Nigeriafo Asennibea Kunini Kura Nyamesom Mu Ahofadi Mu
AKURAA bi asefo fow okuafo bi nnɔbae. Afoforo kɔ abantofo bi fi na wogye ne nnwinnade. Afoforo nso siw ɔbea bi kwan sɛ wɔremma ɔntɔ nneɛma ntɔn. Dɛn nti na wɔyɛ ade tra so saa? Efisɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa, a wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo no, amfa wɔn ho anhyɛ atipɛnfo gyinapɛn akuw horow mu. Ebia wubebisa sɛ, ‘Wɔamfa wɔn ho anhyɛ dɛn mu?’
Atipɛnfo gyinapɛn kuw no mufo yɛ nnipa a wɔwoo wɔn bɛyɛ bere koro mu wɔ akura koro ase a wɔtaa yɛ mmarima. Atipɛnfo gyinapɛn akuw abu so wɔ Nigeria apuei fam. Wotumi yɛ adwuma bi de boa kurow no, nanso wɔde wɔn ho hyɛ abosonsom mu yɛ ahonhonsɛmdi mu amanne ahorow nso de kyerɛ sɛ emufo no adu mpanyin afe so. Esiane sɛ Bible no kasa tia nneɛma a ɛte sɛɛ a nokware Kristofo bɛyɛ nti, Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ akuw a ɛtete sɛɛ mu.—1 Korintofo 10:20, 21; 1 Yohane 5:21.
Ná Samuel Okogbue yɛ ɔdepamfo wɔ Aba, Nigeria. Wɔ 1978 mfiase no, Umunkalu Atipɛnfo Gyinapɛn Kuw a ɛwɔ Alayi no mufo kae sɛ ontua “tow” mfa mmoa mma wonsi ayaresabea bi. Sɛ́ nokware Kristoni no, Samuel yere ne ho boa nnipa afoforo, nanso ofi ahonim mu powee sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ atipɛnfo kuw yi mu. April 22 wɔ afe koro no ara mu no, kuw no mufo baasia kɔɔ beae a ɔpam ade no kogyee n’adepam afiri fii ne nsam, na wɔkae sɛ wɔremfa mma no, gye sɛ watua sika no ansa Samuel kyerɛe sɛ ɛnyɛ ɔhyɛ sɛ otua biribi efisɛ ɔnyɛ wɔn kuw no muni. Bere a wɔamfa Samuel adepam afiri no amma no no, ɔde asɛm no kɔɔ asennibea.
Efi Asennibea Biako kɔ Asennibea Foforo
Wɔ Asennibea no anim no, atipɛnfo gyinapɛn kuw no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ esiane mfe a Samuel adi nti, ɔyɛ kuw no muni ɔkwan biara so, na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ otua tow biara a wɔatwa ama wɔn ho no bi. Bio nso, kurow no mu amanne kyerɛ sɛ, sɛ kuw no muni bi antua tow bi a, wobegye ne nneɛma kosi sɛ obetua.
Asennibea no ne wɔn anyɛ adwene. Wɔ February 28, 1980 mu no, wobuaa asɛm no sɛ wɔrentumi nhyɛ Samuel sɛ ɔmmɛyɛ atipɛnfo kuw no muni. Ɔtemmufo no kae sɛ: “Amanne biara a ɛmma obi kwan mma ɔmpaw kuw a ɔpɛ no ne Nigeria Adehyeman no Amanyɔ Mmara no fã a ɛto so 37 bɔ abira ma enti wɔrennya mmara mu tumi a ɛte saa.”
Atipɛnfo kuw no de asɛm no kɔdan Asennibea Kɛse no na wodii bem. Ɛhɔ no, ɔtemmufo no hyɛɛ Samuel sɛ ontua tow no, na ɔkyerɛe sɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so boa wɔn kurow no nkɔso ara kwa.
Samuel hui sɛ eyi yɛ atɛnkyea no, ɔde kɔdan asennibea foforo. Asennibea a wɔde asɛm dan no no danee Asennibea Kɛse no atemmu no ani, na ebuu Samuel bem. Esiane sɛ kuw no ampɛ sɛ wobegye atom sɛ wɔadi fɔ no nti, wɔde asɛm no kɔɔ Nigeria Asennibea Kunini.
Bere koro no ara mu no, na kuw no mufo nni adagyew koraa wɔ Samuel akuraa no ase. Esiane sɛ wɔkyerɛe sɛ Adansefo no sɔre tia ɔman nnwuma nyinaa nti, wonyaa akuraa no panyin no ma ɔbaraa Yehowa Adansefo dwumadi wɔ mpɔtam hɔ. Kurow no mu dawurubɔfo no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔbɛbɔ obiara a ɔne Yehowa Adansefo bɔ no ka. Nkurow a ebemmɛn mu Adansefo de wɔn ho gyee mu na wɔkyerɛkyerɛɛ nsɛm mu kyerɛɛ akuraa no ase mpanyimfo. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nsɔre ntia ɔman nkɔso dwuma wɔ ɔkwan biara so. Nokwarem no, na Samuel de nkrataa ahorow akyerɛ wɔ asennibea de akyerɛ sɛ watua sika de aboa ɔman nnwuma a ɛnyɛ atipɛnfo akuw horow na wogyina akyi no. Afei akuraa no ase mpanyimfo danee gyinae a na wɔasi sɛ wɔbɛbara Adansefo no.
Nyamesom Mu Ahofadi Di Nkonim
Wɔ October 21, 1991 mu no, Nigeriafo Asennibea Kununi no atemmufo baanum de biakoyɛ buu Samuel bem. Ɔtemmufo Abubakar Wali rekyerɛkyerɛ atemmu a wɔn kannifo Paulo Nwokedi de mae no mu no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ [tow a wɔatwa no] na [Samuel] sɔre tia ne tua, na mmom sɛ ɔbɛyɛ kuw anaa atipɛnfo gyinapɛn bi muni, efisɛ eyi tia ne nyamesom gyidi, esiane sɛ ɔyɛ Yehowa ɔdansefo nti.”
Ɔtemmufo no toaa so sɛ: “1963 Ɔmanyɔ Mmara ɔfã 24(1) si so dua sɛ Nigeriafo nyinaa wɔ ahonim, nsusuwii, ne nyamesom mu ahofadi. [Samuel] wɔ hokwan sɛ okura ne nyamesom gyidi, nsusuwii ne ahonim a ɛmma no kwan sɛ ɔde ne ho bɛbɔ Atipɛnfo kuw bi ho no mu. Amanne biara a ɛne eyi nhyia no ne Amanyɔ Mmara no bɔ abira ma enti ɛrentumi nyɛ adwuma.”
Ne tiawa mu no, asennibea no kyerɛe sɛ wɔrentumi nhyɛ obi wɔ mmara kwan so sɛ ɔmfa ne ho nkɔbɔ atipɛnfo gyinapɛn kuw bi ɛmfa ho sɛ eyi betumi ayɛ kurow bi amanne mpo no. Ɛkyerɛe nso sɛ wɔrentumi nhyɛ obi wɔ mmara kwan so sɛ ontua tow bi mfa kuw bi a ɔnyɛ emuni so, sɛ tow no yɛ nea wɔde yɛ ɔman nkɔso dwuma mpo a. Enti wɔ asɛm a ɛte sɛ nea ɛyɛ ketewa yi mu no, wokuraa nyamesom mu ahofadi mu maa Nigeriafo nyinaa.