Anigye wɔ hɔ ma Wɔn a Wohu Nokware No
FINLANDNI bi huu nhoma The Divine Plan of the Ages wɔ ne dan nsɛmso so. Ofii ase kenkanee wɔ hɔ ara, na ntɛm ara osee ne ho sɛ, ‘Eyi ne nokware no; eyi ne nokware no.’ Bere a osii fam fii nsɛmso no so no, ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Mahu nokware som no.”
Ɔkwan a ɔbarima yi faa so huu nokware no ho suahu yi yɛ soronko, nanso Yehowa Adansefo pii betumi aka osuahu a ɛte saara. Wɔn nyinaa betumi aka anigye a nokware a wohu de ba no ho asɛm akyerɛ wo. Osuahu a edidi so yi si eyi so dua.
Nokware Bible Nkyerɛkyerɛ De Anigye Ba
Margarita Königer nyinii wɔ Munich, Germany, wɔ Wiase Ko II no mu. Ná ɔtaa hu adan a wɔde ɔtopae atom na ɛrehyew. Ne nua barima wui wɔ ɔko no mu. Bere a na ɔkɔ Katolek asɔre no, na ɔte mpae a wɔbɔ ma Germanfo asraafo ne wɔn kannifo, Hitler no. Wɔ ɔko no akyi no, ne nsa kaa nhomasua mu mmoa sɛ ɔnkɔ kɔlege bi a ɛwɔ United States sɛ́ nhyehyɛe a wɔyɛ de nkurɔfo kɔ aman foforo so kosua nhoma no fã. Ohui sɛ nkurɔfo da adamfofa su adi kyerɛ no, enti odwen dekode a epiapia nnipa a nea wofi awosu mu pɛ ne sɛ wɔbɛtra ase asomdwoe mu ma wonnya wɔn ho wɔn ho mu awerɛhyem na wɔtentan wɔn ho wɔ ɔko mu no ho. Bere a ɔsan baa Munich no, ɔne Yehowa Adansefo hyiae, na ɛdenam Bible adesua a wɔne no yɛe so no, onyaa ne nsemmisa no ho mmuae. Ɔka sɛ: “Wofi Bible no mu kyerɛɛ me sɛ ahonhommɔne dɔm ka ho . . . Bible no frɛ wɔn ‘wiase atumfo,’ na ɛka no nokwarem sɛ, Satan ‘redaadaa amanaman nyinaa.’ . . . Hwɛ ntease ne akomatɔyam ara a saa mmuae yi ma minyae bere a misusuw nneɛma bɔne a aman ne nnipa yɛ ho no!”—Efesofo 6:12; Adiyisɛm 12:9.
Margarita kɔ so ka sɛ: “Minyaa anigye kɛse sɛ misuaa Onyankopɔn nsiesiei a ɔnam so bedi asase so ɔhaw ahorow ho dwuma ho ade. Dabi, ɛnnam nnipa nsusuwii anaa nneɛma sohwɛ so, sɛnea wiase akyerɛkyerɛfo ka no. Mmom, Bible no kyerɛ sɛ ɔsoro nniso foforo bi na ɛbɛhwɛ asase so nsɛm so. . . . Yesu Kristo kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: ‘W’ahenni mmra.’ . . . Mifii ase hui sɛ saa ahenni yi yɛ nniso ankasa a ɛno nkutoo so na wɔnam benya nokware asomdwoe wɔ wiase nyinaa.” Bɛyɛ mfe 30 ni no, Margarita asom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Afrika aman anum so—ɔde mfe 19 a etwa to no aka nokware no ho asɛm akyerɛ nnipa ahobrɛasefo a wɔwɔ Ouagadougou, Burkina Faso no.
Ɛnyɛ Margarita nkutoo na wanya osuahu yi. Nnipa pii ayɛ wɔn ade nyansam saa ara, bere a wɔahu sɛ Kristoman asɔfo a wɔwɔ afanu no nyinaa wɔ ɔko no mu no bɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma wonni nkonim no. Nnipa komapafo hu ntease a ɛwɔ Bible no nkyerɛkyerɛmu a ɛde ma sɛ Onyankopɔn nni ɔfã biara wɔ onipa akodi mu, na mmom eyi ba esiane sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu” nti no. Wɔn a wɔhwehwɛ nokware yi hu sɛ ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ “wiase no fã,” na ɛnsɛ sɛ wonya kyɛfã biara wɔ ne nsɛm mu. Bere a anigyefo foforo yi hu sɛ Yehowa Adansefo apaw gyinabea a ɛte saa no, wogye di sɛ wɔahu nokware no. Saafo no anidaso ne anigye yɛ kɛse bere a wonya nimdeɛ pii fa nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan ne sɛnea ɛrenkyɛ na ɔnam n’Ahenni no so de asomdwoe ne tebea pa aba asase so ho no.—1 Yohane 5:19; Yohane 17:16, NW; Mateo 6:9, 10.
Nokware Bible Nnyinasosɛm De Anigye Ba
Daniel Rosero a ofi Ecuador tee nka sɛ asetra nni atirimpɔw biara, enti ofii ase nom nsa. Asɔre a na ɔkɔ no kyekyerɛɛ no sɛ ade biako pɛ a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ kwan ne owu ne hell gyaframa. Ɔkae sɛ, “Merebɛhyew, enti momma mennom nsa!” Ná ɔwɔ abusua a emu nnipa yɛ baawɔtwe a ɔnhwɛ wɔn, na bere nyinaa ɔne ne yere Delia koe. Nsakrae bae Kwasida anɔpa bi bere a Yehowa Adansefo kɔsraa wɔn na wofii ase suaa Bible no. Bere a edi kan a Daniel kɔɔ Yehowa Adansefo ɔmansin nhyiam no, ohui sɛ wahu nokware no. Ɔka sɛ: “Nhyehyɛe no maa me ho dwiriw me. Ná nnipa tumi ne wɔn ho bɔ, nnipa bebree ne wɔn ho wɔn ho bɔe. Ná wutumi hu sɛ nnipadɔm no dodɔ wɔn ho. Obiara annom sigaret. Obiara anka kasa fĩ. . . . Mekae sɛ, minyaa adwene sɛ, ‘Eyi ne nokware no!’ Ɛnyɛ owu ho hu anaasɛ wiase awiei ho hu na ɛkanyan me. Ɛyɛ sɛnea na ahyehyɛde no ho tew no.”
Rosero abusua no nyinaa bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Wɔn abusua asetra ne wɔn sikasɛm bɛyɛɛ yiye bere a wɔde Bible nnyinasosɛm dii dwuma no. Delia Rosero ka sɛ: “Munim sɛ Bible mu nokware no na ama ne nyinaa aba saa. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm a, anka hena na onim nea me mma no bɛyɛ? Wɔn baason no nyinaa agye asubɔ na wɔkari pɛ. Nokware no ama manya asetra foforo ne anigye foforo koraa.”
Ɛnyɛ Rosero ne n’abusua nkutoo na wɔanya suahu a ɛte saa. Nnipa pii rehyia ɔhaw nnɛ. Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, nnipa dodow no ara mmu abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a Bible de ma no koraa bio, te sɛ nea na awo ntoatoaso a atwam no bu no no. Ɔsom dodow no ara akura saa su yi mu esiane sɛ wɔma ɛno ho kwan anaasɛ wɔte nka sɛ mmere resakra na abrabɔ dedaw atwam nti. Enti te sɛ afoforo no, Rosero abusua no wɔɔ ntwɛtwɛdɛ a na Bible akwankyerɛ nka ho. Nanso, sɛ nnipa ahobrɛasefo a wɔte saa no bɛte adwene a Onyankopɔn kura wɔ abrabɔ ne abusua asetra ho no ase a, wɔde nea wosua no di dwuma ntɛm ara. Yebetumi ahu nnepa a efi saayɛ mu ba afi wɔn asɛm no mu.
Ɛsɛ sɛ Wɔhwehwɛ Anigye
Nanso, eyi nkyerɛ sɛ Kristoni wɔ anigye bere nyinaa. Ɛda adi sɛ, nsɛnnennen a nnipa nyinaa hyia te sɛ adwuma a wonnya nyɛ, ɔyare, ne owu ka Kristofo nso. Ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ so ko tia wɔn sintɔ ne mmerɛwyɛ ahorow nso. Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ “amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw” Lot yiye wɔ Sodom kurow mu. Nokware Kristofo rentumi nkwati nkate a ɛte saa bere a wohu tebea bɔne a ɛrekɔ so no.—2 Petro 2:7, 8.
Nanso, wɔn a wɔahu nokware no wɔ mfaso bi. Sɛ nhwɛso no, gyidini a ɔregyam obi a wawu no nni ‘awerɛhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.’ Ɔrenni awerɛhow bere nyinaa. Eyi te saa wɔ ɔhaw afoforo nso ho. Onipa a wahu nokware no nim sɛ mprempren tebea no yɛ bere tiaa mu de. Anidaso ma ɛyɛ mmerɛw sɛ obegyina nsɛnnennen ano. Asetra a ɛkari pɛ nso boa.—1 Tesalonikafo 4:13.
Paulo de saa afotu yi maa Kristofo: “Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!” (Filipifo 4:4) Eyi kyerɛ sɛ, bere a yɛn nyinaa betumi anya anigye no, ebetumi aba sɛ yɛrennya. Nneɛma nhyehyɛe dedaw yi mu dadwen no betumi ayɛ akwanside. Bio nso, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ehia sɛ yenya anigye, a ɛyɛ Onyankopɔn honhom no aba no mu biako no. (Galatifo 5:22) Bere a wokɔ so nya nokware no ho nimdeɛ, na wokaakae honhom fam nhyira a ɛde abrɛ wo na ɛda so ara de ba no, w’anigye remmrɛ ase. Ɛbɛyɛ kɛse bere a yɛbɛn da a Onyankopɔn ‘bɛpopa nnipa aniwam nusu nyinaa, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw’ nni hɔ bio no.—Adiyisɛm 21:4.
[Kratafa 8 mfonini ahorow]
Nnipa pii ani sɔ anigye ne nhyehyɛe pa a ɛwɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow ase no