Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 9/15 kr. 31
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Wo “Nkwagye Anidaso” Mu Nyɛ Den!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • So Wobɛkyerɛ Yesu Dɔ No Ho Anisɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nkwagye Da No Ni!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Kristofo ne Adesamma Wiase No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 9/15 kr. 31

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Wɔ Romafo 9:3 no, ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Anka mepɛ sɛ woyi me ara fi Kristo ho yɛ abusude ma me nuanom a ɔhonam fam wɔyɛ m’abusuafo.” So na ɔkyerɛ sɛ ɔbɛpɛ sɛ anka ɔde ne nkwa bɔ afɔre ma mfɛfo Yudafo?

Yesu yɛɛ ɔdɔ ho nhwɛso a ɛkorɔn. Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne kra, anaa ne nkwa bɛto hɔ ama adesamma a wɔyɛ abɔnefo. Wɔ ne som adwuma mu no, otuu ne ho maa ne man mufo​—Yudafo​—sɛnea ɛbɛyɛ a dodow biara a ɛbɛyɛ yiye bɛka wɔn a wobenya n’agyede afɔrebɔ no mu mfaso no ho. (Marko 6:30-34) Nkwagye ho nkrasɛm a Yudafo no antie na wɔsɔre tiae no ammrɛ sɛnea Yesu fi ɔdɔ mu dwen wɔn ho no ase. (Mateo 23:37) Na ‘ogyaw yɛn nhwɛso sɛ yenni m’anammɔn akyi.’​—1 Petro 2:21.

So nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi adi ɔdɔ ho nhwɛso a Yesu yɛe no akyi? Yiw, na yetumi hu eyi ho nhwɛso wɔ ɔsomafo Paulo ho. Na odwen mfɛfo Yudafo ho araa ma ofi ɔdɔ a ɔwɔ ma wɔn mu kae sɛ na anka ɔpɛ sɛ ‘woyi ɔno ara fi Kristo ho yɛ abusude’ ma wɔn.

Ɛhɔ no Paulo de ntotohosɛm, anaa nsɛm a wɔka gugu mu dii dwuma de kaa n’asɛm no. Yesu de nsɛm a wɔka gugu mu a ɛte saa ara dii dwuma wɔ Mateo 5:18, [New World Translation] bere a ɔkaa eyi no: “Ɔsoro ne asase betwam ntɛm asen sɛ Mmara no mu nkyerɛwde ketewaa biako anaa nsensanee biako mpo befi mu atɔ wɔ ɔkwan biara so a ne nyinaa mma mu,” Ná Yesu nim sɛ ɔsoro ne asase rentwam. Saa ara na na Paulo remmɛyɛ abusude, anaa Yudafo nyinaa mmegye Kristosom ntom. Nanso na nea Paulo kyerɛ ne sɛ anka ɔbɛyɛ biribiara a obetumi de aboa Yudafo no ma wɔanya Onyankopɔn nkwagye kwan a ɛnam Yesu Kristo so no mu mfaso. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo no tumi hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no”!​—1 Korintofo 11:1.

Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo dwen nkurɔfo ho sɛnea na Yesu ne Paulo dwen wɔn a wɔnyɛ gyidifo ho no ara pɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛma anigye a nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asɛnka asasesin mu nkyerɛ anaa sɛnea wɔsɔre tia pefee no ma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko ne nsi a yɛde boa wɔn sɛnea ɛbɛma wɔahu nkwagye kwan no brɛ ase da.​—Mateo 22:39.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena