Tebea a Ɛma Nneɛma Nyin wɔ Equatorial Guinea
NWURA frɔmfrɔm ne ade a edi kan a ɔkwantuni hu bere a wimhyɛn a ɔte mu no si fam wɔ Equatorial Guinea amanaman ntam wimhyɛn gyinabea hɔ no. Nnua akɛse atwa ɔkwan a wimhyɛn fa so no ho ahyia na akata wimhyɛn gyinabea adan no so. Nsu a ɛtɔ pii ne wim tebea a ne hyew bɛyɛ sɛ 80 ne fã wɔ afe mũ no nyinaa mu no ma afifide frɔmfrɔm trɛw fi mpoano kosi mmepɔw atifi.
Onyin foforo nso rekɔ so yiye wɔ Equatorial Guinea, ‘onyin a Onyankopɔn de ma.’ (Kolosefo 2:19) Te sɛ Etiopiani panyin a ɔhwehwɛɛ mmoa fii Filipo hɔ no, nnipa a wɔwɔ ha pii pɛ sɛ wɔte Kyerɛwnsɛm no ase. (Asomafo no Nnwuma 8:26-39) Ɛnyɛ nwonwa sɛ obi behyia Yehowa Adansefo no biako wɔ abɔnten so na waka akyerɛ no sɛ ɔne no mmɛyɛ Bible adesua. Adansefo a wɔn dodow bɛyɛ 325 a wɔwɔ Equatorial Guinea no reyɛ Bible adesua bɛboro apem.
Aba a Wogu Wɔ Tete Mmere no Mu
Equatorial Guinea, kurow a esua sen biara wɔ Afrika no da Nigeria ne Cameroon kesee fam. (Hwɛ asase mfonini no.) Nigeria Adansefo a wɔbɛpɛɛ adwuma wɔ kookoo mfuw mu no na wodii kan de asɛmpa no baa ha. Ɛwom sɛ wɔtetee Engiresi kasa mu asafo ahorow pii de, nanso akyiri yi a na ɛsɛ sɛ anuanom yi san kɔ Nigeria no, egui. Nanso, bere a ɔman no nyaa ahofadi wɔ 1968 mu no, wɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo no asɛmpatrɛwfo awarefo baasa dwumadi wɔ ha. Esiane amammui mu nsɛnnennen nti, wɔantumi antra hɔ ankyɛ, nanso wɔn adansedi no sow aba pa.
Asɛmpatrɛwfo no mu biako, Santiago, hyiaa Buenaventura, ɔbarima tenten ɔbran bi a ɛhɔfo frɛ no ahoɔden mensa. Ná ɔyɛ nyamesomni a obu Bible no, nanso na ɔwɔ koko bɔne. Sɛ obi kasa tia no ketewaa bi a, na twɛre nam so. Bere a ne bo fuwii wɔ asanombea bi no, wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ hwetee, ebinom mpo guan faa mfɛnsere mu na ne nsa anka wɔn. Nokwarem no, bere a ɔretie Santiago nyinaa no na wayɛ n’adwene sɛ sɛ wantumi amfa Kyerɛwnsɛm no ankyerɛkyerɛ nea ɔkae no mu a, ɔbɛboro no. Ɔka kyerɛ ne ho sɛ ‘Obiara ntumi nnaadaa ahoɔden mensa.’ N’ani gyee nea ɔtee, titiriw asetra a enni awiei wɔ paradise ho anidaso no ho, enti ɔpenee so sɛ ɔne no nyɛ Bible adesua.
Bere a adesua no kɔɔ so no, ɔpɛ a na Buenaventura wɔ sɛ ɔbɛtra Paradise no bɛyɛɛ kɛse, na ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔma n’asetra ne Onyankopɔn gyinapɛn hyia na ama ne nsa aka akatua a ɛte saa. Bere a obehui sɛ ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo de ‘bɔne tua bɔne so ka’ no, ofii ase bɔɔ mmɔden sɛ obedi n’abufuw so.—Romafo 12:17.
Sɔhwɛ no ankasa bae da koro bi, bere a wanhyɛ da na ɔbɔɔ obi a watɔ nsa gyirase hwee fam wɔ asanombea bi no. Ɔbarima no bo fuwii, na ɔbɔɔ no. Ntɛm ara afoforo a wɔwɔ asanombea hɔ no bɔ hwetee, a na wɔhwɛ kwan sɛ ntɔkwaw besi. Nanso Buenaventura fi odwo mu tuaa gyirase a abɔ no ka, ɔtɔɔ nsã foforo maa ɔbarima no, na ɔpaa no kyɛw wɔ ahwɛyiye a wanyɛ no ho. Bere a n’afipamfo hui sɛ Bible sua na ama wayɛ nsakrae a ɛte saa no, pii pɛe sɛ wɔne no besua ade. Eduu bere a Buenaventura bɔɔ asu no, na ɔreyɛ Bible adesua anum dedaw. Wasom sɛ asafo mu panyin wɔ mfe anum a atwam no mu, na ɛwom sɛ nkurɔfo da so ara frɛ no ahoɔden mensa de, nanso seesei, wɔyɛ saa wɔ agoru kwan so.
‘Wɔn Honhom mu Nneɛma Ho Hia Wɔn’
Wɔ 1970 mfe no mu no, Adansefo kakra a wɔwɔ hɔ no kɔɔ so kaa asɛm no na wohyiaa mu sɛnea wobetumi biara. Akyiri yi, Spain asɛmpatrɛwfo awarefo pii bɛboae. Andrés Botella a ɔde mfirihyia 12 asom wɔ Equatorial Guinea no ka sɛ obeduu hɔ akyi bere tiaa bi no, n’ani gyee sɛnea na nkurɔfo no ‘honhom fam nneɛma ho hia wɔn’ no ho. (Mateo 5:3) Ɔka sɛ: “Ɛyɛ anigye ankasa sɛ me ne nkurɔfo a wɔkyerɛ anisɔ sɛɛ sua Bible no.”
Ná Mary, onuawa bi a ofi Spain ne abeawa bi a wɔfrɛ no María a ɔkae sɛ n’awofo, Francisco ne Fausta nso kyerɛ adesua no ho anigye no, resua Bible no. Esiane sɛ na Mary reyɛ adesua ahorow 15, ná María awofo nte mmɛn no nti, adapɛn dodow bi twaam ansa na ɔretumi akɔsra wɔn.
Awiei koraa no, bere a Mary ne ne kunu, Serafín, hyiaa awofo no, na wɔanya Wobetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase Soa nhoma no ne Bible dedaw, na na wɔn ho pere wɔn sɛ wobefi ase asua. Enti wofii ase ntɛm ara. Serafín behui sɛ na María awofo no nim emu nsɛm no dedaw. Bere a wosuaa ti a ɛto so abien wɔ wɔn nsrahwɛ a ɛto so abien mu no, na wɔasiesie wɔn ho saa ara. Serafín ka sɛ “Ná ɛte sɛnea ɔne Adansefo baanu a wɔabɔ asu na ɛresua ade.” Wɔ nsrahwɛ a ɛto so abiɛsa no mu no, esiane sɛ na ɛte sɛ nea wonim nsɛm no yiye nti no, Serafín kae sɛ wɔnyɛ no asɛmmisa ne mmuae adesua na ama wahu sɛnea wɔte ase fa ankasa. Obehui sɛ na Francisco ne Fausta ankasa asua nhoma mũ no nyinaa awie!
Ɔkwan bɛn so na na wɔn nimdeɛ foforo no anya wɔn so nkɛntɛnso? Sɛnea ɛne nea wɔasua no hyia no, ná wɔagyae honhom sɔre kɔ na na wɔne Katolek Asɔre no atwa abusuabɔ biara mu. Bio nso, ná Francisco agyae sigaret nom, na na wonni nam a wonhwiee ne mogya ngui. Esiane sɛ na ɛda adi sɛ wɔde nea wɔasua nyinaa adi dwuma nti, wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ womfi ase nka nimdeɛ a wɔanya no ho asɛm nkyerɛ afoforo. Ntɛm ara na wofii ase kaa asɛm kyerɛɛ wɔn mfɛfo. Asram abiɛsa pɛ mu no, wɔfata maa asubɔ. Seesei Francisco yɛ asafo mu ɔsomfo, na esiane wɔn nhwɛso pa ne nsi a wɔde ka asɛm no nti, seesei wɔn mmabea baasa yɛ Adansefo, wɔn mmabarima baanu kɔ nhyiam horow, na abusuafo afoforo baasia resua ade.
Wɔbɔɔ Francisco asu bere tiaa bi akyi no, ohyiaa Pablo, Katolekni mmɔdenbɔfo bi a na ɔsom sɛ ɔsofokwaa wɔ n’asɔre mu. Bere biara a ɔsɔfo no nni hɔ no, Pablo na na ɔyɛ asɔre. Sɛ asɔreba bi yare a, na ɔkɔsra no; sɛ obi amma asɔre a, Pablo kɔ kɔhyɛ no nkuran; na sɛ obi wu a, ɔyɛ nea obetumi biara de kyekye abusua no werɛ. Ntease wom sɛ na asɔremma no nyinaa pɛ Pablo asɛm.
Esiane sɛ na Pablo wɔ obu kɛse ma Bible no nti, wampopo ne ti koraa sɛ ɔne Francisco besua ade. Ntɛm ara, Pablo huu ntease a ɛwɔ Bible mu nsɛm no mu, na adesua kakraa bi akyi no, osii gyinae sɛ ɔde kyerɛw nsɛm a wasua no bi bedi dwuma wɔ “n’ahwɛfo nsrahwɛ” no biako mu wɔ asɔreba bi a na ɔyare nkyɛn. Ɛno akyi bere tiaa bi, wɔ ne Kwasida asɔre biako mu no, Pablo kyerɛkyerɛɛ hia a ɛho hia sɛ wɔde Onyankopɔn din, Yehowa, di dwuma ne nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛde ahoni di dwuma mu.
Esiane sɛ ogyee nokware no ntɛm so nti, na ɔhwɛ kwan sɛ n’asɔrefo afoforo no nso bɛyɛ wɔn ade saa ara wɔ ho. Nanso bere a ɔyɛɛ asɔre a egyina Bible so bɛyɛ abiɛsa anaa anan akyi no, Pablo behui sɛ nkurɔfo no ani nnye asɛm a na ɔreka no ho. Enti osii gyinae sɛ obegyae asɔre no na ɔne Yehowa Adansefo abɔ daa. Asram kakraa bi akyi no, ɔfata maa asubɔ, na seesei ɔyɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ hyew. Ɛwom sɛ ontumi nka asɛm no bere nyinaa de, nanso seesei ɔyɛ Bible adesua du.
Onyin a Wɔma Enya Nkɔso Denam Nhyiam So
Adansefo a wɔwɔ Equatorial Guinea no fa Bible ahyɛde a ɛne sɛ wonnnyae wɔn ho wɔn ho nhyiam no aniberesɛm. (Hebrifo 10:25) Efi 1994, bere a aban no san gyee adwuma no toom wɔ mmara kwan so no, na anuanom no ho pere wɔn sɛ wobenya Ahenni Asa ahorow a ɛfata. Nokwasɛm ne sɛ asafo no mu dodow no ara ankasa asisi wɔn asa ahorow anaa wɔrebesi.
Wɔ Mongomo, beae a nnipa dodow a wɔba Kwasida nhyiam horow no dodow taa kɔ soro kodu bɛyɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo mmɔho abien ne fã no, asafo no rebɔ mmɔden sɛ wobesi nhyiambea kɛse. Nyamesom afoforo a ɛwɔ Mongomo no taa bɔ adwumayɛfo paa ma wosi wɔn asɔredan ma wɔn, enti Adansefo a wɔwɔ hɔ no dwumadi no daa adi. Da bi Iglesia Nueva Apostólica (New Apostolic Asɔre) sɔfo begyinaa ɔdan a wɔresi no ho bisaa asafo mu mpanyimfo no mu biako sika dodow a wɔde tua adwumayɛfo a wɔyɛ adwumaden yi ka. Ɔsɔfo no kae sɛ, ɛwom sɛ wɔabɔ abantofo a wɔyɛ n’ankasa asɔremma paa de, nanso adwuma no nkɔ so ntɛmntɛm. Obisae sɛ ebia obetumi abɔ adwumayɛfo a wɔresi Ahenni Asa no paa anaa. Bere a ɔka kyerɛɛ no sɛ wontua Adansefo a wɔreyɛ adwuma no mu biara ka no, ɔde ahodwiriw dan ne ho kɔe.
Ebetumi agye afɔrebɔ pii ansa na wɔn a wɔnte mmɛn Ahenni Asa no atumi aba nhyiam horow. Juan, aberante bi a ɔbɔɔ asu wɔ 1994 mu no hyiaa saa tebea yi. Ɔtee nokware no ho asɛm wɔ Gabon, baabi a osuaa Tra Ase Daa nhoma no fã a edi kan no. Na afei ɔsan baa n’akuraa ase, a efi Mongomo kɔ hɔ no bɛyɛ kilomita 100 wɔ Equatorial Guinea. Eyi ma ɛyɛɛ den maa no sɛ ɔbɛtoa n’adesua no so. Nanso wampa abaw. Ɔsram biara, ɔde baesekre twa nnɔnhwerew awotwe kwan kɔ Mongomo, baabi a asafo mu panyin biako, Santiago, ne no sua ade. Odi nna kakra wɔ Mongomo, na osua ade mpɛn abiɛsa anaa anan bere a ɔwɔ hɔ no. Saa kwan yi so no, otumi wiee n’adesua no ma ɔfata maa asubɔ.
Ɔkwan bɛn so na Juan tumi hyɛ ne ho den honhom mu, bere a ɔne Kristofo afoforo nnya fekubɔ ahe biara no? Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔyɛ saa denam nsi a ɔde ka asɛmpa no so. Waka asɛm akyerɛ nnipa a wɔwɔ n’akuraa ase nyinaa, na eduu bere a wɔbɔɔ no asu no, na ɔyɛ Bible adesua 13. Wɔn a ɔne wɔn sua ade no mu baasia ne no kɔɔ da koro nhyiam titiriw wɔ Mongomo kɔhwɛɛ n’asubɔ no. Seesei ɔne anigyefo a wɔwɔ baabi a ɔwɔ no yɛ Ɔwɛn-Aban Adesua daa, na nnipa bɛyɛ sɛ 20 na wɔtaa ba.
Boasetɔ a Wɔde Gugu Aba no So Nsu
Ɛnyɛ honhom mu onyin nyinaa na ɛba ntɛmntɛm. Ɛtɔ mmere bi a, egye boasetɔ pii na wɔde atwɛn ma aba no asow. Ná eyi yɛ nokware wɔ Paca a odii kan tee asɛmpa no wɔ 1984 mu no ho, bere a onuawa kwampaefo bi, Edita, dii no adanse wɔ gua so no. Bere a Edita kɔsraa Paca wɔ fie dapɛn a edi hɔ no, Paca penee Bible adesua so. Ɛwom sɛ na onnya nkɔanim ahe biara de, nanso Edita annyae, efisɛ ohuu su horow bi a eye wɔ Paca ho. Edita kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná ɔte sɛ oguan, na mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ommue ne komam.”
Paca toaa n’adesua a na ɔtoto mu no so mfirihyia anan ne fã a na onnya nkɔanim ahe biara. Enti bere a wowiee Tra Ase Daa nhoma no, Edita ne Paca susuw nsɛm ho penpen faa nokware no a ɛsɛ sɛ ɔfa no aniberesɛm no ho. Bere a Edita bɔɔ mmɔden sɛ obedu Paca komam no, osui mpo.
Paca kae sɛ “saa afotu a efi komam no kaa me yiye. Efi saa bere no, mifii ase yɛɛ nsakrae ahorow wɔ m’asetra mu. Mede me ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu, na wɔ saa afe koro no ara mu no, mebɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu. Awiei koraa, ɛda a wɔbɔɔ me asu no, ne da a m’ani gyei sen biara wɔ m’asetram!” Anigye a Paca wɔ seesei ne kan anibiannaso no bɔ abira koraa. Seesei ɔreyɛ Bible adesua ahorow 13, na nokwarem no, ɔtɔ ne bo ase ma wɔn a wonnya nkɔso ntɛmntɛm no.
Nnipa a Wɔboa Wɔn Ma Wonya Nkɔso wɔ Wɔn Asetram
Ɛdenam Bible gyinapɛn a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Equatorial Guinea de tra ase nti, wɔanya din pa wɔ nokwaredi ne ahotew mu. Ɔbarima bi a na n’ani agye wɔn abrabɔ ho no kɔɔ asafo mu panyin bi a ɔwɔ Bata Asafo no mu nkyɛn kobisae sɛ: “Wowɔ Reasoning nhoma?b Merenyɛ wiaseni bio. Mepɛ sɛ mebɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako!”
Antonio a ɔyɛ asafo mu ɔsomfo wɔ Malabo Asafo mu no nso yɛ wiaseni a ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo no ho nhwɛso biako. Ansa na ɔrebesua Bible no, na ɔbɔ ahohwibra. Ɔsɛee sika a na onya sɛ obi a osiesie wɔɔkye no mu fã kɛse ara wɔ nsã ho, na obuu brabɔne nso. Dɛn na ɛboaa no ma ɔsakraa n’asetra kwan? Nea wɔaka no pen wɔ 1 Korintofo 6:9, 10 no na ɛkanyan no kɛse: “Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman . . . ne asabofo . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” Ohui sɛ, sɛ obenya Onyankopɔn anim dom a, na ɛsɛ sɛ ɔsakra n’asetra kwan. Ɛno nti ofii ase hwɛɛ ne fekubɔ yiye. (Mmebusɛm 13:20) Sɛ ne kan nnamfo bɛfrɛ no sɛ wɔnkɔnom nsa a, ɔpow wɔn nsato no, na mmom odi wɔn adanse. Ankyɛ, wogyae no haw.
Mfaso bi fii mmɔdenbɔ yi nyinaa mu bae? Antonio kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ masesa m’asetra kwan. Bere a me kan nnamfonom bi awuwu anaa wonni akwahosan pa no, mewɔ akwahosan pa, ɛwom sɛ seesei mewɔ me mfe 60 mu de. Seesei sɛ́ anka me ne wɔn a nea wɔhwehwɛ ara ne adamfo a ɔwɔ ɔpɛ sɛ obetua nsã a wɔbɛkɔ akɔnom ka no, mewɔ nnamfo pa. Nea ɛsen ne nyinaa no, me ne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa. Seesei mesom sɛ daa ɔkwampaefo, na me ne ɔbarima bi a ɔrehyia nsɛnnennen wɔ nsã ho resua Bible, enti metumi de me suahu no aboa no.”
Onyankopɔn Nkoa a Wɔbɛyɛ
Bɛyɛ mfirihyia 200 a atwam ni no, wɔkyeree nkurɔfo a wofi Equatorial Guinea mpoano no guu ahyɛmma mu de wɔn kɔɔ Amerika sɛ nkoa. Ɛnnɛ nnipa pii fi wɔn pɛ mu reyɛ nkoa—Onyankopɔn nkoa. Saa nkoasom yi de nokware ahofadi na abrɛ wɔn, na ama wɔade wɔn ho afi Babilonfo nkyerɛkyerɛ ne ahonhonsɛmdi ho. Afei nso akyerɛ wɔn sɛnea wobenya asetra a akomatɔyam ne mfaso wom. Wɔabehu nea Yesu hyɛɛ ho bɔ no: “Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.”—Yohane 8:32.
Bere a nnipa 1,937 kɔɔ 1995 Nkaedi afahyɛ ase no—a ɛbɛyɛ ɔman no mu adawurubɔfo mmɔho asia no—honhom mu onyin a ɛkyɛn so yɛ nea wɔhwɛ kwan. Bere a Adansefo a wɔwɔ Equatorial Guinea de nsi dua nokware aba na wogugu so nsu no, wɔwɔ anidaso sɛ ‘Onyankopɔn bɛkɔ so ama anyin.’ (1 Korintofo 3:6) Akyinnye biara nni ho sɛ tebea a eye ma honhom mu onyin wɔ Equatorial Guinea!
[Ase hɔ nsɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na etintimii.
b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na etintimii.