Ade Foforo a Wɔahu Wɔ Bahamas
TE SƐ abo a wɔde twa po a ani bruu a ɛda Florida ne Cuba ntam no so no, wiase no nsɛm ho amanneɛbɔfo dan adwene kɔɔ Bahamas so sen bere biara wɔ 1992 mu. Dɛn ntia? Efisɛ atumfo dodow no ara bu Bahamas sɛ asase a Christopher Columbus dii kan hui wɔ n’akwantu a agye din wɔ abakɔsɛm mu wɔ 1492 mu, bere a ohuu Amerika nsase no mu. Amanaman no de wɔn adwene sii afe a ɛto so 500 fi bere a Columbus duu asase no so, a esii October 12 no afahyɛ so.
Nanso, wɔn a wobu afe a ɛto so 500 afahyɛ no ho anigye no abomfiaa nso wɔ hɔ. Bere a John Carew (amanaman ntam adesua ho ɔkyerɛkyerɛfo) rekasa wɔ Abibifo Mmaranimfo Ɔman Bagua a Ɛto so 23 ase no, wɔkyerɛ sɛ ɔkae sɛ Columbus “na ɔmaa wɔn a wɔtete Caribbea Nsupɔw no so pii wuwui.”—The Nassau Guardian.
Ɛnnɛ, nnipa 250,000 a wɔyɛ Bahamasfo ankasa a wɔtete hɔ no mu biara nni hɔ a obetumi akyerɛ n’ase akosi nkurɔfo a wɔwɔ asomdwoe a Columbus kɔtoo wɔn na ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ “nkurɔfo a wɔwɔ ahoɔden, na wɔn ho ne wɔn anim yɛ fɛ yiye” no mu. Dɛn na ɛbaa saa supɔw no sofo so? A History of the Bahamas bua sɛ: “Efi 1500 kosi 1520 mu no, wɔhyɛɛ Bahamas sotefo nyinaa, ebia Lukayfo bɛyɛ 20,000, de wɔn kɔe” sɛ nkoa ma wɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Spaniafo nkommena a ɛwɔ Hispaniola no mu.
Wotuu Bahamas sotefo fii so saa kwan yi so no, Britaniafo na “wɔbɛtraa hɔ bio” nea edi kan, ne akyiri yi, “anokwafo” akuw akɛse. Ná akyiri yi anokwafo no yɛ mfuw wuranom a wofi atubra Amerika titiriw. Sɛ́ Britania Ahemman no anokwafo no, woguan ahofadi ho ɔko a na ɛrekɔ so wɔ asasepɔn no so. Nnɛyi Bahamafo no yɛ wɔn a wɔbɛtraa ha yi ne wɔn nkoa asefo titiriw. Nkoa a wogyaa wɔn no mu pii kɔɔ so kuraa wɔn kan wuranom din.
Ade Foforo a Wɔahu
Akyinnye nni ho sɛ na Columbus bu ne ho sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ ɔkwan bi so. Wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔkae sɛ: “Onyankopɔn yɛɛ me ɔsoro foforo ne asase foforo no somafo. . . . Ɔkyerɛɛ me faako a mehu asase foforo no.” Nanso ɔsɛe a efi mu bae no kyerɛe sɛ ɛnte saa. Ná ɛsɛ sɛ trenee ‘soro foforo ne asase foforo’ a Onyankopɔn de ahyɛ bɔ no twɛn ma wohu ade foforo.—2 Petro 3:13.
Wɔ 1926 mu no, Edward McKenzie ne ne yere baa Bahamas. Nea ɛnte sɛ wɔn a wodii kan kɔɔ hɔ no, Jamaikafo awarefo ahobrɛasefo yi bɛhwehwɛɛ nnipa komapafo a wobetumi de ademude bi ama wɔn. Wɔn na wodii kan de Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no baa Bahamas. (Mateo 13:44; 24:14) Akyiri yi wɔ afe no mu no, Jamaikafo afoforo baanu, Clarence Walters ne Rachel Gregory, bɛkaa wɔn ho. Ebeduu 1928, no na Ahenni adawurɔbɔfo baason na wɔwɔ Bahamas. Wɔyɛɛ adwumaden mfe anan, kaa asɛmpa no kyerɛɛ supɔw no sofo no.
Ɛno akyi na E. P. Roberts, ɔkasafo a ɔyɛ nnam a ofi Trinidad bae. Baguam ɔkasa ahorow a ɔmae wɔ nhyiam asa ahorow a agye din so no boa ma wotuu atorɔ gyidi ahorow gui na ɛmaa Bible nokware kaa nnipa pii koma. Ná Donald Oscar Murray a akyiri yi ná wɔtaa frɛ no D. O no te atiefo no mu bi wɔ nhyiam a ɛte sɛɛ biako ase a ne ho adwiriw no. Obedii adwuma no anim akyiri yi.
Ɔsɛmpatrɛwfo Nancy Porter kae yiye sɛ D. O. Murray kae sɛ ofi komam bɔɔ mpae srɛɛ mmoa wɔ asɛnka adwuma no ho. Wɔ 1947 no, Nancy ne ne kunu George, ne afoforo baanu, bɛyɛɛ asɛmpatrɛwfo a wodi kan a Ɔwɛn Aban Asafo no de wɔn kɔɔ Bahamas. Ɔkae sɛ: “Minnye nni sɛ yɛn werɛ betumi afi nhyiam a edi kan a yɛkɔe no da. Ná nnipa bɛyɛ baakron anaa du na wɔwɔ ase. Ná Onua Murray ne oguamtrani, na ɔde mpaebɔ fii ase, daa Yehowa ase sɛ asɛmpatrɛwfo no abedu. Ɔkae sɛ ná mmoa ho hia, na ‘yɛabɔ mpae asrɛ mmoa akyɛ yiye.’ Ná Asafo ti no ahyɛ bɔ sɛ wɔde mmoa bɛma na afei yɛaba yi. Ná mpaebɔ no ka koma araa ma ɛma yɛtee nka se yɛpɛ sɛ yɛkɔ so tra ha a yɛnkɔ bio.” Mprempren, mfe 45 akyi no, Onuawa Porter gu so reka Ahenni nkrasɛm a ɛyɛ awerɛkyekye no kyerɛ supɔw no sotefo no, ɛmfa ho sɛ ne kunu awu.
Efi 1947 titiriw na bere nyinaa asomfo ne afoforo a wɔde ahyɛmma baa Bahamas no aboa wɔ Ahenni adanse adwuma no mu wɔ nsupɔw no so. Ná wɔtaa twa anhwea mmoaano a ɛyɛ hu ne nsu a emu nnɔ a ne hweam ano yɛ den, na wɔde mmɔdenbɔ twa kɔ mpoano de asɛmpa no kɔma wɔn a wotete mmeae a atew wɔn ho no. Mfiase mmɔdenbɔ yi resow aba besi nnɛ mpo.
Asɛntitiriw bi sii wɔ 1950 mu. December mu wɔ saa afe no mu no, Nathan H. Knorr a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no ne ne kyerɛwfo, Milton G. Henschel, kɔsraa Bahamas bere a edi kan. Knorr kasa kyerɛɛ nnipa 312 a wɔkyere so wɔ Mother’s Club Asa so, nnuadan ketewa bi a ɛwɔ Jail Alley borɔn so no. Ná nnipa a wɔagye din kakra, a ɔman mmarahyɛ baguani bi ne atesɛm krataa bi a ɛba da biara samufo bi ka ho wɔ hɔ bi. Saa anadwo no, Onua Knorr bɔɔ amanneɛ sɛ wɔde Asafo ti no baa dwumadibea reba Bahamas.
Adamfofa Su a Supɔw No Sofo De Tiei
Bahamasfo a wɔwɔ adamfofa su no dodow no ara atie Ahenni nkrasɛm no. Ɛda so ara yɛ den sɛ wobedu wɔn nyinaa nkyɛn. Dɛn nti na eyi te saa? Wiɛ, ɛwom sɛ dodow no te Nassau, a ɛne ahenkurow no ne Grand Bahama a ɛbɛn hɔ no mu de, nanso afoforo ahwete wɔ nsupɔw akɛse 15 no ne nsupɔwa 700 a ɛka bom yɛ nsupɔw kuw yi so.
Adansefo pii a wɔte hɔ no ne pii a wofi mmeae afoforo huu sɛnea mmoa ho hia no, wɔatu kɔ nsupɔwa so, na wɔakɔboa wɔ asɛnka adwuma no mu. Wɔde nneama pii abɔ afɔre, na woasɛe sika pii ma wɔfata nkamfo. Nanso wɔn mmɔdenbɔ no asow aba kɛse.
Awarefo bi a wonnyinii tu kɔɔ supɔw kɛse Andros so. Da bi a wɔreka asɛm wɔ afie afie no, wohyiaa obi a na ofi Haiti aba hɔ. Nnipa a wɔte sɛɛ mpempem pii wɔ Bahamas. Ɔbarima no penee ofie Bible adesua so ntɛm.
Wɔde Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So Engiresi ne French de fii adesua biako ase anadwo no ara. Anwummere a edi hɔ no, ɔbaa ne Kristofo nhyiam a edi kan. Ankyɛ, ɔbarima no gyaee tawanom, onyaa nkɔanim ntɛmntɛm, na ofii ase nyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa.
Da a wɔrebɛbɔ ɔbarima yi asu anɔpa no, ne nsa kaa nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so fii Haiti, n’abusua hɔ, ɛwom sɛ na mfe anum ni a ɔntee wɔn nka de. Dɛn na na wɔwɔ ka? Wɔkae sɛnea wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo ho asɛm. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ne nuabea yɛ daa ɔkwampaefo, anaasɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo dedaw, na wohyɛɛ no nkuran sɛ ɔnhwehwɛ Adansefo no na ɔne wɔn nsua Bible no. Sɛnea eda adi no, wɔbɔɔ ɔbarima no asu saa da no a na ɔwɔ awerɛhyem a edi mu sɛ ɔreyɛ nea ɛteɛ.
Nnyeso a ɛyɛ anigye sɛɛ de abotɔyam abrɛ Adansefo a wɔwɔ hɔ no. Nnipa a wɔn dodow rekɔ anim abɛyɛ bere nyinaa asɛmpakafo, na eyi ama nkɔso no ayɛ kɛse. Ɛkɔɔ so saa ara ma Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Bahamas duu 1,000 1988 mu. Ɛnnɛ, Ahenni adawurubɔfo 1,300 na wɔwɔ asafo ahorow 19 mu wɔ ɛkame aye sɛ nsupɔw akɛse no nyinaa so.
Wɔasiesie Wɔn ho ama Daakye
Esiane sɛ wɔn dodow akɔ anim nti, ayɛ den ama Adansefo no sɛ wobenya mmeae a ne kɛse fata a wobetumi atua ho ka ayɛ wɔn afe afe ɔmantam nhyiam horow wɔ hɔ. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔmantam nhyiam abien wɔ nsupɔw afoforo so na ama nnipadɔm no anya baabi atra. Enti wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobesi Nhyiam Asa ne baa dwumadibea foforo. Wofii adwuma no ase December 1989. Nnipa ɔhaha pii a wofi aman afoforo mu ne ɛhɔfo tuu wɔn ho maa adwuma no yɛ, a ‘efi ɔkra nyinaa mu sɛ wɔyɛ ma Yehowa’.—Kolosefo 3:23.
Akyinnye biara nni ho sɛ, Adansefo nhyiam a ɛsõ na ɛyɛ anigye sen biara wɔ Bahamas besi nnɛ ne bere a wohyira baa dwumadibea foforo no ne Nhyiam Asa no so wɔ February 8 ne 9, 1992 no. Anuanom a wɔwɔ nsupɔw no afã ahorow nyinaa nyaa akwanhwɛ a emu yɛ den bere a wɔresiesie wɔn ho ama adeyɛ no. Anadwo ansa na dwumadi no reba so no, osu tɔe, na na awɔw wom. Nanso bere a John E. Barr, a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no maa ɔdan sohyira ɔkasa a wɔato din sɛ “Teokrase Nkɔso ho Dwom No,” na biribiara ni hɔ a ebetumi asɛe nnipa ahurusidifo 2,714 no anigye.
Anisɔ ma Yehowa Nyankopɔn, ɔsoro Agya no, hyɛɛ koma ma wɔ anigye ne ahosɛpɛw da kɛse a ɛte sɛɛ ho. Wɔn a wohyiae no sii wɔn bo kɛse sɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa bɛyɛ honhom mu ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛmaa honam fam ntrɛwmu behiae no.
Sɛ́ ebia nea Columbus hui no yɛ nsakrae bere ma nsupɔw no nkɔso no yɛ nea ebia wɔbɛkɔ so agye ho akyinnye. Nanso, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Bahamas no de biakoyɛ da Onyankopɔn ase sɛ ɔmaa wɔn Ahenni adawurubɔfo a, ho a wɔde bɔ afɔre honhom kanyan wɔn ma wɔde akokoduru kɔɔ baabi a wonnim, de anuonyam asɛmpa no baa nsupɔw a kan no na wonni honhom fam nhyehyɛe biara so no. Wɔn adwuma no ne nea “wohui” no de honhom fam ahonyade a ɛso nni abrɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware wɔ Bahamas nyinaa.
[Asase Mfonini/Mfonini wɔ kratafa 24, 25]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Grand Bahama
Abaco
Andros
New Providence
Nassau
Eleuthera
Cat Island
Great Exuma
Rum Cay
San Salvador
Long Island
Crooked Island
Acklins Island
Mayaguana
Little Inagua
Great Inagua
CARIBBEAN SEA
FLORIDA
CUBA
[Mfonini]
Asɛnka wɔ Straw Gua so
Wɔde mmɔdenbɔ rekɔ mpoano akɔka asɛmpa no akyerɛ
Baa dwumadibea no wɔ bepɔw bi so, na Nhyiam Asa no wɔ ase