Nokware Ahonyade a Wonya wɔ Hong Kong
HONG KONG yɛ beae bi a wubetumi anya sika pii wɔ hɔ bere tiaa bi mu—sɛ nsɛm tebea nyinaa di boa wo a. Wɔ bɛyɛ mfe 40 a atwam mu no, saa Britania atubra man a na ɛyɛ hyɛn gyinabea a dwumadi kakraa bi kɔ so wɔ hɔ no abɛyɛ aguadibea a ɛnyɛ Asia Kesee Fam Apuei nko na ɛho hia kɛse, na mmom wiase nyinaa aguadi mu nso.
Tow a ɛba fam a wotua twetwe amannɔne aguadifo ne wɔn a wobue nnwuma, na ɛkanyan nnipa ɔpepem asia a wɔte Hong Kong a wɔyɛ nsi no ma wɔyɛ adwuma. Nea ɛboa bio nso ne beae a ɛwɔ, sɛ́ ɔman a wɔfa hɔ kɔ China kusuu fam ne Asia Pacific mantam ne nea ɛwɔ akyi no mu. Bere a Hong Kong wɔ nnɛ bere yi akwantu ne nkitahodi nhyehyɛe ne batadi ne mpɛɛwadi nhyehyɛe a edi mu no, wɔayɛ krado sɛ wobedi amanaman ntam aguadide ho dwuma ntɛmntɛm.
Sikasɛm mu nkɔso ama Hong Kong ayɛ aman a wodi yiye sen biara no mu biako. Nanso, so honam fam ahonyade no nyinaa de ahotɔ ne anigye a ɛtra hɔ kyɛ abrɛ wɔn a wɔtete Hong Kong no? Dabi, nanso ebinom ahwehwɛ, na wɔanya ahonyade bi a eye sen ɛno koraa.
Wonyaa Honhom Fam Ahonyade
Alfred a wɔwoo no wɔ Hong Kong no ka wɔn a wɔanya honhom fam ahonyade a ɛsom bo no ho. Esii no yiye wɔ adwuma mu sɛ amanaman ntam aguadi kuw bi a n’adwumayɛbea ti wɔ Britania no panyin bi. Te sɛ afoforo pii a wɔwɔ Hong Kong no, na ne botae wɔ asetra mu ne sɛ obenya sika pii, anya n’ankasa fie, anya aduan pa adi, na wanya anigye wɔ asetra mu. Esiane ne dibea ne n’akatua nti, na ɛte sɛ nea ne nsa aka ne nyinaa. Nanso so na ɔwɔ anigye? Alfred bɔ abubuw sɛ: “Mihu fii osuahu mu sɛ ɛwɔ nea sika tumi yɛ kodu.” Ná ɔkɔ so dwennwen sɛ, sɛ ɔhwere n’adwuma a, sika a wɔakora no bedi bere tenten ahe. Bere a ɔde bere pii yɛɛ adwuma no, ofii ase hyiaa abusua mu nsɛnnennen. Ne yere, Emily hawee bere a wɔn babarima wui mpofirim no. Okae sɛ: “Ná mepɛ sɛ mihu baabi a ɔwɔ sɛnea metumi ayɛ biribi aboa no.” Esiane sɛ na ontumi mmoa no nti na wayɛ basaa yiye.
Justina agya wui bere a na ɔyɛ abofra. Nanso ɔbɔɔ mmɔden wiee Hong Kong Sukuupɔn a agye din no. Eyi ma onyaa aban adwuma. Wɔ Cantonese kasa mu no wɔfrɛ no gum fan woon, sikasɛn a wɔde ɛmo gu mu—adwuma ho ahobammɔ ne akatua pa. Nanso na Justina nni anigye anaa ahotɔ. Ná ɔtaa susuw nea asetra atirimpɔw yɛ ne nea ɛbɛba daakye ho. Ne kunu Francis nso tee nka sɛ asetra nni atirimpɔw biara. Obuu ne ho sɛ afiri kɛse bi fã a ɛho nni mfaso biara, onipa hunu, a ɔyɛ biribi a ɛmma awiei da bere nyinaa.
Afei Ricky, adwuma bi sohwɛfo nso wɔ hɔ. Ɛwom sɛ na onya sika pii de, nanso ofii ase huu asetra fã foforo—mfɛfo adwumayɛfo ntam akansi a atirimɔden wom ne n’aware mu nsɛnnennen. Sika antumi ammoa no ma wanni nsɛnnennen yi ho dwuma. Ne yere Wendy susuwii sɛ adwuma a nidi wom, sika pii, ne asetra wɔ ɔman a ɛnsakra wɔ amammui fam no kyerɛ ahobammɔ. Nanso na n’asetra a ɛte sɛ nea ahobammɔ wom no bedi nna ahe? Ɛno haw no, esiane sɛ nea owu yɛ ankasa no ma ɔtee nka sɛ n’asetra nni atirimpɔw biara.
David wɔ biribi ka kyerɛ yɛn. Ne sukuupɔn nhomanim no ma onyaa adwuma pa ne sikasɛm mu ahobammɔ, nanso wannya abotɔyam biara. Dɛn ntia? Na adannandi ne nyansapɛ agye n’adwene, na na ogye di sɛ mprempren asetra yi ara ne nea ɛwɔ hɔ. David tee nka sɛ na onni biribiara a obetumi ahwɛ kwan, na ne honam fam ahonyade nyinaa akyi no, ɔtee nka sɛ onni ahobammɔ.
Ɛwom sɛ na ɛsono ankorankoro yi mu biara nsɛm tebea de, nanso na ade biako yɛ nokware wɔ wɔn nyinaa ho. Ná wɔn nyinaa nsa aka nea wosusuw sɛ ɛde asetra a ɛyɛ anigye ne abotɔyam bɛba. Nanso, bere a wonyaa nea na wosusuw sɛ ɛbɛma nea wɔhwɛ kwan no abam no, na wɔn asetra nni atirimpɔw biara.
Onyankopɔn Fam Adefo a Wɔbɛyɛ
Ná Alfred, Justina, ne afoforo a yɛaka wɔn ho asɛm seesei ara wɔ atifi hɔ no tebea te sɛ ɔdefo a na ɔwɔ Yesu bɛ no mu no de ara pɛ. ‘Ɔhyehyɛɛ ademmude maa ne ho nanso na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam.’ (Luka 12:21) Nanso nea ɛyɛ anigye no, wɔn nsa kaa biribi a mfaso wɔ so—asetra a ahonyade ankasa ahyɛ mu ma. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ nokware anigye ne abotɔyam no ‘de wɔn ani to ahonyade a enni hɔ daa so, na mmom wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so.’ (1 Timoteo 6:17) Yiw, nokware Nyankopɔn, Yehowa, a saafo yi mu biara behuu no, na wɔde wɔn ho too no so no na ɛde nsakrae baa wɔn asetra mu. Momma yɛnhwɛ nea ɛmaa eyi nyinaa baa saa.
Bere a Alfred ne Emily babarima wui mpofirim no, wɔbotowee, na wɔn ahonyade nyinaa antumi anyi wɔn yaw no amfi hɔ. Wɔkɔɔ asɔre nanso wɔannya anigye ne abotɔyam ara. Afei Yehowa Adansefo mu biako baa wɔn fie na obisaa wɔn sɛ: “Onipa anidaso ma daakye ne dɛn?” Alfred buae sɛnea na wɔaka akyerɛ no wɔ asɔre afa ɔsoro ne hell ho no. Nanso, wɔnam Bible no so kyerɛɛ no sɛ awufo ‘nnim biribiara;’ wɔn a Onyankopɔn kae wɔn no wɔ adesamma nyinaa ɔdamoa mu retwɛn owusɔre. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Yohane 5:28, 29) Ná ntease ne nyansa wɔ eyi mu ma Alfred. Ná afei wahu sɛ ɛnyɛ sɛ ne babarima no rehu amane wɔ baabi, na mmom na Wada wɔ owu mu, a ɔwɔ anidaso sɛ ebia denam owusɔre so no ɔbɛsan ne n’abusuafo ahyia. Awerɛkyekye ne ahotɔ bɛn ara ni! Bere kɔɔ so no, Alfred ne ne yere penee ofie Bible adesua so na wofii asetra kwan a ɛbɛma wɔaso nokware ahonyade a Bible de ma no mu pintinn ase.
Justina abasam tui bere a wanhu ɔpɛ honhom a ɛbɛma wɔaboa nkurɔfo wɔ ne mfɛfo adwumayɛfo mu no. Sɛ́ Katolekni a n’ani kũ n’asɔre ho no, ɔyɛɛ basaa bere a ohui sɛ ɔsɔfo no nom sigaret na ɔde ne ho hyɛ asaw mu te sɛ mmarima afoforo ara pɛ no. Afei ɔne Yehowa Adansefo hyiae, na ofii ase nyaa nsemmisa pii ho mmuae a egyina Kyerɛwnsɛm so maa ne bo tɔɔ ne yam. Ná ɔsɔfo no ankasa adwene nkutoo na waka akyerɛ no, na ɛmfa ho sɛ na ɔtaa kɔ asɔre na wayɛ ɔkyerɛkyerɛfo kumaa mfe 10 no, na ɛyɛ mfe 16 a ommuee Bible mu da.
Bere a Adansefo no ne Justina ne ne kunu Francis suaa Bible no, ɔbarima no ani gyee sɛnea wɔn gyidi ne nneyɛe yɛ biako wɔ wiase nyinaa no ho. Francis gye toom sɛ Onyankopɔn yɛ ɔteasefo ankasa. Sɛ wosusuw nneɛma nyinaa ho a, nokware Nyankopɔn teasefo bi nkutoo na obetumi anya amanaman ntam nnipakuw bi so nkɛntɛnso saa. Anigye bɛn ara na saa awarefo yi wɔ sɛ wɔanya nokware ahonyade!
Bere a Ricky ne Wendy fii ase hyiaa wɔn ankasa haw ahorow a anibere wom no, wohui sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi. Esiane sɛ na wɔn baanu nyinaa ne Yehowa Adansefo ahyia mmere bi a atwam nti, wɔn mu biara fi ne pɛ mu fii ase hwehwɛɛ wɔn bio. Ɛnyɛ Ricky ne Wendy nsɛnnennen no ano aduru a nyansa wom nkutoo na wɔnam mmɔdenbɔ so nyae, na mmom nokware ahonyade nso fii abusuabɔ a wɔn ankasa ne Yehowa, ‘anigye Nyankopɔn no,’ nyae no mu bae.—1 Timoteo 1:11.
David asetra sakrae bere a Yehowa Adansefo kɔsraa no no. Ɔpenee so sɛ wɔnsan mmra, a adwene no ne sɛ ɔbɛda wɔn mfomso adi. Nanso, bere kɔɔ so no, n’aniwa buei, efisɛ ofii ase hui sɛ Bible no ka asɛm pɛpɛɛpɛ wɔ nyansahu, abakɔsɛm, ne nneɛma afoforo fam. Eyinom nyinaa maa David huu Bible no sɛ nhoma a ɛka nokware na ɛmaa n’asetra nyaa atirimpɔw ankasa. Nsakrae a ɛyɛ anigye na ɛyɛ adenya ma no bɛn ara ni!
Afoforo Pii a Wɔboa Wɔn ma Wonya Nokware Ahonyade
Wɔ nnipa dodow a wɔtete Hong Kong mu no, Alfred, Emily, Justina, Francis, ne afoforo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ ha no yɛ wɔn a wɔanya nokware ahonyade afi Bible mu nokware ne Yehowa Nyankopɔn mu gyidi mu no mu kakraa bi ara kwa. Wɔ 1992 mu no, Yehowa Adansefo bɛyɛ 2,600 de nnɔnhwerew a ɛreyɛ adu 900,000 kɔsrasraa nkurɔfo a wɔwɔ Hong Kong, na wɔne wɔn yɛɛ ofie Bible adesua bɛboro 3,800. Nanso, Hong Kong asetra yɛ krakra, na nkurɔfo nni adagyew. Enti, afie afie a Ahenni adawurubɔfo kɔ akyi no, wɔrenya nkɔso kɛse wɔ mmorɔn so adansedi mu. Afei wohyia nkurɔfo wɔ wɔn adwumayɛbea ahorow denam office adwumayɛfo, adetɔnfo, akuafo, ne mmarima a wofi mpataayi wɔ Kesee Fam China Po so reba nkyɛn a wɔkɔ so.
Wobetumi aka no nokwarem sɛ, “otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua” wɔ Hong Kong. (Mateo 9:37 ) Mprempren, sɛ wokyekyem a, Ɔdansefo biara kasa kyerɛ nnipa 2,300 wɔ hɔ. Wɔ otwa adwuma a egye ntɛmpɛ ho anisɔ a wɔkyerɛ mu no, Ahenni adawurubɔfo 2,600 a wɔwɔ hɔ no mu nea wɔreyɛ adu 600 na wɔyɛ akwampaefo, anaa bere nyinaa asɛmpakafo. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Hong Kong, te sɛ wɔn a wɔwɔ mmeae afoforo no, hu sɛ ‘Yehowa nhyira na ɛyɛ ɔdefo.’ (Mmebusɛm 10:22) Enti, wɔreyɛ adwuma denneennen de aboa afoforo pii a wɔwɔ saa ɔman a wodi yiye no mu ma wɔanya nokware ahonyade.
[Asase mfonini wɔ kratafa 23]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
SOUTH CHINA SEA
CHINA
Hong Kong
Kilometers
Miles
15
15