Kyerɛ Wo Som Kronn no ho Anisɔ
SƐ YEBETUMI adu botae biara a ɛsom bo ho a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛde nneɛma bi bɛbɔ afɔre. Egye mfe pii a wɔde sua ade, nsi ne sika na obi atumi abɛyɛ dɔkta. Obi a otumi bu fa so dannan ne ho yiye de mmofraberem fã kɛse no ara siesiee ne ho nkakrankakra wɔ adeyɛ koro a wɔyɛ no daa a ɛyɛ den kɛse mu sɛnea obetumi ayɛ a onni mfomso. Obi a onim adakabɛn bɔ yiye nso betumi abu kɔmpɔw ahwɛ mfe pii a ɔde siesiee ne ho a na adagyew nnim koraa no.
Nanso, botae biako bi wɔ hɔ a mfaso a efi mu ba no sen biribiara a ɛsɛ sɛ wɔde bɔ afɔre. Ɛne dɛn? Ɛne hokwan a obi benya de asom Yehowa Nyankopɔn, Ɔsorosoroni no. Nneɛma biara a yɛde bɛbɔ afɔre, sɛ́ ɛyɛ bere, sika, anaa ahoɔden no, hokwan a yenya de ɔsom kronn ma yɛn Bɔfo no de akatua horow a biribiara ne no nsɛ ba. Ɔsomafo Paulo nsɛm no yɛ nokware sɛ: “Onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.” (1 Timoteo 4:8) Momma yɛnhwɛ sɛnea ɛno yɛ nokware.
Bere a Yesua Onyankopɔn ho Ade Foforo
Ɛda adi sɛ nnipa pii a wotie asɛmpa no na wofi ase sua Bible no nhu baabi a wɔbɛyɛ nsakrae ahorow akodu wɔ wɔn asetra mu. Nea edi kan no, Bible suani foforo no betumi ahwere nnamfo bi a wontumi nte nea enti a ɔne wɔn nkɔ so nyɛ nneɛma bi a afei wabehu sɛ ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam no bio ase. (1 Petro 4:4) Ebinom betumi ahyia abusua mu ɔsɔretia na ebia wɔn werɛ bɛhow sɛ wobehu sɛ wɔn a wɔdɔ wɔn no mpɛ Yehowa asɛm, na wɔtan no mpo. (Mateo 10:36) Ɛno betumi ayɛ adehwere kɛse a ano gyina bɛyɛ den.
Ɔbɛhwere ade nso wɔ adwumam anaa sukuu mu. Bere kɔ so no, Bible suani foforo no begyae wiasefo apontow ne afahyɛ ahorow kɔ. Ɔrentie kasa fĩ a ne mfɛfo adwumayɛfo anaa sukuufo ka no bio, na saa ara na ɔne wɔn renyi nsɛnkwaa a ɛho ntew. Mmom no, ɔbɛbɔ mmɔden de afotu a ɛwɔ Efesofo 5:3, 4 no adi dwuma: “Aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.”
Nsakrae a ɛte saa bɛma Bible suani no abɛyɛ obi a wɔne no mmɔ fekuw. Ɛno betumi ayɛ den ama abofra bi a ɔda so kɔ sukuu titiriw. Ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra ko ma gyidi no bere nyinaa, efisɛ ɛsɛ sɛ ogyina nnapɔnna ahorow a wodi ne nkyerɛkyerɛ a etia Onyankopɔn te sɛ adannandi, nnipa dodow akyi a wobedi ho nhyɛso a ɛwɔ hɔ bere nyinaa no ano. Onyankopɔn akwan akyi a wobedi no bɛma wɔayɛ soronko, na ebia ɛbɛma wɔn sukuufo ne atikyafo adi wɔn ho fɛw. Ɛyɛ den sɛ wobegye eyi atom, titiriw bere a wɔwɔ mpanyin afe so a nkate mu yɛ den no, nanso Onyankopɔn anim dom som bo sen biribiara a wɔbɛhwere no.
So Wɔde Nneɛma Bɔ Afɔre Ankasa?
Nneɛma afoforo a ɛte sɛ nea wɔde bɔ afɔre no bɛdan nhyira. Ɛsɛ sɛ ebinom gyae tawanom. (2 Korintofo 7:1) Eyi betumi ayɛ den, nanso hwɛ nhyira a ɛyɛ bere a awiei koraa no wotumi di suban bɔne a edi awu yi so no! Saa ara na yebetumi aka wɔ nnubɔne anaa mmosa a obi de di dwuma ma ɛka ne hɔ a ogyae ho. Hwɛ sɛnea asetra yɛ anigye bere a obi mfa ne ho nhyehyɛ suban horow a asiane wom yi mu no! Ɛsɛ sɛ afoforo nso toto wɔn awaresɛm yiye. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbom tra a wɔnwaree no ware anaasɛ wɔtetew mu. (Hebrifo 13:4) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ yerenom pii no ware wɔn mmerantebere mu yere no nkutoo. (Mmebusɛm 5:18) Nsakrae a ɛtete saa gye nneɛma a wɔde bɔ afɔre, nanso ɛde asomdwoe ba fie.
Susuw Akatua no Ho
Nokwarem no, obiara a odi Yehowa mmara so nya mfaso ankasa. Nea edi kan wɔ Bible suani no asetram no, ofi ase de ne Bɔfo no din, Yehowa, no frɛ no. (Dwom 83:18) Osuani no benya Yehowa ho dɔ bere a osua nneɛma a ɛyɛ nwonwa a wayɛ ne nea ɔrebɛyɛ ama adesamma ho ade no. Wɔ aman a awufo ho suro abu so mu no, saa gyidihunu yi ho suro fi ne mu, bere a onim sɛ awufo adeda retwɛn owusɔre no. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Na hwɛ abotɔyam a ɛyɛ sɛ obehu sɛ Yehowa nyɛ nkurɔfo ayayade daa wɔ hell! Yiw, nokware no ma ɔde ne ho ampa.—Yohane 8:32.
Bere a osuani no de Yehowa gyinapɛn ahorow di dwuma kɛse wɔ n’asetram no, onya ahonim pa ne obu. Sua a obesua sɛ ɔbɛtra ase sɛ nokware Kristoni no boa no ma ɔhwɛ n’abusua yiye, na ɛno de abotɔyam ne anigye kɛse ba. Afei Ahenni Asa so nhyiam horow a ɔbɛkɔ nso wɔ hɔ. Osuahu a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Nnipa a wɔde ɔdɔ a emu yɛ hyew a Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ ɛhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo agyirae no di dwuma ankasa na wɔwɔ ha. (Dwom 133:1; Yohane 13:35) Wɔn kasa ho tew na ɛhyɛ den bere a wɔka “Onyankopɔn ade kɛse” no. (Asomafo no Nnwuma 2:11) Yiw, “anuanom” a wo ne wɔn bɛbɔ no de anigye ba. (1 Petro 2:17) Fekubɔ pa a ɛte saa no boa Bible suani no ma ‘ɔhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu’ no.—Efesofo 4:24.
Ahosohyira a Wɔyɛ
Bere a obi nya nkɔso wɔ nimdeɛ mu no, awiei koraa no, Yehowa ho dɔ kanyan no ma ohyira ne nkwa so ma no na ɔde nsu mu asubɔ yɛ saa ahosohyira yi ho sɛnkyerɛnne. (Mateo 28:19, 20) Yesu afotu ne sɛ, ɛsɛ sɛ n’asuafo no susuw ho yiye ansa na wɔatu saa anammɔn yi. (Luka 14:28) Kae sɛ, Kristoni a wahyira ne ho so de Yehowa apɛde di kan, na okyi ɔhonam mu nneɛma. Ɔbɔ mmɔden denneennen gyae “ɔhonam nnwuma” na ɔsow “honhom aba.” (Galatifo 5:19-24) Afei ɔde afotu a ɛwɔ Romafo 12:2 di dwuma kɛse wɔ n’asetram: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” Enti, Kristoni a wahyira ne ho so de atirimpɔw foforo na ɛbɔ ne bra.
Nanso, susuw nea onya no ho. Ade biako ne sɛ, afei ɔne amansan Bɔfo no benya abusuabɔ. Wobu no trenee, na ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn adamfo! (Yakobo 2:23) Ɔde ntease a emu dɔ frɛ Onyankopɔn sɛ “yɛn Agya a wowɔ soro.” (Mateo 6:9) Nhyira foforo a ɛwɔ hɔ ma obi a wahyira ne ho so foforo ne hu a ohu sɛ asetra wɔ atirimpɔw ankasa na ɔretra ase ma ɛne saa atirimpɔw no ahyia. (Ɔsɛnkafo 12:13) Bere a odi Yesu akanni akyi no, ɔnam nokware a ɔbɛkɔ so adi so betumi ama Ɔbonsam ayɛ ɔtorofo. Hwɛ sɛnea eyi ma Yehowa koma ani gye!—Mmebusɛm 27:11.
Nokwarem no, bere a Kristoni kura ne mudi mu wɔ nokwaredi mu no, ɔde nneɛma afoforo bɛbɔ afɔre. Obi ho a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn Asɛm no sua mu wɔ kokoam ne asafo no mu wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so gye bere. (Dwom 1:1-3; Hebrifo 10:25) Ɛsɛ sɛ ɔtɔ bere fi bere a ɔde yɛ nneɛma afoforo mu de yɛ asɛnka adwuma no. (Efesofo 5:16) Egye bere ne mmɔdenbɔ nso na obi atumi akɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow na watumi atutu akwan akɔ wɔn nhyiam nketewa ne akɛse. Ebia ebegye ho a wɔde bɔ afɔre na watumi atua Ahenni Asa ne wiase nyinaa asɛnka adwuma no ho ka bi. Nanso, sɛnea Kristofo ɔpepem pii betumi adi adanse no, koma nyinaa mu a wofi nya nneɛma a ɛtete saa mu kyɛfa no de anigye ba. Yesu kae sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.
Akatua a efi Yehowa adwuma a wɔboa mu ba no so koraa sen biribiara a wɔhwere. Bere a yenya ahokokwaw pii no, yɛn som bɛyɛ nea ɛsow aba na anigye wom. Nokwarem no, biribiara nni hɔ a ebetumi ama yɛanya abotɔyam kɛse sen sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ onipa foforo Bible mu nokware, na yebehu sɛ onipa no de ne ho hyɛ Yehowa som mu. Na sɛ ɔsomfo foforo no yɛ obusuani te sɛ ebia abofra bi a wɔatete no wɔ “[Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu” a, ɛno de anigye soronko ba. (Efesofo 6:4) Yehu Onyankopɔn nhyira kɛse wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ ‘n’adwumayɛboafo’ no so.—1 Korintofo 3:9.
Nokware Som so Akatua Afoforo
Ampa, bere dodow a nneɛma nhyehyɛe yi da so wɔ hɔ no, yebehyia ɔhaw ahorow. Ɛda adi sɛ, bere a Ɔbonsam bere kɔ so yɛ tiaa no, ɔhaw ahorow no mu bɛkɔ so ayɛ den. Ebia yebehyia ɔtaa anaa sɔhwɛ. Nanso nim a yenim sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho no kyekye yɛn werɛ, na ɛhyɛ yɛn den ma yetumi gyina yɛn mudi mu. (1 Korintofo 10:13; 2 Timoteo 3:12) Mfɛfo Kristofo bi de mfe pii agyina atirimɔdensɛm ano, nanso Onyankopɔn ho dɔ a wɔwɔ nti wonnyae wɔn mudi mu. Wɔn a wodi nkonim wɔ ɔtaa ahorow mu te nka te sɛ asomafo no bere a wɔhwee wɔn na wogyaee wɔn no. Asomafo no Nnwuma 5:41 ka sɛ: “Ɛnna wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.”
Mprempren mpo boasetɔ so akatua a wonya sen ade biara a wɔhwere. Nanso kae sɛ, ɛnyɛ “nkwa a ɛwɔ hɔ yi” mu nko na onyamesom pa “ho wɔ mfaso,” na mmom “nea ɛrebɛba” no mu nso. (1 Timoteo 4:8) Anidaso kɛse bɛn ara na ɛwɔ hɔ ma obi a ogyina ne mudi mu sɛɛ yi! Sɛ wudi nokware a, wubetwa ahohiahia kɛse a ɛde nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei no. Anaasɛ sɛ wuwu ansa na da titiriw no aba a, wobenyan wo akɔ wiase foforo a ebedi akyi aba no mu. (Daniel 12:1; Yohane 11:23-25) Susuw ahosan nka a wobɛte saa bere no ho, bere a wubetumi aka sɛ: “Ɛdenam Yehowa mmoa so no, madi nkonim!” Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ wubenya saa asase a “Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ so ma sɛnea nsu kata po so” no mu kyɛfa.—Yesaia 11:9, NW.
Yiw, egye adehwere bi ansa na obi atumi asom Onyankopɔn. Nanso sɛ wɔde toto akatua a efi mu ba no ho a, nea wɔhwere no sua koraa. (Filipifo 3:7, 8) Esiane nneɛma a Onyankopɔn yɛ ma n’asomfo mprempren ne nea ɔbɛyɛ ama wɔn daakye nyinaa nti, yetĩ odwontofo no nsɛm mu ka sɛ: “Dɛn na mede mɛhyɛ [Yehowa] anan mu, ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho?”—Dwom 116:12.