ a wɔde sɛw dan anim ne kuntu a wɔanwene nneɛma a ɛyɛ fɛ anaa ɛhɔfo adwinne bi wom, a wɔde oguan nhwi na ɛyɛ no. Ade a ɛno nso agye din saa ara ne Navajofo dwetɛ adwinne a nsramma bo ne asase mu nneɛma foforo nso ka ho no.

Asɛmpa no a Wɔde Ba Navajo Asase So

Bɛboro mfe 30 ni a Yehowa Adansefo aba Navajo asase so, a ɛnyɛ sɛ wɔrebɛhwehwɛ hɔ nneɛma nko na mmom sɛ wɔrebɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no nso akyerɛ nnipa a wɔtete mmeae a atew ne ho yi. (Mateo 24:14) Yehowa Adansefo asomfo a wɔyɛ daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw adi asɛnka adwuma no anim. Wɔn mu bebree aba hɔ de agye ɔfrɛ a efi ahwɛfo akwantufo ne ɛhɔ Adansefo hɔ sɛ wɔmmɛboa wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse no so. Ebinom fi asafo ahorow a ɛbɛmmɛn hɔ mu, na afoforo nso, a wɔn mu bi ne nnipa a wɔyɛ Amerikafo Ankasa a wofi mmusuakuw foforo mu, fi United States mmeaemmeae na aba hɔ.

Saa mmarima ne mmea a wɔde wɔn ho abɔ afɔre yi de ɔsom adwuma a wɔyɛ wɔ ha no atoto asɛmpatrɛw dwumadi ho. Dɛn ntia? Nea edi kan koraa no, ɛhɔfo kasa no sua yɛ den yiye efisɛ kasa no nnyigyei, sɛnea ɛkɔ, ne nsɛm a wɔde di dwuma no yɛ hwanyann. Afei nso nnipa a wofi hɔ no fã dodow no ara kura wɔn agyanom som, abusua nhyehyɛe, ne wɔn kuayɛ mu denneennen. Afei nso, adan ne adwuma ho yɛ den ma wɔn a wɔnyɛ Indiafo, na ɛma ɛyɛ den ma wɔn a wotu ba ha no sɛ wɔbɛkɔ so atra hɔ. Nea etwa to no, ɛnyɛ nwonwa sɛ, sɛnea aborɔfo adi nkurɔfo yi ani bere tenten no ama wonni nnipa a womfi hɔ mu ahotoso papa.a

Mfiase no, bere a Adansefo no siesiee wɔn ho kama bobɔɔ abɔkɔn de kɔɔ afie afie no, wosusuwii sɛ wɔyɛ Mormonfo, na nnipa pii ammue wɔn apon. Bere a wɔmaa wɔn ahosiesie no baa fam kakra no, na wogye wɔn kɔ fie ma wɔtaa di bɛyɛ dɔnhwerew biako anaa nea ɛboro saa. Seesei nkurɔfo nim wɔn a wɔyɛ Yehowa Adansefo, ɛwom sɛ wɔasan afi ase hyehyɛ ntade a edi mũ wɔ asɛnka mu de.

Sɛnea ɛbɛyɛ na obi akɔ nnipa a wɔtete Navajo asase so kɛkɛ no mpo nna fam koraa. Tebea a ɛtaa kɔ so ne sɛ wɔde kar betwa akwansin pii wɔ akwan a wɔmfaa hwee nhyɛɛ no agyirae na abotan, anhwea, ne atɛkyɛ wɔ so so. Sɛnea ɛte no, eyi ma kar ahorow no gow, na ɛma akwantufo no nso brɛ kɛse. Kar tumi tim nso, nanso mpɛn pii no wɔn a wɔretwam beso mu boa. Anigyefo nkyɛn a obi bɛkɔ, ofie Bible adesua a ɔbɛkɔ akɔyɛ, anaa Kristofo nhyiam a ɔde obi bɛkɔ no taa hwehwɛ sɛ otwa kwan a ne kɔ ne ne ba gye nnɔnhwerew pii. Nanso Adansefo no fi wɔn pɛ mu tu wɔn ho si hɔ, de kyerɛ sɛ wɔdɔ ɛhɔfo no.—Fa toto 1 Tesalonikafo 2:8 ho.

Navajofo no ani gye Bible mu nkɔmmɔbɔ ho. Mpɛn pii no, wɔboa abusua mũ nyinaa ano—mmofra, awofo, nananom—ma wobetie anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ daakye adesamma benya paradise fie no ho asɛm. Bere a wobisaa Navajoni barima bi sɛnea osusuw sɛ Paradise bɛyɛ no, obuae sɛ, “Wura mommono, ne nguan pii,” a ɛkyerɛ sɛnea wɔn ani gye kuayɛ ne wɔn nguan ho. Wɔn ani sɔ Bible ho nhoma ahorow nso, na ɛtɔ da bi a nea wɔde kyerɛ saa ne nhene, samena, kankyee mu nufusu, ne nneɛma a ɛte saa a wɔde boa Ahenni som adwuma no. Ɔkwampaefo titiriw bi yɛɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no kra 200 ho nhyehyɛe wɔ afe biako mu, a ɔyɛɛ mu abien maa ɔbarima bi a na ɔte pɔnkɔ so.

“Nguan Asoɛe” a Wɔde Si Hɔ

Sɛ edu ahohuru bere a, ɛsɛ sɛ Navajo guanhwɛfo de ne nguankuw no kɔ nguan asoɛe. Saa ahohuru bere mu nguan atrae, a wɔhwɛ baabi a adidibea frɔmfrɔm ne nsu pii wɔ na wɔpaw yi, boa nguan no ma wɔyɛ prɔmprɔm. Sɛnkyerɛnne kwan so no, yebetumi de Ahenni Asa atoto asoɛe a ɛte saa ho—honhom fam adidibea ne baabi a nokware ho nsu wɔ. Nnipa a wɔba hɔ no betumi anya honhom fam aduan a ɛma wɔn honhom fam akwahosan pa ne ahoɔden.

Bere tenten bi no, na wɔyɛ nhyiam horow no wɔ sukuu dan bi mu wɔ Kayenta, Arizona. Afei wɔ August 1992 no, ɛdenam Adansefo ɔhaha pii a wofi amantam pii mu a wotuu wɔn ho mae mmoa so no, wosii Ahenni Asa foforo wɔ Kayenta. Saa Ahenni Asa yi ne afoforo pii a ɛwɔ ɔmantam no mu no ma ɛhɔfo no hu sɛ adansedi adwuma atim hɔ daa. Ahenni Asa afoforo a wɔn a wɔwɔ saa asasesin kɛse yi mu kɔ mu ne nea ɛwɔ Tuba Kuropɔn ne Chinle, a abien no nyinaa wɔ saa asasesin no so, biako a ɛwɔ Keams Canyon wɔ Hopi abusuakuw asase so wɔ Navajo asase no mu no, ɛne afoforo pii a ɛwɔ nkurow a ɛne asasesin no bɔ hye mu no. Dɛn na afi mu aba?

Wɔagye Ahenni Asɛm no Ma Ayɛ Nwonwa

Wɔ Kayenta no, wɔabɔ ɛhɔfo bɛboro dummien asu fi bere a wosii Ahenni Asa no, a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira saa beae a wohyia ma nokware som yi. Asa no de adanse ma sɛ Yehowa Adansefo ase atim wɔ hɔ, na ɛma nkurɔfo nya Ahenni ho asɛmpa a wɔka no mu ahotoso. Nnansa yi ara wɔmaa Navajo kasa mu Bible baguam ɔkasa a edi kan no wɔ hɔ. Asafo no mufo 40 no de anigye maa nnipa 245 a wobetiee ɔkasa a ɛfa awofoyɛ mu asɛyɛde ho no akwaaba. Abusua bi a wɔnam baawɔtwe de komam anisɔ twaa kwan a ne kɔ nkutoo gyee nnɔnhwerew abiɛsa kotiee ɔkasa yi—bere a edi kan koraa a wɔkɔɔ Ahenni Asa so.

Adwinnade foforo a mfaso wɔ so a Yehowa de ama ne Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! nhomawa no a ɛwɔ Navajo kasa mu no. Ná nhomawa no a wɔrekyerɛ ase akɔ Navajo kasa a ɛyɛ den mu no yɛ adwumaden ankasa. Sɛ wɔka bom a, nsɛm asekyerɛfo no dii bɛboro nnɔnhwerew 1,000 wɔ nhomawa no ho de hwɛ hui sɛ ɛda Ahenni asɛm no adi ɔkwampa so. Efi bere a woyii no adi wɔ 1995 awiei no, ɛhɔ Adansefo no ama mpempem pii, na ama wɔne wɔn a wɔhwehwɛ nokware no pii yɛ Bible adesua.

Nnipa a wɔde Navajo kasa no kɔ asɛnka no redɔɔso bere a Ahenni adawurubɔfo sua ka no. Asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no afi ase de Navajo kasa yɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no, na wɔyɛ Navajo kasa ho adesua de tete adawurubɔfo no. Nea ɛka ho no, wɔkyerɛ ɔmansin nhyiam dwumadi ahorow a ɛkɔ so wɔ hɔ no nso ase kɔ Navajo kasa mu. Akyinnye biara nni ho sɛ saa mmɔdenbɔ yi nyinaa bɛma wɔagye asɛm no kɛse mpo wɔ asasesin no mu.

Ade a ɛnsɛ sɛ yɛn ani pa so wɔ Ahenni aba a wɔagu wɔ saa Indiafo asase yi so ne honhom fam su pa a yɛn nuanom Navajofo ada no adi no. Jimmy ne Sandra de wɔn mma baanum no twaa ɔkwan a ne kɔ nkutoo yɛ kilomita 120 kɔɔ dapɛn dapɛn nhyiam horow mfirihyia ason. Abusua no kae bere a na wɔbom to Ahenni nnwom na wosua Bible no wɔ wɔn kwan tenten no twa mu no ma wɔn ani gye. Nokware no ho dɔ ne nsiyɛ a awofo no wɔ no kanyan mmofra no maa wodii wɔn nhwɛso akyi bɛyɛɛ Yehowa ayeyifo a wɔahyira wɔn ho so. Seesei wɔn mu baanan som sɛ daa akwampaefo, na Jimmy yɛ ɔpanyin. Ade a ama abusua no anigye ayɛ kɛse ne sɛ, nnansa yi ara Jimmy nuabea Elsie abɛyɛ obi a wɔabɔ no asu a odi kan a Navajo kasa nkutoo na ɔka.

Ɛhɔ nguanhwɛfo ne wɔn nguankuw no de asomdwoe a ɛda adi wɔ nguanhwɛ mu no ka abosam a ɛma Navajo asasesin no yɛ fɛ no ho. Bere tenten bi a atwam ni no, odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm faa Yehowa ho sɛ: “Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.” (Yesaia 40:11) Yehowa nam ne Guanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, so reboaboa wɔn a wɔwɔ Navajo asasesin no mu a wɔpɛ sɛ wɔte Ahenni asɛmpa no na wɔba gyinabea a ɛbɛma wɔanya daa nhyira no nyinaa ano aba ne honhom fam adidibea.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ May 8, 1948 (Engiresi de); February 22, 1952 (Engiresi de); June 22, 1954 (Engiresi de); ne September 8, 1996 Nyan! no.

[Kratafa 24 mfonini]

Navajo ɔbea guanhwɛfo bi te asɛmpa no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena