Satan ne ne Nnwuma so Nkonim a Yebedi
“Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.”—YAKOBO 4:7.
1. Ɔkwan bɛn so na “ɔbɔnefo nsa” anya adesamma so tumi nnɛ?
HIOB kae wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ: “Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefo nsa.” (Hiob 9:24) Na seesei yehyia mmere a emu yɛ den sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu. Dɛn ntia? Efisɛ eyi yɛ di a Satan adi asase no so tumi atirimɔden so no “nna a edi akyiri.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ Satan ma ‘nnipa bɔne asisifo kɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔredaadaa wɔn.’ (2 Timoteo 3:1, 13) Afei nso, ɔtaa, atɛnkyea, atirimɔdenne, nsɛmmɔnedi, sikasɛm mu ahokyere, ɔyare a enni sabea, ɛyaw a onyin de ba, botow a yɛbotow—eyi ne afoforo pii betumi ama yɛahaw kɛse.
2. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina Satan ntua ahorow no ano nnɛ?
2 Ɔtamfo kɛse, Satan Ɔbonsam, de ntua a emu yɛ den reba adesamma so, titiriw Onyankopɔn asomfo anokwafo. Ne botae ne sɛ ɔbɛma wɔn a wobetumi akura wɔn mudi mu no nyinaa asɔre atia Onyankopɔn na ama wɔasɛe wɔne no ne n’abɔfo adaemone no. Nanso, wɔama yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yekura yɛn mudi mu a, Ɔbonsam beguan afi yɛn nkyɛn. Te sɛ Yesu no, yɛnam amane a yehu no so betumi ‘asua sɛnea yɛbɛyɛ osetie’ ama Onyankopɔn, na yɛanya daa nkwa denam Ne dom a ɛnsɛ yɛn no so.—Hebrifo 5:7, 8; Yakobo 4:7; 1 Petro 5:8-10.
3, 4. (a) Sɔhwɛ ahorow a na efi asafo no akyi bɛn na na ɛsɛ sɛ Paulo gyina ano? (b) Dɛn na na ɛho hia Paulo sɛ Kristoni panyin?
3 Wɔsɔɔ ɔsomafo Paulo nso hwɛe wɔ akwan pii so. Bere a ɔreka nneɛma a ɛma ɔfata sɛ Kristo somfo ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mekyɛn sa. Ɔbrɛ adwuma a ɛboro so mu, afiaseda a ɛboro so mu, ɔhwe a ɛtra so mu, owu amane a manya nhui mu. Yudafo nsam madi mmaa aduanan a ɛka so biako mpɛn anum. Wɔaka me mpire mprɛnsa, wɔasiw me abo prɛko, magu asu mprɛnsa, madi po bun mu adekyee ne adesae. Akwantu pii mu, asubɔnten so asiane mu, adwowtwafo asiane mu, amannifo mu asiane mu, amanaman mu asiane mu, kurow mu asiane mu, wuram asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofo mu asiane mu, adwuma ne ɔbrɛ mu, pɛsi pii mu, ɔkɔm ne sukɔm mu, mmuada pii mu, awɔw ne adagyaw mu.
4 “Nea ɛbatabata ho no nkamfuaw, nea ɛkyere me so daa ne asafo no nyinaa ho dadwen. Hena na ɔyɛ mmerɛw, na menyɛ mmerɛw bi? Hena na wɔto no hintidua, na me yam nhyehye me?” (2 Korintofo 11:23-29) Enti, Paulo kuraa ne mudi mu bere a ohyiaa ɔtaa ahorow a efi asafo no akyi no, na sɛ Kristoni panyin no, na odwen sɛnea ɔbɛhyɛ asafo no mu anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ mmerɛw no den ho, na ɔboaa wɔn ma wokuraa wɔn mudi mu. Hwɛ nhwɛso pa a eyi yɛ ma Kristofo mpanyimfo nnɛ!
Mudi Mu Kura wɔ Ɔtaa Mu
5. Dɛn ne ɔtaa a ɛba tẽẽ ano aduru?
5 Nneɛma bɛn na Satan de ma obi gyae ne mudi mu? Sɛnea yɛakyerɛ wɔ atifi hɔ no, akwammɔne a ɛsen biara a Satan fa so no mu biako ne ɔtaa a ɔde ba tẽẽ, nanso ano aduru wɔ hɔ. Efesofo 6:10, 11 tu yɛn fo sɛ: “Momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu. Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe [anaa “adɛfɛdɛfɛsɛm,” NW ase hɔ asɛm] adi asi.”
6. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ada no adi sɛ Yehowa Adansefo ‘adi nkonim aboro so’?
6 Yehowa Adansefo agyina sɔhwɛ ahorow ano mpɛn pii wɔ nna a edi akyiri yi mu. Enti, yebetumi ne Paulo aka sɛ: “Eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.” (Romafo 8:37) Edin a Yehowa Adansefo gyei sɛ mudi mu kurafo wɔ nnadeban mu wɔ Germany, Austria, Poland, ne Yugoslavia, bere a Nasifo dii tumi wɔ 1933-45 ntam, wɔ Komunistfo atirimɔden nniso ase wɔ Europa Apuei Fam wɔ 1945 ne 1989 ntam, ne ɔtaa a wɔahyia wɔ Afrika ne Latin Amerika mmeae bi nnansa yi no di eyi ho adanse.
7. Mudi mu kura ho nhwɛso bɛn na ɛho amanneɛbɔ fi Ethiopia?
7 Yehowa Adansefo a wɔwɔ Ethiopia de mudi mu kura ho nhwɛso a ɛka koma mae wɔ 1974 ne 1991 ntam. Wɔn a wɔkyeree Adansefo no mu biako a amammuisɛm adi ne ti ka kyerɛɛ onua bi a ɔda afiase sɛ: “Eye sɛ yebegyaa agyata no afi mmoa yɛmmea hɔ mmom sen sɛ yɛbɛma moasan afa mo ho adi!” Saa ataafo atirimɔdenfo yi yɛɛ Yehowa asomfo ayayade, na mfe bi akyi no, asennibea bi a wɔde asɛm kɔdan no hyɛe sɛ wonkunkum wɔn. Wɔde onua biako funu bɛkyerɛe wɔ abɔnten so na ayɛ kɔkɔbɔ. Asennibea bi a ɛnyɛ katee a wɔde kumfɔ a wobuu wɔn ho asɛm kɔdanee no yii anuanom afoforo fii afiase, na ‘nkonimdifo’ anokwafo yi mu binom nyaa “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛe wɔ Addis Ababa wɔ 1994 mfiase no dwumadi mu kyɛfa.a—Yohane 16:33; fa toto 1 Korintofo 4: 9 ho.
8. Ɔkwan bɛn so na Satan abɔ mmɔden sɛ ɔde “mmusua asetɔre” bedi dwuma?
8 Satan antumi amma saa anuanom mmarima ne mmea anokwafo no annyae wɔn mudi mu denam ntua a ɔde baa wɔn so tẽẽ no so. Enti, nnɛɛdɛe afoforo bɛn na ɔde di dwuma? Adiyisɛm 12:12 ka nna a edi akyiri yi ho asɛm sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Esiane sɛ wantumi amfa ɔtaa ahorow ansɛe Onyankopɔn nkurɔfo anokwafo nti, ɔde abufuw bɔ mmɔden sɛ ɔbɛtɔre mmusuakuw nyinaa ase, a ɛda adi sɛ adwene no ne sɛ ɔbɛsɛe Yehowa nkurɔfo aka nnipa a aka no ho. Enti wɔayɛ nea wose ɛyɛ mmusua asetɔre wɔ kan Yugoslavia mmeae bi, na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre mmusua ase wɔ Liberia, Burundi, ne Rwanda.
9. Dɛn nti na Satan nnɛɛdɛe ahorow no taa di nkogu? Fa ɛho nhwɛso ahorow ma.
9 Nanso, Satan nnɛɛdɛe no taa tew fa n’ankasa so, efisɛ amanehunu a efi Satan hɔ no ma nnipa komapafo behu sɛ wobetumi de wɔn ho ato Onyankopɔn Ahenni a Yehowa Adansefo de nnamyɛ bɔ no dawuru no nkutoo so. (Mateo 12:21) Nokwarem no, anigyefo sen yuu ba Ahenni no mu! Sɛ nhwɛso no, nnipa 1,307 kɔɔ Yesu wu Nkaedi afahyɛ no ase March 26, 1994, wɔ Bosnia ne Herzegovina a akodi ayɛ hɔ pasaa no, na wɔdɔɔso sen wɔn a wɔkɔe wɔ afe a etwaam no mu 291. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ dodow a ɛsen biara kɔe wɔ Sarajevo (414), Zenica (223), Tuzla (339), Banja Luka (255), ne nkurow afoforo mu. Nnipa dodow a ɛsen biara 8,326 kɔe wɔ Croatia a ɛbɛn hɔ no. Nsɛmmɔnedi a atwa Yehowa Adansefo a wɔwɔ saa aman no mu ho ahyia no ansiw wɔn kwan sɛ wobedi ahyɛde a ese “monka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba” no so.—1 Korintofo 11:26.
Wɔ Rwanda a Akodi Ayɛ Hɔ Pasaa No
10, 11. (a) Dɛn na asi wɔ Rwanda a wose ɛyɛ Kristofo man no? (b) Nsɛm bɛn na asɛmpatrɛwfo anokwafo aka?
10 Nnipa 4,075 kɔɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam wɔ Rwanda a Ahenni adawurubɔfo 2,080 na wɔwɔ hɔ no wɔ 1993 mu, na wɔbɔɔ 230 asu. Eyinom mu 142 bɛyɛɛ akwampaefo aboafo ntɛm ara. Ofie Bible adesua a wɔyɛ no koduu 7,665 wɔ 1994 mu—ɛda adi sɛ Satan ani annye nkɔanim no ho koraa! Ɛwom sɛ ɔman no mu nnipa dodow no ara kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo de, nanso mmusua fii ase kunkum wɔn ho. Vatican L’Osservatore Romano gye toom sɛ: “Eyi yɛ nnipa a wɔtɔree wɔn ase wɔ baabiara, na awerɛhosɛm ne sɛ Katolekfo kunkum bi.” Wobu akontaa sɛ mmarima, mmea, ne mmofra ɔpepem fã wuwui na wɔsɛee bɛyɛ ɔpepem abien afie anaasɛ wɔma woguanee. Esiane sɛ wokuraa afã biara a wonni mu wɔ basabasayɛ mu sɛ Kristofo nti, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase abom. Wokunkum yɛn nuanom mmarima ne mmea ɔhaha pii. Nanso, nnipa a wɔkɔ nhyiam wɔ asafo biako a emu adawurubɔfo yɛ 65, a wokum wɔn mu 13 no dodow duu 170 wɔ Agusut 1994 mu. Nneɛma a aman afoforo so Adansefo de bɛboaa wɔn no ka nea edii kan beduu hɔ no ho. Yɛrebɔ mpae ama wɔn a wofii mu kae no.—Romafo 12:12; 2 Tesalonikafo 3:1, 2.
11 Wɔ ahude no nyinaa mu no, asɛmpatrɛwfo baasa a wɔwɔ Rwanda no guanee. Wɔkyerɛw sɛ: “Yehu sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa gyina tebea horow a ɛte saa ara anaasɛ nea emu yɛ den sen saa ano, na yenim sɛ ne nyinaa yɛ nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri ho sɛnkyerɛnne no fã. Nanso, sɛ ɛfa obi ankasa ho a, ɛma ohu sɛnea nneɛma te ankasa yiye ne sɛnea nkwa som bo fa. Yɛanya kyerɛw nsɛm bi ho ntease afoforo, na yɛhwɛ bere a yɛrenkae kan nneɛma no bio kwan. Ansa na saa bere no bɛba no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu.”
Mmofra a Wokura Wɔn Mudi Mu
12, 13. (a) Ade a ɛkyerɛ mudi mu kura bɛn na abofra bi a ɔwɔ Afrika kusuu fam yɛe? (b) Yɛn mmofra betumi anya nkuranhyɛ afi he nnɛ?
12 Yesu kyerɛe sɛ wobetua wɔn a nokware no nti wɔn abusuafo pa wɔn no ka “mmɔho ɔha.” (Marko 10:29, 30) Eyi baam wɔ Entellia, abeawa bi a wadi mfe du a ɔwɔ Afrika kusuu fam a n’ani gyee Onyankopɔn din—Yehowa—no ho bere a ɔtee ara pɛ no fam. Ɔne Yehowa Adansefo suaa ade, na na ɔde simma 90 nantew kɔ nhyiam horow na ɔresan aba nso a saa ara, ɛwom sɛ na n’abusua a wɔsɔre tiaa no no taa to no pon mu ma ɔda abɔnten de. Bere a odii mfe 13 no, ofii ase kaa asɛm wɔ afie afie, na abusua no sɔretia no mu yɛɛ den. Da koro n’abusuafo kyekyeree ne nsa ne ne nan na wɔde no too owia a ɛbɔ denneennen mu nnɔnhwerew ason, na wohwiee nsufi guu no so wɔ bere ne bere mu. Wɔhwee no pasaa, wɔbɔɔ n’ani biako, na awiei koraa no wɔpamoo no fii ne fie. Nanso, onyaa adwuma wɔ ayaresabea bi na awiei koraa no ɔfatae sɛ ɔyarehwɛfo. Bere a odii mfe 20 no, wɔbɔɔ no asu na ɔyɛɛ akwampaefo boafo ntɛm ara. Esiane sɛ n’abusua no ani gyee ne mudi mu a okurae no ho nti, wɔama wasan aba wɔn fie, na wɔn mu baakron apene so sɛ wɔbɛyɛ ofie Bible adesua.
13 Entellia nyaa nkuranhyɛ pii fii Dwom 116 mu, titiriw nkyekyem 1-4 a wakenkan mpɛn pii no: “Medɔ [Yehowa] sɛ otie me nne ne me nkotɔsrɛ. Na wabrɛ n’aso ase ama me, enti mete ase yi, mɛbɔ ne din. Owu nhama kyekyeree me, na asaman ahohia too me, mihuu ahoguan ne awerɛhow. Na [Yehowa] din na mebɔe sɛ: O [Yehowa], gye me kra.” Yehowa bua mpaebɔ a ɛte sɛɛ!
14. Ɔkwan bɛn so na Poland Adansefo akura wɔn mudi mu wɔ ɔkwan a ɛda nsow so?
14 Satan de ɔsom mu kateeyɛ taa kanyan ɔtaa te sɛ nea ɔyɛe wɔ Yesu bere so no—nanso ɛnkosi hwee. Yɛn nuanom a wɔwɔ Poland nhwɛso no a wɔaka ho asɛm wɔ 1994 Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu no da nsow. Wɔmaa mmofra mpo daa no adi sɛ wɔyɛ mudi mu kurafo. Wɔn mu biako a ɔyɛɛ saa ne abeawa bi a na wadi mfe 15 a wɔkaa eyi kyerɛɛ no wɔ 1946 mu no: “Yɛ Katolekfo mmeamudua sɛnkyerɛnne no kɛkɛ. Anyɛ saa a yɛbɛtow wo tuo!” Esiane sɛ okuraa ne mudi mu nti, wɔtwee no kɔɔ kwae bi mu, yɛɛ no ayayade kɛse na wɔtow no tuo kum no.—Fa toto Mateo 4:9, 10 ho.
Satan Nnɛɛdɛe Afoforo
15, 16. (a) Dɛn ne Satan adaemone kwan so botae, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ako atia no? (b) Dɛn nti na ɛho nhia sɛ yɛn mmofra no hwe ase?
15 Nokwarem no, Satan botae bɔne ne sɛ “di so anaasɛ sɛe no”! Ɔwɔ akode pii a etumi sɛe nneɛma wɔ hɔ. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Paulo bɔ kɔkɔ sɛ: “Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom. Eyi nti monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.” (Efesofo 6:12, 13) Honam fam nneɛma ho akɔnnɔ, anigyede a ɛsɛe ɔbra pa ne atosɛm, nnwom a abonsansɛm wom, atipɛnfo nhyɛso wɔ sukuu, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ne asabow—eyi mu biara betumi asɛe yɛn asetra. Enti, ɔsomafo no toa so de afotu ma sɛ: “Ne nyinaa akyi no, munkura gyidi kyɛm a mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa.”—Efesofo 6:16.
16 Ɛda adi sɛ eyi ho hia titiriw nnɛ esiane nnwom bɔne a Satan rema ɛtrɛw wɔ wiase yi mu no nti. Emu bi fa Satan som ho tẽẽ. Amanneɛbɔ bi a efi San Diego Mansin (U.S.A.) temmufo dwumadibea kae sɛ: “Wɔyɛɛ kɔnsɛt bi wɔ ha na nnwontofo no maa mmofra 15,000 teɛteɛm sɛ ‘Natas’—kyerɛ sɛ, asɛmfua Satan a wɔkyerɛw san akyi.” Wɔaka Satan som ho asɛm sɛ amoa a mmofra binom hwe mu, “efisɛ wɔn nkutoo de ahoyeraw ne abufuw kyinkyin.” Ɛho nhia sɛ mo mmofra a mowɔ Kristofo asafo no mu no hwe ase! Yehowa ma mo honhom fam akode a Satan mmɛmma no ntumi nhwirow mu da.—Dwom 16:8, 9.
17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi botow a yɛbotow no so?
17 Wɔayɛ Satan mmɛmma a ɛredɛw no na ama akanyan nkate. Yɛn tamfo no nam asetra mu nhyɛso ahorow te sɛ honam fam ɔyare anaa adwenemhaw kɛse so betumi ama ebinom ate nka sɛ wɔnsɛ hwee. Ebia obi aba mu bebu esiane sɛ ontumi mfa nnɔnhwerew pii nyɛ Onyankopɔn som adwuma anaasɛ ontumi nkɔ asafo nhyiam horow no mu bi nti. Ɔdɔ a mpanyimfo ne anuanom mmarima ne mmea afoforo a wɔwɔ ayamhyehye de bɛhwɛ no no betumi aboa ma wadi adwenemhaw a emu yɛ den so. Bere nyinaa kae sɛ Yehowa dɔ n’asomfo anokwafo. (1 Yohane 4:16, 19) Dwom 55:22 ka sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”
18. Satan nnɛɛdɛe bɛn na ɛsɛ sɛ ebinom bɔ mmɔden sɛ wobegyina ano, na dɛn na ɛsɛ sɛ saafo no kae?
18 Nnansa yi Satan “nnɛɛdɛe” no ada adi wɔ ɔkwan foforo so. Wɔ aman bi so no, nnipa pii a wɔanyinyin anya adwenemhaw bi a ɛma wɔte nka koraa sɛ Satan som mu akuw bi yɛɛ wɔn ayayade bere a na wɔyɛ mmofra. Ɛhe na nsusuwii a ɛte saa no fi ba? Wiasefo abenfo adwene nhyia koraa wɔ ho wɔ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a wɔayɛ nyinaa akyi. Ebinom bu nsusuwii a ɛte saa no sɛ nsɛm a esisii ankasa a wɔkae, afoforo bu no sɛ ɛyɛ nsusuwii hunu kɛkɛ—a ayaresa a asɛm wɔ ho ma wonya—na afoforo nso susuw sɛ ɛyɛ nneɛma bi a mmofraberem adwenemhaw ma wohu wɔ wɔn ani so.
19. (a) Nsusuwii bɛn na na ɛsɛ sɛ Hiob gyina ano? (b) Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi adi Elihu nhwɛso no akyi?
19 Ɛho hia sɛ yehu sɛ na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn somfo Hiob gyina ‘dadwen’ a Satan nam Elifas ne Sofar so ma onyae no ano. (Hiob 4:13-18; 20:2, 3) Enti Hiob dii ‘awerɛhow,’ na ɛma ɔkaa nsɛm a ɛyɛ “hyerebahyereba” faa ‘ahude ahorow’ a ɛhaw n’adwene no ho. (Hiob 6:2-4; 30:15, 16) Elihu tiee Hiob komm na ofii ne komam boaa no ma ohuu Yehowa nyansa a ɛsen biara wɔ nsɛm ho. Saa ara na nnɛ, mpanyimfo a wɔda ntease adi kyerɛ sɛ wosusuw amanehunufo ho denam “nhyɛso” afoforo a wɔmfa mma saafo so no so. Mmom, te sɛ Elihu no, wɔde boasetɔ tie wɔn na afei wɔde Onyankopɔn Asɛm mu ngo a ɛma ahotɔ sra wɔn. (Hiob 33:1-3, 7; Yakobo 5:13-15) Enti obiara a adwenemhaw ankasa anaa adwenemhaw a osusuw sɛ ɔwɔ ma ɔhaw anaasɛ ‘adaeso ne anisoadehu ma ɔbɔ piriw’ te sɛ Hiob no betumi anya Kyerɛwnsɛm mu awerɛkyekye a ɛma ahotɔ afi asafo no mu.—Hiob 7:14; Yakobo 4:7.
20. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa Kristofo a wɔahaw ma wɔakɔ so agyina pintinn wɔ honhom mu?
20 Mprempren Kristoni betumi agye adi sɛ, wɔ ɔkwan bi so no, Satan na ɔma nsusuwii a ɛyɛ hu yi ba. Sɛ asafo no mufo bi hu amane saa a, hu a wohu nsusuwii a ɛyɛ hu yi sɛ ɛyɛ mmɔden a Satan bɔ tee sɛ ɔbɛma wɔahinhim wɔ honhom mu no kyerɛ sɛ wɔyɛ anyansafo. Wohia boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm mu mmoa a ntease wom. Bere a wɔn a wɔrehu amane no nam mpaebɔ so dan kɔ Yehowa nkyɛn na wonya mfaso fi honhom mu ɔhwɛ mu no, wobenya tumi a ɛboro so. (Yesaia 32:2; 2 Korintofo 4:7, 8) Wɔnam saayɛ so betumi de nokwaredi agyina mu na wɔamma nsusuwii bɔne ansɛe asafo no asomdwoe. (Yakobo 3:17, 18) Yiw, wobetumi asiw Ɔbonsam kwan ada honhom koro no ara a Yesu daa no adi bere a ɔkaa eyi no bi adi: “Fi me so, Satan!”—Mateo 4:10; Yakobo 4:7.
21. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no de kɔkɔbɔ ma wɔ Satan nnɛɛdɛe akwan ho?
21 Yenim sɛ Satan botae ne sɛ ɔbɛsɛe yɛn adwene wɔ ɔkwan bi so, sɛnea ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ wɔ 2 Korintofo 11:3 no: “Misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam kronnyɛ no ho.” Sɛe a ɔhonam nyinaa anaa adesamma abusua a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho asɛe nnɛ no ma yɛkae animguasede a Noa bere so “Abran” basabasayɛfo a wɔn bra asɛe no ma ɛkɔɔ so no. (Genesis 6:4, 12, 13; Luka 17:26) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Satan de nnɛɛdɛe ne adɛfɛdɛfɛsɛm di dwuma de da n’abufuw adi, titiriw de tia Onyankopɔn nkurɔfo.—1 Petro 5:8; Adiyisɛm 12:17.
22. Bere a Satan nhaw yɛn bio no, nhyira horow bɛn na yebetumi ahwɛ kwan?
22 Wɔmmɔ Satan din mpo wɔ Bible nhoma a ɛne Hiob no atiri a etwa to no mu. Ná Hiob mudi mu a okurae no akyerɛ sɛ Satan mpoatwa bɔne a ɛne sɛ nnipa ntumi nkura wɔn mudi mu mma Onyankopɔn no yɛ atoro. Saa ara na sɛ mudi mu kurafo “nnipakuw kɛse” no ‘fi ahohia kɛse’ no mu nnansa yi a, wɔde Satan bɛto bun mu. Mmarima ne mmea gyidifo a Hiob ka ho ne “nnipakuw kɛse” no benya paradise nhyira horow, nea ɛso sen nea wɔde tuaa Hiob ka no mpo!—Adiyisɛm 7:9- 17; 20:1-3, 11-13; Hiob 14:13.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ 1992 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 177.
Ntimu Nsemmisa
◻ Mudi mu kura ho nhwɛso pa bɛn na Hiob, Yesu, ne Paulo yɛe?
◻ Ɔkwan bɛn so na mudi mu kurafo ako atia Satan?
◻ Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi ako atia Satan nnɛɛdɛe ahorow?
◻ Dɛn na yebetumi ayɛ de agyina Satan nnɛɛdɛe ahorow ano?
[Kratafa 7 mfonini]
Wɔ Ethiopia no, seesei Meswat ne Yoalan de wɔn bere nyinaa som Yehowa de di wɔn agya a wokum no no nhwɛso akyi
[Kratafa 7 mfonini]
Entellia, abofra mudi mu kurafo a ɔwɔ Afrika kusuu fam