Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 9/15 kr. 24-27
  • Wɔrenya Nokware Anigye Wɔ “Paradise!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔrenya Nokware Anigye Wɔ “Paradise!”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wɔadi Owu ho Hu So
  • Nokware Kristosom Twetwe Wɔn
  • Wɔanya Anigye ne Asomdwoe
  • Afɔrebɔ ne Akatua Horow
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 9/15 kr. 24-27

Wɔrenya Nokware Anigye Wɔ “Paradise!”

Paradise! Saa asɛmfua no taa ba nkurɔfo adwene mu bere a wosusuw Hawaii ho no​—na ntease pa nti na wɔyɛ saa. Wim a ɛyɛ hɔ ne hɔ, ɔsoro a ɛyɛ bruu, abɛ nnua a ehinhim, mframa a ano yɛ dɛ, ne mpoano anhwea bebree wɔ ha​—nneɛma a nnipa pii betumi abu sɛ ɛte sɛ paradise de.

Nneɛma yi akanyan nnipa a wɔbɛn hɔ ne akyirikyiri no anigye. Wofi Asia, Pasifik, Amerika, ne mmeaemmeae te sɛ Caribbean nsupɔw so ne Europa mpo aba ha. Afe mũ no nyinaa wim tebea a ɔhyew nnim pii no nti, nnipa pii atu abɛtra ha. Afoforo aba ha sɛ wɔbɛhwehwɛ sika fam ahobammɔ​—ne anigye nso. Nea afi mu aba ne sɛ abɛyɛ baabi a aman ne mmusua pii mufo adi afra, na amammerɛ ne nyamesom gyidi a egu ahorow a ɛkanyan anigye wɔ hɔ.

Nanso, biribi foforo nso rekɔ so wɔ ha. Te sɛ asase so mmeae fɛfɛ pii no, nsɛmmɔnedi, nnubɔne, mmofrabɔnesɛm, efĩ ne ɔhaw afoforo a adesamma abusua no hyia, a baabi a obi te no mfa ho, rekɔ so wɔ Hawaii. Onipa aniabiannaso ne ne pɛsɛmenkominya nti, Hawaii nsupɔw no fɛ resɛe nkakrankakra. Nkurɔfo pɛ paradise, nanso ɛnyɛ nnipa a wɔte ha no nyinaa na wodwen ho pii sɛ wɔbɛyɛ nsupɔw yi paradise, anaasɛ anyɛ yiye koraa no, wɔbɛma akɔ so ayɛ paradise. Ɛnyɛ beae bi fɛ ne ne wim tebea pa nko na ɛma hɔ yɛ paradise.

Nanso, nnipakuw bi a wɔredɔɔso wɔ ha no renya nokware anigye wɔ paradise tebea yi mu. Wɔyɛ nnipa a wɔregye Bible mu nokware ne Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi atom: “Merebɔ ɔsoro foforo [ne asase foforo], na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.” Saa nnipa yi de anigye rehwɛ daakye kwan bere a wɔma ɔsomafo Petro nsɛm yi tra wɔn adwenem no: “Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (Yesaia 65:17; 2 Petro 3:13) Eyinom yɛ nnipa bɛn? Ɛyɛɛ dɛn na wohuu anidaso a ɛyɛ nwonwa a wɔka ho asɛm wɔ Bible no mu no? Na nsakrae ahorow bɛn na aba wɔn asetra mu?

Wɔadi Owu ho Hu So

Isabel ne ne kunu George akyi fi Philippines. Wɔtetee Isabel ma ɔkɔɔ n’awofo asɔre a ɛne Roman Katolek, ɛwom sɛ ná ɔnhwɛɛ Bible mu da de. Na wɔakyerɛkyerɛ Isabel sɛ ɔdesani kra ntumi nwu da. Dɛn na ɔyɛe wɔ atoro ɔkyerɛkyerɛ yi ho? Na wu a obewu ho adwennwene ma osuro, efisɛ na osusuw sɛ wɔde funu adaka besie no animono afebɔɔ, a wose ne kra rentumi nguan. Wɔ 1973 mu no, Isabel fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Bere a ɔtee sɛ onipa kra wu, na Onyankopɔn nam owusɔre so beyi owu afi hɔ no, n’ani gyei mmoroso, na ne koma tɔɔ ne yam yiye. (Hesekiel 18:4, 20; Yohane 5:28, 29) Bible mu nokware nyaa no so nkɛntɛnso yiye na onyaa nkɔso ntɛmntɛm.

Na George nso ɛ? Ɔno nso traa Bible mu nkɔmmɔbɔ no mu, nanso adwene a ɔde yɛɛ saa ne sɛ ɔbɛkyerɛ Adansefo no sɛ nea wɔka no yɛ atoro. Nanso, wanhu mfomso biara wɔ nea na wɔrekyerɛkyerɛ ɔne ne yere no mu. Nokwarem no, mogya ho asɛm sɔree bere a wofii ase suaa ade no akyi pɛɛ. Ebeduu saa bere no, na George pɛ aduan a wɔde mogya ayɛ di. Nanso bere a ohui sɛ Bible no kasa tia mogyadi pefee no, wanni bio. (Genesis 9:3, 4; Leviticus 17:10-12; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ Bible adesua no mu, na n’ani gyei sɛ awiei koraa no, wahu nokware no. Ɛnnɛ, Isabel, George, ne wɔn mma baanan nam Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a wɔde tra ase no so renya nokware anigye.

Nokware Kristosom Twetwe Wɔn

Japanni bi a wɔfrɛ no George ne ne yere Portugalni Lillian wɔ wɔn mfe 60 mu. Wɔwoo wɔn baanu nyinaa wɔ Hawaii, na wɔtetee wɔn wɔ hɔ. Esiane sɛ George awofo amfa ɔsom mu akwankyerɛ biara amma no nti, wamfa nyamesom aniberesɛm da. Nanso, na ogye Onyankopɔn di bere nyinaa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Lilian awofo tetee no wɔ wɔn nyamesom mu sɛ Roman Katolekni.

Ɛwom sɛ na George ntaa nkenkan Bible no de, nanso na ɔde mfe bɛyɛ 30 akenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no. Ɔnam saayɛ so huu Bible no ho nsɛm pii. Nanso, sigaret ne nsa pii a na ɔnom nti, wanyɛ nsakrae ntɛm wɔ n’asetra mu. Mfe no twaam no, George kɔɔ so kenkan nsɛmma nhoma no, na ɔkɔɔ Kristofo nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so wɔ bere ne bere mu. Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea ɔka no, “nyamesom afoforo no yɛ nyaatwom pii” wɔ bɔne pii a wɔakasa tia wɔ Bible mu a wɔpene so no mu. Otumi hui sɛ Yehowa Adansefo yɛ soronko.

Dɛn na ɛtwetwee George yere Lillian a ɔwɔ ahofama no baa Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ho, ɛwom sɛ na n’awofo nyamesom anya no so nkɛntɛnso kɛse de? Ɛne sɛ ne honam fam nuabea too nsa frɛɛ no kɔɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so. Lillian se: “M’ani gyee tebea a na ɛda abusua mu anigye adi ne adamfofa kwan so serew no ho.” Nokware dɔ a ohui sɛ Yehowa nkurɔfo yi adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no maa ogye dii sɛ ɛno ne nokware no. (Yohane 13:34, 35) Ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua, na awiei koraa no ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn, na wɔbɔɔ no asu bere a wɔbɔɔ ne kunu asu asram kakraa bi akyi no.

George nnom sigaret na ɔmmow nsa bio, na Lillian atow ne nyamesom mu ahoni nyinaa agu. Wɔde koma a ɔdɔ ayɛ no ma ka nea wɔasua no kyerɛ afoforo, a wɔn nenanom 25 ne wɔn nenakansonom 4 ka ho. Hwɛ wɔn anim kɛkɛ, na hwɛ sɛnea George ne Lillian wɔ anigye!

Wɔanya Anigye ne Asomdwoe

Patrick, Irelandini bi a n’ani afi, ne ne yere Yudani Nina baanu nyinaa fi United States kesee fam atɔe na wotu bɛtraa Hawaii. Kan no, na wɔbɔ bra a wose ahofadi wom, a ɛne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, nyamesom a wɔsɔ hwɛ, ne ahohwibra. Ná wɔayɛ nyamesom bi mufo mfe pii nso, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔnam nnubɔne, nneɛma ho a wodwen, ne wɔn ankasa ɔkyerɛkyerɛfo so benya nimdeɛ a ɛkɔ anim yiye. Bere bi akyi no, ntawntawdi, ne sɛnea nyamesom no mufo a wɔkyerɛ sɛ wɔanya ‘nimdeɛ a ɛkɔ anim’ no hamee bere nyinaa no fonoo Patrick. Ofii kuw no mu, na ɔsan baa Hawaii a watra hɔ pɛn no, a na ɔwɔ anidaso sɛ obenya adwenem asomdwoe. Ɛno akyi no, Patrick dan Nina a saa bere no na ɔyɛ n’adamfowa no ti ma ɔbɛsraa no. Awiei koraa no, wɔwaree na wɔbɛtraa Hawaii.

Nina ne Patrick anhu sɛ awiei koraa no, asomdwoe ne anigye a wɔhwehwɛ no bɛma wɔne Yehowa Adansefo asua Bible no. Ɛwom sɛ na Nina nnye nnii da sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ wɔ n’asetra nyinaa mu de, nanso ofii ase nyaa nsemmisa a na ɛkyere n’adwene, te sɛ nea enti a bɔne wɔ hɔ, ne nea enti a nneɛma bɔne to nnipa pa no ho mmuae a ɛma akomatɔyam a efi Bible mu. Mfe du a Patrick de hwehwɛɛ nokware no nso baa awiei wɔ anigye mu saa ara. Ankyɛ, nea na ɔne Nina resua afi Bible no mu no fii ase sakraa wɔn abrabɔ. Apereperedi a ɛkyɛe a na ɛyɛ den akyi no, Patrick tumi gyaee sigaretnom. Bɛyɛ mfe du ni, ɔne ne yere abu bra a ɛho tew, abrabɔ a ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow hyia. Wɔde koma kronn ne ahonim a emu tew renya asomdwoe a na wɔrehwehwɛ no.

Afɔrebɔ ne Akatua Horow

“Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu! Na mise mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.” (Luka 13:24) Saa nsɛm a Yesu Kristo kae no kyerɛ pefee sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn, na yɛde Kyerɛwnsɛm mu gyinapɛn ahorow atra ase. Ɛnyɛ mmɔden a ehia no nko na ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa no bɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔbɔ afɔre a ehia no nso. Ɛda adi sɛ ankorankoro a wɔabobɔ wɔn din wɔ asɛm yi mu no yɛɛ saa. Nanso hwɛ sɛnea wɔanya so akatua ma ɛyɛ nwonwa!

Sɛ nhwɛso no, susuw Patrick ne Nina a seesei ara na wɔkaa wɔn ho asɛm no ho. Wɔsakraa asetra a na wonya sika bebree wom mu bɛyɛɛ Kristofo bere nyinaa som adwuma a wɔnam honam fam adwuma a wɔde bere fã yɛ so na ɛhwɛ wɔn ho no. Nanso, wogye di sɛ honhom fam mfaso horow no ye sen honam fam nneɛma biara a wɔde abɔ afɔre no. Na wɔwɔ anigye ankasa.

Mfe a George ne Lillian adi nti, anyɛ mmerɛw amma wɔn sɛ wɔbɛyɛ nsakrae horow no. Ná Kristofo nhyiam ne ɔsom adwuma no a wɔde wɔn ho bɛhyem no gye bere, adwene, ne honam fam mmɔdenbɔ. Nanso, nea ama wɔn ani agye kɛse no, wɔn akwahosan ayɛ papa, na wobetumi aka wɔn bra a wobu mprempren no ho asɛm sɛ ahoɔden wom, edi mu, na ɛyɛ anigye.

George ne Isabel de, na ade a egye mmɔdenbɔ sen biara ne wɔn mma a wɔbɛtete wɔn aboa wɔn ma wɔaba nkwa kwan no so. Ná wohia bere ne mmɔdenbɔ pii na wɔasiesie mmofra baanan ho ama Kristofo nhyiam horow, anaa wɔne wɔn abom ayɛ Kristofo som adwuma no. Eduu baabi no, ahokyere a na George ne Isabel taa hyiaa no ma wɔyɛɛ wɔn awofo asɛyɛde ahorow ho anibiannaso. Nanso Bible mu ɔkasa bi a n’asɛmti ne sɛ “Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom a Wɔbɛsan Ayɛ no Foforo” no kanyan wɔn ma wɔyeree wɔn ho sɛ wɔde ɔhwɛ ne ntetee a wɔn mma baanan no hia nyinaa bɛma wɔn na ‘wɔayɛn wɔn Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.’ Nokwarem no, wɔanya mmɔdenbɔ a ɛte sɛɛ so akatua kɛse.​—Efesofo 6:4.

Ɛnyɛ asase no fɛ, wim tebea pa, anaasɛ haw a wɔnhaw wɔn ho wɔ asetra mu na ɛde nokware anigye brɛ nnipa yi ne afoforo pii. Mmom no, ɛyɛ nim a wonim sɛ wɔde wɔn asetra redi dwuma sɛnea Onyankopɔn apɛde kyerɛ, na wɔde n’Asɛm Bible no mu gyinapɛn ahorow bɔ wɔn bra no. (Ɔsɛnkafo 12:13)Bio nso, nokware anigye hyɛ wɔn koma ma, bere a wosusuw anigye bere a wɔde asase so paradise bɛsan aba asase nyinaa so no ho no.​—Luka 23:43.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

George, Isabel, ne wɔn mma nya anigye wɔ Bible a wɔkenkan no mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

George ne Lillian nya anigye wɔ Kristofo ɔsom adwuma no mu

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Patrick ne Nina renya nokware asomdwoe wɔ Yehowa som mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena