Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 8/15 kr. 21-25
  • Asɛnka Wɔ Maputo​—Mozambique Ahenkurow A Ɛda Nsow No Mu!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛnka Wɔ Maputo​—Mozambique Ahenkurow A Ɛda Nsow No Mu!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Maputo, Ahenkurow No
  • “Nnipa Yifo”
  • Nhoma a Wɔde Ba Faako a Wɔkora Nhoma
  • Teokrase Nkɔso Wɔ Akwanside Ahorow Nyinaa Akyi
  • “Otwa Adwuma no Dɔɔso”
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 8/15 kr. 21-25

Asɛnka Wɔ Maputo​—Mozambique Ahenkurow A Ɛda Nsow No Mu!

Wɔ 1991 mu no, wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu wɔ Mozambique. Efi saa bere no, Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka no anya nkɔso a ɛyɛ nwonwa wɔ Afrika kesee fam atɔe ɔman yi a osu tɔ na owia bɔ kɛse wom no mu. Sɛnea Yehowa Adansefo yɛ wɔn Bible ɔkyerɛkyerɛ adwuma no wɔ Mozambique, ne titiriw wɔ ahenkurow Maputo mpɔtam hɔ no ho kyerɛwtohɔ na edi so yi.

Mozambique a India Po a ɛyɛ hyew no wɔ so nkɛntɛnso no wim dwo. Mmɛ ne po mu abotan bi abu so wɔ ne mpoano. Po faka kɛse bi a nsu taa mu da ɔman no kesee fam​—beae pa ma n’ahenkurow Maputo.

Nanso, asase yi fɛ ne sɛnea ɛso yɛ dinn no ne n’abakɔsɛm mu basabasayɛ bɔ abira. Edii apere mfehaha pii wɔ aman afoforo tumi ase, wɔn a wodi kan dii so tumi ne Arabfo, na afei Portugalfo dii hɔ. Katolek Asɔre no na ɛmaa kwan maa Portugalfo fow asase no so ademude​—asommɛn, sika kɔkɔɔ, ne nkoa. Awiei koraa bere a atubrafo ahyɛ wɔn so mfehaha pii akyi no, akameakame bi a emu yɛ den a ɛma wonyaa ahofadi wɔ 1975 mu sii. Awerɛhosɛm ne sɛ nsakrae no amma wɔannya ahobammɔ kɛse wɔ asetra mu, efisɛ ɔman no mufo twaa wɔn ho koe, na ɛmaa nnipa no huu amane pii, ne titiriw no, wɔn a wɔtete nkuraase a wɔn ho nni asɛm no mu no.

Maputo, Ahenkurow No

Mozambiquefo mpempem pii aguan abɛtra nkurow ne nkuropɔn a ahobammɔ bi wom no mu wɔ mfe du a atwam no mu. Wohu wɔn titiriw wɔ Maputo, faako a Portugalfo ne Afrikafo adansi mu adwini fɛfɛ a afrafra no ma kuropɔn no yɛ fɛ no. Sɛ wutu mpase kɔfa Maputo akwan a ɛtrɛw a nnua sisi ho no so nnɛ a, ade a edi kan a wubehu ne nnipadɔm a wɔyɛ wɔn da biara nnwuma a adagyew nnim. Nanso biribi soronko bi wɔ hɔ. Rodrigo, ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Maputo no ka sɛ: “Wɔ nkyereso ne da biara asetra mu ahokyere nyinaa akyi no, nnipa no ayɛ krado sɛ wɔbɛserew akyerɛ wo bere nyinaa. Ɛyɛ den sɛ wubehu nnipa a wommu ade.” Yiw wonim Mozambiquefo sɛ nnipa a wofi wɔn pɛ mu yɛ ade a wɔwɔ adamfofa su.

Nokwarem no, sɛnea ɛte wɔ Afrika mmeae pii no, beae titiriw a wubehyia nnipa ne gua so. Sɛ wobɛkɔ hɔ a, wubetumi afa Chapa 100, din a wɔde frɛ lɔre pii a ɔmanfo de tu kwan wɔ hɔnom. Mpɛn pii no, ɛte sɛ nea nnipa a wɔtetare lɔre no ho no dɔɔso sen wɔn a wɔte mu ankasa. Ebia ɛyɛ papa sɛ wonantew mmom.

Mozambiquefo yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ankasa nnwuma bere nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ obi a ɔkɔ Maputo no behu sɛnea nnipa pii abɔ aguadi apata nketenkete wɔ kwan ho ne mmorɔn so mmantwea. So wobɛpɛ sɛ wotɔ nnuaba, nnuadewa, fan anaasɛ atomde amono? Ɛbɛso obiara so ma bi aka. Na nkokɔ, atea, ne demmire a wode besi wo dan nso ɛ? Biribiara nyɛ ɔhaw dodo, na wɔde adamfofa su yɛ biribiara. Wɔyɛ nnwuma te sɛ wo mpaboa a wɔbɛka ho anaa wo kar a wɔbɛhohoro ho ama wo nso wɔ hɔ. Abarimaa bi de dade a adɔ ne rɔba bi bedi dwuma de rɔba ato wo nhoma a ɛsom bo ano ama wo.

Nokwarem no, ɛnyɛ mmorɔn so aguadi nyinaa na mmara ma ho kwan ankasa. Nanso wodi gua no ara. Wɔfrɛ adetɔnfo a mmara bara wɔn aguadi no sɛ dumba nenge, ɛkyerɛ sɛ “fa wo ho to wo nan so.” Akyinnye biara nni ho sɛ saa na ɛte, efisɛ sɛ aban nnipa ba hɔ sɛ wɔbɛhwɛ hɔ a, ehia sɛ wɔn nan ase yɛ hare na amma wɔn adwuma a asiane wom no angu.

Hua bi a etu fa yɛn so no ma yehu sɛ yɛreyɛ abɛn mpataa gua no so! Da biara anwummere, wɔde ahopere yɛ nnwuma ahorow wɔ ahyɛmma a wɔde yi nam no ho wɔ Costa do Sol, bere a wɔde mpataa a wɔayi ɛda no ba no. Akɔtɔ,,sesɛw, ne Mozambiquefo mmɔnkɔ a wɔagye din no nso ka mpataa ahorow pii no ho. Nanso, ebia w’ani begye mpataayi foforo bi a ɛrekɔ so wɔ Maputo ne mpɔtam hɔ no ho.

“Nnipa Yifo”

Efi bere a wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu wɔ Mozambique no, ɔmanfo de aso pa atie wɔn. Ɔbarima bi daa n’anisɔ adi bere a ɔkaa eyi no: “Mihuu mo mu pii wɔ mmorɔn so wɔ London. Nokwarem no, baabiara a makɔ no, mihu Yehowa Adansefo. Afei ɛyɛ me anigye sɛ mihu mo wɔ ha nso.”

Sɛ Portugal ne Tsonga, kasa a wɔka wɔ hɔnom no mu Bible ne Bible ho nhoma a wogye no kyerɛ biribi de a, ɛnde na wɔyɛ nnipa a wɔn ani gye honhom fam nneɛma ho. Paula, ɔsɛmpatrɛwfo foforo ka sɛ sɛ ɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Memeneda anɔpa biara otumi ma nsɛmma nhoma bɛboro 50 wɔ wɔn gua kɛse no so. Ɛreda adi sɛ Questions Young People Ask​—Answers That Work nhoma no regye din yiye. Ɔko no ama mmofra pii aguan afi baabi a wɔte anaasɛ wɔayɛ nyisaa, na ɛte sɛ nea wɔn ani sɔ gyinapɛn ahorow ne akwankyerɛ a nhoma yi de ma no.

Sɛnea Afrikafo taa yɛ no, anigyefo akuw kɛse betwa ɔsɛmpatrɛwfo no ho hyia sɛ wobetie asɛm a ɔreka no. Hyia a wohyia wɔ akwan ho sɛɛ no dan Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ a anigye wom. Onuawa bi ka osuahu bi a ɛyɛ anigye.

“Bere bi a na meredi adanse wɔ mmorɔn so no, ehu kaa me bere a asraafo jiip bi begyina bɛn me no. Ɔsraani aberantewaa bi teɛm frɛɛ wɔn a wogyina kwan no ho no mu binom sɛ: ‘Hey, mo a mugyina hɔ no, monka nkyerɛ awuraa no sɛ ɔmmra ha.’ Bere a mekɔɔ ɔsraani no nkyɛn no, ɔserew kɛse na ɔkae sɛ: ‘Moyɛ nnipa pa. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛabehu mo wɔ ha. Migye di sɛ mowɔ nhoma a ɛka mmofra ho asɛm. Me nso mepɛ bi.’ Mebuae sɛ minni bi, nanso memaa no awerɛhyem sɛ, sɛ yennya bi pɛ a, mede biako bɛbrɛ no wɔ ne fie.”

Nhoma a Wɔde Ba Faako a Wɔkora Nhoma

Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nhoma a wɔhwehwɛ pii no, Ɔwɛn Aban Asafo no South Africa baa dwumadibea no de nhoma ba faako a wɔkora nhoma wɔ Maputo no adapɛn abien biara. Manuel, ɔsɛmpatrɛwfo bi, na ɔhwɛ faako a wɔkora nhoma no, na ɔno na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔkyekyɛ nhoma no.

Anɔpa bi, ɔbarima bi a n’ani afi baa hɔ bebisaa dekode a wɔyɛ wɔ hɔ. Manuel buae sɛ wɔkora Bible nhoma wɔ hɔ. Ɔbarima no puei, nanso ɔsan bae wɔ simma biako ntam.

Obisae sɛ: “Wuse eyinom yɛ Bible nhoma, ɛnte saa?”

Manuel buae sɛ: “Yiw, ɛte saa.”

Ɔbarima no bisae sɛ: “Ɛyɛ ahyehyɛde bɛn dea?”

Manuel buae sɛ: “Yehowa Adansefo,” na ɔka kaa ho sɛ, “Yɛde nhoma yi kɔma yɛn asafo ahorow a ɛwɔ ɔman yi mu no.”

“Aa, Yehowa Adnsefo!” Ɔbarima no anim yɛɛ serewserew. “Nneɛma pii wɔ hɔ a mepɛ wɔ mo saa nnipa yi ho. Nanso bere koro no ara mu no, biribi wɔ hɔ a mempɛ wɔ mo ho.”

Manuel de anifere bisae sɛ: “Wiɛ, dɛn na wopɛ wɔ yɛn ho?”

Ɔbarima no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “M’ani gye ɔkyerɛkyerɛ nhoma a emu yɛ dɛ a mutintim no ho. Nea mempɛ ne sɛ minnya nea ɛdɔɔso da. Wunnim sɛnea yɛhwehwɛ nhoma a ɛte sɛ mo de no bebree wɔ Maputo.” Afei oyii nhoma a Ɔwɛn Aban Asafo no tintim a Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a aba atwam a ne nsa anka bi no din ka ho.

Ɔka kyerɛɛ Manuel sɛ: “Mede din yi kyinkyin. Bere biara a mihyia Yehowa Adansefo no, mebɔ mmɔden sɛ menya nhoma biara a wɔwɔ no bi. Sɛ wubetumi aboa me ma me nsa aka nea makyerɛw no a, mewɔ ɔpɛ sɛ metua wo sika kɛse.” Wɔhyɛɛ nkɔmmɔbɔ ase. Manuel tee sɛ ɔbarima no dii kan hyiaa Yehowa Adansefo wɔ 1950 mfe no mu, bere a ɔkenkan Creation nhoma no. Nanso fi bere a wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Portugal aban nniso ase no, nkɔso kakraa bi na onyae.

Bere a Manuel kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ n’adwumam akyiri yi no, ohui sɛ na ɔde Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma a ɔwɔ no nyinaa ahyehyɛ rɔba mu ahyehyɛ no fɛfɛɛfɛ wɔ ɔpon so. Manuel tumi nyaa nhoma a aka a ɔbarima no hia no nyinaa maa no, na ɔyɛɛ nhyehyɛe ne ɔbarima no ne n’abusua kɔyɛɛ Bible adesua.

Saa honhom mu aba a wogu ne nsu a wɔde gugu so yi nyinaa afi ase resow aba pii bere a Onyankopɔn kɔ so ma ‘enyin no.’ Wɔwɔ awerɛhyem a emu yɛ den sɛ nnipa komapafo a wɔka asɛm kyerɛ wɔn no bɛma nnipa pii aba nokware no mu wɔ Mozambique!​—1 Korintofo 3:6; Yohane 4:36.

Teokrase Nkɔso Wɔ Akwanside Ahorow Nyinaa Akyi

Ɛnnɛ asafo bɛboro 50 na ɛwɔ Maputo ne mpɔtam hɔ. Nanso, Yehowa Adansefo Ahenni Asa biako pɛ mpo nni hɔ. Dɛn nti na ɛte saa? Esiane sika fam ahokyere nti, asafo ahorow no ntumi nsii bi, ɛwom sɛ na ebinom wɔ nsase mfe dodow bi de.a

Nanso, akwanside ahorow a ɛte sɛɛ no nsiw nkɔso kwan. Mprempren wɔreyɛ ofie Bible adesua bɛboro 5,000 wɔ Mozambique kesee fam. Nnipa a wɔpɛ sɛ wosua ade no dɔɔso ara ma ɛsɛ sɛ wɔde nsɛm atitiriw bi sisi hɔ: Sɛ obi bisa sɛ wɔne no mmɛyɛ adesua a, wɔfa no sɛ ɔbɛba asafo nhyiam horow nyinaa.

Nnansa yi nnipa 189 na wɔbaa asafo bi a ɛwɔ baabi a asase no yɛ aban de no Kwasida nhyiam horow ase, ɛwom mpo sɛ adawurubɔfo 71 pɛ na wɔka asɛmpa no de. Saa kuw kɛse yi hyiam wɔ ofie bi adiwo. Wɔde nkankyee a wɔde kuru dan ne demmire agye ho ban ma wonhu hɔ. Wɔpra hɔ ansa na wɔayɛ nhyiam biara, na atiefo no mu fã kɛse, a mpanyimfo pii ka ho tratra demmire kɛtɛ so wɔ fam hɔ. Hwɛ sɛnea wɔyɛ aso tie dwumadi no dinn! Esiane sɛ afoforo pii nni Ɔwɛn-Aban no bi na wɔadi adesua no akyi nti, wosua sɛnea wobetie asɛm no yiye bere a wɔkenkan nkyekyem ahorow no, na wɔn mu pii ma wɔn nsa so bere a nea ɔhwɛ adesua no so bisa nsɛm no.

Nnipa 140 ba asafo foforo a emu adawurubɔfo yɛ 59 no nhyiam horow daa. Wɔtaa hyiam wɔ atrae a wonkuruu so ɛ. Nanso, wɔ osutɔ bere mu no, asafo no pia wɔn ho hyɛ ofie ketewaa bi adan abien mu. Atiefo a wonnya kwan wɔ adan no mu no tra abrannaa so ne mukaase. Bio nso, obi tumi hu anisɔ ne asoyɛ bere a obiara, a mmofra pii ka ho de asoyɛ tie dwumadi no dinn no.

Baabiara nni hɔ a wotumi hu sɛ asafo no bɛdɔ yiye sen nhyiam akɛse ase. Nnansa yi wɔyɛɛ ɔmansin nhyiam bi wɔ agumadibea a ɛwɔ kurow no mfinimfini, a nnipa ne anantwinini ko wɔ hɔ no mu. So wubetumi ahu sɛnea adawurubɔfo bɛyɛ 3,000 no ho dwiriw wɔn bere a nnipa bɛboro 10,000 betiee dwumadi no?

“Otwa Adwuma no Dɔɔso”

Osuahu ahorow a ɛte sɛɛ kyerɛ pefee sɛ adwuma pii wɔ Mozambique a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Eyi ne bere a edi kan a ɔhwɛfo ɔkwantufo a baa dwumadibea no asoma no akɔsra asafo binom. Wɔrenya mmoa a wohia kɛse no, na aboa wɔn ma wodi nhyehyɛe pa so wɔ asafo no mu.

Asafo ahorow no ani sɔ ba a Gilead asɛmpatrɛwfo aba hɔ nnansa yi no nso yiye. Francisco, ɔpanyin bi a ɔwɔ Maputo se: “Eyi yɛ nkɔanim kɛse ma yɛn. Na yɛyɛ nnam. Na yɛwɔ ɔdɔ. Nanso, na yennim nhyehyɛe pii ho hwee. Nea yehia ankasa ne obi a ɔwɔ osuahu ankasa a ɔbɛkyerɛ yɛn ɔkwan a wɔfa so yɛ nneɛma. Afei, ɛyɛ yɛn anigye sɛ asɛmpatrɛwfo abɛka yɛn ho.”

Ɛyɛ asɛmpatrɛwfo no nso ani gye sɛ wɔresom wɔn nuanom. Hans a wɔde no baa Mozambique nnansa yi bere a ɔde mfe 20 asom wɔ Brazil no twa asɛm no tiawa sɛ: “Adwuma a yɛyɛ wɔ Mozambique asasesin mu no yɛ hokwan kɛse! Yɛte nka sɛ yebenya nkɔanim kɛse wɔ ha. Adwuma kɛse pii wɔ ha a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yebetumi de asɛmpatrɛwfo afoforo bɛyɛ 10 anaasɛ 20 adi dwuma wɔ Maputo nkutoo.”

Mprempren teokrase adwuma a ɛrenya nkɔanim wɔ Mozambique no ma obi kae Yesu nsɛm a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm yi: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” (Mateo 9:37, 38) Yɛwɔ nea yebetumi agyina so agye adi sɛ Yehowa bebua saa adesrɛ a ɛsɛ sɛ odi ho dwuma ntɛm no ama ne nkoa a wɔwɔ Mozambique no.

Yehowa Adansefo mpempem pii dii mfe 12 ne akyi wɔ adwumayɛban mu wɔ Mozambique kusuu fam atɔe. Bere a wɔn mu binom san baa Maputo nnansa yi no, na honam fam agyapade a wɔwɔ ne ntamasin bi a wɔde atware wɔn asen nkutoo. Ade a na wɔwɔ bebree ne gyidi. Nnuan ne ntade a wɔn mfɛfo Adansefo a wɔwɔ aman a ɛbemmɛn no mu fii ayamye mu de mae no boaa wɔn ma wɔhyɛɛ asetra foforo ase.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ obi tumi nya adwuma wɔ hɔ a, akatua no yɛ ¢8,000 kosi ¢12,000 ɔsram biara.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Asafo no mufo a wɔn dodow sɔ ani ba adansedi Memeneda anɔpa

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Jamito a wadi mfe 5 ni. Wɔwoo no wɔ adwumayɛban mu. Ɛnnɛ, Jaimito awofo ani agye sɛ wɔasan aba Maputo. Dapɛn biara Francisco, Jamito papa ma abusua no mufo nyinaa hyiam bom yɛ Bible adesua. N’awofo baanu no nyinaa de bere pii tete wɔn mma na ama wɔayɛ akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu. Jaimito ani gye nhoma a ɔde ma wɔ gua kɛse no so no ho

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ asafo ahorow no nni Ahenni Asa a wohyia wɔ so no nsiw nkɔso a wonya no kwan. Mpɛn pii no, adawurubɔfo no dodow mmɔho abien ne akyi ba nhyiam horow no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena