Awurade Nsɛm no Som Bo Maa Papias
“MENE . . . wɔn a wɔka nsɛm pii ammɔ, na mmom me ne wɔn a wɔkyerɛkyerɛɛ nea ɛyɛ nokware na ɛbɔe.” Saa na Papias, a wɔkyerɛ sɛ na ɔyɛ Kristoni wɔ Yɛn Bere yi mu afeha a ɛto so abien no mu kae.
Papias traa ase wɔ Yesu Kristo asomafo no wu akyi pɛɛ. Nokwarem no, na ne yɔnko ne Polycarp, a wɔkyerɛ sɛ na ɔyɛ ɔsomafo Yohane suani no. Adanse ahorow yi ne ɔkwan a Papias faa so nyaa nimdeɛ no ma ɛda adi sɛ ebia na ɔwɔ nimdeɛ pii.
Ahwɛyiye a Ɔde Dii Dwuma
Sɛnea na Papias pɛ nokware no da adi pefee wɔ ne nhoma anum a ɔkyerɛw faa Awurade nsɛm ho no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ Papias mmofraaberem no, ɔde nokware nsɛm a ɔtee no pii siee n’adwenem. Akyiri yi, bere a Papias wɔ ne fie wɔ Frigia kurow Hierapoli, wɔ Asia Kumaa hɔ no, obisabisaa wɔn a wɔn mfe akɔ anim sɛ ebia wɔahu Yesu asomafo no mu bi anaa wɔatie wɔn pɛn a. Ofi komam bisabisaa wɔn nsɛm na ɔkyerɛw nea wɔkae no.
Papias kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Merentwentwɛn me nan ase sɛ mɛkyerɛw . . . biribiara a mede ahwɛyiye sua fii wɔn a wɔn mfe akɔ anim no hɔ bere biara a mekae no yiye no, na asi so dua ma moahu sɛ ɛyɛ nokware. Efisɛ manyɛ te sɛ nnipa dodow no ara, ne wɔn a wɔka nsɛm pii ammɔ, na mmom me ne wɔn a wɔkyerɛkyerɛɛ nokware na ɛbɔe; m’ani annye wɔn a wɔka afoforo ahyɛde ahorow ho asɛm nso ho, na mmom wɔn a wɔka ahyɛde a Awurade de ama de aka gyidi no ho a efi nokware no ankasa mu no. Na sɛ mihyia obiara a na odi mpanyimfo no akyi a, mebisa no mpanyimfo no kyerɛwtohɔ ahorow—nea Andrea anaa Petro kae, anaa nea Filipo anaa Toma anaa Yakobo anaa Yohane anaa Mateo kae, anaa nea akyidifo afoforo biara kae.”
Ne Nhoma No
Akyinnye biara nni ho sɛ na honhom mu nimdeɛ pii wɔ hɔ ma Papias. Yɛn adwene ara kwa na yebetumi de abu sɛnea ebia ɔde ahwɛyiye tiee nsɛm pii a ɛfa asomafo no mu biara ankasa asetra kwan ne ne som adwuma ho no. Bɛyɛ 135 Y.B. mu no, Papias ankasa kyerɛw nhoma kaa nea ɔpɛ sɛ ɔka wɔ mu. Nea ɛyɛ awerɛhow no, saa nhoma yi ayera. Irenaeus a wɔkyerɛ sɛ na ɔyɛ Kristoni wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu, ne afeha a ɛto so anan abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius faa mu asɛm kae. Nokwarem no, wɔ afeha a ɛto so 9 Y.B. mu no, na wɔda so ara kenkan, na ebia na ɛwɔ hɔ de besi afeha a ɛto so 14 no mu.
Ná Papias gye Kristo Mfirihyia Apem Ahenni a ɛreba no di. (Adiyisɛm 20:2-7) Sɛnea Irenaeus kyerɛ no, ɔkyerɛwee sɛ bere bi bɛba “a ɔsoro bosu ne asase pa bɛma abɔde a wɔayɛ no foforo na ade ne ho asow aba, sɛnea wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wohuu Yohane, Awurade suani no, kae sɛ wɔtee sɛnea Awurade kyerɛkyerɛɛ saa bere no ho nsɛm no.” Papias kyerɛwee nso sɛ: “Wɔ wɔn a wɔwɔ gyidi fam no, saa nneɛma yi yɛ nokware. Na bere a Yuda Iskariot a oyii [Yesu] mae no pow sɛ obegye adi, na obisae sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na Awurade atumi ayɛ biribi a ɛte saa?’ no, Awurade kae sɛ, ‘Wɔn a wɔbɛtra ase saa bere no behu.’”
Papias kyerɛw ne nhoma no wɔ bere a na Nimdeɛsɛm abu so no mu. Nimdeɛfo de nyansapɛ, nsɛm a wɔde ani bu, ne abosonsom ahintasɛm ne Kristosom a awae frafrae. Nokwarem no, Awurade nkɔmhyɛ ahorow anaa ne nsɛm a Papias daa no adi no yɛ mmɔden a ɔbɔe sɛ obesiw Nimdeɛsɛm a na ɛretrɛw no ano. N’akyi no, Irenaeus kɔɔ so pow Nimdeɛfo no atoro honhom fam yiyedi a na wɔma ɛtra so no. Ɛbɛyɛ sɛ na Nimdeɛ nhoma ahorow soso, na ɛno na ekanyan Papias maa ɔkasa tiaa “wɔn a wɔka nsɛm pii” no. Ná ne botae no da adi pefee—sɛ ɔde nokware besiw atoro ano.—1 Timoteo 6:4; Filipifo 4:5.
Nsɛm a Ɔkae Wɔ Nsɛmpa no Ho
Yehu Mateo ne Marko kyerɛwtohɔ ahorow no ho nsɛm wɔ Papias nkyerɛwee no afã a ɛda so ara wɔ hɔ no mu. Sɛ́ nhwɛso no, Papias ka wɔ Marko kyerɛwtohɔ no ho sɛ: “Marko a ɔbɛyɛɛ Pɛtro nsɛm asekyerɛfo no kyerɛw nea ɔkae biara pɛpɛɛpɛ.” Bere a Papias da so ara di nokware a saa Asɛmpa no yɛ ho adanse no, ɔtoa so sɛ: “Enti Marko anyɛ mfomso biara bere a ɔrekyerɛw nsɛm bi a ɔkaee no; efisɛ ɔhwɛɛ yiye sɛ onnyaw biribiara a ɔtee, anaa ɔnkyerɛw biribiara a ɛyɛ atoro wom.”
Nea Bible no ka akyi no, Papias de adanse foforo ma sɛ Mateo dii kan kyerɛw n’Asɛmpa no wɔ Hebri kasa mu. Papias se: “Ɔkyerɛw nsɛm no wɔ Hebri kasa mu, na obiara kyerɛɛ ase yiye sɛnea obetumi biara.” Ebetumi aba sɛ Papias kaa Luka ne Yohane Nsɛmpa no, ne afei Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nkyerɛwee afoforo bi ho asɛm. Sɛ ɛte saa a, ɛnde na ɔka wɔn a wodii kan dii ho adanse sɛ ɛyɛ nokware na honhom na wɔde kaa nkurɔfo maa wɔkyerɛwee no ho. Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, Papias nkyerɛwee no afã kakraa bi pɛ na aka.
Ná ne Honhom Mu Nneɛma ho Hia No
Sɛ́ ɔpanyin a ɔwɔ Hierapoli asafo no mu no, na Papias yɛ obi a ɔmmrɛ nhwehwɛmu yɛ ho. Wɔ nhwehwɛmu a na ɔde nsi yɛ akyi no, ɔkyerɛɛ anisɔ kɛse wɔ Kyerɛwnsɛm no ho. Papias hui yiye sɛ mfaso bɛwɔ so sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ gyidi ho asɛm biara a Yesu anaa N’asomafo no kae mu koraa asen sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ atosɛm a na ɛwɔ ne bere so nhoma ahorow no mu.—Yuda 17.
Wɔkyerɛ sɛ Papias wui sɛ mogya dansefo wɔ Pergamum wɔ 161 anaa 165 Y.B. mu. Yentumi nka sɛnea Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no kaa Papias asetra ne ne nneyeɛ kɛse no ho asɛm yiye. Nanso na n’ani gye ho yiye sɛ obesua Kyerɛwnsɛm no na ɔne afoforo abɔ ho nkɔmmɔ. Saa ara na nnɛyi Kristofo te, efisɛ wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn. (Mateo 5:3) Na te sɛ Papias no, wɔma Awurade nsɛm no som bo ma wɔn.