Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 4/1 kr. 21-25
  • Gyinae a Misii sɛ Mɛpere Akɔ Onyin Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyinae a Misii sɛ Mɛpere Akɔ Onyin Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔko no Sakra Yɛn Asetra
  • Honhom Fam Nkɔanim Ho Akwanside Ahorow
  • Akwampae Adwuma a Mifii Ase
  • Asɛmpatrɛw Adwuma mu a Mede Me Ho Hyɛe
  • Nsakrae a Meyɛe wɔ Amannɔne Asase So
  • United States Nsrahwɛ
  • Mekɔ so Nyin Honhom Mu
  • Abusua a Ɛdɔɔ Me Nokwarem
    Nyan!—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 4/1 kr. 21-25

Gyinae a Misii sɛ Mɛpere Akɔ Onyin Mu

SƐNEA CARL DOCHOW KA KYERƐE

“Sɛ́ Wobɛpere Akɔ Onyin Mu Anaasɛ Wobɛsan Akɔ Bɔne Mu, Emu Nea Ɛwɔ He?” yɛ June 15, 1948, Ɔwɛn-Aban mu asɛm bi asɛmti. Saa asɛm no kanyan me ma metwee me ho fii honhom fam asiane a na ɛwɔ United States mfuw no mu kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Amerika Kesee Fam, na makɔ so ayɛ saa adwuma yi bɛboro mfe 43.

WƆWOO me March 31, 1914, wɔ nnuadan ketewa bi mu wɔ Vergas, Minnesota, na me ne mmarimaa baanan no mu nea ɔto so abiɛsa. Ná m’ani gye wɔ me mmofraberem. Mekae sɛ na me ne Paapa kɔ mpataayi. Nanso na Maame taa yareyare ma enti na ɛsɛ sɛ migyae sukuukɔ wɔ afe a ɛto so anum no mu kɔboa no wɔ ofie nnwuma mu. Bere a midii mfe 13 no, na wɔayɛ ne mu nhwehwɛmu ahu sɛ ne yare no yɛ ahurututu mu kokoram.

Ná Maame nim sɛ ne nkwa nna a aka yɛ tiaa, enti ofii ase kyerɛɛ me nneɛma a sɛ onni hɔ a mɛyɛ. Ná ɔtra gyaade kyerɛkyerɛ me aduannoa ne ade tõ. Afei nso, ɔkyerɛɛ me ntade si, turoyɛ, ne nkokɔ ɔha sohwɛ. Ɔhyɛɛ me nkuran nso sɛ menkenkan Bible no ti biako da biara, na meyɛe, ɛmfa ho sɛ na minnim akenkan papa. Bere a Maame tetee me asram du akyi no, owui January 27, 1928.

Ɔko no Sakra Yɛn Asetra

Bere a Wiase Ko II fii ase wɔ September 1939 mu no, yɛbɔɔ mpae maa asraafo no wɔ Luther asɔre no mu Kwasida biara. Me nuabarima panyin Frank sii ne bo sɛ onni awu, enti bere a wamfa ne ho anhyɛ asraadi mu ankɔ ɔko no, wɔkyeree no. Bere a wɔredi n’asɛm no, ɔkae sɛ: “Mubetumi atow me tuo, ansa na makum nnipa a wɔn ho nni asɛm no!” Wɔde no too afiase afe wɔ McNeil Island a ɛwɔ Washington State po so.

Frank huu Yehowa Adansefo bɛboro 300 a na wɔde wɔn agu afiase hɔ esiane sɛ wɔannyina ɔfã biara akyi koraa wɔ ɔko no mu nti. (Yesaia 2:4; Yohane 17:16) Ankyɛ na ɔde ne ho bɔɔ wɔn, na wɔbɔɔ no asu wɔ afiase hɔ ara. Esiane ne suban pa nti, wɔtee n’afiasenna no so baa asram akron. Yɛtee sɛ wɔagyae Frank wɔ November 1942 mu, na ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa kyerɛɛ yɛn. Bere a yɛhwehwɛɛ asɛm no mu yiye fii yɛn Bible ahorow mu no, yɛn nyinaa tumi hui sɛ nea na Frank rekyerɛkyerɛ yɛn no ne nokware no.

Honhom Fam Nkɔanim Ho Akwanside Ahorow

Mitu ne me papa kumaa kɔtrae wɔ Malta, Montana, wɔ 1944 mu. Na yɛn nsɛm tebea di nsɛ—na yɛn yerenom agyae yɛn wɔ yɛn aware no akyi asram asia. N’ani gyei sɛ merebɛboa no wɔ kuadwuma ne aduannoa mu, na yɛkyɛɛ yɛn mfaso mu pɛpɛɛpɛ. Me papa kumaa kae sɛ, sɛ metra ne nkyɛn a, n’afuw a ne kɛse yɛ hɛkta 260 no bɛba abɛyɛ m’apɛgyade. Ná sika wɔ kuadwuma mu saa mfe no, na hwɛ sɛnea m’ani gyee ho! Ná yetwa nnɔbae pii afe biara, na na yɛtɔn awi grawa abien aboɔden de gye $3.16.

Nanso, na me papa kumaa ani nnye nhyiam horow a na mekɔ wɔ Adansefo asafo ketewa bi mu wɔ Malta no ho. Wɔ June 7, 1947 no, wɔbɔɔ me asu wɔ Yehowa Adansefo ɔmansin nhyiam ase wɔ Wolf Point a na me papa kumaa nnim. Ɛhɔ no, onua Kristoni bi too nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ ɔkwampaefo, anaa bere nyinaa somfo. Ɛwom sɛ na ɛwɔ me komam sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo de, nanso mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ me papa kumaa remma me kwan mma memfa me bere pii saa nyɛ ɔsom adwuma no da.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, me papa kumaa tew krataa bi a efi m’adamfo bi a ɔhyɛɛ me nkuran sɛ memmɛyɛ bere nyinaa somfo hɔ no ano kenkanee. Me papa kumaa bo fuwii kɛse, na ɔde nneɛma abien sii m’anim—sɛ́ megyae asɛnka anaa mefi hɔ. Ná saa nneɛma abien a ɔde sii m’anim no yɛ papa efisɛ na m’ani gye kuadwuma ho araa ma mintumi nkyerɛ sɛ anka mankasa metumi afi me pɛ mu afi hɔ a. Enti mesan kɔɔ m’abusuafo a saa bere no na wɔabɔ wɔn nyinaa asu na wɔwɔ Detroit Lakes Asafo mu no nkyɛn wɔ Minnesota.

Mfiase no, m’abusuafo hyɛɛ me nkuran sɛ menyɛ akwampae adwuma, nanso wɔ 1948 mu no wofii ase dwudwoe wɔ honhom fam. Ɛyɛ saa bere no na asɛm “Sɛ́ Wobɛpere Akɔ Onyin Mu Anaasɛ Wobɛsan Akɔ Bɔne Mu, Emu Nea Ɛwɔ He?” no ma minyaa honhom fam ahoɔden a mihia no. Ɛbɔɔ kɔkɔ sɛ “sɛ yɛhyɛ da sɛ yɛrenni nimdeɛ a ɛrenya nkɔanim no akyi a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ awerɛhow kɛse ɔkwan biara so.” Asɛm no kae sɛ: “Yentumi nnyina faako na yɛnnsan yɛn akyi, na mmom ɛsɛ sɛ yɛkɔ yɛn anim trenee mu. Nkɔanim a obi benya ne ade a ɛsen biara a ɛko tia akyi a ɔbɛkɔ, na ɛnyɛ faako gyina.”

Ɛwom sɛ m’abusuafo no de nsɛm afoforo yiyii wɔn ho ano de, nanso migye di sɛ na ɔhaw no ankasa ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobenya wɔn ho. Ná wotumi hu sika fam mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔde bere pii bɛyɛ kuadwuma na wɔde kakraa bi aka asɛm no. Sɛ́ anka mɛma ahonyade ho dɔ asum me afiri no, meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛyɛ akwampae adwuma. Ná minim sɛ ɛrenyɛ mmerɛw, na na misusuw mpo sɛ mintumi nyɛ. Enti wɔ 1948 mu no, mehyɛɛ da fii akwampae adwuma ase wɔ afe no mu bere a enye koraa—December mu—de sɔɔ me ho hwɛe.

Akwampae Adwuma a Mifii Ase

Yehowa hyiraa me mmɔdenbɔ so. Sɛ nhwɛso no, da koro na wim ayɛ wiriduduu ma adu -27° C., a na mframa ano nwini nka ho. Ná meredi adanse wɔ abɔnten so sɛnea meyɛ daa no a na meredannan me nsa ntɛmntɛm—na mede me nsa biako a awɔw akye no no hyɛ me kotoku mu na mede biako a aka no kura nsɛmma nhoma no kosi sɛ ɛno bɛyɛ wiridudu na mede ɛno nso ahyɛ kotoku no mu. Ɔbarima bi baa me nkyɛn. Bere a ɔkae sɛ efi bere tenten bi na wahu dwuma a midi no, obisae sɛ: “Dɛn na ɛwɔ saa nsɛmma nhoma no mu a ɛho hia saa? Fa abien no ma me na menkɔkan.”

Saa bere no, mitumi hui sɛ m’abusuafo a me ne wɔn te no de me honhom fam yiyedi reto asiane mu, enti bere a mibisaa Ɔwɛn Aban Asafo no hokwan no, wɔmaa me dwumadi foforo wɔ Miles City, Montana. Mesomee wɔ hɔ sɛ asafo somfo, a seesei wɔfrɛ no ɔhwɛfo guamtrani no. Bere a na mete ofi bi a esi lɔre so a ne tenten yɛ mita 3 na ne tɛtrɛtɛ yɛ mita 2 mu no, menam me bere fã a mede yɛɛ adwuma sɛ obi a ɔhoro ntade so hwɛɛ me ho. Wɔbɔɔ me paa bere ne bere mu maa mekɔyɛɛ adwuma a mepɛ no kɛse—nnɔbae twa.

Saa bere no, mekɔɔ so tee m’abusuafo no honhom fam tebea a na ɛresɛe no ho asɛm. Awiei koraa no, wɔne afoforo a na wɔwɔ Detroit Lakes Asafo mu no sɔre tiaa Yehowa ahyehyɛde no. Ahenni adawurubɔfo 17 a na wɔwɔ asafo no mu no, wɔn mu 7 pɛ na wɔkɔɔ so dii nokware. Ná m’abusuafo no asi wɔn bo sɛ wobɛma me nso afi Yehowa ahyehyɛde no mu, enti mihui sɛ na ade biako pɛ na metumi ayɛ, sɛ mɛkɔ m’anim. Nanso wɔ ɔkwan bɛn so?

Asɛmpatrɛw Adwuma mu a Mede Me Ho Hyɛe

Mehwɛɛ asɛmpatrɛw adesuafo a wowiee Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no adesuakuw a ɛto so 15 no adesuawiei dwumadi no wɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ New York City mu no ase wɔ 1950 mu. Minyaa adwene sɛ, ‘Oo, sɛ anka meka wɔn a wɔrekɔsom Yehowa wɔ amannɔne no ho ɛ.’

Mede m’abisade krataa kɔe, na wɔpenee me so sɛ Gilead adesuakuw a ɛto so 17 a efii ase February 1951 no muni. Ná baabi a sukuu no wɔ wɔ New York atifi fam afuw bi mu no yɛ fɛ. Hwɛ sɛnea na mepɛ sɛ meyɛ adwuma wɔ afuw no mu bere a na yɛapɔn sukuu no, ebia wɔ anantwi buw mu anaa nnɔbae mu wɔ abɔnten! Nanso John Booth a na ɔyɛ Kingdom Farm no sohwɛfo saa bere no kyerɛkyerɛ mu sɛ, me nkutoo na minim sɛnea wɔhoro ntade. Enti wɔmaa me kɔyɛɛ saa adwuma no.

Ná Gilead nyɛ mmerɛw mma obi a ɔkɔɔ sukuu mfe anum pɛ no. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ wodunnum akanea anadwo 10:30 de, nanso na metaa sua ade kosi ɔdasum. Da koro akyerɛkyerɛfo no biako frɛɛ me kɔɔ ne office. Ɔkae sɛ: “Carl, mitumi hu sɛ wommɔ mmɔden wɔ adesua mu papa.”

Mekaa no me tirim sɛ, ‘Oo, wɔrebɛma makɔ fie.’

Nanso, ɔkyerɛkyerɛfo no fi ɔdɔ mu maa me afotu bi wɔ sɛnea metumi de me bere adi dwuma yiye a merensua ade nkyɛ saa. Mede ehu bisae sɛ: “Me fata sɛ mekɔ so tra Gilead ha?”

Obuae sɛ: “Oo, yiw. Nanso minnim sɛ ebia wubetumi afata ama abasobɔ krataa a.”

Mede sukuu no titrani Nathan H. Knorr nsɛm kyekyee me werɛ. Ná wadi kan aka akyerɛ adesuafo no sɛ n’ani nnye sɔhwɛ mu mmɔdenbɔ ho te sɛ “nokwaredi” a asɛmpatrɛwfo de kɔ so tra wɔn dwumadi mu.

Adesua a na ɛyɛ me den sen biara ne Spania kasa sua, nanso na merehwɛ kwan sɛ wɔbɛma me dwumadi wɔ Alaska, baabi a awɔw a na akokwaw me wɔ fie no bi wɔ no. Afei nso, na metumi de Engiresi adi adanse wɔ hɔ. Enti wubetumi ahu sɛnea me ho dwiriw me bere a yɛn adesua no mfinimfini no, wɔmaa me dwumadi wɔ Ecuador, Amerika Kesee Fam no. Yiw, na ɛsɛ sɛ meka Spania kasa, na na ɛwɔ nkyɛmpɛ a ɛhɔ yɛ hyew kɛse no so!

Da bi FBI odwumayɛni bi bɛsraa me wɔ Gilead Sukuu mu. Obisaa m’asafo somfo no babarima a na wafi yɛn ahyehyɛde no mu wɔ Detroit Lakes no ho asɛm. Ná wɔafi Korea Ko no ase, na na saa aberante yi akyerɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo somfo ma ɛno nti wakwati sraadi. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔnyɛ Yehowa Adansefo no mu biako bio. Bere a odwumayɛni no ne me redi nkra no, ɔkae sɛ: “Wo Nyankopɔn nhyira wo wɔ w’adwumayɛ mu.”

Akyiri yi metee sɛ wokum abofra no wɔ n’akodi a edi kan no mu wɔ Korea. Hwɛ asiane a obi a anka obetumi apere akɔ onyin mu wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no kɔtɔɔ mu!

Awiei koraa no, adesuawiei da a ɛyɛ anigye no dui wɔ July 22, 1951. Nokwarem no, m’abusuafo no biara amma, nanso m’anigye wiee pɛyɛ bere a me nsa kaa m’abasobɔ krataa, esiane nkɔso a na manya nti no.

Nsakrae a Meyɛe wɔ Amannɔne Asase So

Bere a miduu baabi a merekɔyɛ adwuma pɛ na mihui sɛ ntetee a Maame de maa me no so wɔ mfaso. Aduannoa, ntade a wɔde nsa si, ne durubɛn mu nsu a na enni hɔ no anyɛ me ade foforo. Nanso na Spania kasa a mede bɛka asɛm no yɛ me ade foforo! Mede asɛm a wɔka kyerɛ a wɔatintim no Spania kasa mu dii dwuma kakra. Egyee me mfe abiɛsa ansa na meretumi ama baguam ɔkasa wɔ Spania kasa mu, na na mehwɛ nsɛm pii a m’akyerɛw no so kɛse na ɛma.

Bere a miduu Ecuador wɔ 1951 mu no, na Ahenni adawurubɔfo a ɛwɔ hɔ nnu 200. Na ɛte sɛ nea nkɔso mma ntɛmntɛm wɔ asuafoyɛ adwuma no mu wɔ mfe 25 a edi kan anaa nea ɛboro saa no mu. Ná yɛn Bible nkyerɛkyerɛ no yɛ soronko koraa wɔ Katoleksom mu atetesɛm a ennyina kyerɛw nsɛm so no ho, na ne titiriw no, Bible akwankyerɛ a ɛfa nokware a ɛsɛ sɛ obi di ma n’aware mu ɔhokafo no yɛ nea na wɔmpɛ.—Hebrifo 13:4.

Nanso, yetumi de Bible ho nhoma pii momae. Ɔsom adwuma a yɛyɛe wɔ Machala a ɛwɔ kwadu mfuw no mfinimfini pɛɛ no kyerɛkyerɛ eyi mu. Bere a me ne Nicholas Wesley kɔɔ hɔ 1956 mu no, na yɛn nkutoo na yɛyɛ Adansefo wɔ hɔ. Na yefi fie ntɛm anɔpa kɔforo anhweakar a na wɔde yi akwantempɔn saa nna no mu no. Yɛkɔ yɛn anim kakraa a, na yɛasi adi nkurɔfo no adanse asan yɛn akyi aba baabi a yɛte no.

Wɔ da pɔtee bi no, me ne Nick yɛe sɛ yɛbɛhwɛ yɛn mu nea ɔbɛma nsɛmma nhoma pii. Mekae sɛ owigyinae no na mama pii sen Nick, nanso eduu anwummere no na yɛn baanu no mu biara ama nsɛmma nhoma 114. Ɔsram biara na yegyaw yɛn nsɛmma nhoma no ɔhaha pii ma nkurɔfo a yɛma wɔn bi daa no. Mpɛn asia na memaa nsɛmma nhoma bɛboro apem ɔsram biako mu. Susuw nnipa dodow a na wobetumi asua Bible mu nokware afi saa nsɛmma nhoma no mu ho hwɛ!

Wɔ Machala no, yenyaa hokwan nso sii Ahenni Asa a edi kan a ɛyɛ asafo no ankasa dea no wɔ Ecuador. Ɛno yɛ mfe 35 a atwam ni, wɔ 1960 mu. Wɔ saa nna no mu no, na nnipa bɛyɛ 15 pɛ na wɔba yɛn nhyiam horow ase. Asafo ahorow 11 na ɛrenya nkɔso wɔ Machala nnɛ!

United States Nsrahwɛ

Wɔ 1970 mfe no awiei no, mesan kɔɔ United States kodii akwamma, na mikodii nnɔnhwerew kakra wɔ me nua Frank nkyɛn. Ɔde me traa ne kar mu kɔfaa bepɔw bi so a na yetumi fi atifi hɔ hu Red River Valley no. Ná ɛyɛ fɛ a mframa de awi a abere no redi ahim, na ɛyɛ afuw kɛse a awi no asisi ne ti ase. Ná yetumi hu Asubɔnten Sheyenne a nnua sesa so wɔ ho no wɔ akyirikyiri. Bere a me nua no fii ase kaa nsɛm a ɔtaa ka no, ɛsɛee anigye a na manya wɔ ade a ɛyɛ fɛ no ho no.

“Sɛ woanni nkwaseasɛm ankokyinkyin wɔ Amerika Kesee Fam a, anka eyi nso betumi ayɛ wo dea!”

Mitwaa n’ano ntɛm so sɛ, “Frank, ma ɛnso hɔ ara.”

Wankasa bio. Mfe kakraa bi akyi no, yare a ɛma obi fã dwudwo kum no mpofirim ma ogyaw mmoa ayɛmmea akɛse abiɛsa a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ North Dakota a ne nyinaa kɛse bɛboro hɛkta 400, ne me papa kumaa a na wabedi n’ade no afuw a ne kɛse yɛ hɛkta 260 a ɛwɔ Montana no hɔ.

Seesei m’abusuafo no nyinaa awuwu. Nanso ɛyɛ me anigye sɛ mewɔ honhom fam abusuafo, Kristofo anuanom mmarima ne mmea a wɔboro 90 wɔ Detroit Lakes, baabi a yɛn nyinaa fii ase sɛ Yehowa Adansefo mfe bi a atwam no.

Mekɔ so Nyin Honhom Mu

Yɛatwa nnɔbae kɛse wɔ mfe 15 a atwam no mu wɔ honhom fam otwa adwuma no mu wɔ Ecuador ha. Efi Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 5,000 a na yɛwɔ ha wɔ 1980 mu no, seesei yɛwɔ bɛboro 26,000. Manya nhyira a ɛne sɛ maboa saafo yi mu bɛboro ɔha ma wɔagye asubɔ.

Seesei, bere a madi mfe 80 no, meyere me ho ansa na ɔsram biara manya nnɔnhwerew 30 wɔ ɔsom adwuma no mu sen nea na meyɛ de du me botae a na ɛyɛ nnɔnhwerew 150 ho wɔ 1951 mu no. Efi 1989, bere a mihui sɛ manya ahobaa kotoku mu kokoram no, mede bere a mede da mpa so rehwehwɛ sɛ mɛte apɔw no kenkan ade. Efi saa afe no, makenkan Bible no fi ti akosi ti mpɛn 19 ne Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no mpɛn 6. Saa kwan yi so na menam kɔ so nyin honhom mu.

Yiw, manya mfuw a ɛwɔ United States no mu honam fam mfaso ahorow. Nanso sɛ mede honam fam ahonyade no toto anigye a manya wɔ honhom fam otwa no mu ho a, na esua koraa. Baa dwumadibea a ɛwɔ Ecuador ha no aka akyerɛ me sɛ mama nsɛmma nhoma bɛboro 147,000 ne nhoma 18,000 wɔ m’asɛmpatrɛw adwuma no mu. Mibu eyinom sɛ honhom mu aba a emu pii afifi dedaw; ebia afoforo nso befifi nkurɔfo komam bere a wɔkenkan Ahenni nokware ahorow yi ho asɛm no.

Biribiara nni hɔ a eye a metumi adwen ho sen sɛ me ne me honhom mu mma ne afoforo ɔpepem pii a wɔapaw sɛ wɔbɛsom yɛn Nyankopɔn Yehowa no nyinaa bɛkɔ yɛn anim akodu Onyankopɔn wiase foforo no mu. Sika rennye obi wɔ wiase bɔne yi awiei. (Mmebusɛm 11:4; Hesekiel 7:19) Nanso, yɛn honhom fam adwuma no so aba bɛkɔ so ara—sɛ yɛn mu biara kɔ so pere kɔ onyin mu a.

[Kratafa 24 mfonini]

Merebefi akwampae adwuma ase wɔ Miles City, Montana, wɔ 1949 mu

[Kratafa 24 mfonini]

Meretɔ nsu akɔ yɛn asɛmpatrɛwfo fie, 1952

[Kratafa 25 mfonini]

Mereka asɛm wɔ Machala, 1957

[Kratafa 25 mfonini]

Efi bere a meyaree wɔ 1989 mu no, makenkan Bible no fi ti akosi ti mpɛn 19

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena