Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 5/15 kr. 8-9
  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Sweden

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Sweden
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɔso Hwehwɛ Adansi
  • Yɛn Ani Kyerɛ Wiase Foforo No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Adan a Yesisi De Hyɛ Yehowa Anuonyam
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Nkɔso a Ɛba Ntɛmntɛm Ma Ntrɛwmu a Egye Ntɛmpɛ Ho Hia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Dɛn Nti na Yesisi Ahenni Asa, na Yɛyɛ Dɛn Tumi Sisi?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 5/15 kr. 8-9

Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Sweden

SWEDEN da Scandinavia nsupɔw no apuei fam, na ɛtrɛw kɔ Arctic Circle no atifi. Sweden a agye din wɔ wiase nyinaa wɔ nnua bebree a ɛmpo ne atare ne mmepɔw ho no, ka Europa aman a nnipa nkyeree so wom koraa no ho. Nanso, efi 1800 mfe no awiei no, Yehowa Adansefo atumi ahwehwɛ wɔn a wɔdɔ nokware wɔ hɔ. Susuw nnansa yi nhwɛso bi ho hwɛ.

Adansefo no ne ɔbea bi suaa Bible, nanso ne kunu ani annye ho. Ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ onyae adesua no, na ɔyɛɛ saa. Ná ɔbarima yi yɛ adwuma wɔ baabi a wɔtɔn nsã ho nneɛma. Da koro ɔbarima bi a ɔka lɔre kɛse bi de ne nena a wadi mfe du baa adetɔnbea hɔ. Abarimaa no nana srɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnhwɛ abofra no mma no na ɔntwe ne nneɛma ngu lɔre kɛse no mu. Esiane sɛ na ɔbarima no pɛ sɛ ɔne abarimaa no bɔ nkɔmmɔ kɛkɛ nti, obisaa no akyɛde ko a wɔde maa no n’awoda a etwa to no. Ɛyɛɛ ɔbarima no nwonwa sɛ abarimaa no ka kyerɛɛ no sɛ ɔne n’abusua nni awoda efisɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo. Abarimaa no ka kyerɛɛ no bio sɛ onya akyɛde mmere afoforo wɔ afe no mu, na ɔnhwere hwee, efisɛ ɔwɔ abusua a wɔwɔ ayamye ne ɔdɔ kɛse. Ɔka kaa ho sɛ akyɛde biara nni hɔ a ɛsom bo saa.

Abarimaa no ne ne nanabarima san kɔɔ hɔ mpɛn pii. Bere biara na ɔbarima no bisabisa abarimaa no nsɛm pii, na ne ho dwiriw no wɔ sɛnea abarimaa no fi nokwaredi mu maa mmuae tẽẽ a wantwentwɛn ne nan ase no ho. Sɛnea na abarimaa no wɔ anisɔ ma nneɛma a ɛsom bo ankasa no nso kaa ne koma. Anadwo bi a ɔbarima no hwɛɛ television so dwumadi bi a ɛfa wiase nsɛm tebea a ɛyɛ awerɛhow ho wiei no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ honhom fam nneɛma mu anibere so. Ɔfrɛɛ Ɔdansefo a na ɔne ne yere sua ade no wɔ telefon so ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan mmra. Ankyɛ na Ɔdansefo bi fii ase ne ɔbarima no suaa ade, na onyaa nkɔso ntɛmntɛm. Wɔbɔɔ no asu April 10, 1994. Wɔabɔ ne yere nso asu seesei.

Nkɔso Hwehwɛ Adansi

Aguanfo pii a wofi aman afoforo mu abɛtra Sweden, na Sweden Adansefo no aka asɛm no akyerɛ wɔn ma asow aba pa. Adwuma no anya nkɔso wɔ ɔman no mu araa ma ɛho abehia sɛ wonya Ahenni Asa afoforo na wɔadi ntrɛwmu no ho dwuma. Efi 1986 kosi 1993 no, wɔnam ɔkwan a wɔfa so si dan ntɛmntɛm no so sisii Ahenni Asa ahorow 37, na wɔtrɛw asa 8 mu siesiee so. Wɔ 1994 mu nkutoo no, wosisii Ahenni Asa afoforo ason, na wosiesiee abiɛsa so.

Mprempren, asafo ahorow 65 na wɔretwɛn sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔasisi Ahenni Asa foforo anaa wɔatrɛw nea wɔwɔ dedaw no mu anaasɛ wɔasiesie so. Nnipa bɛyɛ 2,500 na wɔatu wɔn ho ama reboa adansi a ɛte saa no, na asafo ahorow no ani sɔ mmoa a wofi ɔdɔ mu de ma no kɛse.

Ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ Sweden kusuu fam a ɛtrɛw kɔ Arctic Circle no atifi no, asase a ɛso nnuru sum anadwo. Nea enti a ɛte saa ne sɛ edu ahohuru bere no fã bi a, owia no nkɔtɔ wɔ hɔ da. Nanso, nokware hann no nso kɔ so hyerɛn kɛse wɔ Sweden nyinaa. Ɛdenam Yehowa nhyira so no, saa honhom fam hann no ano mmrɛ ase da, na mmom ɛbɛkɔ so ahyerɛn kɛse.

[Kratafa 8 adaka]

ƆMAN NO HO AKONTAABU

1994 Ɔsom Afe

DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE: 24,246

NKYEKYEM:Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ nnipa 362

DODOW A WƆBAA NKAEDI ASE: 40,372

AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM: 2,509

BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM: 11,306

DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU: 850

ASAFO DODOW: 358

BAA DWUMADIBEA: ARBOGA

[Kratafa 9 mfonini]

Baa dwumadibea ne Betel Fie a ɛwɔ Arboga no

[Kratafa 9 mfonini]

Hjo Adansefo a wodi kan no de bɔs ketewa yi na ɛkɔyɛɛ adwuma wɔ asasesin a ne kɛse bɛyɛ kilomita ahinanan 5,000 no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena