Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 11/15 kr. 28-31
  • Anka Wubegye Mesia no Atom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anka Wubegye Mesia no Atom?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Yɛpɛ sɛ Yehu Sɛnkyerɛnne Bi’
  • “Sikapɛfo”
  • “Yudafo no Ho Hu”
  • Wugye Mesia no Tom Ankasa?
  • Mesia No! Nea Onyankopɔn Nam No So Begye Nnipa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Yɛahu Mesia No”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yesu Kristo—Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Safe
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 11/15 kr. 28-31

Anka Wubegye Mesia no Atom?

YESU KRISTO de mfe abiɛsa ne fã kaa Onyankopɔn Asɛm wɔ Israelfo no mu. Nanso eduu bere a n’asase so som adwuma no baa awiei no, na ne bere sofo no fã kɛse no ara apow no sɛ Mesia, anaa “Nea Wɔasra No” a Onyankopɔn ahyɛ ne ho bɔ no. Dɛn ntia?

Bible no boa yɛn ma yehu nneɛma pii nti a afeha a edi kan mu Yudafo no annye Yesu antom sɛ Mesia no. Saa nneɛma yi mu abiɛsa mma nnipa pii nnye Yesu mprempren dibea sɛ Ɔhene Mesia a ɔredi ade no ntom.

‘Yɛpɛ sɛ Yehu Sɛnkyerɛnne Bi’

Ade biako nti a afeha a edi kan mu Yudafo no annye Mesia no antom ne sɛ wɔampɛ sɛ wobegye Kyerɛwnsɛm mu sɛnkyerɛnne a ɛdaa no adi sɛ ɔne Mesia no atom. Ɛtɔ mmere bi a, na nkurɔfo a wɔretie Yesu no ka sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi mfa nkyerɛ sɛ ofi Onyankopɔn hɔ. Sɛ́ nhwɛso no, Mateo 12:38 bɔ amanneɛ sɛ akyerɛwfo ne Farisifo no bi kae sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ yehu wo nsam sɛnkyerɛnne bi.” So na Yesu nyɛɛ nsɛnkyerɛnne bi nkyerɛɛ wɔn dedaw? Nokwarem no, na wayɛ.

Ebeduu saa bere no na Yesu ayɛ anwonwade pii dedaw. Ná wama nsu adan bobesa, asa abarimaa bi a ɔrewu yare, asa Petro asebea yare, ama ɔkwatani bi ho afi, ama obubuafo bi atumi anantew, ama ɔbarima bi a na wayare mfe 38 ho asan no, ama ɔbarima bi a na ne nsa awu asan ayɛ yiye, ama nnipa pii a wɔyare denneennen ho atɔ wɔn, asa ɔsraani panyin bi akoa yare, anyan okunafo bi babarima aba nkwa mu bio, na na wasa onifuraefo bi a ontumi nkasa yare. Saa anwonwade ahorow yi sii wɔ Kana, Kapernaum, Yerusalem, ne Nain. Afei nso anwonwade a ɛtete saa ho asɛm hyetaa Yudea ne nkuraa a ɛbemmɛn hɔ no nyinaa mu.—Yohane 2:1-12; 4:46-54; Mateo 8:14-17; 8:1-4; 9:1-8; Yohane 5:1-9; Mateo 12:9-14; Marko 3:7-12; Luka 7:1-10; 7:11-17; Mateo 12:22.

Ɛda adi pefee sɛ na nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no nyɛ na koraa. Ɛwom sɛ ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne pii wɔ nkurɔfo no anim de, nanso wɔannye no anni. Wɔn a wohuu adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa Yesu, nanso wɔannye no antom sɛ Mesia no yɛ wɔn a na wɔn ani afura wɔ honhom mu. Ná wɔn koma yɛ den, na na apirim wɔ nokware no ho.—Yohane 12:37-41.

Yɛn bere yi so nso ɛ? Ebinom pae mu ka sɛ, “Nea m’ankasa mede m’ani hu nko ara na migye di.” Nanso nyansa wɔ adeyɛ a ɛte saa mu ankasa? Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ wɔde Yesu asi agua so dedaw sɛ Mesia Ahenni no soro Hene. Esiane sɛ aniwa nhu no nti, yehia sɛnkyerɛnne na aboa yɛn ma yɛahu sɛ ne tumidi a efii nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri ase no rekɔ so. Wuhu sɛnkyerɛnne no?—Mateo 24:3.

Sɛnea Bible kyerɛ no, na akodi, asasewosow ahorow, aduankɔm, ne ɔyaredɔm a ɛbɛba wɔ ɔkwan a ebi mmae da so bedi adanse sɛ Kristo tumidi sɛ Ɔhene Mesia no afi ase. Ná nea ɛbɛhyɛ nnipa ntam abusuabɔ agyirae wɔ “nna a edi akyiri” no mu ne pɛsɛmenkominya, adifudepɛ, ne ahosodi a enni hɔ. (2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:6, 7; Luka 21:10, 11) Sɛ yɛde akontaabu mu adanse to nkyɛn a, nna a edi akyiri no mu nneɛma bɛboro 20 twe adwene si so sɛ Mesia no tumidi fii ase wɔ 1914 mu.—Hwɛ March 1, 1993, Ɔwɛn-Aban, kratafa 5.

“Sikapɛfo”

Honam fam ade dodowpɛ ne ade foforo nti a Yudafo no pow Yesu sɛ Mesia no. Ahonyade a nnipa pii ma ehiaa wɔn dodo no amma wɔantumi anni Yesu akyi. Sɛ́ nhwɛso no, na wonim Farisifo no sɛ wɔyɛ “sikapɛfo.” (Luka 16:14) Susuw sodifo kumaa bi a na ɔyɛ ɔdefo a ɔkɔɔ Yesu hɔ kobisaa no nea ɔnyɛ na wanya daa nkwa no asɛm no ho. Mmuae a Yesu de maa no ne sɛ: “Di mmara nsɛm no so!” Aberante no bisae sɛ: “Madi eyinom nyinaa so. Ɛdɛn na ɛka me bio?” a ɛda adi sɛ ohui sɛ pii ho hia sen mmara ahorow bi a obedi so. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya ademude ɔsoro, na bra bedi m’akyi!” Hwɛ hokwan a ɛte saa—sɛ́ obi bɛyɛ Mesia no suani! Nanso sodifo no de awerɛhow danee ne ho kɔe. Dɛn ntia? Efisɛ na asase so ademude ho hia no sen ɔsoro ademude.—Mateo 19:16-22.

Tebea no nsesae. Ɔhene Mesia no kyidini papa a obi bɛyɛ no kyerɛ honhom fam nneɛma a ɔde bedi biribi foforo biara anim, a asase so agyapade ka ho. Wɔ wɔn a wɔpɛ adedodow no fam no, eyi nna fam. Sɛ́ nhwɛso no, asɛmpatrɛwfo awarefo bi a wɔwɔ Apuei fam asase bi so kaa Bible mu asɛm kyerɛɛ ɔbea bi. Esiane sɛ na awarefo no susuw sɛ n’ani begye ho sɛ obesua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo, ho ade pii nti, wɔde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kyerɛɛ no. Dɛn na ɔyɛe wɔ ho? Obisae sɛ: “Nsɛmma nhoma yi bɛboa me ma manya sika pii anaa?” Ná ɔbea no ani gye honam fam nneɛma ho sen honhom fam nneɛma.

Awarefo koro no ara ne aberante bi suaa Bible ma ofii ase kɔɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so. N’awofo ka kyerɛɛ no sɛ: “Woresɛe wo bere. Ɛsɛ sɛ wopɛ adwuma foforo yɛ anwummere anwummere de hwehwɛ sika pii.” Hwɛ awerɛhow a ɛyɛ sɛ awofo bɛhyɛ wɔn mma nkuran ma wɔde honam fam nneɛma adi Ɔhene Mesia no ho ade a wobesua anim! Chinafo bu bɛ bi sɛ: “Sodifo ahonyade nyinaa akyi no, ontumi ntɔ nkwa mfe mpem du.”

Nnipa pii abehu sɛ Ɔhene Mesia no ho ade a wobesua na wɔadi n’akyi no mma sikapɛ hokwan koraa. Yehowa Dansefo bi a na n’ankasa kura n’adwuma a onya sika pii fi mu no kae sɛ: “Sika pii a obi benya no yɛ dɛ, nanso ɛho nhia. Ɛnyɛ sika na ɛma obi ani gye.” Seesei ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea bi a ɛwɔ Europa no Betel abusua muni.

“Yudafo no Ho Hu”

Onipa ho hu nso yɛ ade foforo nti a Yudafo no annye Yesu antom sɛ Mesia no. Ná gye a wobegye atom wɔ baguam sɛ ɔne Mesia no betumi ama obu a wɔwɔ no ho aba asɛm. Ebinom fam no, na saa a wɔbɛyɛ no bɛma wɔahwere ade dodo. Susuw Nikodemo a na ɔyɛ Yudafo asɛnni bagua kunini a wɔfrɛ no Sanhedrin no muni no ho. Esiane sɛ Yesu nsɛnkyerɛnne ne ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ no nwonwa nti, ogye toom sɛ: “Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.” Nanso Nikodemo kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo sum mu, sɛnea ɛbɛyɛ na Yudafo foforo nhu no.—Yohane 3:1, 2.

Nnipa pii a Yesu kasa kyerɛɛ wɔn no fam no, na nnipa anim dom hia wɔn sen Onyankopɔn de. (Yohane 5:44) Bere a na Yesu wɔ Asese Afahyɛ no ase wɔ Yerusalem 32 Y.B. mu no, “na huhuhuhu bebree aba nkurɔfo akuwakuw no mu wɔ ne ho.” Wɔn mu biara anyi n’anim anka Yesu ho asɛm esiane “Yudafo no ho hu nti.” (Yohane 7:10-13; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɔbarima bi a na Yesu asa n’anifurae no awofo mpo ampɛ sɛ wobegye anwonwade no atom sɛ efi Onyankopɔn nanmusifo hɔ. Ná wɔn nso “wosuro Yudafo no.”—Yohane 9:13-23.

Ɛnnɛ, ebinom hu sɛ Yesu redi hene mprempren sɛ Ɔhene Mesia wɔ soro, nanso wosuro sɛ wobegye eyi atom wɔ baguam. Wɔn fam no, afoforo anim dom a wɔbɛhwere no yɛ ade a wontumi nnyina ano koraa. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Germany no, Yehowa Dansefo bi ne ɔbarima bi bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ ma ogye toom sɛ: “Nea mo, Adansefo ka fa Bible no ho no yɛ nokware. Nanso sɛ mebɛyɛ Ɔdansefo nnɛ a, ɔkyena obiara behu. Adwene bɛn na wobenya wɔ adwumam, mpɔtam ha, ne fekuw a me ne m’abusua dɔm no mu? Mintumi nnyina ano.”

Dɛn na ɛde onipa ho suro ba? Ahantan, abusuafo ne nnamfo anim dom hwehwɛ, fɛwdi ne aniwu ho suro, ne soronko a wɔbɛyɛ wɔ nnipa dodow no ara mu ho dadwen. Atenka a ɛte saa no bɛyɛ sɔhwɛ ma wɔn a wofi ase ne Yehowa Adansefo sua Bible no titiriw. Sɛ́ nhwɛso no, ɛyɛɛ ɔbea bi anigye bere a osuaa Paradise a Mesia Ahenni no de bɛba asase so wɔ Yesu Kristo nniso ase ho ade no. Nanso na ɔyɛ obi a n’ani gye disko kɔ ho yiye, na na onipa ho suro mma ontumi nka saa anidaso yi ho asɛm nkyerɛ afoforo. Awiei koraa no, onyaa akokoduru fii ne pɛ mu kaa Bible no ho asɛm kyerɛe. Ne nnamfo a na ɔne wɔn kɔ disko no pow no, nanso ne kunu ne n’awofo kyerɛɛ ho anigye. Awiei koraa no, wɔbɔɔ ɔbea no ne ne maame asu, na ne kunu ne ne papa fii ase suaa Bible no. Hwɛ akatua ara a afi onipa ho suro a wadi so no mu aba!

Wugye Mesia no Tom Ankasa?

Bere a na Yesu rewu wɔ asɛndua ho no, na n’asuafo no bi wɔ hɔ. Na wɔagye no atom sɛ Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. Ná Yudafo akannifo, a sɛnea yɛbɛka no no, na wogu so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, no nso wɔ hɔ. “Sɛ oyi ne Kristo [anaa Mesia] no a Onyankopɔn ayi no no a, ma onnye ne ho!” (Luka 23:35) Ná wɔrennyae sɛnkyerɛnne hwehwɛ da anaa? Ná Yesu ayɛ anwonwade pii. Bio nso, n’awo, ne som adwuma, n’asɛm a wodii, ne kum, ne ne wusɔre no maa Hebri Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ pii nyaa mmamu.—Hwɛ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial,” a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no nkratafa 343-4.

Nnipa a wɔretwam bɔɔ Yesu ahohora esiane sɛ na wɔapow adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔne Mesia no nti. (Mateo 27:39, 40) Asraafo fi ade dodowpɛ mu kyekyɛɛ Yesu ntade mu fae, bɔɔ n’atade nhyɛase so ntonto. (Yohane 19:23, 24) Onipa ho suro ka ho bi nti na ɛbaa saa wɔ tebea horow bi mu. Sɛ́ nhwɛso no, susuw Yosef a ofi Arimatea, a na ɔka Sanhedrin ho no ho. Ná “ɔyɛ Yesu suani, na Yudafo ho hu nti ɔyɛ no kokoam.” Mesia no wu akyi no, Yosef ne Nikodemo na wosiee Yesu amu. Enti Yosef dii ne nipa ho suro no so.—Yohane 19:38-40.

Sɛ na wowɔ hɔ afeha a edi kan no mu a, anka wubegye Yesu atom sɛ Mesia no? Anka saa a wobɛyɛ no bɛhwehwɛ sɛ wugye Kyerɛwnsɛm mu adanse tom, pow ade dodowpɛ adwene, a womma onipa ho suro nni wo so. Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘So ɛnnɛ migye Yesu tom sɛ Ɔhene Mesia a ɔwɔ soro no?’ Ɛrenkyɛ obegye asase so nsɛm adi ho dwuma. Sɛ ɛba saa a, wobɛka wɔn a wogye Yesu Kristo tom ankasa sɛ Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ho?

[Kratafa 28 mfonini ahorow]

Mmu w’ani ngu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Ɔhene Mesia no so da

[Kratafa 31 mfonini]

Mesia no ho ade a wosua no taa hwehwɛ sɛ wodi nea afoforo betumi aka ho hu so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena