Mmusua a Wɔwɔ Gyidi Ma Nkɔso Ba Ntɛmntɛm Wɔ Sri Lanka
SRI LANKA, a ɛde besi 1972, na wɔfrɛ no Ceylon no, yɛ supɔw fɛfɛ, a mpoano a mmɛdua wɔ hɔ, mmepɔw, ne anhweatam nketewa wɔ so. Adam’s Peak, a ne sorokɔ yɛ mita 2243 no yɛ beae kronkron ma nyamesom akɛse anan wɔ baabi a ɛyɛ mmepɔmmepɔw no.a Nea ɛbɛn hɔ ne World’s End, baabi a abotan mmepɔw a esian bɛboro mita 1,500 wɔ no. Ɛhɔ yɛ Sri Lanka mmeae a ɛyɛ fɛ paa no mu biako.
Nnipa ɔpepem 18 a wɔwɔ Sri Lanka ho abasɛm yɛ anigye. Efi afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no, India-Europafo a wofi India kusuu fam no abɛtra supɔw no so. Wɔne Sinhalesefo, a mprempren wɔn dodow bɛyɛ ɔman no mu nnipa nkyem anan mu abiɛsa no. Afei, efi afeha a edi kan besi nea ɛto so 12 mu no, Tamilfo bebree fi India kesee fam bae; supɔw no kusuu ne apuei fam titiriw na eyinom te mprempren. Portugalfo, Netherlandfo, ne Britaniafo nso gyaw wɔn agyiraehyɛde wɔ hɔ bere a na wodi tumi wɔ hɔ no. Bio nso, po so aguadifo a wofi Arabia ne Malaya nsupɔw so abɛtra ɔmanfo no mu. Europafo, Parsifo, Chinafo, ne afoforo dodow bi nso wɔ hɔ.
Nea ɛka mmusua a wɔadi afra ho no, kasa ne nyamesom a ɛwɔ Sri Lanka no kyerɛ sɛnea ɛhɔ nnipa gu ahorow. Kasa atitiriw a wɔka wɔ supɔw no so ne Sinhalese, Tamil, ne Engiresi. Sri Lankafo pii ka anyɛ yiye koraa no, kasa abiɛsa no mu abien. Abusuasɛm nso di dwuma titiriw wɔ nnipa no nyamesom mu. Sinhalesefo dodow no ara yɛ Buddhafo, bere a Tamilfo dodow no ara yɛ Hindufo. Wɔn a wɔyɛ Arabfo anaa Malayafo no taa yɛ Nkramofo, na wɔn a wofi Europa no yɛ Kristoman asɔre mufo, Katolekfo ne Prostestanfo titiriw.
Adwumaden no a Wogyina Ano
Eyi nyinaa yɛ adwumaden kɛse ma Yehowa Adansefo a wɔwɔ Sri Lanka no. Eyinom yɛ adwumaden de di Yesu ahyɛde no so: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mateo 24:14) Nea ɛka kasa pii a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ho no, ebia asɛmpa no ho adawurubɔfo no bɛkasa akyerɛ Buddhafo, Hindufo, Kristoman mufo, ne wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ—ne nyinaa wɔ nnɔnhwerew kakraa bi a wɔde ka asɛm no mu.
Sɛnea ɛbɛyɛ na adawurubɔfo no atu mpɔn wɔ wɔn som adwuma mu no, ɛsɛ sɛ wɔfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ne Bible nhoma afoforo a ɛwɔ Tamil, Sinhalese, ne Engiresi kasa mu no bi hyɛ wɔn nneɛma mu. Wɔn a wɔwɔ ahoɔden sɛnea ɛsɛ no tumi fa fa Bible a ɛwɔ saa kasa ahorow no mu bi mpo ka ho. Nnansa yi, adawurubɔfo no ani gyei mmoroso bere a woyii brochure So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? ne Our Problems—Who Will Help Us Solve Them? ne kratawa So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? adi wɔ kasa abiɛsa no mu bere koro no ara no. Eyi kyerɛ sɛ na wobenya nnwumade pii ayɛ ɔsom adwuma no.
Adansefo no ayɛ adwumaden fi 1912 mu, bere a Charles Taze Russell, a na ɔyɛ Amanaman Ntam Bible Asuafo Fekuw no titrani saa bere no kɔsraa Ceylon bere tiaa bi no. Nanso, nkɔso titiriw biara amma kosii sɛ wɔn a wɔawie Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no bae wɔ 1947 mu. Efi saa bere no, adawurubɔfo a wɔwɔ Sri Lanka no asɛnka adwuma no asow aba pa. Wɔ 1994 mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Ahenni adawurubɔfo 1,866 no yɛɛ ofie Bible adesua 2,551 ɔsram biara. Ná nnipa 6,930 a wɔbaa Nkaedi no ase no bɛyɛ adawurubɔfo dodow a wɔwɔ asafo ahorow no nyinaa mu no mmɔho anan. Nhyira a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni!
Sɛ wɔde toto nsase foforo bi ho a, ɛte sɛ nea nkɔso mma ntɛm wɔ Sri Lanka. Ɛte sɛ nea ade biako a ama aba saa ne mmusua mu abusuabɔ a emu yɛ den no. Nanso, abusua betumi ayɛ mmoa nso. Bere a Roma asraafo panyin Kornelio gyee nokware no, n’abusuafo bɛkaa ne ho. (Asomafo no Nnwuma 10:1, 2, 24, 44) Asomafo no Nnwuma nhoma no nso bɔ Kristofo mmusua bi a na wɔyɛ den din, a na Lidia, Krispo, ne Paulo ne Silas afiase so hwɛfo no de ka ho.—Asomafo no Nnwuma 16:14, 15, 32-34; 18:8.
Nokwarem no, mmusua mu abusuabɔ a emu yɛ den no so betumi aba mfaso wɔ baabi a nhyehyɛe pa ne animia a edi mu wɔ no. Bere a nsɛm a ɛwɔ Yesaia 60:22 wɔ Ray Matthews a ɔde bere tenten ayɛ asɛmpatrɛw adwuma adwenem no, ɔka sɛ: “Ɛte sɛ nea Yehowa reyɛ nneɛma ntɛmntɛm seesei wɔ ne bere a ɛsɛ mu, ɛnyɛ sɛ ɔnam ankorankoro nko so, na mmom, mmusua nso.”
Mmusua a Wɔtoto Wɔn Nneɛma Yiye De Ayeyi Ba
Nokwarem no, mmusua a wɔwɔ gyidi saa no wɔ Sri Lanka nnɛ. Sɛ nhwɛso no, Sinnappa abusua a wɔtoto wɔn nneɛma yiye, a wɔte Kotahena, Colombo, a ɛyɛ Sri Lanka ahenkuro no borɔn bi so no wɔ hɔ. Ɛwom sɛ abusua ti no, Marian, wui nkyɛe de, nanso ne yere, Annamma, ne wɔn mma 15 no mu 12, a wɔadi fi mfe 13 kosi 33 no, kɔ so som Yehowa sɛ abusua. Bere a na yɛrekyerɛw saa asɛm yi no, na wɔabɔ wɔn mma no mu baawɔtwe asu, na na wɔn mu baasa reyɛ bere nyinaa som adwuma no, na wɔresom sɛ daa akwampaefo. Ná wɔn mu baasa nso de wɔn ho hyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu bere ne bere mu. Ná abusua no mu mmofra no mu baanan yɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu. Bio nso, ɛwom sɛ ne mmanana baanan susua koraa de, nanso wɔresua Bible no, na na wɔkɔ Kristofo nhyiam wɔ Colombo North Yehowa Adansefo Asafo no mu.
Annamma dii kan tee Ahenni ho asɛmpa no wɔ 1978 mu bere a ogyee Ɔwɛn-Aban biako no. Wofii Bible adesua ase, na bere a Annamma suaa Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, nhoma a wɔde sua Bible no, wiei no, ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn na wɔbɔɔ no asu, na ɔnam ɛno so dii kan yɛɛ nhwɛso maa n’abusuafo no mu pii.
Te sɛ ɔsraani Kornelio no, Annamma wɔ nhyehyɛe pa wɔ n’abusua mu. Annamma ka sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ yɛyɛ Kristofo asafo nhyiam horow ne amansin nhyiam ho nhyehyɛe—sɛ yɛnka sukuukɔ ho asɛm a. Ná ntade a yebenya ne yɛn haw, nanso ɛdenam Yehowa nhyira so no, na yetumi nya ntade foforo ma ɔmansin nhyiam biara. Ná abusua no nyinaa du hɔ a wɔasiesie wɔn ho yiye na wɔadi nnuan pa amee—na yɛsereserew nso.”
Mmofra no de anigye kae wɔn abusua no mu nhyehyɛe no. Sɛnea ɛbɛboa abusua no nyinaa ma wɔakɔ Kristofo nhyiam horow no, wɔmaa wɔn a wɔanyinyin no asɛyɛde atitiriw bi. Sɛ nhwɛso no, na Mangala horo nneɛma, na na Winnifreda tow so. Winnifreda, a na ɔsan boa mmofra nketewa no ma wosiesie wɔn ho no ka sɛ: “Bere a wobefi fie no, na obiara ho ayɛ fɛ ankasa.”
Wɔyɛɛ honhom fam nsiesiei ho nhyehyɛe pa saa ara. Ne babea Pushpam, a ɔyɛ daa ɔkwampaefo seesei no kae sɛ: “Yɛn abusua no de anigye yɛɛ Bible akenkan da biara, na yɛboom susuw da biara Bible asɛm no ho.” Annamma de ka ho sɛ: “Abofra biara wɔ n’ankasa Bible, Ɔwɛn-Aban, ne nhoma afoforo. Mitie wɔn mmuaema wɔ nhyiam ase yiye. Beae a ɛho hia no, mede nkuranhyɛ ne nteɛso ma de di ho dwuma wɔ fie. Ade sa a, yɛbom bɔ yɛn abusua mpae de ɛda no ba awiei.”
Annamma mma mpanyimfo no boa no kɛse ma ɔde Kristofo nkyerɛkyerɛ pa ma abusua no mufo nyinaa. Nanso, adagyew a wonni no nsiw ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo kwan. Wɔ ne nyinaa mu no, abusua no mu nnipa no ne mpɔtam hɔfo yɛ ofie Bible adesua 57. N’ase barima Rajan ka sɛ: “Abusua no yɛ Bible adesua a etu mpɔn. Me yere Pushpam anya hokwan ahu sɛ ne Bible asuafo no mu biako ahyira ne nkwa so ama Yehowa.”
Bere a abusua kɛse a ɛte saa gyaee Roma Katolek Asɔre no, ɛmaa hooyɛ kɛse bi baa Kotahena. Ɛwom sɛ ɔsɔfo no ankasa ankɔsra abusua no ankobisa nea enti a wɔayɛ saa no de, nanso ɔmaa asɔremma no yɛɛ nhwehwɛmu. Wɔbɔɔ nneɛma pii ho nkɔmmɔ, ne titiriw Baasakoro nkyerɛkyerɛ no. Annamma de ne ho too Yehowa ne Bible no so bere nyinaa de gyinaa akyi. Kyerɛwsɛm a ɔde dii dwuma kɛse wɔ saa nkɔmmɔbɔ yi mu ne Yohane 17:3.
Sinnappa abusua no da no adi pefee sɛ nhyehyɛe pa ne mmɔdenbɔ a wonnyae betumi asow aba pa. Ɛdenam wɔn mmɔdenbɔ a efi nsiyɛ mu so no, Ahenni adawurubɔfo awo ntoatoaso foforo renyin, na wɔn nyinaa rebeyi Yehowa ayɛ.
Ɔsɔretia Ka Abusua Bi Bom Wɔ Nokware Som Mu
Ratnam abusua no wɔ baabi a ɛbɛn Sinnappa abusua no akwansin kakraa bi wɔ Narhenpitya, Colombo borɔn foforo no so. Kan no, na wɔn nso yɛ Roma Katolekfo. Wɔ 1982 mu no, Adansefo a wɔreyɛ afie afie asɛnka no hyiaa Balendran, wɔn babea panyin paa, Fatima, kunu no. Wɔne abusua no nyinaa fii Bible adesua ase. Ankyɛ na wɔn mma baasa no bisaa wɔn Nanabea Ignasiamal sɛ ɔnkyerɛ wɔn Onyankopɔn din. Bere a mmofra no maa mmuae sɛ ɛyɛ “Yehowa” no, wɔkanyan wɔn Nanabea no anigye, na wɔne no fii Bible adesua ase. Akyiri yi, ne mmabea baanu, Jeevakala ne Stella, bɛkaa adesua no ho, na ebeduu 1988 mu no, na wɔabɔ wɔn baasa nyinaa asu.
Saa bere no, Balendran ne Fatima kaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ Fatima nuabea foforo, Mallika, ne ne kunu Yoganathan. Ebeduu 1987 mu no, na wɔabɔ saa awarefo yi asu, na wɔde Yehowa ho dɔ a ɛreyɛ kɛse no ahyɛ wɔn mma baanu no mu. Pushpa, Fatima nuabea foforo ne nea odi hɔ a ɔbaa nokware no mu. Ohyiraa ne ho so na wɔbɔɔ no asu 1990 mu. Bere a wɔwɔ Tokyo no, ne kunu, Eka, somee wɔ asafo bi a ɛka Engiresi kasa mu, na Pushpa boaa wɔn babarima kumaa, Alfred, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtete no Yehowa kwan so.
Ɛde besi nnɛ yi, mmofra du a wɔwɔ Ratnam abusua no mu mu baanan na wɔaba nokware som mu. Anigye so no, baasa foforo renya nkɔso pa wɔ wɔn ankasa Bible adesua mu. Wɔ mmanana 11 no mu no, wɔabɔ abeawa biako, Pradeepa, asu dedaw. Wɔnam wɔn abusua Bible adesua so rekyerɛkyerɛ mmofra nkumaa foforo baason daa. Bio nso, wɔne mpɔtam hɔfo anigyefo 24 reyɛ ofie Bible adesua.
Eyi nyinaa anyɛ mmerɛw amma wɔn. Mfiase no, abusua no sɔre tiaa wɔn. Wɔn papa, Muthupillai, ne wɔn nua mmarima mpanyimfo no sɔre tiaa abusua no muni biara a ɔkɔɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so anaasɛ ɔde ne ho hyɛɛ baguam asɛnka adwuma no mu no. Ɛwom sɛ wɔn ahobammɔ ho dadwen na ɛma wɔyɛɛ eyinom mu bi de, nanso Muthupillai de ka ho sɛ: “Ná mede me ho nyinaa ama ‘ahotefo’ no, na na mempene so sɛ m’abusua befi Katolek Asɔre no mu.” Nanso, seesei, ogye di sɛ wɔresom nokware Nyankopɔn no efisɛ otumi hu mfaso horow a wɔn gyidi de abrɛ wɔn no.
Sɛ nhwɛso no, bere bi wɔn fiewura a ɔyɛ Buddhani no bɔɔ mmɔden sɛ ɔnam asumansɛm so betu wɔn afi ne fie. Ɔbaa hɔ anadwo bi de “asuman” bi a ɔde ankaadweaa afra mu betwaa ofi no ho hyiae. Ehu kaa mpɔtam hɔfo a wɔwɔ gyidihunu no, na na wɔn nyinaa rehwɛ kwan sɛ asɛm bɔne bɛto Ratnam abusua no. Nanso, bere a Ignasiamal huu eyi no, ɔne mmofra no yiyii ankaadweaa no a wɔansuro—na biribi bɔne biara anyɛ wɔn. Wɔn akokoduru nneyɛe no bɛyɛɛ adansedi kɛse wɔ mpɔtam hɔ, na ɛmaa nkurɔfo nyaa obu kɛse maa wɔn. Stella tumi fii ofie Bible adesua abien ase wɔ afie a ɛbɛn hɔ no mu. N’asebea Nazeera, a eyi hyɛɛ no nkuran no nso penee so ma wɔne no yɛɛ Bible adesua.
Bere a Ignasiamal bu kɔmpɔ hwɛ nhyira a n’abusua anya no, ɔka sɛ: “Ɛyɛ me anigye yiye sɛ mahu honhom fam nkɔso wɔ abu sua no mu. Yehowa ahyira yɛn efisɛ ɔsɔretia no ano abrɛ ase, na yɛn abusua biakoyɛ no anya nkɔanim.”
Hwɛ nhyira ara a saa abusua kɛse yi ayɛ. Wɔabɛka wɔn a wɔn mmusua sua, ɔwofo-biako mmusua, ne Kristofo ahokwafo a wɔrebɔ mmɔden yiye sɛ wɔbɛma Ahenni asɛmpa no ho dawurubɔ akɔ so ntɛmntɛm wɔ “asase fɛfɛ,” sɛnea edin Sri Lanka kyerɛ no so ho. Sri Lanka Adansefo no ne wɔn mfɛfo Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa hwɛ Paradise a wɔbɛsan de asi hɔ, a seesei mpo yebetumi akae bere a yehu Sri Lanka a ɛhɔ yɛ fɛ no mpoano ne mmepɔw no, kwan.
[Ase hɔ asɛm]
a Nkramofo ka sɛ anammɔn bi a ɛwɔ hɔ no yɛ Adam de, Buddhafo ka sɛ Buddha de, Hindufo ka sɛ Siva de, na asɔre ahorow atetesɛm ka sɛ “Ɔhotefo” Thomas de.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]
Nnipa pii retie asɛnka ne nkyerɛkyerɛ no wɔ Sri Lanka