Boasetɔ a Wɔde Ka Asɛm Nsukyenee ne Ogya Asase So
ICELAND wɔ Atlantik Kusuu Fam wɔ Amerika Kusuu Fam ne Europa ntam. Ɛwom sɛ ɛwɔ Arctic Circle no ase pɛɛ de, nanso ɛhɔ nyɛ nwini pii sɛnea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan no, efisɛ Gulf Mframa no de ɔhyew ba. Wɔafrɛ Iceland sɛ nsukyenee ne ogya asase, efisɛ nsukyenee wɔ hɔ sen Europa baabiara na ɛhɔ nso yɛ wiase mmeae a ogya mmepɔw pae wɔ hɔ sen biara no mu biako. Wonim ɛhɔ mmasu pii a ɛyɛ hyew ne mmeae a ogya mmepɔw pae wɔ hɔ a ɛde huhuw a ɛyɛ hyew ne sufre mframa ba no yiye.
Nnipa 260,000 a wɔte Europa supɔw a ɛto so abien a ɛso sen biara yi so no ase fi Vikingfo, a wɔbɛtraa hɔ bɛboro mfe 1,100 a atwam ni no mu. Ɛkame ayɛ sɛ Icelandik kasa ne Old Norse, Vikingfo bere so Scandinavia kasa no yɛ ade koro. Ɛkame ayɛ sɛ ɛnsakrae, efisɛ na Icelandfo taa kenkan wɔn tete abakɔsɛm, a wɔkyerɛw dodow no ara wɔ afeha a ɛto so 13 mu no.
Eduu afeha a ɛto so 16 mu no, wofii ase kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Icelandik kasa mu. Wonyaa “Apam Foforo” no wɔ 1540 mu, ne Bible mũ no wɔ 1584 mu. Ɛhɔfo ɔha biara mu nkyem 90 kɔ Evangelical Lutheran Church, a ɛne ɔsom a Ɔman agye atom. Ɛwom sɛ ɛkame ayɛ sɛ Bible no wɔ fie biara mu de, nanso nnipa kakraa bi na wogye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Icelandfo dodow no ara wɔ nyamesom ho adwene a ɛyɛ fakaa, na mpɛn pii no, ankorankoro biara wɔ ne ntease.
Asɛmpa No Du Iceland
Ná Icelandfo a wodii kan tee Ahenni no ho asɛmpa no te Canada. Wɔn mu biako ne Georg Fjlnir LindaI. Ná n’awofo fi Iceland, na na ɔte Icelandik kasa. Ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn akyi bere tiaa bi no, ɔbɛyɛɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Bere a na wadi mfe 40 wɔ 1929 mu no, ɔkɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ saa nsukyenee ne ogya asase so no. Hwɛ adwuma kɛse ara a na ɛyɛ ma onipa biako! Efi Iceland kusuu fam kosi kesee fam yɛ bɛyɛ kilomita 320, na efi apuei fam kosi atɔe fam yɛ bɛyɛ kilomita 500. Ɛhɔ mpoano tenten, a ɛpofaka ne taka ahorow ka ho no yɛ bɛyɛ kilomita 6,400. Saa bere no ná kar akwan ankasa biara nni hɔ, na na ɛkame ayɛ sɛ kar anaa akwantu nhyehyɛe ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ yi biara nni hɔ. Nanso onua Lindal de mfe du yɛɛ adwuma wɔ nsupɔw no so nyinaa, na ɔmaa nhoma mpempem pii. Ná ahyɛma na ɔde tu kwan wɔ mpoano, na sɛ ɔkɔ mfuw a ɛwɔ ɔman no mfinimfini no mu a, ɔde apɔnko abien na ɛkɔ, ɔtena biako so, na ɔde ne nhoma ne ne nneɛma agu biako so.
Wɔ bɛyɛ mfe 18 mu no, na Onua Lindal nkutoo ne Ɔdansefo a ɔwɔ IceIand. Ɛmfa ho sɛ ɔyɛɛ adwumaden no, obiara annyina Ahenni no afã ma wanhu saa bere no. Bere tenten a ɔyɛɛ ankonam no baa awiei wɔ March 25, 1947 mu, bere a wɔn a wodii kan wiee Ɔwɛn Aban Gilead BibIe Sukuu no baa hɔ no. Wubetumi ahu anigye a onyae bere a awiei koraa no Yehowa tiee mpae a ɔbɔ de srɛɛ otwa adwumayɛfo pii no. (Mateo 9:37, 38) Onua Lindal toaa ne som adwuma no so wɔ Iceland kosii sɛ ɔsan kɔɔ Canada wɔ 1953 mu.
Adwumayɛfo Pii Bɛyɛ Otwa Adwuma No
Asɛmpatrɛwfo a wɔbaa hɔ 1947 no yɛ anuanom Denmarkfo baanu. Asɛmpatrɛwfo afoforo bae mfe abien akyi. Bere a wɔkɔɔ so ne wɔn nnamfo binom a wotu baa Iceland boom yɛɛ asɛnka adwuma no, wɔkyekyɛɛ nhoma mpempem pii. Icelandfo mu dodow no ara pɛ akenkan, nanso wɔn mu kakraa bi pɛ na wogyee asɛmpa no so. Bere a anuanom a wɔwɔ boasetɔ no de mfe 27 duaa aba na woguguu so nsu no, wɔn mmɔdenbɔ no fii ase sow aba. Wɔ 1956 mu no, afoforo baason gyinaa Ahenni no afã hyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa.
Wɔ mfe du a atwam ni mu no, Ahenni adawurubɔfo dodow abu abɔ ho. Mprempren, asafo ason ne kuw a atew ne ho biako a asɛmpa no adawurubɔfo 280 wom na ɛwɔ hɔ. Momma yɛnkɔ nsupɔw no so nkɔsrasra asafo ahorow yi.
Ahenkurow no Mu
Anuanom mmarima ne mmea a wonyaa boasetɔ wɔ mfe pii no nyinaa mu no anya nhyira kɛse. Mprempren, asafo abien a ɛrenya nkɔso na ɛwɔ Reykjavík, ahenkurow no mu. Wohyiam wɔ Ahenni Asa fɛfɛ bi a ɛwɔ baa dwumadibea a wohyiraa so 1975 hɔ no so.
Ná Friðrik ne Ada ka nnipa baason a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ 1956 mu no ho. Friðrik se: “Mekae sɛ na yɛyɛ yɛn nhyiam horow wɔ ɔdan ketewa bi mu wɔ abansoro a na asɛmpatrɛwfo no te so no so. Ná nkongua 12 na etumi kɔ hɔ, nanso ɛtɔ mmere bi na sɛ yɛn dodow boro nnipa a yɛkɔ hɔ daa no so a, yebue ɔdan ketewa a ɛtoa so no pon. Hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko nnɛ, sɛ́ asafo abien tumi yɛ Ahenni Asa no so ma!”
Bere a wɔyɛɛ ɔmansin nhyiam a edi kan no, Friðrik na ɔhwɛɛ Dwumadibea a Ɛhwɛ Aduannoa ho Nsɛm So no so. “M’ankasa meyɛɛ adwuma no fã kɛse, na bere koro no ara no, na ɛnyɛ nwonwa sɛ menya ɔfã abiɛsa anaa anan wɔ nhyiam dwumadi no mu da biara. Ná mebɔ nkatanim bere a mereyɛ adwuma wɔ mukaase no. Sɛ bere so sɛ merekɔma ɔkasa a, mehyɛ me nguguso no ka me ho kɔ asa no so. Mpɛn pii no na ɛsɛ sɛ anuanom no kae me sɛ minnyi nkatanim no. Mprempren, nnipa fi 400 kosi 500 na wɔba ɔmansin nhyiam horow no, a mpanyimfo a wɔn ho akokwaw a wonya dwumadi no mu kyɛfa ka ho. Bebree nso fi wɔn pɛ mu boa wɔ Dwumadibea a Ɛhwɛ Aduannoa ho Nsɛm So hɔ.”
Asafo a ɛbɛn Reykjavík kɛse ne Keflavík, a ɛwɔ apuei fam bɛyɛ kilomita 50 no. Kar de yɛn fa nsase a mmepɔw anan agu so ntam. Mmepɔw a anan akata Iceland asase ɔha biara mu nkyem du so. Afifide a edi kan nyin wɔ nsase yi so ne afifide nketewa ne apopobibiri, nanso wɔ nsase a mmepɔw anan agu so dedaw so no, wubehu ɔsana atenten ne nterensu nketewa.
Asafo a ɛwɔ Keflavík no wɔ adawurubɔfo 19, na wɔtee wɔ 1965 mu. Amanaman wimhyɛn gyinabea kɛse no bɛn hɔ, na U.S. asraafo dwumadibea biako nso wɔ hɔ. Ɛwom sɛ Adansefo no ntumi nyɛɛ afie afie asɛnka adwuma da wɔ dwumadibea hɔ ankasa de, nanso wɔayɛ Bible adesua pii wɔ hɔ, na nnipa dodow bi asua nokware no.
Asafo foforo wɔ Selfoss a ɛyɛ kilomita 55 wɔ Reykjavík apuei fam. Yebehu nsase a wɔyɛn anantwi ne nguan, a Iceland nufusu adwumayɛbea a ɛso sen biara no ka ho, wɔ ha. Yɛrekɔ a yebetwam wɔ Hveragerði, kurow ketewa bi a ɛwɔ bon fɛfɛ bi mu. Bere a yegyina akyiri baabi no, yebehu huhuw a efi mmasu a ɛyɛ hyew mu ba no wɔ bon no nyinaa mu. Ɛhɔ yɛ mmeae a ɛhɔ yɛ hyew a ɛso sen biara wɔ ɔman no mu no biako, na wɔasisi ahwehwɛ adan pii na ama wɔde abɔde mu nneɛma yi adi dwuma de adua tomato, kukumba, ne nhwiren a egu ahorow.
Asafo bi a esua nanso Ahenni adawurubɔfo 19 a wɔyɛ nnam wom wɔ saa beae no. Sigurður ne Guðrn Svava tu fii Reykjavík kɔboaa saa kuw ketewa yi bere a wɔtee asafo no foforo no wɔ 1988 mu. Sigurður nkutoo ne ɔpanyin a ɔwɔ hɔ. Ansa na ɔrebɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako bɛyɛ mfe du a atwam ni no, na ɔyɛ odwontofo a wagye din yiye, na na ɔbɔ nnwontofo kuw ahorow nkyene. Ɛnnɛ, adwuma a ɔyɛ de hwɛ ne ho ne sɛ ɔpopa mfɛnsere ho, na ɔkyerɛ nnwom nso. N’asetra kwan sɛ́ obi a ogyee afoforo ani no maa ohyiaa nsɛnnennen pii, te sɛ nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, asãnom ntraso, ne n’aware a egui. Hwɛ sɛnea ne koma atɔ ne yam mprempren, bere a ɔwɔ asetra mu atirimpɔw wɔ Yehowa a ɔresom no mu no!
Yɛnkɔ Apuei Fam Awiei
Sɛ yefi Selfoss a, yɛde kar betwa kilomita 680, a mpɛn pii no yɛnam mfutukwan a ɛso asɛe so. Yɛde yɛn ani kyerɛ asafo a edi bɔ no wɔ Reyðarfjrður a ɛwɔ apuei fam mpoano hɔ. Ebedi simma aduasa no, na yehu Hekla, Iceland ogya bepɔw a agye din sen biara no. Apae mpɛn anan wɔ afeha yi mu.
Wɔ 1973 mu no ogya bepɔw bi paee denneennen wɔ Vestmannaeyjar (Westmann Nsupɔw) no so. Nnɔnhwerew kakraa bi akyi no, wɔde nnipa bɛyɛ 5,300 a wɔtete hɔ no nyinaa kɔɔ asasetam no so dwoodwoo. Bere a wɔsan siesiee kurow no akyi no, ɛhɔfo no pii san bɛtraa hɔ nkakrankakra. Mprempren Adansefo baanu te hɔ a wɔka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔwɔ saa kurow ketewa yi mu no. Sɛ yɛde kar toa so nnɔnhwerew abien bio a, yebehu Vatnajkull, Iceland nsukyenee kɛse fɛfɛ a ɛso sen biara, a ne kɛse yɛ bɛyɛ kilomita 8,300 no. Wɔ ɔkwan no so no, yebetwam wɔ nsuten ne nsubɔnten a ɛyɛ fɛ pii ho.
Bere a yɛadi bɛyɛ nnɔnhwerew du wɔ ɔkwan so no, yebedu baabi a yɛrekɔ. Wɔ Reyðarfjrður no yebehyia adawurubɔfo 12 a wɔwɔ asafo a ɛyɛ foforo koraa wɔ Iceland no mu. Ná Adansefo biara nte ha kosii sɛ asɛmpatrɛwfo baa ha wɔ 1988 awiei. Wɔde ahyɛ Kjell ne Iiris, asɛmpatrɛwfo awarefo a wofi Sweden, a wɔasom wɔ Iceland fi 1963 nsa sɛ wɔnyɛ adwuma wɔ akuraa yi ase nnipa 15,000 no mu. Nnipa pii tete nkurow nketewa a woyi apataa wɔ hɔ, a ɛwɔ mpoano, na ne tenten yɛ bɛyɛ kilomita 500 no mu.
Kjell ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ahyira Ahenni adwuma no kɛse wɔ Iceland fã ha. Wɔ January 1, 1993 no, yɛtee asafo wɔ ha, na yɛne nkurɔfo reyɛ Bible adesua a etu mpɔn pii ma wɔrenya nkɔanim kɛse. Ɛwom sɛ ɔkwan a yɛfa so tu kwan no asakra fi bere a Onua Lindal de pɔnkɔ tuu kwan no de, nanso ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ yɛde kar te sɛ jeep a ne nan anan no nyinaa twa wɔn ho mpo bɛfa bepɔw ntam akwan hihiaa a nsukyenee wɔ so wɔ awɔw bere a ade sa ntɛmntɛm no so. Bere bi, ɛwatiriw fii nsukyenee kwan bi so, na ebu faa so mprenu anaa mprɛnsa wɔ baabi a ɛhɔ siane bi. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yefii mu fii a yɛampirapira!”
Iiris a wadi mfe 30 wɔ Iceland no se: “Wɔ mfe pii no mu no, nnipa pii fi aman afoforo so abɛboa. Ɛwom sɛ nneɛma ahorow bi nti ebehiae sɛ dodow no ara kɔ de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ wɔanya aba dua ne ɛso gugu adwuma no mu kyɛfa kɛse. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛatumi atra ha, efisɛ mprempren yɛanya hokwan ahu otwa a ɛreba no. Yehowa rema n’adwuma no ayɛ ntɛm wɔ ha nso.”
Nkɔso a aba no pii fi afoforo a wodi wɔn mfɛfo adwumayɛfo adanse. Atli suaa nokware no fii asɛmpatrɛwfo no hɔ na ofii ase kaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo a wɔwɔ ɔdansi adwumayɛbea a na ɔyɛ adwuma no. Mprempren, ne mfɛfo adwumayɛfo baanu renya asɛnka adwuma no mu kyɛfa, na wɔbɔɔ obiako ne ne yere asu wɔ November 1992 mu. Ne yɔnko dwumayeni a ɔto so abiɛsa ne Adansefo no resua Bible.
Yɛmfa Kusuu Fam Kwan No So
Yefi Reyðarfjrðura, yɛde yɛn ani bɛkyerɛ atɔe. Efi hɔ kɔ asafo a edi hɔ a ɛwɔ Akureyri kurow mu no yɛ kilomita 300. Wɔde hyɛɛ bere nyinaa asɛnkafo atitiriw nsa sɛ wɔnyɛ adwuma wɔ hɔ wɔ 1950 mfe no mu. Asɔfo sɔre tiaa adwuma no denneennen fi ne mfiase pɛɛ. Wɔkyerɛw nsɛm baa ɛhɔ atesɛm krataa no mu de bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ Yehowa Adansefo ho. Ná kurow no mufo pii nso de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu. Nanso ɛdenam akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo ahorow no boasetɔ ne abotare so no, ɛnnɛ, asafo a Ahenni adawurubɔfo 35 a wɔyɛ nnam na wɔwɔ ɔdɔ wom wɔ hɔ.
Ná Friðrik, a ɔyɛ ɛha mpanyimfo no biako no yɛ ɔpofoni. Bere a ɔkɔɔ ɔmantam nhyiam wɔ 1982 akyi no, ogye dii sɛ nea ɔresua no ne nokware no. Ɔsan kɔɔ Akureyri, a na wasi ne bo sɛ obedi n’abusuafo, ne nnamfo, ne ne mfɛfo adwumayɛfo adanse. Friðrik yɛɛ nhyehyɛe sɛ obegyae n’apataayi adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ na wanya bere pii ne asafo no abɔ. Ɔka kyerɛɛ ne mpena Helga sɛ wontumi nkɔ so mmom ntra nkosi sɛ wɔbɛware esiane sɛ ɔrebɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako nti. Ná Fririk pɛ nso sɛ ɔbea no sua Bible no, efisɛ na ɔmpɛ sɛ ‘ɔware nea onnye nni.’ (1 Korintofo 7:39) Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ Helga fii ase suaa Bible no. Wɔwaree wɔ February 1983 mu na ɛno akyi bere tiaa no, wɔbɔɔ wɔn asu. Akyiri yi, Friðrik maame ne ne nuabea nso gyee nokware no.
Beae a etwa to a yɛbɛkɔ ne Akranes, a efi Akureyri rekɔ hɔ yɛ kilomita 350, a ɛwɔ mmepɔw abiɛsa so, na abon fɛfɛ pii wɔ hɔ no. Wɔagu hɔ kwan no so, ma enti yɛde kar fa hɔ a yɛremmrɛ te sɛ mfutukwan pii a ɛso nyɛ a yɛatwa no. Akranes na Iceland asafo a esua koraa no wɔ—wɔwɔ adawurubɔfo baanum, a wɔn mu baanu som sɛ mpanyimfo. Wɔyɛ mmusua abien a wogyee Makedonia ɔfrɛ no so, wofii Reykjavík asafo akɛse no biako mu, na wɔbɛtraa saa kurow ketewa yi mu som wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. (Asomafo no Nnwuma 16:9, 10) Wɔde abotare aka asɛmpa no wɔ saa asasesin no mu bɛboro mfe abien ni, a wɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛma nneɛma anyin.—1 Korintofo 3:6.
Nkɔanim ho Anidaso Kɛse Wɔ Hɔ
Ɛdenam adan a wodua mu nnɔbae a asase mu hyew na ɛma enya ɔhyew, na enya hann fi akanea a nnipa ayɛ mu so no, Iceland akuafo atumi adua nnuaba ahorow ahorow, nnuadewa, ne nnɔbae afoforo. Saa ara na Adansefo no, a wɔwɔ honhom mu nokware, nsɛm a efi ɔdɔ mu a etumi ma wogye di, ne nhyira a efi Yehowa honhom mu no, renya mfaso a ɛyɛ anigye wɔ Iceland asasesin no mu.
Afe yi, nnipa 542 na wɔkɔɔ Yesu wu Nkaedi no ase, na mprempren wɔreyɛ Bible adesua bɛyɛ 200. Afei nso, sɛnea wɔagye nkuranhyɛ a ɛse wɔnkɔsom wɔ nsasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa no so no ma yɛn ahotoso sɛ nnipa a wɔte sɛ nguan a wɔwɔ supɔw kɛse yi so no bɛte Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo nne. (Yohane 10:14-16) Hwɛ anigye ara a saa Ahenni adawurubɔfo yi a wɔde abotare ne boasetɔ kɛse aka asɛmpa wɔ nsukyenee ne ogya asase no so mfe 64 a atwam ni no anya!
[Asase mfonini wɔ kratafa 24]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Akureyri
Akranes
Keflavík
Selfoss
Vestmannaeyjar
Reyðarfjörður
Hekla
Geysir
VATNAJÖKULL
REYKJAVÍK
[Mfonini Fibea]
Based on map by Jean-Pierre Biard