Bible Abakɔsɛm Yɛ Nokware Dɛn?
BIBLE kyerɛwfo bi ka kyerɛɛ n’adamfo kumaa bi sɛ. “Meka nokware, minni atoro.” (1 Timoteo 2:7) Paulo nkrataa no mu nsɛm a ɛte sɛɛ no twa Bible akasatiafo mpoa.a Mfe 1,900 atwam fi bere a wɔkyerɛw Paulo nkrataa no. Efi saa bere no nyinaa obiara ntumi nkae, na ɔnkyerɛɛ pefee sɛ asɛm biako mpo nyɛ nokware wɔ ne nkrataa no mu.
Bible kyerɛwfo Luka nso daa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ nsɛm bɛyɛ pɛpɛɛpɛ no adi. Ɔkyerɛw Yesu asetra ne ne som adwuma ho asɛm too hɔ, a ne kyerɛwtoho a wɔfrɛ no Asomafo no Nnwuma no dii akyi. Luka kyerɛw sɛ: “Mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fi mfiase no, mekyerɛw no mmiako mmiako.—Luka 1:3.
Adanse Ahorow a Ɛkyerɛ sɛ Ɛyɛ Nokware
Afeha a ɛto so 19 no mfiase Bible akasatiafo akyerɛ sɛ Luka anka nsɛm pɛpɛɛpɛ sɛ abakɔsɛm kyerɛwfo. Afei, wɔkyerɛ sɛ wɔbɔɔ wɔn tirim na wɔkyerɛw Asomafo no Nnwuma no kyerɛwtohɔ no wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. no mfinimfini. Britaniani a otutu fam de hwehwɛ tetefo nneɛma Sir William Mitchell Ramsay yɛ obi a na ogye eyi di. Nanso bere a ɔhwehwɛɛ edin ne mmeae a Luka bobɔɔ din mu no, ogyee nsɛm toom: “Migye toom nkakrankakra sɛ wɔ nsɛm pii mu no, nokwaredi kɛse daa adi wɔ kyerɛwtohɔ no mu.”
Bere a Ramsay kyerɛw nea ɛwɔ atifi hɔ no, na sɛnea Luka ka nsɛm pɛpɛɛpɛ no ho ɔsɛmpɔw bi wɔ hɔ a wonsiesiei. Ná ɛfa nkurow a ɛbemmɛn, Ikonion, Listra ne Derbe ho. Luka kyerɛe sɛ ɛsono Ikonion na ɛsono Listra ne Derbe, na ɔkaa Listra ne Derbe ho asɛm sa “Likaonia nkurow.” (Asomafo no Nnwuma 14:6) Nanso, asase mfonini a ɛwɔ ha yi kyerɛ no, na Listra bɛn Ikonion sen Derbe. Tete abakɔsɛm akyerɛwfo binom kaa Ikonion ho asɛm sɛ ɛka Likaonia ho; enti, akasatiafo ne Luka nnyɛ adwene sɛ ɔno nso anyɛ saa. Afei, wɔ 1910 mu no, Ramsay huu nkaedum bi wɔ Ikonion amamfõ so a ɛkyerɛ sɛ na kurow no ka Frigia kasa na ɛnyɛ Likaonia kasa. Ɔbenfo Merril Unger ka wɔ ne nhoma Archaeology and the New Testament mu sɛ: “Nkyerɛwde afoforo pii a efi Ikonion ne mmeae a ɛbɛn hɔ no foa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, na wobetumi aka kurow no ho asɛm sɛ wɔyɛ Frigiafo no nsɛmmoa.” Nokwarem no, na Ikonionfo a wɔwɔ Paulo bere so no di Frigia amammerɛ akyi, na na ɛda nsow wɔ “Likaonia nkurow” a na nkurɔfo ka “Likaonia kasa” wɔ hɔ no ho.—Asomafo no Nnwuma 14:6, 11.
Bible akasatiafo gyee asɛmfua “politarchs” a Luka de gyinaa hɔ maa Tesalonika kurow no sodifo no nso ho akyinnye. (Asomafo no Nnwuma 17:6, New World Translation Reference Bible ase hɔ asɛm.) Ná wonnim asɛmfua yi wɔ Hela nkyerɛwee mu. Ɛna wohuu abopon bi a nkurow sodifo a na wɔfrɛ wɔn “politarchs”—asɛmfua a Luka de dii dwuma no ara—din wɔ so wɔ tete kurow bi mu. W. E. Vine kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne nhoma Expository Dictionary of Old and New Testament Words no mu sɛ: “Asɛmfua no a na wɔde di dwuma no ada no adi sɛ Luka nsɛm no yɛ nokware.”
Luka Po so Akwantu
Ɛpo so ahyɛn ho animdefo ahwehwe asugu a wɔka ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 27 no mu ho nsɛm mu. Sɛnea Luka kyerɛ no, kusuu fam apuei mframa kyeree hyɛn kɛse a ɔne Paulo wom no wɔ supɔw ketewa Klauda nkyɛn, na na hyɛnmufo no suro sɛ ebia ɛbɛtwe wɔn akɔhwe anhweatam a ɛwɔ Afrika po no kusuu fam so. (Asomafo no Nnwuma 27:14, 17, NW Reference Bible ase hɔ asɛm) Wɔnam ahokokwaw a wɔde kaa po so hyɛn no so tumi dan ani fii Afrika de kyerɛɛ apuei kwan so. Mframa no annyae bɔ, na awiei koraa no, hyɛn no kotim wɔ Malta supɔw no mpoano, bere a atwa kilomita bɛyɛ 870 no. Ɛpo so hyɛn ho animdefo bu akontaa sɛ ebedi hyɛn kɛse a mframa a ano yɛ den bɔ no aboro nna 13 na atwa kwan a ne tenten te saa. Wɔn akontaabu ahorow no ne Luka kyerɛwtohɔ no a ɛkae sɛ asugu no bae wɔ da a ɛto so 14 no hyia. (Asomafo no Nnwuma 27:27, 33, 39, 41) Bere a po so hyɛnkafo James Smith hwehwɛɛ nsɛm a ɛfa Luka po so akwantu no ho mu akyi no, ɔde baa awiei sɛ: “Ɛyɛ nsɛm a esii ankasa ho kyerɛwtohɔ a obi a n’ankasa ka ho na ɔkyerɛwee . . . Onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ po so hyɛn mu dwumayeni a anka obetumi aka ɛpo so akwantu bi ho asɛm ma n’afã nyinaa ayɛ pɛpɛɛpɛ saa, gye sɛ ohui ankasa.”
Esiane nhwehwɛmu a ɛte sɛɛ nti nyamekyerɛfo binom wɔ ɔpɛ sɛ wobegyina Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no akyi sɛ ɛyɛ abakɔsɛm a ɛyɛ nokware. Na abakɔsɛm a edii ɛno anim a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no nso ɛ? Asɔfo pii ma nnɛyi nyansapɛ di wɔn so na wɔka sɛ anansesɛm ahorow wom. Nanso, wɔafoa Bible abakɔsɛm a edi kan mu nsɛm binom nso so, ma ahyɛ akasatiafo aniwu. Sɛ́ nhwɛso no, susuw Asiria Ahemman a mmere bi a atwam no, na werɛ afi no a wɔahu no ho hwɛ.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ Romafo 9:1; 2 Korintofo 11:31; Galatifo 1:20 nso.
[Asase mfonini wɔ kratafa 3]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
PHRYGIA
LYCAONIA
Iconium
Lystra
Derbe
MEDITERRANEAN SEA
CYPRUS