Wɔn a Wɔawie Gilead Adesua Ho Pere Wɔn Sɛ Wɔbɛtrɛw Asɛmpa no Mu
“ƐYƐ ADE a ɛyɛ anigye sen biara a yebetumi asusuw ho.” Saa na Anders ne Amalia Groth tee nka wɔ wɔn asɛmpatrɛw ntetee no ho. Wɔdaa nnipa 48 a wɔawie adesua wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no adesuakuw a ɛto so 97 no nyinaa nkate adi, bere a wɔkaa nea edi so yi kaa ho no: “Gilead ntetee akanyan yɛn asiesie yɛn, enti yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛkɔ mmeae a wɔama yɛn dwumadi foforo no.”
Yetumi hu saa anigye yi bere a adesuafo no ka adesuawie dwumadi no ho nsɛm no; nnipa 6,420 na wohyiaam September 4, 1994, maa adeyɛ no.
David Abel ne ne yere Kelli kae sɛ: “Theodore Jaracz a ɔyɛ Sodikuw no muni kaa asɛmti ‘Sɛnea Yehowa Kyerɛkyerɛ Yɛn’ ho asɛm de fii dwumadi no ase. Asɛm a yɛn werɛ remfi da ne bere a Onua Jaracz kae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ, sɛ wɔde yɛn toto Yehowa ho a yɛba fam,’ na ɔde asuade bi a emu yɛ den a yehu wɔ Hiob atiri 38 ne 39 yɛɛ ho mfatoho no. Onua Jaracz daa no adi sɛ, bere a yɛnam Gilead Sukuu no so ama yɛn Bible mu nimdeɛ adɔɔso no, ɛnyɛ asemmisa biara na yenim ho mmuae. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua Yehowa Asɛm no.”
Afei Christian ne Angele Coffy kae sɛ: “Ɔkasa a Max Larson mae a na n’asɛmti ne ‘Dɛn ne Fapem Pa so Mfaso?’ no hyɛɛ yɛn nkuran. Yɛn ani gyee toto a ɔde yɛn totoo ɔdan bi a ehia fapem a ɛyɛ den wɔ asase a ɛyɛ den so na atumi agyina asasewosow mpo ano pintinn no ho. Sɛ yɛde nsi sua ade a, yebetumi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den na yɛatumi de yɛn gyidi agyina nimdeɛ a emu dɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi agyina pintinn wɔ mmere a emu yɛ den mu.”
Gary ne Lynn Elfers kae sɛ: “Yɛbɛkɔ so akae ɔkasa a Milton Henschel, a ɔyɛ sukuu no titrani mae a na asɛmti no ne ‘Mfuw no Ahoa Ama Otwa’ no bere tenten. Kyerɛwsɛm titiriw a ɛne Yohane 4:35-38 no sii hokwan a yɛanya sɛ yɛrekɔ afuw bi a adwumayɛfo bi adi kan agu mu aba dedaw mu so dua. Eyi bɛkanyan yɛn ma yɛde ntɛmpɛ ayɛ adwuma.” Jan ne Sirpa Vaahtola gyee eyi toom kae sɛ: “Onua Henschel maa otwa adwuma a ɛda yɛn anim no ho akwanhwɛ no yɛɛ kɛse bere a ɔde Baltic Aman no mu amanneɛbɔ a edi akyiri koraa too gua no. Na nkɔanim a aba wɔ Estonia yɛ ɔha biara mu nkyem 51, ɔha biara mu nkyem 106 wɔ Latvia, ne ɔha biara mu nkyem 51 wɔ Lithuania. Anigyesɛm bɛn ni! Anuanom a wɔwɔ hɔ no resrɛ Owura no sɛ ɔmma adwumayɛfo pii mmra. Yɛn ani gyei titiriw sɛ yɛtee eyi, efisɛ na wɔama yɛn dwumadi wɔ Estonia!”
Kevin ne Evelyn Cortina kae sɛ: “Joel Adams maa ɔkasa a edi hɔ a na asɛmti no ne ‘Fa Wo ho To Yehowa So.’ Otuu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yesusuw da sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so mmere bi mu na ɛtɔ mmere bi a yɛde yɛn ho ato yɛn ankasa nyansa so. Yebehyia tebea ahorow a emu yɛ den pii wɔ yɛn dwumadi no mu—akwahosan, aduan, kasa, amammerɛ, ne nea ɛkeka ho. Ne nyinaa mu no, ebehia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so.”
Ɔkasafo a odii hɔ, Gerrit Lösch, a ɔyɛ Sodikuw no muni no bɛmaa asɛmti “Monkɔ So Nna Yehowa Mmɔborohunu Adi” ho ɔkasa. Alen ne Ann Marie Gokavi kae sɛ: “Ɔdaa no adi sɛ egye Kristofo ahokokwaw na ama yɛatumi ada mmɔborohunu adi akyerɛ yɛn mfɛfo asɛmpatrɛwfo ne wɔn a yɛka asɛmpa kyerɛ wɔn no. Amannɔne dwumadi hwehwɛ sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre, nanso sɛ yɛanna mmɔborohunu adi a, yɛn afɔrebɔ no so remma mfaso koraa.” (Mateo 9:13) Peter ne Fleur Hupston de kaa ho sɛ: “Onua Lösch kae sɛ ɛsɛ sɛ yehu yɛn nuanom mmarima ne mmea nso mmɔbɔ, na yɛhwɛ wɔn wɔ ahwehwɛ a ɛma biribi yɛ ketewaa mu sɛnea yɛbɛka no no, na ama yɛahu wɔn mfomso ahorow no sɛ ɛyɛ nketenkete sen sɛ yebehu no akɛse.”
Mickey ne Sherry Minsky kaee sɛ: “Jack Redford, yɛn Gilead akyerɛkyerɛfo no biako dii so bɛkaa asɛmti ‘So Wubebu Animka?’ ho asɛm. Ɔdaa no adi sɛ ahantan ma ɛyɛ den sɛ yebegye animka atom na sɛ yɛma afotu haw yɛn dodo a, yɛbɛhwere mfaso horow a ɛwom no. Afei ɔkaa nyansahyɛ ahorow bi a mfaso wɔ so a egyina Kwadwom 3:27-31 so a ɛfa animka a wogye tom ho ho asɛm.” Charles ne Joan Held de kaa ho sɛ: “Yɛntaa nhu yɛn ankasa sintɔ ahorow; enti, ɛsɛ sɛ yebu animka sɛ ɔkwan a yɛnam so hu nneɛma a na yenhu no. Animka anaa afotu a efi Yehowa hɔ no kyerɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn.”
Kenneth ne Lisbeth Ardkäll kae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo foforo, Ulysses Glass, kaa asɛmti a ɛne sɛ ‘Hwehwɛ Nyansa a Mfaso Wɔ So a Ɛkɔ Nkwa mu No’ ho asɛm. Obisae sɛ: ‘Dɛn na mode nea moasua no bɛyɛ?’ Afei ɔmaa mfatoho bi a egyina Mmebusɛm 30:24-26 so a ɛfa okukuban ketewaa ne sɛnea Yehowa ama no nneɛma a ɛbɛma watumi atra ase no ho. Nanso yɛn de, yemfi nkate mu na ehu nyansa, enti ehia sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ nyansa. Yehowa ama yɛn biribiara a yehia na ama yɛatumi ayɛ saa no. Bere tenten a yɛbɛn Yehowa ne yɛn ho yɛn ho wɔ ɔdɔ mu no, yebetumi ayɛ pii.”
Ɔkasa Titiriw
Jay ne Gwen Abraczinskas kae sɛ: “Onua Karl F. Klein, a ɔyɛ Sodikuw no muni no ne yɛn susuw Dwom 19 ho anigye so wɔ ne kasa a ɛne ‘Abohene mu Ɔbohene’ no mu. Ɔkaa anisɔ kɛse a na odwontofo Dawid wɔ ma Yehowa ne n’ani a na egye Onyankopɔn Asɛm ho no ho asɛm.” Keith ne Donna Hornback kae sɛ: “Onua Klein kyɛɛ dwom no mu afã horow abiɛsa. Ɔfã 1 (nkyekyem 1-6) kyerɛ anisɔ a Dawid wɔ ma nneɛma a Onyankopɔn bɔe, ɔfã 2 (nkyekyem 7-10) da anisɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn mmara ahorow, na ɔfã 3 (nkyekyem 11-14) kae yɛn sɛ, te sɛ Dawid no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛne Yehowa benya abusuabɔ pa.”
David ne Raylene Long kae sɛ: “Yɛn ani gyee asɛm a ɛne sɛ, sɛ yɛbɛkwati bɔne a, Yehowa suro yɛ ade a ɛho hia ho. Eyi ma yɛyɛ nea ɛho tew wɔ n’anim.” Frank ne Vibeke Madsen gye toom, na wɔkae sɛ: “Onua Klein asɛm a ɛfa mfaso a ɛwɔ Yehowa nkaesɛm, ne mmara ne n’ahyɛde ahorow ho no bɔɔ nea yesuae wɔ Gilead no mua wɔ ɔkwan a ɛfata so. Ɛno maa yesii yɛn bo kɛse sɛ yɛbɛbata Onyankopɔn Asɛm ho daakye na yɛabu no sɛ ademude adaka a abohene wom.”
Wɔ ɔkasa titiriw no akyi no, adesuafo no gyee wɔn adesua ho adansedi nkrataa, na wɔde wɔn amannɔne dwumadi ahorow no too gua. Bere a wɔsɔre kodii nnɔkɔnnɔkɔwade akyi no, wɔn nyinaa san behyiae awia bere dwumadi no ase. Adesuafo no buaa nsemmisa ahorow a wosusuw ho wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua bi a wɔbɔɔ no mua no mu.
Bob ne Shannon Lakatos kae sɛ: “Afei adesuafo no dwumadi a wɔtoo din sɛ ‘Wɔatete Wɔn Ama Wɔabɛyɛ Ahenni Adawurubɔfo wɔ Asase Nyinaa So’ no dii hɔ. Dwumadi no fã a edi kan no fa yɛn adesuafo no suahu ahorow a yenyae wɔ asɛnka adwuma mu wɔ yɛn asram anum adesua no mu ho. Ɛtwee adwene kɔɔ nsemmisa a yɛde bedi dwuma ahokokwaw so wɔ yɛn som adwuma no mu so. Nsemmisa afã bi daa akwampa a wɔfa so gyina nsɛnnennen ne tebea horow a ɛsakra wɔ asɛmpatrɛw adwuma mu ano adi. Mfonini abiɛsa a woyi kyerɛe a ɛfa Costa Rica, India, ne Malawi ho no ma yehuu Yehowa wiase nyinaa ahyehyɛde no ani so.”
Jesse ne Michelle Duncan kae sɛ: “Ɔyɛkyerɛ a edii hɔ, Yɛ Teokraseni, Ɛnyɛ Wiaseni no kyerɛkyerɛɛ nkɛntɛnso bɔne a wiasefo abusuafo binom a wɔyɛ nea wɔpɛ betumi anya.” Wenzel ne Kelly Koula de kaa ho sɛ: “Ɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo hu sɛ Teokrase akwankyerɛ yɛ nea ɛho hia na mfaso wɔ so.
Wɔde Dwom a etwa to ne mpaebɔ wiee dwumadi a ɛyɛ anigye no. Bere a adesuafo no refi hɔ a na wɔrehwɛ wɔn dwumadi a wɔde ama wɔn a wɔbɛkɔ akɔyɛ wɔ amannɔne nsase 18 so kwan no, Tommi ne Jael Kauko nsɛm a wɔde dii nkra yi daa wɔn nsusuwii adi yiye: “Yɛn ho pere yɛn kɛse sɛ yɛbɛkɔ mmeae a wɔama yɛn dwumadi wɔ hɔ no na yɛde nea yɛasua no kodi dwuma. Yɛanya nneɛma pii—seesei adu yɛn so sɛ yɛde bi bɛma.”
[Kratafa 26 mfonini]
Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 97 a Wɔawie Wɔn Adesua
Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ase hɔ din no mu.
(1) Hong, J.; Hong, D.; Groth, A.; Cortina, E.; Lakatos, S.; Hornback, D.; Acevedo, L.; Coffy, A. (2) Elfers, L.; Gokavi, A.; Ardkäll, L.; Abraczinskas, G.; Knott, K.; Lizer, T.; Abel, K.; Abel, D. (3) Duncan, M.; Gokavi, A.; Held, J.; Hupston, F.; Lakatos, B.; Long, R.; Minsky, S.; Acevedo, E. (4) Ardkäll, K.; Kauko, J.; Vaahtola, S.; Cortina, K.; Carson, N.; Minsky, M.; Lizer, G.; Koula, K. (5) Duncan, J.; Abraczinskas, J.; Vaahtola, J.; Madsen, F.; Madsen, V.; Long, D.; Carson, C.; Elfers, G. (6) Kauko, T.; Hupston, P.; Held, C.; Groth, A.; Hornback, K.; Koula, W.; Knott, D.; Coffy, C.