Te Sɛ Mmebɛw Pɛpɛɛpɛ
SO WOAPASE sare so wɔ ahohuru bere mu ma woahu sɛ mmebɛw pii tutu wɔ w’anim pɛn? Ná ɛte sɛ nea wɔwɔ baabiara, ɛwom sɛ woamfa w’adwene ankɔ wɔn so kɛse biara de. Ɛte sɛ nea wɔn ho nyɛ hu na wɔnsom bo.
Nanso, sɛnea mmebɛw ba fam koraa no ma wɔfata sɛ wɔde wɔn gyina hɔ ma adesamma. Ɛwom sɛ nnipa atitiriw bi bebu wɔn ho sɛ wɔn ho hia kɛse de, nanso yɛn Bɔfo no nsusuw saa. Ne diyifo Yesaia kae sɛ: “Ɔno na ɔte asase kontonkron so, na ɛsotefo te sɛ [mmebɛw].”—Yesaia 40:22.
Yehowa kɛseyɛ, ne tumi, ne ne nyansa ma ɔkorɔn sen nnipa koraa, sɛnea onipa korɔn sen abebɛw koraa wɔ nyansa ne tumi mu no. Nanso, Onyankopɔn su kɛse ne ɔdɔ. Na ne dɔ a enni ano no kanyan no ma odwen yɛn ho, boa yɛn, no ogye yɛn—sɛ yɛdɔ no na yetie no a. Yehowa ne yɛn di wɔ ɔdɔ mu, ɛwom sɛ yɛte sɛ mmebɛw a wɔba Fam de. Odwontofo no kae sɛ: “Hena na ɔte sɛ [Yehowa] yɛn Nyankopɔn a ne trabea wɔ soro, na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase so? Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu.”—Dwom 113:5-7.
Sɛnea saa dwom yi kyerɛkyerɛ mu mo, Yehowa fi ɔdɔ mu boa ɔbrɛfo. Yiw, Ɔboa wɔn a wɔde ahobrɛase ‘hwehwɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔbehu no ampa’ no. (Asomafo no Nnwuma 17:27) Wɔn a wotumi hu Nyankopɔn—na wɔsom no—no bɛsom bo wɔ N’ani so mpo. (Fo toto Yesaia 43:4, 10 ho.) Enti abebɛw a ɔba fam no kae yɛn sɛnea yɛn ankasa yɛba fam ne ɔdɔ a yɛn Bɔfo, ade nyimaa so tumfoɔ no, a ɔma nnipa a wɔyɛ osetie bɛyɛ ne nnamfo na ɔdom wɔn no wɔ no. So worekyerɛ Onyankopɔn dɔ no ho anisɔ?