Nokware Hyɛ Akuraa A Nsu Pii Wɔ Ase No Ma
ANWONWASƐM bɛn ara ni! Wɔahu sɛ sukɔm aba asase a wonim sɛ nsu pii wɔ so no so! Wɔahu sɛ ɔpɛ asi asase a nsu wɔ so nyinaa so na ɛso ayɛ kesee! Ɛyɛ sukɔm a Onyankopɔn Asɛm Bible no mu nokware nsu nkutoo na ebetumi adwudwo ano. Asɛm no fa Rahbeh, akuraa ketewaa bi a emufo yɛ 2,200, a ɛhyɛ mmepɔw ntam wɔ Lebanon kusuu fam, na ɛne Beirut ntam kwan bɛyɛ kilomita 130 no ho.
Edin Rahbeh kyerɛ “baabi a ɛhɔ trɛw” wɔ Arabic kasa mu, na efi Sem asefo asɛmfua a asekyerɛ ne sɛ “ɛtrɛw, trɛw mu” mu. Ɔkwan a ɛfata so no, akuraa no atrɛw afa mmepɔw akɛse abien a ɛkɔ soro sen po bɛyɛ mita 600 so. Awɔw bere ne fefɛw bere mu no, wotumi hu sukyerɛmma wɔ mmepɔw a ɛwɔ apuei fam no atifi pɛɛ, na ɛma ɛyɛ fɛ. Nanso, nea ɛsen ne nyinaa no, Rahbeh yɛ akuraa a nsu pii wɔ ase. Asuten akɛse ne nketewa 360 na ɛwɔ mpɔtam hɔ, na ɛma asasebere a wɔde dua awi, paya, nnuaba afoforo bi ne bobe wɔ abon a atwa ho ahyia no mu nya nsu.
Tete ne Nnɛ Hyia wɔ Rahbeh
Akwan pii so no, nneɛma a ɛwɔ Rahbeh da so ara te sɛ nea ɛte fi Bible mmere so no. Akuraa no ase afie bobɔ ho pitipiti. Akwan a ɛdeda mu no susuae, akɔntɔn, na adagyew nni so—mfurum ne anantwi fa so. Ɛwom sɛ lɔre ahorow bi fa so de, nanso mmoa nso wɔ hokwan sɛ wɔfa so bi. Wɔn wuranom taa de nnesoa soa wɔn wɔ mfum na wɔma wɔn ankasa de ba fie. Wɔfa mmorɔn hihiaa no so, na wɔmia wɔn ani fa mmeae hihiaa no pue kɔ wɔn afie mu. So eyi betumi ayɛ te sɛ nea na ɛwɔ Yesaia adwenem bere a ɔkaa eyi no: “Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka”?—Yesaia 1:3.
Rahbeh yɛ baabi a nneɛma ahorow ahorow wɔ nso. Wubehu wɔn a wɔawie sukuupɔn ne wɔn a wɔnkɔɔ sukuu ne kuropɔn bi mu da wɔ ha. Adefo adan a nturo wɔ ho wɔ ha, na asese a nyɛmmoa nenam mu nso wɔ ha. Ɛkame ayɛ sɛ wohu anyinam nkanea ho nnwinnade wɔ ofie biara mu, nanso wonnya anyinam nkanea bere nyinaa. Eyi nti, afie pii wowɔ mfiri a ɛma anyinam nkanea. Wɔahyɛ da apaapae akuraa no ase akwan atitiriw no, nanso mfum akwan no mu pii nyɛ nea wɔhyɛɛ da paapaee, ɛso yɛ abonkyiabonkyi. Enti, nyɛmmoa nkutoo so na wɔnam de nnɔbae fi mfum ba. Wubetumi ahu afurum sɛ ɔso afiri a ɛma anyinam nkanea rekɔ afum de akɔsa mfiri a wɔde yɛ adwuma wɔ mfum ka mmoa a wɔsoa nnesoa wɔ mfum no ho.
Saa ara nso na akuraa no asetra nsakrae kɛse ɛ. Sɛ woda akuraa ase hɔ ma ade kye a, nkokɔ a wɔbɔn ahemadakye nnɔnabien anaa nnɔnabiɛsa betumi ama woanyan. Wofi da biara nnwuma ase ntɛm, enti sɛ wote dede a nnipa a wɔteɛm frɛ wɔn ho wɔn ho yɛ wɔ sum mu bere a wɔresiesie mmoa no a, mma ɛnnyɛ wo nwonwa. Sɛ anim tetew ara pɛ a, wubetumi ahu nkuraasefo pii ne wɔn mmoa a wɔsoso nnesoa sɛ wɔrekɔ mfum anaa gua so akɔtɔn wɔn nneɛma.
Sɛ anim tetew kɛse a, mmarimaa ne mmeawa pue bedi agoru wɔ mmɔnten so. Wɔte wɔn nteɛteɛm ne wɔn serew, te sɛ nea na ɛte wɔ tete Yerusalem sɛnea odiyifo Sakaria kaa ho asɛm no: “Na mmarimaawa ne mmeawa bɛyɛ kurow no mmɔnten so amaama, na wɔagoru emu mmɔnten so.” (Sakaria 8:5) Wubehu nso sɛ akuraa no asefo pii wɔ adamfofa su yiye, na wɔpɛ asɛm. Wɔhwɛ kwan sɛ wubekyia akuraa no aseni biara a wuhyia no, efisɛ wɔbɛpɛ sɛ wohu onii ko a woyɛ, faako a wufi, nea enti a woaba hɔ, ne faako a worekɔ. Nnipa tumi hu wɔn ho wɔn ho yiye.
Nokware Nsu Du Rahbeh
Asɛm trɛw ntɛmntɛm wɔ nnipa a wɔbemmɛn wɔn ho sɛɛ yi mu. Saa na ɛbae bere a Asaad Younis fii United States san baa Rahbeh wɔ 1923 mu no. Esiane sɛ na n’adamfo Abdallah Bla ntumi nhu sɛ wakɔyɛ osikani wɔ Amerika nti, ɔkɔe sɛ ɔkɔhwɛ no. Sɛ anka Asaad bɛka sika ho asɛm no, ɔde The Harp of God nhoma no biako maa no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ahonyade ankasa ni.” Abdallah a anka ɔyɛ Protestantni no kenkan nhoma a egyina Bible so yi na n’ani gyee ho yiye. Ɛwom sɛ Asaad anyɛ nsɛm no ho biribi kɛse de, nanso Abdallah ani gyee nea na wasua no ho, na ɔkaa no pefee sɛ wahu nokware no.
Bere bi akyi no, Abdallah tu kɔtraa Tripoli, kuropɔn titiriw a ɛwɔ Lebanon kusuu fam no mu. Ɛhɔ na otumi huu Bible Asuafo pii, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, na onyaa nkɔso pii wɔ ne Bible adesua no mu. Akyiri yi ɔsan tuu kɔtraa Rahbeh sɛ ɔkɔtrɛw asɛmpa a wasua no. Na ɔne ne mfɛfo nkuraasefo no bɔ nsɛmti te sɛ Baasakoro, sɛ ebia onipa wɔ ɔkra a enwu da, hell-gya, asɔfodi, Mass, ahoni a wɔde di dwuma ho nkɔmmɔ, na ɔkaa nea Bible no kyerɛkyerɛ ankasa kyerɛɛ wɔn.
Akuraa no asefo mu binom kyerɛɛ ho anigye. Wɔn mu baasa anaa baanan kɔkaa Abdallah ho ne no yɛɛ asɛnka adwuma no. Afei wofii ase yɛɛ Kwasida nhyiam horow. Na nneɛma a wɔyɛ no bi ne sɛ wotie asɛnka a wɔakyere agu gramafon apaawa so, anaa Bible akenkan, na afei wɔbɔ nea wɔtee no ho nkɔmmɔ wɔ ɛno akyi. Akyiri yi wɔde Bible adesua nhoma ahorow bi a na The Harp of God, Riches ne “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo” nhoma ka ho dii dwuma. Ná nnipa a wɔba, a wɔn mu dodow no ara yɛ asɛmpɛfo na ɛnyɛ anigyefo no mmoro du. Na ɛte sɛ nea aduan a wɔde ma wɔ nhyiam biara awiei no titiriw nti na ebinom bae.
Wɔ 1940 mfe no mu no, wɔka kyerɛɛ Abdallah Blal sɛ ɔnhwɛ kuw a ɛwɔ Rahbeh no so. Ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ Yehowa akoa nsiyɛfo ne ɔnokwafo, na ɔyɛɛ nhwɛso pa maa afoforo no. Eyinom mu biako, Onua Mattar kae sɛnea wɔyɛɛ wɔn asɛnka adwuma no: “Esiane sɛ na kar nni hɔ saa bere no nti, na me ne Onua Blal nantew kodi adanse wɔ nkuraa a ɛbemmɛn no ase. Ná me na mesoa gramafon no, na na Onua Blal di kan kasa. Ná yɛtaa di nnanu anaa nnansa ansa na yɛasan aba fie.” Onua Blal de nokwaredi som Yehowa kosii sɛ owui wɔ 1979 mu bere a na wadi mfe 98 no.
Nkɔso De Ɔsɔretia Ba
Bere a adwuma no nyaa nkɔso no, anuanom no fii ase hyiaa ɔsɔretia. Wɔ 1950 mu no, akuraa no ase sɔfo maa wofii ase taa Rahbeh anuanom no. Ɔsɔfo no bɔɔ anuanom no sobo sɛ wohura asɔre no ho, na wɔka abususɛm. Akuraa no asefo no mu binom bo fuw yiye ma wosiw anuanom no abo, na wɔkyeree anuanom no binom de wɔn koguu afiase. Nanso, nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ ɛno akyi no daa no adi sɛ sobo no nyɛ nokware. Ɛno mpo, wɔmaa anuanom no daa afiase nna pii.
Ɔsɔretiafo foforo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma akuraa no asefo, a ebia wɔn mu binom a wɔantumi ankenkan no yiye no de wɔn nsa ahyɛ krataa bi a na ɛbɔ anuanom no sobo wɔ nneɛma pii ho, a nnipa no nkyɛn a wɔkɔ mpɛn pii de haw wɔn adwene ka ho no ase. Nea ɛbɛyɛ na wanya nnipa pii ma wɔde wɔn nsa ahyɛ ase no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛyɛ biribi a wɔrebisa ama odwumayɛni bi ma wɔde no asan aba akuraa no ase. Bere a nnipa no hui sɛ ɛyɛ sobo ankasa a wɔde rebɔ Adansefo no, wotwaa wɔn din mu. Nsɛm a ɛte sɛɛ boa ma wodii mpɔtam hɔ aban nnipa pii adanse.
Wɔ ɔsɔretia a ɛyɛ tẽẽ a ɛte sɛɛ akyi no, anuanom no hyiaa akwanside foforo bi. Wɔ akuraa ketewaa a obiara nim obi foforo biara ase no, ‘onipa ho suro sum afiri,’ sɛnea Bible no da no adi wɔ Mmebusɛm 29:25 no. Egye akokoduru na anuanom no aka asɛm no akyerɛ afipamfo, nnamfo, ne abusuafo a wɔkasa tia wɔn di wɔn ho fɛw bere nyinaa no. Enti ɛma wɔte Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 10:36 no ase yiye: “Onipa fifo bɛyɛ n’atamfo.” Nanso, sɛnea abebusɛm no toa so ka no, “nea ɔde ne ho to [Yehowa] so no ho bɛyɛ sonn.” Nnepa afi anuanom no gyidi ne wɔn boasetɔ no mu aba.
Nokware Hyɛ Rahbeh Ma
Mfe a atwam no mu no, akuraa no asefo ani abegye Yehowa Adansefo abrabɔ pa no ho, na wɔn mu pii agye nokware no. Anuanom no ani gyee mmoroso bere a wɔtew asafo a ɛto so abien wɔ Rahbeh wɔ 1969 mu no. Wɔkɔɔ so yeree wɔn ho yɛɛ adwuma. Wɔn mu pii de wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu, na ebinom mpo kɔsomee wɔ nsasesin afoforo mu, a Beirut kurow no ka ho. Yehowa hyiraa adwuma a wɔyeree wɔn ho yɛe no so, na wɔtew asafo a ɛto so abiɛsa wɔ Rahbeh wɔ 1983 mu. Saa bere no mu no, anuanom pii tu fii hɔ anaa wɔkɔtraa nkuropɔn mu. Nanso, wɔkɔɔ so dɔe, na wɔtew asafo a ɛto so anan wɔ Rahbeh wɔ 1989 mu, na wɔtew nea ɛto so anum wɔ 1990 mu.
Ebedu saa bere yi ɛkame ayɛ sɛ akuraa no ase abusua biara wɔ obusuani anaa adamfo bi a ɔyɛ Ɔdansefo. Wɔn ho tan a na anka bere a atwam no wɔwɔ no ano abrɛ ase. Nkurɔfo huu Adansefo no yiye. Nokwarem no, nsɛmfua te sɛ “Ɔpanyin,” “ɔkwampaefo,” “ɔmansin sohwɛfo,” “nhyiam,” ne “Harmagedon” bɛyɛɛ akuraa no asefo kasa fã. Wɔ mmere atitiriw te sɛ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ anaa Nkaedi mu no, worenhu nnipa wɔ mmorɔn no so na Ahenni Asa ahorow so yɛ ma. Asafo ahorow bi mpo de akasam sisi abrannaa so na mpɔtam hɔfo ate asɛm no bi.
Mprempren Ahenni adawurubɔfo 250 ne akyi na wɔwɔ Rahbeh. Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ akuraa no ase Ɔdansefo 1 ka asɛm kyerɛ nnipa bɛyɛ 8! Asafo biako a adawurubɔfo 51 wom wɔ asasesin a emu adan yɛ 76, na wɔyɛ mu adwuma dapɛn biara. Susuw nea esii wɔ afe a etwaam no March ne April mu ho bere a adawurubɔfo 250 no mu 98 yɛɛ akwampaefo aboafo kaa daa akwampaefo 13 a wɔwɔ Rahbeh ho no. Wɔyɛɛ asasesin no mu adwuma mpɛn pii dapɛn biara. Na anuanom akuw abien anaa abiɛsa a kuw biara no mufo yɛ baanu taa kɔ ofie biako mu da koro anaa bere koro mu mpo. Nsrahwɛ ahorow no nhaw akuraa no asefo mu dodow no ara. Nanso bere a ɔbarima bi nwiinwii no, ɔdawurubɔfo bi buae sɛ: “Sɛ wopene so sɛ wo ne yɛn bɛyɛ Bible adesua a, ɛnde yɛbɛba wo nkyɛn pɛnkoro pɛ dapɛn biara.” Wɔkasa kyerɛ obiara a wohyia no wɔ afum nso—nnipa a wɔrefɛtɛw asase, wɔregu aba, wɔregugu so nsu, anaa wɔte afurum so.
Nokwarem no, Bible mu nokware ahyɛ Rahbeh a ɛyɛ akuraa a nsu pii wɔ ase no ma. Ɛnyɛ ne nyinaa nen. Sɛnea Rahbeh ma nkuraa pii a atwa ho ahyia no nya nsu pa no, saa ara nso na ɛde Bible mu nokware nsu a ɛma nkwa ama wɔn. Adawurubɔfo a wofi Rahbeh nantew kɔ nkuraa a ɛbemmɛn no ase nnipa nkyɛn, na wɔyɛ akuw a wɔfa kar ho nhyehyɛe, na wɔde da koro kɔka asɛm wɔ akyirikyiri nkuraa no ase. Adawurubɔfo no mu binom tu kɔsom wɔ nkuropɔn afoforo mu. Yehowa nhyira nti, wobenya nkɔanim foforo a ɛbɛma wɔakamfo ɔsoro Agya Yehowa Nyankopɔn no pii.
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Rahbeh borɔn bi so