Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 11/1 kr. 23-26
  • Hwɛ Nea Yehowa Ayɛ Ama Yɛn!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Nea Yehowa Ayɛ Ama Yɛn!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Ahofadi Kɛse wɔ Afrika Atɔe ne Mfinimfini Fam
  • Wɔagye Wɔn Atom Mmara Kwan so wɔ Afrika Kesee Fam
  • Mmofra Nya Adansedi mu Kyɛfã
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 11/1 kr. 23-26

Hwɛ Nea Yehowa Ayɛ Ama Yɛn!

ƆBARIMA bi kae sɛ: “Ná yɛtaa bɔ bere a ɛte sɛɛ ho mpae.” Ná ɔfoforo nso sɔre anɔpa nnɔnnan biara bɔ mpae. Dɛn ho mpae? Ɔkae sɛ: “Mebɔ mpae sɛ da koro yebenya ahofadi asom Yehowa baguam.” Bere a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Ethiopia hyiaa mu wɔ Addis Ababa wɔ “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam no ase wɔ January 1992 mu no, ɛdaa adi sɛ wɔabua mpae a wofi ahobrɛase ne nokwaredi mu bɔe yi.

Saa Ethiopia nhyiam no kyerɛ sɛnea nneɛma resesa wɔ Afrika. Nnansa yi mfe no mu no, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ nsase 13 so wɔ hɔ anya anigye sɛ wɔ faako a na anka wɔabara wɔn anaasɛ wɔde anohyeto ato wɔn so no, wɔanya ahofadi wɔ mmara kwan so. Wɔ Ethiopia no, mfirihyia 34 a wɔde baraa wɔn no baa awiei November 11, 1991 mu, bere a aban mpanyimfo gyee wɔn toom mmara kwan so bio no. Ntɛm ara Adansefo no yɛɛ amanaman ntam nhyiam ho nhyehyɛe. Nanso sɛ́ wobehu nnipadɔm 7,573 a wɔahyiam wɔ Addis Ababa City Stadium no yɛ ade a obiara ansusuw sɛ ebetumi aba koraa. Wɔ wɔn a wɔbae no pii fam no, na ɛte sɛ nea wɔresõ dae. Wɔkɔɔ so keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: “Me nua, hwɛ nea Yehowa yɛn Nyankopɔn ayɛ ama yɛn!”​—Fa toto Dwom 66:1-5; 126:1 ho.

Bara a wɔbaraa wɔn mfirihyia 34 no de ɔhaw ahorow a wɔanhwɛ kwan bae. Ná pii nnim Ahenni nnwom dɛdɛ no to. Wɔbɛyɛ dɛn asua ne to ansa na nhyiam no bere adu? Wɔkyerɛɛ nnwom 40 a na 17 a wɔbɛto wɔ nhyiam no ase ka ho no ase kɔɔ Amharic kasa mu. Afei, wɔpaw nnipa titiriw bi ma wotwaa nnwom no guu kasɛt so. Asafo biara a ɛwɔ kuropɔn no mu nsa kaa kasɛt no biako, na asafo mũ no nyinaa de simma 30 suaa nnwom no bi ansa na wɔafi asafo nhyiam ase na wɔpɔn nso a saa ara. Dɛn na efii mu bae? Nnwom a wofi koma nyinaa mu de anigye to hyɛɛ agumadibea no ma nhyiam bere no.

Esiane basabasayɛ a na ɛwɔ ɔman no apuei fam no nti, na wɔasiw ɔkwan a efi Diredawa ne Harar ba kuropɔn no mu no. Ná ɔkwan koro pɛ a wɔfa so tu kwan wɔ hɔ ne sɛ wɔbɛfa wimhyɛn. Anuanom baawɔtwe bi a wɔwɔ Harar a na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no nanso wonni sika a wɔde betwa wimhyɛn tekiti no kɔɔ asraafo atrae bi na wɔsrɛe sɛ wɔpɛ sɛ wɔne asraafo wimhyɛn no kɔ. Ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ wɔpenee wɔn abisade no so. Wɔde wɔn kɔɔ nhyiam no a wɔantua hwee!

Bere a Ethiopia anuanom yi a wɔ bɛboro mfirihyia aduasa ni wɔagyina nsɛnnennen ne ɔtaa ahorow ano na mpo wɔahu wɔn nnamfo sɛ wɔakunkum wɔn esiane wɔn gyidi nti no huu wɔn mpaebɔ ho mmuae a wɔanya no, anigye ma wosui. Nhyiamfo no biako kae sɛ: “Masu saa fi nhyiam no mfiase.” Ɔfoforo se: “Sɛ wubetumi ahu nea ɛwɔ me koma mu a, anka wubehu sɛnea m’ani agye.” Yiw, ade a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na Yehowa yɛ maa Adansefo anokwafo yi sɛɛ yi!​—Dwom 66:16, 19.

Ahofadi Kɛse wɔ Afrika Atɔe ne Mfinimfini Fam

Benin nso yɛ asase foforo a wɔagye Yehowa nkurɔfo adwuma no atom mmara kwan so nnansa yi. Adansefo no te nka dɛn wɔ ho? Kristofo nhyiam ase ɔkasafo bi kae se: “Ɔsom mu ahofadi wɔ ɔman yi mu yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ ampa.” Yiw, Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ de aseda kɛse ma sɛ afei wɔwɔ ahofadi a anohyeto nnim sɛ wobehyiam asom na wɔaka Yehowa Ahenni no ho asɛm akyerɛ wɔn afipamfo​—ahofadi a yɛn mu pii de di agoru.

Ɔkwan bɛn so na wɔbɛkyerɛ anigye a wɔanya no? Ɔkasafo a yɛafa n’asɛm aka wɔ atifi hɔ no kyerɛ ɔkwan koro bi sɛ: “Asɛnka adwuma no mu kyɛfã a yebenya​—titiriw asɛmpa no a yɛde bɛkɔ afie afie​—da ahofadi yi ho anisɔ adi.” Saa ara na aba wɔ Benin.

Sɛ́ ɛho adanse no, hwɛ akwampaefo dodow no. Wɔ January 1990 mu, ɔsram a bara a wɔbaraa wɔn mfirihyia 14 no baa awiei no mu no, adawurubɔfo 77 na wɔde wɔn ho hyɛɛ daa akwampae adwuma no mu. Mfe abien akyi no, wɔn dodow no abu abɔ ho bɛboro mprɛnsa akodu 244!

Eyi nkyerɛ sɛ ansa na bara a wɔbaraa wɔn no bɛba awiei no, na Adansefo a wɔwɔ Benin no nyɛ adwuma no. Nokwarem no, wɔn boasetɔ nyaa ɔsraani bi a na ɔwɔ faako a sɛ wɔkyere wɔn a wɔde wɔn kɔ no so nkɛntɛnso kɛse. Esiane sɛ na wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛsom Yehowa no ma wɔtaa kyere wɔn nti, na ɛkame ayɛ sɛ ɔne wɔn hyia bere nyinaa. Nanso eyi kaee no Bible mu nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye a ɔne wɔn bɔe bere a na wɔwɔ ahofadi wɔ mmara kwan so no.

Awiei koraa no, wɔn gyidi a ɛyɛ den no kanyan honhom mu kɔm wɔ ne mu. Ɔkɔɔ asɔre ahorow nanso wannya nea ohia no. Bere a bara a wɔabara wɔn no baa awiei wɔ January 1990 mu akyi ansa na ɔretumi ne Adansefo no abɔ Bible mu nkɔmmɔ a onsuro na wanya ne honhom mu ahiade no ano aduru. Mprempren wɔabɔ no asu na ɔresom sɛ ɔkwampaefo. Ɔkwan bi so no, nsakrae a ɔyɛe no kae anuanom a wɔwɔ Benin no nea ɛtoo Saulo a ofi Tarso no: “Nea anka kan ɔtaa yɛn no, afei de, ɔka gyidi . . . no ho asɛmpa.”​—Galatifo 1:23.

Wɔ December 1991 mu no, wogyee Yehowa Adansefo a wɔwɔ Afrika Atɔe Fam ɔman Niger mu no toom sɛ mmara kwan so ahyehyɛde, na wɔn adwuma no ho anohyeto ahorow no baa awiei. Ɛha nso wɔn ani gyei. Nigeria baa dwumadibea a ɛhwɛɛ Niger so no bɔ nhyiam biako ho amanneɛ sɛ: “Wɔ Fida ɔkasa titiriw no akyi wɔ Maradi kurom nhyiam no ase no, wɔbɔɔ anuanom amanneɛ sɛ afei de wɔagye yɛn atom mmara kwan so wɔ Niger. Wɔn ani gyei yiye na wɔbɔɔ wɔn nsam simma pii. Wɔ dwumadi no awiei no, anuanom daa wɔn anisɔ adi, yeyɛɛ wɔn ho wɔn ho atuu, dii ahurusi wɔ asɛmpa yi ho.” Yetumi yɛ nea esii wɔ hɔ no ho mfonini wɔ yɛn adwenem, na yɛne wɔn di ahurusi.

Anuanom de ahofadi foforo a wɔanya yi bedi dwuma dɛn? Onuawa ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Niger adwenem nyɛ no naa wɔ saa asemmisa no mmuae ho. Ɔkyerɛw sɛ: “Nokwasɛm ahorow no kyerɛ sɛ wɔ yɛn asasesin mu wɔ Niger ha no, wɔn a wobefi Babilon Kɛse no mu ansa na awiei no aba dɔɔso. Eyi ho adanse ni, mitumi bu sankɔhwɛ 80 kosi 85 ho akontaa ɔsram biara na wɔ me nsrahwɛ pii a madan ama adawurubɔfo afoforo akyi no, meyɛ Bible adesua 13 anaa 14.” Onuawa nokwafo yi de ka ho sɛ: “Esiane ɔyare nti mintumi nyɛ pii wɔ asɛnka adwuma mu sɛnea mepɛ, nanso obiara yɛ nea obetumi.”

Wɔ Rwanda wɔ Afrika Mfinimfini Fam no, Yehowa Adansefo tebea no asesa wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Wɔ April 1992 mu no, wɔmaa wɔn krataa bi a ɛkyerɛ sɛ afei de wɔyɛ ahyehyɛde a wɔagye wɔn atom mmara kwan so. Wɔn nsa kaa krataa yi wɔ Nkaedi dapɛn koro no ara mu, na adawurubɔfo 1,526 a wɔwɔ Rwanda no ani gyei sɛ nnipa 6,228 baa ase. So anuanom adɔfo yi bɛda wɔn anigye ne anisɔ adi denam asɛmpaka adwuma pii a wɔbɛyɛ so? Ɛda adi saa! Wɔ April ɔsram koro no ara mu no, asafo mu adawurubɔfo asɛnka adwuma nnɔnhwerew nkyekyem yɛɛ 27.7 ne sankɔhwɛ 17, na sɛ wɔkyekyem a obiara yɛɛ Bible adesua 2.4. Ná wɔn mu ɔha biara mu bɛyɛ 40 wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma bi mu.

Wɔagye Wɔn Atom Mmara Kwan so wɔ Afrika Kesee Fam

Wɔ Afrika kesee fam no, ahofadi mframa dɛdɛ no bi bɔ faa nsase abien, Mozambique ne Angola so. Wɔ Mozambique no, wogyee wɔn toom mmara kwan so wɔ February 1991 mu. Bere a tebea no mu yɛɛ mmerɛw wɔ hɔ no, Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo no de asɛmpatrɛwfo kɔɔ ɔman a ɔko ayɛ no pasaa yi mu. Asɛmpatrɛwfo no nyaa asase a eye. Wogye Bible nhoma​—titiriw Questions Young People Ask​—Answers That Work nhoma no​—wɔ ha kɛse. Ɔsɛmpatrɛwfo biako bɔ amanneɛ sɛ ɔmaa nhoma 50 wɔ nea ennu nnɔnhwerew abien ne fã mu.

Anigyefo gye so ntɛm ara. Ɔsɛmpatrɛwfo bi kɔhwɛɛ obi a Asafo ti no de n’address maa no, na ɛbɛdaa adi sɛ onii no yɛ ɔsraani. Ɔne ɔbarima no ne n’abusuafo baanu bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Bere a ɔsan kɔɔ hɔ no, ɔne ɔbarima no ne nnipa afoforo baanum bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye bio. Afei wɔpenee nsa a ɔto frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra baguam ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban Adesua ase no so​—eyi nyinaa wɔ nnanan pɛ mu.

Adansefo a wɔwɔ Angola akɔ so anya ahofadi a n’awiei ne wɔn adwuma no a wogye toom mmara kwan so wɔ April 1992 mu no. Wɔde wɔn ahofadi kɛse yi redi dwuma dɛn? Wɔreyɛ asɛnka adwuma no! Adawurubɔfo bɛyɛ 17,000 na wɔwɔ Angola, na adawurubɔfo yi reyɛ Bible adesua bɛyɛ 60,000. Nkɔso a ɛbɛba daakye ho akwanhwɛ bɛn ara ni!

Mmofra Nya Adansedi mu Kyɛfã

Wɔ aman a wɔama asɛnka adwuma no hokwan nnansa yi ara yi mu no, mmofra ne wɔn a wonnya mmɔɔ wɔn asu mpo rekyerɛ wɔn anisɔ denam ɔsom adwuma no so. Wɔ Cape Verde Republic, faako a wɔmaa Yehowa Adansefo kwan mmara kwan so wɔ November 1990 mu no, abeawa bi a wadi mfe 17 sɔre gyinae wɔ nhyiam bi ase a ɔrebɛyɛ ne gyidi ho baguam mpaemuka. Wɔ asubɔ no akyi no, obi hui sɛ dɔm bi atwa ne ho ahyia. Ɔkɔɔ hɔ kɔmaa no amo na obisaa no faako a nnipadɔm no fi. Obuae sɛ: “O, eyinom yɛ me Bible adesuafo.” Ná ɔyɛ Bible adesua ason, na na wɔwɔ hɔ rema no amo wɔ n’asubɔ no ho. Ná ɔde abisade kɔ dedaw sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ akwampaefo boafo, na ɔhwɛ kwan sɛ akyiri yi ɔbɛfata sɛ daa akwampaefo.

Wobisaa abeawa bi a wadi mfe du wɔ Angola sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo anaa. Obuae sɛ: “Yiw.” So ɔyɛ Bible adesua? “O yiw.” Ahe? Abeawa a wadi mfe du yi buae sɛ: “Ason.”

Yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma nhoma no mu sɛ eduu bere bi wɔ afeha a edi kan mu no, “asafo no nyaa asomdwoe Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wonyin kɔɔ so; na wɔnantewee [Yehowa] suro mu tiee honhom kronkron afotu kɔɔ so dɔe.” (Asomafo no Nnwuma 9:31) Yɛbɔ mpae sɛ wɔ yɛn nuanom a wɔwɔ Afrika fam no, eyi nso bɛyɛ asomdwoe bere. Yɛne wɔn bom di ahurusi bere a wɔyɛ den no, na yɛbɔ mpae sɛ Yehowa honhom bɛba wɔn so bere a wɔde ahofadi hokwan a wɔanya no di dwuma de trɛw asɛmpa no mu na wɔkɔ so dɔ no.

[Asase mfonini wɔ kratafa 24]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Nsase a Wɔmaa Yehowa Adansefo Mmara mu Hokwan Anaa Woyii Anohyeto Ahorow Fii Wɔn So wɔ Hɔ

 1. The Gambia, December 1989

 2. Benin, January 1990

 3. Cape Verde Republic, November 1990

 4. Mozambique, February 1991

 5. Ghana, November 1991

 6. Ethiopia, November 1991

 7. Congo, November 1991

 8. Niger, December 1991

 9. Togo, December 1991

10. Chad, January 1992

11. Kenya, March 1992

12. Angola, April 1992

13. Rwanda, April 1992

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ahenni ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ Benin de n’akyene bɔ Mateo 24:14 mu nsɛm

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Wɔ Afrika nsase pii so no, nokware Kristofo de ahofadi a wɔanya nnansa yi ara no redi dwuma ɔkwan pa so

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Adansefo afoforofo de nsu mu asubɔ yɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena