Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 10/15 kr. 29-31
  • Hwɛ Yiye na Woammu wo ho Treneeni!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Yiye na Woammu wo ho Treneeni!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mummmu Ntɛn”
  • Nnamyɛ a Ɛnteɛ
  • Onyankopɔn Dom Ahobrɛasefo
  • ‘Monhwɛ Yiye Wɔ Farisifo Mmɔkaw Ho’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • “Munsua Me”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Monkɔ So Nhwehwɛ “Onyankopɔn Trenee” Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nneɛma Mmienu a Ɛhia Paa​—Mpaebɔ ne Ahobrɛase
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 10/15 kr. 29-31

Hwɛ Yiye na Woammu wo ho Treneeni!

WƆ AFEHA a edi kan no mu no, na Farisifo no wɔ din pa sɛ atreneefo a wɔsom Onyankopɔn. Na wɔyɛ wɔn a wɔde mmɔdenbɔ sua Kyerɛwnsɛm no, na na wɔtaa bɔ mpae. Nnipa binom buu wɔn sɛ wodwo na wɔwɔ ntease. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛwee sɛ: “Na Farisifo no dodɔ wɔn ho, na na wɔne ɔmanfo no wɔ abusuabɔ pa.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ gyama na wɔne nnipa a wobu wɔn na wodi wɔn ni sen biara wɔ Yudafo mu saa bere no!

Nanso, ɛnnɛ wɔmfa asɛmfua “Farisifo” ne nsɛmfua a ɛne no sɛ mmɔ obi din pa, ɛkyerɛ sɛ obu ne ho onipa kronkron, obu ne ho treneeni, ne bra ye sen afoforo de, ɔyɛ ɔhotefo kyɛn so, na ɔnyɛ nea ɔka. Dɛn nti na Farisifo no hweree wɔn din pa no?

Ɛbaa saa efisɛ Farisifo no nneyɛe a aniwa hu no annaadaa Yesu Kristo te sɛ Yudafo no dodow no ara. Ɔde wɔn totoo “ɔda a wɔasra ho a ɛho a wohu yɛ fɛ, na emu de, afunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ no ma” ho.—Mateo 23:27.

Ampa, wɔbɔɔ mpae atenten bere a wogyina mmɔnten so, nanso sɛnea Yesu kae no, wɔyɛɛ eyi sɛnea afoforo behu wɔn kɛkɛ. Na wɔn som yɛ ɔkwa. Na wɔpɛ mpanyin trabea wɔ anwummere adidi ase ne hyia adan mu nkongua a ɛwɔ anim so tra. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Yudafo nyinaa yɛ wɔn ntade ano nnwow de, nanso na Farisifo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ nnipa ani denam wɔn ntade ano nnwow a wɔyɛɛ no atenten dodo no so. Na wɔbɔ wɔn kyerɛwsɛm nnakawa a wɔayɛ no akɛse sɛ nsɛbɛ no de kyerɛ de hoahoa wɔn ho. (Mateo 6:5; 23:5-8) Awiei koraa no, wɔn nyaatwom, wɔn adifudepɛ, ne wɔn ahantan no maa wɔn anim guu ase.

Yesu kae sɛ Onyankopɔn apow Farisifo no: “Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.” (Mateo 15:7-9) Na wɔn ankasa na wobu wɔn ho atreneefo. Ntease wom sɛ Yesu bɔɔ n’asuafo kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye Farisifo mmɔkaw . . . ho.” (Luka 12:1) Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nso ‘yɛhwɛ yiye’ na yɛammu yɛn ho atreneefo anaasɛ yɛbɔ yɛn ho ban na yɛanyɛ ɔsom mu nyaatwomfo.

Bere a yɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ obi mmɛyɛ nea obu ne ho treneeni da koro pɛ. Mmom no, ofi ase nya su yi nkakrankakra wɔ bere tenten bi mu. Obi betumi anya Farisifo no su horow a ɛmfata no bi a onnim mpo.

Su a Ɛkyɛn So

Su horow a ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ yɛn ho yiye’ wɔ ho no bi ne nea ɛwɔ he? Mpɛn pii no nnipa a wobu wɔn ho atreneefo no “kasa, na wogyina hɔ, na wɔhwɛ ade te sɛ nea wɔnyɛɛ bɔne da,” saa na Encyclopædia of Religion and Ethics kyerɛkyerɛ mu. Obi a obu ne ho treneeni no hoahoa ne ho, ma ne ho so nso, ade a na ɛyɛ Farisifo no haw titiriw.

Yesu de ɛbɛ bi kaa Farisifo su yi ho asɛm sɛ: “Nnipa baanu kɔɔ asɔrefi mpaebɔ; obiako yɛ Farisini, na obiako yɛ ɔtowgyeni. Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpae ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te: Amimfo, nkontompofo, ayerefafo anaa mpo ɔtowgyeni yi. Midi mmuada dapɛn mu mpɛn abien, mede nea minya nyinaa so ntotoso du du mema.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, towgyeni no fi ahobrɛase mu gyee ne mfomso toom, ma ɛkyerɛe sɛ ɔyɛ treneeni sen Farisini hohoahoafo no. Yesu buu ɛbɛ yi kyerɛɛ nnipa “binom a wɔde wɔn ho too wɔn ho so sɛ wɔteɛ na wommu wɔn a aka no.”—Luka 18:9-14.

Sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, ɛtɔ mmere bi a ebia yɛbɛte nka sɛ yɛn dom akyɛde anaa hokwan ahorow a yɛwɔ nti, yɛkyɛn afoforo. Nanso ɛsɛ sɛ Kristofo yi saa nsusuwii no fi wɔn adwenem ntɛm ara. Ebia wode mfe pii anya osuahu wɔ Kristofo asetra mu. Ebia woyɛ Bible kyerɛkyerɛfo a wo ho akokwaw. Anaasɛ ebia wokyerɛ sɛ wɔasra wo sɛ wo ne Kristo bedi hene wɔ soro. Asafo no mufo binom wɔ hokwan soronko sɛ bere nyinaa asomfo, mpanyimfo, anaa asafo mu asomfo. Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ migyina nea Yehowa de ama me no so kyerɛ sɛ mekorɔn sen afoforo a, ɔbɛte nka dɛn?’ Akyinnye biara nni ho sɛ n’ani rennye eyi ho.—Filipifo 2:3, 4.

Sɛ Kristoni bi da su a ɛkyerɛ sɛ ɔkorɔn esiane ɔdom akyɛde a Onyankopɔn de ama no, ne hokwan ahorow anaa tumi a ɔwɔ nti a, nokwarem no na ɔregye anuonyam ne nkamfo a ɛfata Onyankopɔn nkutoo no afi Ne nsam. Bible no tu Kristoni fo pefee sɛ “onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen.” Ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ: “Nya adwene a wokura wɔ wo ho no ara bi wɔ afoforo ho; nnnwinnwen nneɛma akɛse ho, na mmom ma ahobrɛasede nkyerɛ wo kwan! Mmu wo ho onyansafo!”—Romafo 12:3, 16, NW.

“Mummmu Ntɛn”

Sɛnea Bible ho encyclopedia bi kyerɛ no, obi a obu ne ho treneeni no “bu ne ho sɛ ne bra ye anaa ɔwɔ gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim esiane di a odi nea mmara ka no so pɛpɛɛpɛ a onsusuw nea ɛkyerɛ ankasa ho no nti.” Nhoma foforo ka wɔn a wobu wɔn ho atreneefo ho asɛm sɛ “nnipa a wɔyɛ katee wɔ nyamesom ho a wɔde wɔn bere nyinaa hwehwɛ afoforo ho bɔne.”

Ná Farisifo no di eyi ho fɔ. Awiei koraa no, na ɛte sɛ nea wɔn mmara ahorow a nnipa ahyehyɛ no ho hia sen Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow. (Mateo 23:23; Luka 11:41-44) Wɔpaw wɔn ho sɛ atemmufo, na wɔkasa tiaa obiara a wannu wɔn ankasa trenee ho gyinapɛn ho no. Wɔn su a na ɛkyerɛ sɛ wɔkorɔn ne bu a na wobu wɔn ho dodo no ma wɔtee nka sɛ ɛho hia sɛ wodi nnipa foforo so. Tumi a wɔantumi anni Yesu so no hyɛɛ wɔn abufuw, enti wɔyɛɛ apam sɛ wobekum no.—Yohane 11:47-53.

Hwɛ sɛnea ɛbɛhaw wo sɛ wo ne obi a ɔyɛ ne ho ɔtemmufo, bere nyinaa ɔhwehwɛ mfomso, ɔyɛ obiara a ɔne no bɔ ho nhwehwɛmu na odi no so bɛbɔ. Nokwarem no, asafo no muni biara nni hokwan sɛ ɔhyɛ afoforo ma wogye ne nsusuwii ne mmara ahorow a wahyɛ tom. (Romafo 14:10-13) Kristofo a wɔkari pɛ hu sɛ obi ankasa na ɛsɛ sɛ osi ne da biara da asetram nneɛma pii ho gyinae. Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ wɔn ade sɛnea mfomso nni wɔn ho na wɔhwehwɛ pii fi afoforo hɔ no kwati sɛ wobebu afoforo atɛn.

Ampa, wɔama Kristofo asafo no hokwan sɛ wonnya akwankyerɛ ahorow a ɛboa ma Yehowa asase so ahyehyɛde no yɛ adwuma yiye. (Hebrifo 13:17) Nanso ebinom adan akwankyerɛ ahorow yi ani anaa wɔde wɔn ankasa mmara aka ho. Wɔ baabi no, wɔhwehwɛ sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu asuafo hyɛ suit toto soro de no mu bere a wɔrema ɔkasa no. Ntease nnim na ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia sɛ yebefi ayamye mu de akwankyerɛ a ehia no ama mmom sen sɛ anka yɛbɛhyɛ mmara katee?—Yakobo 3:17.

Bu a obi bu ne ho treneeni no nso betumi ama wasusuw sɛ sɛ Kristoni rehyia nsɛnnennen pii a, na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw wɔ honhom mu. Saa adwene no pɛpɛɛpɛ na Elifas, Bildad, ne Sofar nyae wɔ ɔnokwafo Hiob ho. Na wonnim sɛnea tebea no te ankasa, enti na ɛyɛ ahantansɛm sɛ wɔbɛka sɛ Hiob ayɛ bɔne. Yehowa maa wɔn nteɛso esiane adwene a ɛnteɛ a wonyae wɔ Hiob sɔhwɛ no ho nti.—Hwɛ Hiob, atiri 4, 5, 8, 11, 18, 20.

Nnamyɛ a Ɛnteɛ

Bu a obi bu ne ho treneeni no ne nnamyɛ taa wɔ abusuabɔ. Ɔsomafo Paulo kaa Yudafo a na wɔpɛ nyamesom no ho asɛm sɛ wɔwɔ “Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu. Na wonnim Nyankopɔn trenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ankasa trenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Onyankopɔn trenee ase ɛ.” (Romafo 10:2, 3) Sɛ Farisini no, Paulo ankasa daa nnamyɛ ntraso adi, ɛwom sɛ na ne nnamyɛ no nteɛ na ennyina Yehowa trenee so de.—Galatifo 1:13, 14; Filipifo 3:6.

Bible no tu fo ma ɛfata sɛ: “Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so: ɛdɛn nti na wobɛsɛe wo ho?” (Ɔsɛnkafo 7:16) Wɔ asafo no mu no, ebia Kristoni bi de mmɔdenbɔ befi ase, nanso ne mmɔdenbɔ ne nnamyɛ no betumi ama wabu ne ho treneeni. Sɛ nnipa nyansa na ɛkyerɛ ɔsom mu nnamyɛ kwan na mmom ɛnyɛ Yehowa trenee a, ebetumi apira afoforo. Ɔkwan bɛn so?

Sɛ nhwɛso no, ebia awofo de wɔn adwene besi afoforo honhom fam ahiade a wodi ho dwuma so dodo, na saayɛ mu no ebia wobebu wɔn ani agu wɔn ankasa abusua ahiade ahorow so. Anaasɛ ebia awofo bɛda nnamyɛ a ɛtra so adi, na wɔahwehwɛ pii afi wɔn mma hɔ asen nea wobetumi ayɛ. (Efesofo 6:4; Kolosefo 3:21) Esiane sɛ mmofra bi ntumi nyɛ nea wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ a ntease nnim no nti, nea wɔyɛ ne sɛ wonya asetra kwan abien. Ɔwofo a ɔwɔ ntease besusuw n’abusua sintɔ ahorow ho na wayɛ nsakrae a ɛfata.—Fa toto Genesis 33:12-14 ho.

Nnamyɛ ntraso betumi ama yɛahwere anifere, tema, ne odwo nso, nneɛma a ɛho hia wɔ yɛne afoforo ntam nsɛnnii mu no. Ebia obi bɛyere ne ho denneennen ma Ahenni nneɛma anya nkɔanim. Nanso, ebia ne nnamyɛ ntraso no bepira afoforo bere a ɔreyɛ saa no. Paulo kae sɛ: “Na sɛ mewɔ adiyisɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw, na minni dɔ a, memfra. Na sɛ meporow m’ade nyinaa mema ahiafo na mede me nipadua mema sɛ wɔnhyew, na minni dɔ a, merennya ho mfaso.”—1 Korintofo 13:2, 3.

Onyankopɔn Dom Ahobrɛasefo

Sɛ Kristofo no, ɛho hia sɛ yehu asiane a ɛwɔ bu a yebebu yɛn ho atreneefo no mu ansa na afi ase. Ɛsɛ sɛ yɛkwati su a ɛkyerɛ sɛ yɛkorɔn, su a ɛma yebu afoforo ntɛn, ne nnamyɛ a ɛnteɛ a egyina nnipa nyansa so.

Bere a ‘yɛhwɛ yiye’ wɔ Farisifo su horow ho no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde yɛn adwene besi yɛn ankasa su ne nneyɛe so mmom sen sɛ yebebu afoforo atɛn sɛ wobu wɔn ho atreneefo. Ampa, Yesu buu Farisifo no ntɛn na ɔkasa tiaa wɔn sɛ “nhurutoa mma” a wɔfata daa ɔsɛe. Nanso, na Yesu tumi hu nea ɛwɔ nnipa komam. Yentumi nhu.—Mateo 23:33.

Momma yɛnhwehwɛ Onyankopɔn trenee na ɛnyɛ yɛn ankasa de. (Mateo 6:33) Ɛno nkutoo na ebetumi ama yɛanya Yehowa anim dom, efisɛ Bible no tu yɛn nyinaa fo sɛ: “Mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛase.”—1 Petro 5:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena