Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 4/1 kr. 24-27
  • “Ahenni Adawurubɔfo” di Guyana Nsu pii no akɔneaba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ahenni Adawurubɔfo” di Guyana Nsu pii no akɔneaba
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wɔ Demerara So
  • Efi Gilead kɔ Pomeroon
  • Wɔhwehwɛ “Ɔwɛn-Aban Nipa” No
  • Akwan a Asɛmpatrɛwfo Tu Kɔ Nkuraa Ase
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 4/1 kr. 24-27

“Ahenni Adawurubɔfo” di Guyana Nsu pii no akɔneaba

GUYANA.a Saa Amerindiafo asɛmfua yi kyerɛ “nsu asase.” Hwɛ sɛnea ɛka ɔman yi a ɛno nkutoo mufo na wɔka Enyiresi kasa wɔ Amerika Kesee Fam no asase ho asɛm pɛpɛɛpɛ. Nsubɔnten ne wɔn nsuwasuwa a ɛkɔntɔnkɔntɔn fi Guiana Mmepɔw so fa kwae mu kɔbobɔ Atlantik Po no mu. Saa nsuka horow yi na ɛka bom yɛ akwan ma nkuraa ne mfuw pii a ɛwowɔ nsubɔnten no ano no.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Guyana nim sɛ bere a Yesu kae sɛ “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse” no, na asɛmpa a wɔbɛka akyerɛ nnipa a wɔtete nsasesin a ɛdeda nsubɔnten ho no ka ho. (Mateo 24:14) Enti, mfe pii no, Adansefo akuw horow, a wɔn mu pii yɛ akwampaefo de akorow akɛse ne nketewa adi Guyana nsu so akɔneaba de asɛmpa no akɔ nnipa no nkyɛn.

Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa adwuma no yɛ no, ɛde besi nnɛ, Ɔwɛn Aban Asafo a ɛwɔ

Guyana no de nnua nhyɛmma a wɔfrɛ no Ahenni Dawurubɔfo I kosi Ahenni Dawurubɔfo V so ayɛ adwuma. Ɛyɛ nnua nhyɛmma a ne tenten yɛ mita 7 a wonkuruu so, wɔayɛ ase no V a wofrɛ no balahoos, a Ɔdansefo bi abusua sen na wosiesie. Wɔmfa abien a wodii kan yɛe a ɛhɔ Adansefo frɛɛ no Adawurubɔfo no nni dwuma bio bere a wɔde adi dwuma mfe du du akyi no. Nanso, wɔda so ara de nea ɛto so III, IV ne V no di dwuma wɔ Pomeroon, Mahaica, ne Demerara nsubɔnten no so.

Wɔ Demerara So

Wɔ Britania ne Europa mmeae bi no, asɛmfua “demerara” betumi ama wɔakae ahwere a ɛho nnodowee a wonya fi saa asubɔnten a atɛkyɛ wom ho mfuw mu titiriw. Wɔ nsu no agya wɔ atɔe fam no, ɔkwan a efi mpoano hɔ no kɔpem faako a ahwere mfuw no ano pem. Efi hɔ rekɔ no, Ahenni Ɔdawurubɔfo nhyɛmma no so na Adansefo no nam de Yehowa Ahenni nkrasɛm a ɛyɛ dɛ no kɔma wɔn a wɔte nsu no ano Hindufo, Nkramofo, ne wɔn a wose woyɛ Kristofo.

Demerara so asɛmpaka betumi ayɛ da koro akwantu anaa ada pɛn pii, na wogyina gyina mpɛn pii, fi ahemadakye kosi anwummere. Anadwo akwantu mu no, ɛnyɛ aduan nko na akwampaefo no noa di wɔ nhyɛmma no mu na mmom wɔda mu nso. Sɛ ade sa a, wɔkyekyere Ɔdawurubɔfo no fam asoprɔpɔ dua ho anaa wɔtow sɛkyɛ wɔ hyɛn gyinabea, sɛ ebi wɔ hɔ a. Wɔde nnua abien a ne tenten yɛ mita 2.5 sisi hyɛn no anim ne akyi. Wɔde hama sa nnua abien no soro, na wɔde tapolin kɛse bi hata so ma ɛyɛ suhyɛ. Wɔde ntaboo yɛ mpa, na wɔde kuntu ne mpasotam yɛ nnaso. Ɛmfa ho nea tebea no te biara no, ɛda no mu ɔbrɛ nti ɛnkyɛ na wɔadeda.

Wobisa akwampaefo no sɛ: “So muguare wɔ nsu a atekyɛ wom no mu?”

Wobua sɛ: “Dabi, sɛ yebetumi ayɛ ho biribi de a, yenguare wom! Sɛ yedu asuten bi a ani tew ho a, yɛde nsu a yɛde bɛnoa nnuan, nea yɛbɛnom, ne nea yɛde beguare hyehyɛ yɛn nsuhina ma.”

Wɔn boasetɔ no ama wɔanya osuahu a ɛyɛ anigye pii. Bere bi, ɔbarima bi begyinaa ahyɛmma no gyinabea hɔ, de ne nsa sisii ne sisi, de anigye kɛse hwɛɛ yɛn. “Ahenni Dawurubɔfo V!” Ɔkenkan din a wɔakyerɛw agu hyɛn no anim no denneennen. “Ɛbɛye sɛ moyɛ Yehowa Adansefo. Mo nkurɔfo yi nkutoo na mode saa asɛmfua ‘ahenni’ no di dwuma saa. Mowɔ mo Ahenni Asa na mprempren mowɔ Ahenni Ɔdawurubɔfo.”

Efi Gilead kɔ Pomeroon

Sɛnea Frderick McAlman ka no, Pomeroon Asubɔnten no ano adwuma yɛ soronko wɔ ɔkwan bi so. Bere a owiee Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu wɔ 1970 mu akyi afe biako no, ɔbaa Charity, nsu ho akuraa bi a ɛwɔ asubɔnten Pomeroon apuei fam kilomita 34, a Ahenni adawurubɔfo kuw a wɔyɛ baanum na na wɔwɔ hɔ no mu.

Onua McAlman ka sɛ: “Mfe anum no, yɛde ‘anigye’ haree Ɔdawurubɔfo II dii Pomeroon no so akɔneaba ansa na yɛrenya afiri bi a ɛda ahyɛmma mu a wɔde adi dwuma pɛn. Bere a

yɛde asorɔkye hare no, yɛka asɛm no wɔ nsu no apuei fam kosi sɛ yebedu Hackney a ɛne nsu no ano ntam kwan yɛ kilomita 11. Ɛhɔ na yɛda yiye wɔ Onuawa DeCambra, ɔwogyefo a na ɔsom saa beae no saa bere no fie. Anɔpatutu, yɛtoa so kɔ nsu no ti ansa na yɛatwa akɔ atɔe fam. Afei yɛyɛ adwuma san yɛn akyi twa kilomita 34 kɔ Charity.” Ahyɛmma no mu afiri no a ɛwɔ ahoɔden no yɛɛ adwuma yiye mfe du. Afei, wɔ 1986 mu no, wɔde nea na n’ahoɔden sen kan de no sii ananmu. Bere a Onua McAlman de nokwaredi asom mfe 21 ne akyi wɔ Pomeroon no so no, obetumi de akomatɔyam ahwɛ Ahenni Asa a wɔasi no foforo wɔ Charity, a mprempren asafo a adawurubɔfo 43, a wofi nsu no atifi ne anafo na wowom ba so adesua no. Sɛ wokyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔn a wɔba nhyiam no dodow boro 60, na wɔ 1992 Yesu Kristo wu Nkaedi ase no, wonyaa nnipadɔm 190!

Wɔhwehwɛ “Ɔwɛn-Aban Nipa” No

Dwoda yɛ gua da wɔ Charity. Enti ɛyɛ bere pa a wɔde ka asɛmpa no, na Adansefo no de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma kɔ hɔ. Da koro bi wɔ 1970 mfe no mfiase mu hɔ no, Monica Fitzallen a ofi Warimuri a ɛwɔ Moruka baa gua no so na ogyee nsɛmma nhoma abien fii Onua McAlman hɔ. Nanso bere a oduu fie no, ɔde nsɛmma nhoma no guu ne ntama adaka ase.

Monica kae sɛ: “Eguu hɔ mfe abien a na menkenkanee Afei meyaree na mekaa mpa mu mmere bi. Bere a merete apɔw no, mifii ase kenkan nhoma biara a na ɛwɔ fie hɔ na ama manya biribi ayɛ. Awiei koraa no, mekaee nsɛmma nhoma abien a na ɛwɔ me ntama adaka no mu no, na mifi ase hwehwɛɛ mu.” Ohuu nokware a ɛwom no ntɛm ara.

Bere a Monica tee apɔw no, ɔka kyerɛɛ ne kunu Eugene sɛ ɔnhwehwɛ adwuma wɔ Pomeroon ho sɛnea ɛbɛyɛ na watumi ahu aberante a ɔmaa no nsɛmma nhoma no. Eugene penee so de, nanso afumdwuma nkutoo na otumi nyae wɔ Pomeroon ho dapɛn biako, fi Dwoda kosi Memeneda awia.

Memeneda dui no, na Monica nnya nhuu ɔbarima a ɔmaa no nsɛmma nhoma no ɛ. Bɛyɛ awia bere no, obisaa ne kunu sɛ ebia asorɔkye no bɛma kwan ma wɔahare akɔ Charity akɔhwehwɛ “Ɔwɛn-Aban Nipa” no a. Owiee kasa ara pɛ, na wɔtee obi nan ase sɛ ɔreba wɔ ɔkwan no so, na wohuu onuawa a n’anim yɛ sereserew sɛ ɔde nsɛmma nhoma a aba foforo no bi rebrɛ wɔn. Monica bisae sɛ: “So woyɛ Ɔwɛn-Aban nkurɔfo no bi?” Nsemmisa bebree a edii akyiri bae no maa ɛho behiae sɛ onuawa no san kɔ ahyɛmma no mu kɔpɛ mmoa. Hena na ɔbae? Na ɛnya obiara sɛ Onua McAlman!

Wɔyɛɛ Bible adesua a wɔnam nkrataakyerɛw so bɛyɛ ho nhyehyɛe. Bere tiaa bi akyi no, Monica de ne krataa a ɔde regyae n’asɔre kɔmaa Anglikan Asɔre no. Mmuaema mu no, ne nsa kaa krataa bi fii ɔsɔfo no hɔ sɛ:

“Ntie Yehowa Adansefo no. Ntease a wɔwɔ wɔ Bible mu no mu nnɔ. Mɛba na me ne wo abesusuw asɛm no ho.” Ɛde besi nnɛ, ɔsɔfo no mmae. Wɔbɔɔ Monica asu wɔ 1975 mu. Afe akyi no, ne kunu a mprempren anuanom no taa frɛ no Wɔfa Eugene no nso bɔɔ asu bere a na wahwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye no akyi. (Asomafo no Nnwuma 17: 10, 11) Ɛwom sɛ egye nnɔnhwerew 12 na wɔde ahyɛmma akɔ Charity asafo a ɛbɛn wɔn sen biara no mu de, nanso wɔda so yɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔkɔ asɛnka ne nhyiam daa de besi nnɛ.

Akwan a Asɛmpatrɛwfo Tu Kɔ Nkuraa Ase

Wɔ nnansa yi mfe mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no ma asɛmpatrɛwfo kɔ nkuraa ase tɔnn daa. Ɛdenam ahyɛmma a mfiri da mu so no, wɔn a wofi wɔn pɛ mu tu wɔn ho ma no anya asɛmpa a wɔde kɔma nkurɔfo a wɔtete Amerindiafo nsase so, ne mmeae a wotwa nnua a atew wɔn ho, ne akuafo a wɔtete ɔman no mu nsubɔnten no bi ho nkyɛn no mu kyɛfa. Esiane sɛ wɔyɛ akwampaefo ankasa nti, wɔanya hokwan de “Yehowa din” a egye nkwa no akɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri yi no nea edi kan koraa. (Romafo 10:13-16) Ɛsɛ sɛ anuanom no gyina amanehunu pii ano, na ɛtɔ da bi a, wɔfa nsu so bɛyɛ nnansa ansa na wɔadu mmeae yi mu binom. Nanso ɛso akatua horow no fata yiye.

Wɔkɔɔ aberante bi a na anka ɔye Pentekosteni, a ɔte bɛn wɔn a wotwa nnua wɔ Kwebanna wɔ Waini Asubɔnten no so nea edi kan wɔ asɛmpatrɛw akwantu a edi kan a ɛde wɔn kɔɔ saa beae no wɔ July 1991 mu no nkyɛn. Wɔ sankɔhwɛ a wɔyɛe wɔ October mu no mu no, wɔne no fii Bible adesua ase. Saa bere no ne nea edi kan a ohu fii n’ankasa Bible mu sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa, ne sɛ ɛnyɛ Yesu ne Ade Nyinaa so Tumfo no, na Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nnyina Kyerɛwnsɛm no so. (Dwom 83:18; 1 Korintofo 11:3) N’ani gyee araa ma bere a anuanom no fii hɔ kɔe no, ɔboaboaa ne mfɛfo Pentekostfo binom ano na ofii ase kyerɛɛ wɔn Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nokware no fii wɔn ankasa Bible mu. Bere a wɔn mu dodow no ara pow nokware no, osii gyinae sɛ bere aso sɛ ogyae asɔre no na ɔtwe ne ho fi “Babilon Kɛse no” ho. (Adiyisɛm 18:2, 4) Bere a anuanom no san behuu no bio wɔ February 1992 mu no, ɔkaa nea asi no kyerɛɛ wɔn na ɔde kaa ho sɛ: “Mepɛ sɛ mebɛka mo ho. Mepɛ sɛ meyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Mepɛ sɛ mekyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no!”

Osuahu ahorow a ɛtete sɛɛ no boa anuanom no ma wɔkɔ so yɛ adwuma a egye mmɔdenbɔ yi. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya asɛmpatrɛw akwantu no mu kyɛfa no de ahotɔ a wonya wɔ fie no bɔ afɔre, na nyarewa te sɛ atiridii bɔ wɔn, na wogyina akuraase asetra mu amanehunu ano. Nanso wɔn a wɔka fie no nso de nneɛma bɔ afɔre saa ara. Mmusua ani gyina wɔn adɔfo, ɛtɔ da bi a, adapɛn bi wɔ akwantu biako mu. Asafo ahorow yɛ wɔn ade bere a wɔn mpanyimfo ne mmerante afoforo nka ho, na tebea bi mu no, wogyaw onuabarima biako pɛ wɔ akyiri sɛ onni asafo no ahiade horow ho dwuma. Nanso anigye ne nkuranhyɛ bɛn na wonya sɛɛ yi bere a wɔte wɔn suahu ahorow a ɛkanyan nnipa bere a wɔakɔ aba no! Anigye no ma nea wɔde bɔɔ afɔre no yɛ ketewaa koraa.

Ahenni adawurubɔfo a wɔde asɛmpa no di Guyana nsu bebree no so akɔneaba no nya osuahu soronko ampa. Wɔne wɔn mfɛfo adwumayɛfo a wɔwɔ wiase nyinaa, de akokoduru ne ɔpɛ ‘rebɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.’​—Hebrifo 13:15.

[Ase hɔ asɛm]

a Bere bi na wɔfrɛ no British Guiana, na wɔsesaa din no yɛɛ no Guyana bere a ɔman no nyaa fahodi fii Britaniafo nsam wɔ 1966 mu no.

[Asase mfonini wɔ kratafa 24]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

HONDURAS

NICARAGUA

COSTA RICA

PANAMA

VENEZUELA

COLOMBIA

GUYANA

SURINAME

FRENCH GUIANA

BRAZIL

BOLIVIA

ATLANTIC OCEAN

[Kratafa 26, 27 mfonini]

Benkum so: Gua da adansedi

Atifi: Wɔrebɔ asɛmpa no ho nkɔmmɔ wɔ Demerara Asubɔnten no so

Atifi nifa so: Asɛmpatrɛw kuw rehare ahyɛmma asan akɔ wɔn atrae

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena