Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 12/1 kr. 24-28
  • Yehowa Ayɛ Me Guankɔbea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ayɛ Me Guankɔbea
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsrahwɛ Titiriw Bi
  • Bible mu Nokware no Afã a Yegyinae
  • Ɔsɔretia Denden Ano a Yegyina
  • Ɔyare a Emu Yɛ Den a Meko Tia
  • Yɛyɛɛ Akwampae Adwuma a Ɔsɔretia Mfa Ho
  • Osuahu a Mfaso Wɔ So
  • Yehowa Ayɛ Me Yiye
  • Minyaa Nokware Ahonyade wɔ Australia
    Nyan!—1994
  • Mmofra Baawɔtwe A Metetee Wɔn Wɔ Yehowa Kwan So Mu Haw Ne Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Bɛboro Mfe 50 Ni a ‘Mitwa Kɔe’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ayisaa A Onni Obiara Nya Agya Bi A Ɔwɔ Ɔdɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 12/1 kr. 24-28

Yehowa Ayɛ Me Guankɔbea

SƐNEA PENELOPE MAKRIS KA KYERƐE

Me maame srɛɛ me denneennen sɛ: “Gyae wo kunu; wo nuabarimanom bɛhwehwɛ papa ama wo.” Dɛn nti na na me maame a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ sɛ migu m’aware? Dɛn na na ama wahaw saa?

WƆWOO me 1897 mu wɔ akuraa ketewa Ambelos a ɛwɔ Greece supɔw Samos so no ase. Ná yɛn abusua no yɛ Greece Ortodɔks Asɔre no mufo a wɔyɛ nsi. Paapa wui bere tiaa bi ansa na wɔrewo me, na na ɛsɛ sɛ me nuanom mmarima baasa no yɛ adwumaden de nya yɛn ahiade wɔ ohia buruburoo a na ɛwɔ hɔ saa mmere no mu.

Wiase Ko I pae gui 1914 mu, na ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔhyɛɛ me nuanom mpanyimfo baanu sɛ wɔnkɔ sraadi. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakwati saayɛ no, wɔkɔɔ Amerika, na ɛkaa me ne me nuabarima a waka no ne Maame wɔ fie. Mfe kakraa bi akyi wɔ 1920 mu no, mewaree Dimitris, ɔkyerɛkyerɛfo kumaa bi a na ɔwɔ yɛn akuraa hɔ no.

Nsrahwɛ Titiriw Bi

Mewaree akyi bere tiaa bi no, me maame nuabarima bi fi Amerika bɛsraa yɛn. Ɛbae sɛ ɔde Studies in the Scriptures a Charles Taze Russell kyerɛwee no po ahorow no mu biako bae. Ná ɛyɛ Bible Asuafo a seesei wonim wɔn sɛ Yehowa Adansefo no nhoma.

Bere a Dimitris buee nhoma no mu no, ohuu asɛmti bi a na wadwen ho fi ne mmofraberem, “Sɛ onipa wu a, dɛn na ɛba ne so?” Ná wabisa Greece Ortodɔks nyamekyerɛfo bi eyi ho asɛm, nanso na onnyaa mmuae a ɛma abotɔyam. Nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ na ntease wom a ɛwɔ nhoma no mu no yɛɛ Dimitris anigye araa ma ɔkɔɔ akuraa no kɔfetɔnbea hɔ tẽẽ, baabi a Greece mmarima nyinaa hyiam wɔ amanne kwan so no. Ɛhɔ na ɔkaa nneɛma a wasua afi Bible mu no ho asɛm.

Bible mu Nokware no Afã a Yegyinae

Saa bere yi—wɔ 1920 mfe no mfiase no—na Greece wɔ ɔko foforo mu. Wɔhyɛɛ Dimitris yɛɛ no sraani de no kɔɔ Turkeyfo asase ankasa so wɔ Asia Kumaa. Wopiraa no, na wɔde no baa fie. Bere a onyaa ahoɔden no, me ne no kɔɔ Smyrna, Asia Kumaa (mprempren Izmir, Turkey). Bere a ɔko no baa awiei mpofirim wɔ 1922 mu no, na ɛsɛ sɛ yeguan. Nokwarem no, anka yɛreyɛ awu wɔ ahyɛmma bi a asɛe koraa a na yɛte mu rekɔ Samos no mu. Bere a yeduu fie no, yebuu nkotodwe daa Onyankopɔn ase—Onyankopɔn a na ne ho nimdeɛ kakraa bi pɛ na yɛwɔ no.

Ankyɛ na wɔmaa Dimitris dwumadi sɛ ɔnkɔkyerɛ ade wɔ sukuu bi a ɛwɔ Vathy, supɔw no ahenkurow, mu. Ɔkɔɔ so kenkan Bible asuafo no nhoma ahorow, na anadwo bi a nsu retɔ no, wɔn mu baanu fi supɔw Chios so bɛsraa yɛn. Ná wofi Amerika aba hɔ rebɛsom sɛ colporteurs, sɛnea na wɔfrɛ bere nyinaa asɛmpakafo no. Yɛmaa wɔn baabi dae anadwo no, na wɔkaa nneɛma a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ho ho nsɛm kyerɛɛ yɛn.

Akyiri yi, Dimitris ka kyerɛɛ me sɛ: “Penelope, mahu sɛ eyi ne nokware no, na ɛsɛ sɛ midi akyi. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ migyae nnwonto wɔ Greece Ortodɔks Asɔre no mu, ne sɛ merentumi ne sukuufo mmofra no nkɔ asɔre.” Ɛwom sɛ na Yehowa ho nimdeɛ a yɛwɔ no sua de, nanso na ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom no no mu yɛ den. Enti mibuae sɛ: “Merensiw wo kwan. Wo de kɔ so.”

Ɔde amemenemfe toaa so sɛ: “Yiw, nanso sɛ wohu ɔkwan a yɛnam so no a, mɛhwere m’adwuma.”

Mekae sɛ: “Mma ɛnnhaw wo, nnipa nyinaa na wɔkyerɛ ade de didi? Yennyinii pii na yɛn ho yɛ den, na ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, yebetumi anya adwuma foforo.”

Saa bere yi, yɛtee sɛ Bible Suani foforo—a ɔno nso yɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo—aba Samos. Bere a yɛtee sɛ polisifo amma no kwan sɛ ɔmma baguam ɔkasa a egyina Bible so no, yɛkɔhwehwɛɛ no. Yehuu no wɔ adetɔnbea bi sɛ ɔne Greece Ortodɔks nyamekyerɛfo baanu bi rebɔ nkɔmmɔ. Esiane sɛ nyamekyerɛfo no ani wui sɛ wɔantumi amfa Bible no annyina wɔn gyidi akyi nti, wofii hɔ ntɛm ara. Me kunu, a na bere nyinaa ɔsɛmpakafo no nimdeɛ ama ne ho adwiriw no no bisae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wutumi de Bible no di dwuma saa?”

Obuae sɛ: “Yegye bere sua Bible no daa.” Obuee ne bag mu yii The Harp of God nhoma a wɔde sua ade no kyerɛɛ yɛn sɛnea wɔde nhoma yi yɛ adesua a ɛte saa no. Yɛn ho peree yɛn sɛ yebesua ade araa ma me ne me kunu ne bere nyinaa ɔsɛmpakafo no ne mmarima foforo baanu dii ɔdetɔnfo no akyi ntɛm ara kɔɔ ne fie. Bere nyinaa ɔsɛmpakafo no maa yɛn mu biara The Harp of God nhoma no bi, na yefii adesua ase amonom hɔ ara. Yɛtoaa yɛn adesua no so kosii anadwo dasum, na afei ɛrekɔ ahemadakye no, yefii ase suaa nnwom a Bible Asuafo no to no.

Efi saa bere no reba no, mifii ase de nnɔnhwerew pii suaa Bible no da biara. Bible Asuafo a wofi amannɔne kɔɔ so maa yɛn nhoma ahorow a wɔde sua Bible. Wɔ January 1926 mu no, mihyiraa me ho so maa Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu hyɛɛ bɔ sɛ mɛyɛ n’apɛde koraa. Akyiri yi wɔ saa ahohuru bere no mu no, me ne me kunu de nsu mu asubɔ yɛɛ yɛn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Ná yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛka nneɛma a yɛresua no ho asɛm akyerɛ afoforo, enti yɛde Message of Hope kratawa no fii apon ne apon ano som adwuma no ase.

Ɔsɔretia Denden Ano a Yegyina

Da bi, ababaa bi too nsa frɛɛ me sɛ memmra mpaebɔ wɔ Greece Ortodɔks asɔre ketewa bi mu. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Magyae sɛ mɛsom Onyankopɔn wɔ saa kwan no so. Seesei mesom no honhom ne nokware mu, sɛnea Bible kyerɛkyerɛ no.” (Yohane 4:23, 24) Ne ho dwiriw no, na ɔkaa nea asi no ho asɛm wɔ baabiara, na ɔde me kunu nso kaa ho.

Nokwarem no, obiara fii ase sɔre tiae. Ná baabiara nni hɔ a yebetumi anya asomdwoe—wɔ yɛn fie ne nhyiam a na yɛne anigyefo kakraa bi a wɔwɔ supɔw no so yɛ no ase mpo. Ortodɔks asɔfo no piapiaa nnipadɔm bi ma wobetwaa baabi a yehyiam no hyiae totoo abo didii yɛn atɛm.

Bere a yɛrekyekyɛ Message of Hope kratawa no, mmofra betwaa yɛn ho hyiae teɛteɛɛm sɛ “Mfirihyia Apemfo” ne animtiaabu nsɛm foforo. Me kunu nnamfo nso fii ase haw no. Wɔ 1926 awiei no wɔde no kɔɔ asɛnnibea, na wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔmfata sɛ ɔbɛyɛ aban sukuu mu kyerɛkyerɛfo, na wɔde no too afiase nnafua 15.

Bere a Maame tee eyi no, otuu me fo sɛ minnyae me kunu no. Mibuae sɛ: “Me nã pa, tie, wunim sɛnea medɔ wo na mibu wo no yiye. Nanso merentumi mma wo kwan ara da sɛ sɛe ɔkwan a yɛnam so som nokware Nyankopɔn, Yehowa, no.” Ofii hɔ kɔɔ n’akuraase a na n’abam abu koraa.

Wɔ 1927 mu no, Bible Asuafo no yɛɛ ɔmansin nhyiam bi wɔ Athens, na Yehowa buee kwan ma yetumi kɔɔ bi. Mfɛfo gyidifo pii a yɛne wɔn hyiaam no maa yɛn ani gyei, na ɛhyɛɛ yɛn den wɔ honhom fam. Yɛsan kɔɔ Samos no, yɛkyekyɛɛ kratawa a wɔato din A Testimony to the Rulers of the World no mfuamfua 5,000 wɔ supɔw no nkurow ne nkuraa ase.

Saa bere no na woyii Dimitris adi fii ne kyerɛkyerɛ adwuma no mu, na esiane yɛn ho adwemmɔne a na afoforo wɔ nti, na ɛkame ayɛ sɛ ɔrennya adwuma. Nanso esiane sɛ na mitumi pam ade na Dimitris ho akokwaw wɔ dan ho ka mu nti, yetumi nyaa sika a ɛfata de hwɛɛ yɛn ho. Wɔ 1928 mu no, wɔde me kunu ne anuanom Kristofo foforo baanan a wɔwɔ Samos no koguu afiase asram abien wɔ asɛmpa no a wɔreka ho. Esiane sɛ na me nkutoo ne Bible Suani a mewɔ ahofadi nti, mitumi maa wɔn aduan wɔ afiase hɔ.

Ɔyare a Emu Yɛ Den a Meko Tia

Bere bi, meyaree ahotutuw, yare bi a na wontumi nsa a na wonnim no saa bere. Ná mintumi nnidi, na na atiridii a ano yɛ den taa kye me. Na ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ me ne sɛ wɔde plaster bɛkyekyere me ho fi me kɔn akosi m’asrɛ ho. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya sika ahwɛ yɛn ho no, me kunu tɔn asase bi na ama matumi akɔ so ayɛ aduru. Mede ahohia bɔɔ Onyankopɔn mpae da biara sɛ ɔmma me ahoɔden.

Sɛ abusuafo bɛsra me a, na wɔkɔ so ma ɔsɔretia no mu yɛ den. Maame kae sɛ esiane yɛn som a yɛasesa no nti na yɛrehyia saa haw ahorow yi nyinaa. Bere a na mintumi nnantew no, na nusu fɔw me sumii bere a mebɔ yɛn soro Agya no mpae sɛ ɔmma me abotare ne akokoduru mfa nnyina ano no.

Ná mede me Bible ne nhomawa ne nkratawa a minya no gu ɔpon a esi me mpa ho no so ma wɔn a wɔbɛsra me no. Ɛyɛɛ nhyira sɛ na wɔyɛ yɛn asafo ketewa no nhyiam horow no wɔ yɛn fie; na mitumi nya honhom fam nkuranhyɛ daa. Ná ɛsɛ sɛ yɛtɔn asase foforo de tua oduruyɛfo bi a ɔwɔ Athens a na ɔrehwɛ me no ka.

Ankyɛ biara na ɔhwɛfo kwantufo bɛsraa yɛn. Odii yaw kɛse sɛ obehuu me wɔ saa tebea yi mu na Dimitris nso nyɛ adwuma. Ofi ayamye mu boaa yɛn ma yɛyɛɛ nhyehyɛe kɔtraa Mytilene wɔ supɔw Lesbos so. Yetu kɔɔ hɔ 1934 mu, na Dimitris tumi nyaa adwuma. Ɛhɔ no, yɛkɔtoo anuanom Kristofo mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔdɔ a wɔhwɛɛ me wɔ me yare no mu. Awiei koraa no, bere a wɔsaa me yare mfe anum akyi no, me ho tɔɔ me koraa.

Nanso, wɔ 1946 mu, Wiase Ko II akyi bere tiaa bi no, meyaree denneennen bio, nanso saa bere yi de, na ɛyɛ yafunyare. Atiridii ne ɔyaw a emu yɛ den de me too mpa mu asram anum. Nanso, sɛnea meyɛ no daa no, mannyae sɛ mɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ wɔn a wɔbɛsra me no da. Bere kɔɔ so no, me ho tɔɔ me bio.

Yɛyɛɛ Akwampae Adwuma a Ɔsɔretia Mfa Ho

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Greece no kɔɔ so hyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den wɔ ɔko no mfe no akyi. Wɔkyeree yɛn mpɛn pii bere a na yɛreyɛ afie-afie adwuma no. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, me kunu dii bɛyɛ afe wɔ afiase. Mpɛn pii no, sɛ yɛkɔ asɛnka a, na yɛayɛ yɛn adwene sɛ wɔbɛkyere yɛn ma yɛakɔda polisifo adwumayɛbea anadwo no. Nanso Yehowa annyaw yɛn da. Ɔmaa yɛn akokoduru ne ahoɔden a yehia a yɛde begyina bere nyinaa.

Wɔ 1940 mfe no mu no, mekenkan akwamma akwampae adwuma ho nsiesiei a wɔayɛ no ho asɛm wɔ Informant (a seesei ɛyɛ Yɛn Ahenni Som no) mu. Misii gyinae sɛ mɛbɔ mmɔden de me ho ahyɛ ɔsom adwuma yi a na ɛhwehwɛ sɛ wɔde nnɔnhwerew 75 ka asɛm no ɔsram biara no mu. Ne saa nti, me sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow nyaa nkɔanim—bere bi, na meyɛ adesua 17 dapɛn biara. Mesan nyaa wɔn a na mema wɔn nsɛmma nhoma daa wɔ Mytilene beae a nnwuma wɔ no, baabi a na mema Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mfuamfua 300 wɔ sotɔɔ, nnwumayɛbea, ne sikakorabea ahorow mu no.

Bere a ɔhwɛfo kwantufo bi bɛsom yɛn asafo no wɔ 1964 mu no, ɔkae sɛ: “Onuawa Penelope, mihuu aba pa a woresow wɔ wo som adwuma mu no wɔ wo Dawurubɔfo Kyerɛwtohɔ Kratasin no so. Dɛn nti na wonhyehyɛ akwammisa krataa mmɛyɛ daa ɔkwampaefo?” Mede aseda ma bere nyinaa wɔ ne nkuranhyɛ no ho; bere nyinaa som adwuma no ama manya anigye bɛboro mfe aduasa ni.

Osuahu a Mfaso Wɔ So

Wɔ Mytilene no, mpɔtam bi wɔ hɔ a nnipa ayɛ hɔ ma a wɔfrɛ hɔ Langada, baabi a Greece aguanfo te no. Esiane ɔsɔretia a emu yɛ den a na yɛahyia nti, na yɛnkɔ apon ne apon ano wɔ hɔ. Nanso, bere a na me kunu da afiase no, na ɛsɛ sɛ mefa saa beae yi kɔsra no. Da bi a osu retɔ no, ɔbea bi too nsa frɛɛ me sɛ memmra ne fie mmɛkyerɛ no nea enti a me kunu da afiase. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ esiane Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no a ɔkae nti, na afei nso ɔrehu amane sɛnea Kristo nso huu amane no.

Bere kɔ so no, ɔbea foforo yɛɛ nhyehyɛe sɛ memmra ne fie. Bere a miduu hɔ no, mihui sɛ wafrɛ mmea 12 abɛka ne ho. Mehwɛɛ ɔsɔretia kwan, enti mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma me nyansa ne akokoduru mfa nnyina nea ɛbɛba biara ano. Ná mmea no wɔ nsɛmmisa pii, na na wɔn mu bi nte ase, nanso mitumi fii Kyerɛwnsɛm mu buae. Bere a mesɔree sɛ merekɔ no, ɔbea a ɛyɛ ne fie no kyerɛɛ me sɛ mensan mmra da a edi hɔ no. Mede anigye gyee nsa a ɔto frɛɛ me no toom. Bere a me ne me hokafo duu hɔ da a edi hɔ no, yehui sɛ mmea no retwɛn dedaw.

Ɛno akyi no, Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ no kɔɔ so daa, na mifii Bible adesua pii ase. Mmea no mu pii nyaa nkɔanim wɔ nokware nimdeɛ mu, na wɔn mmusua nso saa ara. Saa kuw yi na akyiri yi wɔde wɔn hyehyɛɛ Yehowa Adansefo asafo foforo wɔ Mytilene.

Yehowa Ayɛ Me Yiye

Mfe a atwam no, Yehowa ahyira me ne me kunu mmɔden a yɛbɔe sɛ yɛbɛsom No no so. Adansefo kakraa bi a na wɔwɔ Samos 1920 mfe no mu no dodow anya nkɔanim akodu asafo ahorow abien ne kuw biako a emu adawurubɔfo bɛyɛ 130. Na wɔ Lesbos supɔw so no, asafo ahorow anan ne kuw ahorow anum a emu Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 430 na ɛwɔ hɔ. Me kunu de nnamyɛ kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no kosii ne wu mu wɔ 1977 mu. Hwɛ hokwan a ɛyɛ sɛ yehu sɛ wɔn a yɛboaa wɔn no da so ara de nsi reyɛ ɔsom adwuma no! Wɔne wɔn mma, wɔn nananom, ne wɔn nanakansowanom bom yɛ nnipakuw kɛse a wɔde biakoyɛ resom Yehowa!

Bere a mede ayɛ Kristofo som adwuma, a ɛbɛboro mfe 70 ni no nna fam. Nanso Yehowa ayɛ abandennen a wontumi mfa biribiara ntoto ho. Esiane me mfe a akɔ anim ne m’akwahosan a ɛkɔ so sɛe nti, maka mpa mu na mintumi nyɛ asɛnka adwuma no pii bio. Nanso, te sɛ nea odwontofo no yɛe no, metumi ase Yehowa sɛ: “Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so.”—Dwom 91:2.

(Onuawa Makris wui bere a na wɔrekyerɛw asɛm yi. Ná ɔwɔ ɔsoro anidaso.)

[Kratafa 26 mfonini]

Ɔne ne kunu wɔ 1955 mu

[Kratafa 26 mfonini]

Anka onuawa Makris bedi mfe 100 wɔ January 1997 mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena