“Dɛn Ne Nokware?”
NÁ ƐSONO mmarima baanu a wodi nhwɛanim no mu biara koraa. Ná obiako yɛ ɔmammuifo a ommu hwee, ɔyɛ anuonyampɛ, ɔdefo, na na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ biribiara de ama n’ankasa adwuma anya nkɔso. Ná nea ɔka ho no yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ommu ahonyade ne anuonyam, na na wasiesie ne ho sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre de agye afoforo nkwa. Ɛho nhia mpo sɛ yɛbɛka sɛ na mmarima baanu yi adwene nhyia! Na wɔn adwene nhyia koraa wɔ asɛm titiriw biako ho—nokware ho asɛm no.
Ná mmarima no ne Pontio Pilato ne Yesu Kristo. Ná Yesu gyina Pilato anim sɛ ɔsɛmmɔnedifo a wɔabu no fɔ. Dɛn ntia? Yesu kyerɛkyerɛɛ nea enti a eyi te saa mu—nokwarem no, atirimpɔw koro no ara a enti na waba asase so abɛyɛ ne som adwuma—besii ade biako so: nokware. Ɔkae sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.”—Yohane 18:37.
Mmuae a Pilato de mae no ne asemmisa titiriw yi: “Dɛn ne nokware?” (Yohane 18:38) Ná ɔpɛ mmuae ankasa? Ebetumi aba sɛ na ɔnhwehwɛ mmuae. Ná Yesu yɛ onipa a obetumi abua asemmisa biara a wofi komam bisa no no, nanso wammua Pilato. Na Bible ka sɛ bere a Pilato bisaa n’asɛm no wiei no, opue fii aban no adiwo hɔ ntɛm ara. Ɛda adi sɛ Roma amrado no de animtiaabu a ɛkyerɛ sɛ onnye asɛm nni na ebisaa asɛm no, te sɛ nea ɔreka sɛ, “Nokware? Ɛne dɛn? Biribiara nni hɔ a ɛte saa!”a
Wɔtaa da Pilato adwene a ɛne sɛ onnye nni sɛ nokware wɔ hɔ no adi nnɛ. Nnipa pii gye di sɛ nea obi gye di ne nokware no—ɔkwan foforo so no, nea ebia obi bu no sɛ ɛyɛ nokware no nyɛ nokware mma ɔfoforo, ma enti wɔn mu biara de “teɛ.” Gyidi yi abu so araa ma wɔwɔ Engiresi asɛmfua ma no—“relativism.” Saa na wubu nokware ho asɛm no? Sɛ saa a, ebetumi aba sɛ woagye adwene yi atom a woanhwehwɛ mu yiye? Sɛ wunnye ntoom mpo a, wunim sɛnea saa nyansapɛ yi ka w’asetra?
Nokware a Wɔkasa Tia
Ɛnyɛ Pontio Pilato ne onipa a odi kan a ogyee adwene a ɛne sɛ nokware turodoo wɔ hɔ no ho kyim. Ɛkame ayɛ sɛ tete Helafo nyansapɛfo bi de gye a na wonnye nni ho nkyerɛkyerɛ yɛɛ wɔn asetra mu adwuma! Mfeha anum ansa na wɔrewo Pilato no, na Parmenides (a na wobu no sɛ ɔne Europafo asetra, nokware, nimdeɛ ho nyansapɛ farebae) no gye di sɛ yentumi nnya nokware nimdeɛ. Democritus a na wobu no sɛ “tete nyansapɛfo a ɔsen biara” no kae sɛ: “Nokware so akata koraa . . . Yennim biribiara pɛpɛɛpɛ.” Nea ebia wobu no sen biara, Socrates, kae sɛ nea onim ankasa ne sɛ onnim hwee.
Kasa a wɔkasa tia adwene a ɛne sɛ yebetumi ahu nokware no akɔ so abedu yɛn bere yi mu. Sɛ nhwɛso no, nyansapɛfo binom ka sɛ esiane sɛ yɛnam yɛn nkate nkwaa a wobetumi adaadaa no so na yɛn nsa ka nimdeɛ nti, nimdeɛ biara nni hɔ a wobetumi akyerɛ sɛ ɛyɛ nokware turodoo. Fransefo nyansapɛfo ne akontaabu ho nimdefo René Descartes sii gyinae sɛ ɔbɛhwehwɛ nneɛma a osusuw sɛ onim sɛ ɛyɛ nokware no mu. Ɔpow nokware no nyinaa ma ɛkaa biako pɛ a obuu no sɛ ɛyɛ turodoo: “Cogito ergo sum,” anaasɛ, “Sɛnea midwen no, saa ara na mete.”
Adwene a Ɛne Sɛ Nea Obi Gye Di ne Nokware No
Ɛnyɛ nyansapɛfo nkutoo na wogye di sɛ nea obi gye di ne nokware no. Nyamesom akannifo kyerɛkyerɛ, wɔkyerɛkyerɛ wɔ sukuu, na nsɛm ho amanneɛbɔ ma ɛtrɛw. Episcopalfo sɔfo panyin John S. Spong kae wɔ mfe kakra a atwam ni no mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ . . . yegyae susuw a yesusuw sɛ yɛwɔ nokware na afoforo nnye yɛn adwene no tom, na yehu sɛ obiara ntumi nhu nokware turodoo no.” Te sɛ nnɛyi asɔfo pii a wɔka sɛ nea obi gye di ne nokware no, Spong de no pow Bible mu abrabɔ ho nkyerɛkyerɛ no ntɛm ara, na egye nyansapɛ a ɛne sɛ “obiara nsi nea eye ma no ho gyinae” no tom. Sɛ nhwɛso no, nea ɛbɛyɛ na wɔmma wɔn a wokura bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da no “nhaw” kɛse wɔ Episcopal Asɔre no mu no, Spong kyerɛw nhoma bi a ɛkyerɛ sɛ na ɔsomafo Paulo yɛ obi a ɔne mmarima da!
Wɔ nsase pii so no, ɛte sɛ nea sukuu nhyehyɛe no ma wonya nsusuwii a ɛte saa ara. Allan Bloom kyerɛwee wɔ ne nhoma The Closing of the American Mind no mu sɛ: “Ade biako bi wɔ hɔ a ɔkyerɛkyerɛfo betumi ahu pefee: ɛkame ayɛ sɛ sukuuni biara a ɔreba sukuupɔn gye di, anaasɛ ɔka sɛ ogye di sɛ nea obi gye di ne nokware no.” Bloom hui sɛ sɛ ogye ne sukuufo no gyidi wɔ asɛm yi ho kyim a, ɛbɛma wɔn ho adwiriw wɔn, “te sɛ nea ɔregye akontaabu a ɛne sɛ 2 + 2 = 4 no ho kyim.”
Wɔhyɛ nsusuwii koro ara ho nkuran wɔ akwan foforo pii so. Sɛ nhwɛso no, ɛte sɛ nea TV ne atesɛm nkrataa nsɛnkyerɛwfo ani gye ho kɛse ne sɛ wobegye wɔn atiefo ani sen sɛ wɔbɛma wɔahu asɛm bi mu nokwasɛm. Nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadi ahorow bi asakra dwumadi bi a woyi kyerɛ mu nsɛm na ama nkurɔfo ani agye ho kɛse. Na wɔkasa tia nokware kɛse wɔ anigyede mu. Wobu gyinapɛn ahorow ne abrabɔ mu nokwasɛm a yɛn nananom de bɔɔ wɔn bra no sɛ atwam wɔ mmeae pii, na wodi ho fɛw.
Nokwarem no, ebia ebinom begye akyinnye sɛ adwene a ɛne sɛ nea obi gye di ne nokware no mu dodow no ara da adwene a emu da hɔ adi ma enti enya adesamma abusua so nkɛntɛnso pa. Nanso, ɛte saa ampa? Tumi a enya wɔ wo so nso ɛ? Wugye di sɛ nea obi gye di ne nokware no anaa nokware nni hɔ? Sɛ saa a, ebia wubebu hwehwɛ a wobɛhwehwɛ no sɛ bere sɛe. Adwene a ɛte saa no bɛka wo daakye.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛnea Bible ho nimdefo R. C. H. Lenski kyerɛ no, Pilato “kasae te sɛ wiaseni bi a asɛm mfa ne ho a ɔde n’asemmisa no repɛ akyerɛ sɛ ɔsom mu nokware biara yɛ nsusuwii hunu.”