Hyerɛn A Wɔhyerɛn sɛ Akanea Wɔ Wiase
WƆ WIASE a ɔbrafĩ ne akɔntɔnkyesɛm asɛe no mu no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ asase so nyinaa ma hann. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ akanea wɔ wiase a aduru sum mu. (Filipifo 2:15) Nnipa mpempem pii wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ eyi sɛ akwampaefo, anaasɛ bere nyinaa asɛnkafo. Wɔn mu pii de mfe pii atra saa ɔsom yi mu na wɔanya akatua a ɛne hu a wohu sɛ nnipa a wogu ahorow yɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu ma wɔbɛyɛ Yesu Kristo nokware asuafo no.—Mateo 28:19.
Nea ɛbɛyɛ na wɔahyɛ akwampaefo yi nkuran ma wɔakɔ so wɔ ɔsom kronn yi mu na wɔahu kyerɛkyerɛ yiye no, Yehowa Adansefo ahyehyɛ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no. Ɛyɛ dadu adesua a egyina Bible so a wɔasiesie na wɔde aboa akwampaefo wɔ nneɛma abiɛsa mu: Yehowa a wɔne no bɛnantew sɛ Yesu Kristo akyidifo; ɔdɔ kɛse a wobenya ama anuanom fekuw no nyinaa; hyerɛn a wɔbɛhyerɛn sɛ akanea wɔ wiase.
Akwampaefo Sukuu wɔ Central African Republic
Wɔ Bangui a ɛne Central African Republic ahenkurow mu no, asuafo 48 ne akyerɛkyerɛfo 2 hyiaam wɔ August 1991 mu. Ná asuafo no rebenya wɔn adwuma no ho ɔkyerɛkyerɛ ne nyansahyɛ ahorow a etumi yɛ adwuma. Ná dɛn na ɛyɛ anigye pii saa wɔ Bangui adesuakuw no ho?
Biako ne sɛ na asuafo no mu 21 da so ara kɔ sukuu. Bere a wɔda so ara wɔ sukuu no, wotumi yɛɛ nhyehyɛe somee sɛ daa akwampaefo. Wɔde wɔn akwamma asram, dapɛn awiei, ne awia a wɔnyɛ hwee no kaa asɛm na wɔkyerɛkyerɛe.
Saa mmofra yi ahu hia a ɛho hia sɛ wɔsom wɔn Bɔfo no mprempren. (Ɔsɛnkafo 12:1; fa toto 1 Korintofo 7:29 ho.) Ade titiriw bi nso ne nokwasɛm a ɛne sɛ wɔn mu 12 awofo nyɛ gyidifo no. Wɔn nkutoo na wɔwɔ nokware no mu wɔ wɔn fie. Mmarimaa baanu a wɔyɛ honam fam anuanom agya hyɛɛ wɔn ma wofii fie esiane wɔn gyidi no nti. Awarefo bi a wɔwɔ asafo no mu gyee mmarimaa baanu yi ne wɔn trae.
Ná Michée ne Sulamithe Kaleb asɛm no yɛ soronko. Wɔn baanu nyinaa yɛ akwampaefo na wɔn nso kɔ sukuu, nanso wɔn awofo yɛ Yehowa Adansefo. Nokwarem no, na wɔn papa nso yɛ osuani wɔ adesuakuw koro no ara mu!
Asafo ahorow a ɛwɔ Bangui no nso nyaa sukuu no mu kyɛfã, nanso wɔ ɔkwan foforo bi so. Wodii honam fam ahiade ahorow te sɛ aduan ho dwuma. Wɔde sika, ne nkokɔ, asikire, ɔmo, ne bankye bɛboae na wɔde ahwɛ adesuakuw no.
Asafo ahorow a ɛbemmɛn no boaboaa aduannoafo akuw ano ma wɔnoaa nnuan a ne bo nyɛ den nanso ɛyɛ dɛ. Central African Republic agye din wɔ ngunza, aduan bi a obiara ani gye ho mu. Dɛn na wɔde yɛ? Bankye nhaban, ngo, gyeene, aanwo pii, nkate a wɔayam pii, ne ntoboase a wɔde bɛma aben yiye. Ná aduannoa kuw biara wɔ wɔn kwan soronko bi a wɔfa so yɛ. Ná ɛyɛ dɛ yiye; obiara dii bi.
Bangui akyi no, wɔyɛɛ sukuu afoforo abien, wɔyɛɛ biako wɔ Bouar ne biako nso wɔ Bambari, na ɛmaa adesuafo no dodow nkabom koduu 68. Wɔ mfe abien a atwam no mu no, akwampaefo dodow akɔ soro wɔ Central African Republic. Wɔ January 1992 mu no, na daa akwampaefo 149 ne akwampaefo atitiriw 17 ne akwampaefo aboafo 78 na wɔwɔ hɔ. Eyi ama adwuma no anya nkɔanim kɛse wɔ ɔman no mu nyinaa na wɔanya adawurubɔfo, nnɔnhwerew, sankɔhwɛ, ne Bible adesua ahorow dodow nkɔanim afoforo. Sɛ adwumayɛfo no dɔɔso a, aba a wotwa no yɛ pii.—Yesaia 60:21, 22; Mateo 9:37, 38.
Yɛda Yehowa Nyankopɔn ase wɔ nsiesiei ahorow yi ho na yɛda n’asase so ahyehyɛde no ase sɛ ɛyɛɛ adesua ahorow yi ho nhyehyɛe. Ɛboa asuafo ne akyerɛkyerɛfo nyinaa ma wɔhyerɛn sɛ akanea wɔ wiase a aduru sum yi mu.
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Akwampaefo Sukuu adesuafo aduonu biako a wɔda so ara kɔ ntoaso sukuu
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Na ɛsɛ sɛ mmarimaa baanu yi fi fie esiane nokware no nti