Dominican Republic—Pii Da So Wɔ Hɔ a Wobetumi Ahu
SƐ́ ABERANTE no, Christopher Columbus fii po so akwantu a awiei koraa no, ɛma okohuu nsupɔw a ɛnnɛ wɔfrɛ no West Indies no ase. Wɔ December 1492 mu no, ne hyɛn titiriw, Santa Maria, kogyinaa Española supɔw, a wonim no nnɛ sɛ Hispaniola supɔw, a Haiti ne Dominican Republic na ɛbom yɛ saa supɔw no, kusuu fam mpoano hɔ. Ɛhɔ na Columbus hyehyɛɛ Europafo atrae a edi kan, abankɛse a wosii no ahopere so, na wɔtoo ne din La Navidad. Saa supɔw yi bɛyɛɛ beae a ɔtra kyinkyin nsase no so.
Columbus hui sɛ Taino Indiafo, nnipa a wɔn ho yɛ fɛ, wodi nokware, na wɔwɔ ahɔhoyɛ su na wɔte supɔw no so. Wobu akontaa sɛ na wɔn dodow bɛyɛ 100,000 na wɔwɔ hɔ saa bere no. Nanso, esiane ntuafo, a na wɔn botae titiriw ne sɛ wobenya sika no ateetee nti, nnipa a na wɔte hɔ no dodow so huanee kɛse. Wɔbɔ amanneɛ sɛ ebeduu 1570 no, na Taino Indiafo bɛyɛ 500 pɛ na wɔwɔ hɔ.
Ɛnnɛ, nnipa a wofi mmusuakuw ahorow mu na wɔn honam ani hwɛbea gu ahorow a wɔn nananom yɛ atubrafo na wɔte Dominican Republic ha. Ne saa mpo no, ɛkame ayɛ sɛ wɔwɔ Tainofo su pa, a ne titiriw no wɔwɔ adamfofa su na wɔyɛ nnipa a ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔne wɔn bɛbɔ. Eyi ne gyidi a edi mũ a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu ne obu a wɔwɔ ma Bible no, ama Yehowa Adansefo asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no anya nkɔso a ɛyɛ nwonwa wɔ asase yi so.
Ade Foforo a Wohu
Ɔwɛn Aban Asafo no asɛmpatrɛwfo Lennart ne Virginia Johnson, duu Dominican Republic wɔ katabaakofo Trujillo bere so. Anigye so no, wohui sɛ pii gyee wɔn Bible mu asɛm no ntɛm so wɔ ɔkwan pa so. Nanso, atumfoɔ no ne wɔn som ho afotufo no ani annye eyi ho. Ankyɛ na ɔtaa a ano yɛ den fii ase, na wɔsɔɔ Dominican Adansefo a wodi kan no gyidi hwɛe wɔ ɔkwan a emu yɛ den so. Ɛde besi nnɛ mpo, wɔtaa ka wɔn nokwaredi ne wɔn gyidi—de kosi owu mu—ho asɛm.
Wonim Yehowa Adansefo a mprempren wɔn dodow bɛyɛ 16,000 no yiye wɔ asase no so. Bere bi a atwam no, television dwumadibea ahorow anum a ɛwɔ ɔman no nyinaa mu no yii Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name Video no kyerɛe.a
Ɛnyɛ hu nko na eyi ama wɔahu Adansefo adwuma no wɔ nkurow akɛse mu, na mmom nkurow nketewa ne nkuraase nso. Wotuu sa titiriw bi de Ahenni no ho asɛmpa no kɔɔ mmeae a atew ne ho no.
Asɛmpa no a Wɔde Kɔmae ho Nhyira Ahorow
Adansefo mmofra a wɔwɔ ahoɔden na wɔyɛ nsi fi wɔn pɛ mu de asram abien kaa asɛm no wɔ nsasesin a ɛwɔ akyirikyiri yi mu. Wonyaa wɔn mmɔdenbɔ no so akatua pa. Adansefo baanu huu anigye soronko wɔ beae bi. Esiane sɛ na bere adu sɛ wodi Yesu wu nkae a wodi no afe biara no nti, wɔyɛɛ nhyehyɛe too nsa frɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔmmra. Nnipa hyɛɛ asa no so ma, na wɔyɛɛ nhyiam no. Bere a wowiei no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wohui sɛ nnipakuw kɛse foforo wɔ asa no adiwo hɔ retwɛn sɛ wɔbɛba mu. Enti, wɔfrɛɛ wɔn baa mu, na wotii dwumadi no mu bio. Seeseei, asafo wɔ saa beae no.
Ná ayamye ne adamfofa su a nkurɔfo no wɔ no taa ka wɔn ma wɔne wɔn abusuafo ne afoforo kyɛ Bible mu nokware a wɔresua no. Ná suani koro redi ahurusi bere a awiei koraa no ɔfatae sɛ obenya afie afie ɔsom adwuma no mu kyɛfa no. Ná ɔreyɛ ofie Bible adesua anum wɔ ne mpɔtam hɔ dedaw, nanso n’ani gyei sɛ onyaa ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse.
Bere a asasesin kɛse wɔ hɔ a Ahenni adawurubɔfo ntaa nkɔ mu kɛse no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ nkurɔfo wɔ bɔs mu ne wɔn a wɔba nkurow akɛse mu bedi gua anaa wɔbɛtɔ ade no. Sɛnea osuahu bi a ɛwɔ krataa bi a baa dwumadibea no nsa kae mu kyerɛkyerɛɛ mu no, eyi asow aba bi a ɛyɛ anigye. Ná efi mmarima baanu bi a wofi akuraa bi ase a wɔsrɛe sɛ wɔne wɔn mmmɛyɛ Bible adesua no nkyɛn. Bere a Ɔdansefo bi kɔɔ wɔn nkyɛn no, ohuu wɔn sɛ wɔyɛ “mmarima” a wɔadi mfe 10 ne 11. Nanso ɛyɛɛ dɛn na wɔtee Bible adesua ho nhyehyɛe no ho asɛm? Wiɛ, ɔbarima bi fi saa akuraa no ase baa ahenkurow no mu bedii gua. Ohyiaa Ɔdansefo bi wɔ abɔnten so a ɔmaa no kratawa na ɔkyerɛe sɛ ɔne no bɛyɛ ofie Bible adesua a ɔrentua hwee. Bere a ɔbarima no san kɔɔ n’akuraase no, ɔde kratawa no maa abeawa bi a ɔwɔ ne mpɔtam hɔ a wadi mfe 12, na ɔkaa Bible adesua ho nhyehyɛe no ho asɛm kyerɛɛ no. Abeawa no nso kɔkaa asɛm no kyerɛɛ mmarimaa baanu no a wɔkyerɛw krataa no ntɛm ara no. Wɔne mmarimaa no, abeawa no, ɔbarima no ne ne mma baanu fii Bible adesua ase.
Mmofra Tie Asɛm no Ɔkwampa So
Nokwarem no, ɛte sɛ nea mmofra a wɔtetee wɔn nokware no mu ne afoforo mfa wɔn som a wɔde ma Onyankopɔn no nni agoru. Sɛ́ nhwɛso no, wɔbɔɔ Tamar ne ne nuabea Keila asu bere a na wɔadi mfe 10, na wɔde wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa akwampae som adwuma mu bere a na wɔadi mfe 11. Ná Wendy Carolina adi mfe 12 bere a ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne, na mfe abien akyi, wɔ 1985 mu no, ofii daa akwampae adwuma ase. Ɛnnɛ, ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a ɔda so ara wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Abofra Jovanny bɔɔ asu bere a na wadi mfe 10 na ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo bere a odii mfe 11 na ɔreyɛ ofie Bible adesua anan. Bere a Rey a wadi mfe du no hui sɛ obi a ɔtɔn nhoma dedaw wɔ nhomawa bi a Yehowa Adansefo na wotintimii no, Rey srɛɛ ne maame sɛ ɔntɔ mma no. Ɔkan fi ti kosii ti. Awiei koraa no, Bible mu nhoma ahorow a ɔhwehwɛe no de no kɔɔ baa dwumadibea hɔ. Ɛnnɛ, ɔreyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma, na ne maame nso resom Onyankopɔn.
Dɛn na aboa saa mmofra yi ne mmofra foforo ma wɔakyerɛ honhom fam nneɛma a ɛsom bo ho anisɔ? Wɔ nsɛm pii mu no, awofo akwankyerɛ na edii dwuma titiriw. Ná eyi te saa wɔ Josué, a n’awofo Kristofo yɛ sukuu akyerɛkyerɛfo no fam. Bere a ɔhwɛfo kwantufo bi de nyansahyɛ bi mae sɛ awofo no mmɔ mmɔden mmoa, anyɛ yiye koraa no, wɔn mma no mu biako na ɔnyɛ bere nyinaa som adwuma no, wɔde wɔn adwene kɔɔ Josué so. Sɛ́ sukuuni a ɔbɔ mmɔden no, aban boaa Josué ma okosuaa mfiri ho ade. Bere a odii afe ne fã wɔ sukuupɔn no mu no, ogyee nsa a wɔto frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Dominican Republic no asafo ti no ɔdansi dwumadi no toom. N’awofo ani gyee yiye sɛ wɔde wɔn babarima ama Yehowa som adwuma.
“Nhwehwɛmufo” a Wofi Nsase Foforo So
Yebetumi de Yesu asɛm a ɛne sɛ “otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua” no adi dwuma ama afuw a ɛwɔ ha no. (Mateo 9:37) Ahiade kɛse ne asɛm no a wotie no yiye no aka Adansefo a wofi nsase foforo so ma wɔabenya asasesin no a wɔhwehwɛ mu na wɔanya nnɛyi akorade ankasa—wɔn a wofi komam hwehwɛ nokware no mu kyɛfa.
Adansefo mmusua a wonyaa nokware anigye sɛ wɔbɛsom wɔ Dominican Republic mmeae ahorow no fi Puerto Rico supɔw a ɛbɛn hɔ no so aba. Abusua ti biako kae sɛ: “Wo gyidi ne anidaso a wutumi da no adi kyerɛ wɔn a wotie no ma nokware no yɛ anigyesɛm ankasa!” Bere a Cecilia a ofi Sweden ne Nia a ofi United States huu ahiade a ɛwɔ ha no, wɔbɛkaa mmofra foforo pii a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no ho ma wɔyɛɛ adwuma. Wɔresom wɔ akyikyiri beae bi a wohu mmepɔw mmepɔw ne wim tebea pa wɔ hɔ no. Saara na, mmusua baanu a wofi Canada abɛka Dominican abusua bi a wofi United States aba ho wɔ mmepɔw a ɛso yɛ nwini a nnua ahyɛ so ma no so. Wɔwɔ asafo ketewa bi mu, na wotumi ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo a Yehowa Adansefo nsraa wɔn bɛyɛ mfe du ni no.
Alfredo ne Lourdes ne wɔn mma baanum fi New York Kuropɔn mu bae na wɔwɔ asafo ketewa bi a ɛwɔ nkurow a ɛdeda mpoano a wotu kwan bɛhwɛ no mu biako mu. Wɔn ani gye sɛ wonya komapafo a wɔhwehwɛ wɔn no mu kyɛfa na wɔreboa asafo no ma anyin. Roland a ɔyɛ kɔmputa ho adwuma, a ofi Austria ne ne yere, Yuta abɛtra ɔman no kesee fam a ɛhɔ wesee na ɛyɛ hyew no. Wɔanya anigye sɛ wɔahu sɛ wɔatew asafo foforo bere a wɔbae no. Wɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ mu no, anuanom mmea akwampaefo baasa ne awarefo bi a wofi California bɔɔ amanneɛ sɛ wonyaa nnipa pii a wɔpɛ Bible adesua ho na wontumi nyɛ ne nyinaa. Enti, wɔhyɛɛ anigyefo no nkuran sɛ wɔmmra nhyiam wɔ Ahenni Asa so na wɔnkyerɛw wɔn din nto hɔ na ɛyɛ a wɔne wɔn ayɛ Bible adesua akyiri yi. Yuta nuabarima Stefan resom nokwarem wɔ asafo ketewa bi a ɛwɔ Samaná kurow fɛfɛ a ɛda Dominican Republic kusuu fam apuei mpoano no mu. Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no dodow ayɛ mmɔho wɔ mfe abien pɛ mu.
Nokwarem no, ɔdɔ ne nsi a eyinom ne afoforo a wɔabɛboa ada no adi no yɛ nea ɛfata nkamfo. Wɔagye adwuma a ɛyɛ den no atom, a ɛnyɛ sɛ wɔakɔtra asase foforo a ɛsono wɔn amammerɛ ne amanne so nko, na mmom, mpɛn pii no, kasa foforo a ɛsɛ sɛ wosua na ama wɔatumi adi nnipa a wɔte sɛ nguan no honhom fam ahiade ahorow ho dwuma nso. Wɔn mmɔdenbɔ no ama ɛhɔfo no atie asɛm no.
Dominican mmusua bi agyaw asetra pa a ɛwɔ nkurow akɛse mu no akɔtra nkuraase. Wɔnam nokware akorade, wɔn a wɔhwehwɛ nokware no ankasa a wohu wɔn no so rehyira wɔn nyinaa.
Wɔn a na wɔhwehwɛ akorade wɔ afeha a ɛto so 15 mu no amfa nhyira ammrɛ Tainofo no, na mmom, nkoayɛ ne amanehunu. Columbus ankasa mpo annya wiase foforo no mu akorade ahorow no mu mfaso. Awiei koraa no, wɔkyeree no na wotuu no fii supɔw a ohui no so, na wɔsan de no kɔɔ Spain a na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu no.
Ɛnnɛ, wɔrehwehwɛ nneɛma foforo bi, na wɔrehu akorade a ɛsom bo pii. Yehowa nkurɔfo reyɛ adwuma de ahwehwɛ nkurɔfo a wɔwɔ koma pa a wotie Ahenni ho asɛmpa no. Nea efi mu aba ne sɛ, nnipakuw a wɔredɔɔso bere nyinaa renya ahofadi a Onyankopɔn Asɛm nkutoo na etumi de ba no. (Yohane 8:32) Wɔrehwɛ bere a saa asase a mmepɔw mmepɔw, asuten, mpoano ne abodan a ɛyɛ fɛ wɔ so yi renyɛ paradise supɔw ara kwa, na mmom, ɛbɛyɛ Wiase Foforo a ɛka asase mũ no nyinaa ho no fã.—2 Petro 3:13.
[Ase hɔ asɛm]
a Watch Tower Bible and Tract Society na wɔyɛe.
[Asase mfonini wɔ kratafa 24]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Dominican Republic
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]
Mmofra hu bo a honhom fam nneɛma som denam bere nyinaa ɔsom adwuma a wɔde wɔn ho hyɛ mu no so