Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 6/1 kr. 27-30
  • Buchenwald Akyi Ansa Na Mihuu Nokware No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Buchenwald Akyi Ansa Na Mihuu Nokware No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔkyere Me
  • Yesim Kɔ Germany
  • Da Biara da Asetra
  • Kuw a Wɔyɛ Soronko
  • Owu Keteke No
  • Adeyɛ Foforo
  • Me Mudi Mu A Mikurae Wɔ Nazi Germany
    Nyan!—1985
  • Yehowa Boaa Yɛn Ma Yegyinaa Kankabi Nniso Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Biribiara Nsen Nokware no
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Onyankopɔn Mu Ahotoso Wowaw Me
    Nyan!—2002
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 6/1 kr. 27-30

Buchenwald Akyi Ansa Na Mihuu Nokware No

MINYINII wɔ Grenoble, France, wɔ 1930 mfe no mu. Na me kyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ me German kasa a ɔyɛ Franseni no pɛ Nasisɛm ma ɛtra so. Na ɔka wɔ sukuu bere nyinaa sɛ German kasa “ho bɛba mfaso” da bi. Nanso na Nasisɛm a ɛresɔre wɔ Germany no haw yɛn akyerɛkyerɛfo no mu dodow no ara a wɔkɔɔ Wiase Ko I no bi no. Bere a ɛkɔɔ so daa adi sɛ ɔko rebesi no, me nso ɛhaw me.

Wɔ 1940 mu no, bere a Wiase Ko II fii ase no, mehweree me wɔfa a medɔ no no wɔ akodi a emu yɛ den a ɛkɔɔ so wɔ asubɔnten Somme so no mu. Metee abufuw nka kɛse wɔ me mu nanso na misua dodo sɛ mɛkɔ akɔyɛ ɔsraani wɔ Franse Asraafo no mu. Nanso, mfe abiɛsa akyi, bere a Germanfo no bedii Franse so no, wɔmaa me hokwan sɛ mede adwuma a misuae sɛ mfiri ne adan ho mfoniniyɛfo no bedi dwuma ama Fransefo Ɔsɔretia no. Mebɔɔ mmɔden yiye wɔ sɛnea wɔkyerɛw afoforo din hyɛ nkrataa ahorow so no mu, na meyɛɛ German rɔba stamp nso wɔ sum ase. Minyaa akomatɔyam pii wɔ atamfo dɔm a wɔaba yɛn man mu no a meko tiaa wɔn wɔ saa kwan yi so no mu araa ma na komunistfo adwenhorow a me mfɛfo no kurae no ho anhia me ahe biara saa bere no.

Wɔkyere Me

November 11, 1943 mu no, yɛn man mu Ɔsɔretia kuw no kae sɛ yɛnyɛ ɔyɛkyerɛ bi mfa nkae asomdwoe apam a ɛde Wiase Ko I baa wiei no. Nanso Franse awɛnfo a wɔtra hyɛn mu no kosiw ɔkwan a ɛkɔ twene a ɛkɔ nea ɔko no ho nkaedum si no so, na wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsan nkɔ fie. Yɛn kuw a wɔato santen no sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ ɔko nkaedum foforo bi a ɛwɔ kurom hɔ no ho. Nanso yɛn werɛ fii ade biako. Na faako a nkaedum no si no bɛn Gestapofo adwumayɛbea hɔ yiye.

Ntɛm ara na asraafo a wokurakura akode betwaa yɛn kuw no ho hyiae na wɔma yegyinaa hɔ saa so wɔ ɔfasu bi ho. Bere a asraafo no ma yɛtwee yɛn ho no, wohui sɛ akodiawuo pii gugu fam hɔ. Esiane sɛ obiara ampɛ sɛ ɔka sɛ ɛyɛ ne de nti, asraafo no gyaa mmea ne mmofra a wonni mmoroo mfe 16 no nkutoo. Enti, bere a na madi mfe 18 no, wɔde me ne nneduafo afoforo 450 too afiase. Nna kakraa bi akyi no, woyii yɛn kɔɔ nneduaban foforo bi a ɛbɛn Compiègne, wɔ France kusuu fam no mu.

Yesim Kɔ Germany

Wɔ January 17, 1944 mu no, me ne German asraafo a swastika wɔ wɔn dade kyɛw no ho wɔ benkum so na nkyerɛwde SS (Schutzstaffel) wɔ nifa so no hyiae nea edi kan​—nanso awerɛhosɛm ne sɛ na ɛnyɛ ɛno ne nea etwa to. Wɔboaboaa nneduafo ɔhaha pii ano, na na ɛsɛ sɛ yɛnantew kɔ Compiègne keteke gyinabea hɔ. Wɔde wɔn nan piapiaa yɛn ankasa kɔɔ keteke no mu. Na nneduafo 125 na wɔwɔ keteke so dan a mewɔ mu no nkutoo mu. Nnansa twaam a yɛannya aduan ne nsu. Nnɔnhwerew kakraa bi mu no, na wɔn a wɔyɛ mmerɛw no ahwehwe ase ma wɔatiatia wɔn so dedaw. Nnanu akyi no, yekoduu Buchenwald a ɛbɛn Weimar wɔ Germany no.

Bere a wɔhohoroo me ho yii me ti wiei no, wɔmaa me nɔma a ɛne 41,101, na wɔkaa me ho asɛm sɛ meyɛ “Komunistni Ɔsɛmmɔnedifo.” Wɔ bere a na wɔatew me afi nneduafo afoforo ho mu no, mihyiaa Dominican ɔsɔfo Michel Riquet a ɔko no akyi no, asɔre a ɔyɛe wɔ Notre Dame Asɔredan Kɛse a ɛwɔ Paris no mu no ma ogyee din no. Me ne m’atipɛnfo mmerantewa afoforo bisaa no nea enti a Onyankopɔn ma ahude a ɛtete sɛɛ ho kwan. Obuae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wuhu amane pii ansa na woafata sɛ wobɛkɔ soro.”

Da Biara da Asetra

Na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ nneduadan 61 no nyinaa mu no sɔre anɔpa nnɔnnan ne fã. Yepue a yɛnhyɛ hwee wɔ soro na mpɛn pii no na ɛsɛ sɛ yɛde nsu a awɔw ama adan nsukyene guare. Na ɛsɛ sɛ obiara guare, sɛ́ ɔwɔ ahoɔden anaa onni ahoɔden. Ɛno akyi no, wɔkyekyɛ bodobodo​—wɔma yɛn bodobodo a ɛnyɛ dɛ a emu duru bɛyɛ fi gramme 200 kosi 300 da biara, ne bɔta ketewaa bi a biribi a ɛte sɛ jam ka ho. Wɔma obiara sɔre anɔpa 5:30 na wɔbobɔ din. Osuahu huhuuhu bɛn ara na ɛyɛ sɛ yebeturu wɔn a wɔawuwu anadwo no mu no de afi adi sɛɛ yi! Bere a wɔrehyew wɔn afunu no, owusiw a efii mu no hua ma yɛkae yɛn nnamfonom no. Yɛtee abofono, abasamtu, ne ɔtan kɛse nka, efisɛ na yenim sɛ yɛn awiei betumi ayɛ saa ara.

Na adwuma a meyɛ wɔ BAU II Kommando mu no ne sɛ yebetutu ntokuru a wɔmfa nyɛ hwee. Sɛ yetu tokuru a emu dɔ bɛyɛ mita 2 no wie ara pɛ a, na wɔama yɛasan de ahwɛyiye asiw bio. Yefi adwuma ase anɔpa 6:00, na yɛde dɔnhwerew fã home awia, na afei yɛatoa adwuma no so akosi anwummere 7:00. Na anwummere din bobɔ no taa yɛ sɛ nea ɛremma awiei da. Sɛ Rusiafo kunkum Germany asraafo pii wɔ akono a, wotumi bobɔ din kosi ɔdasum.

Kuw a Wɔyɛ Soronko

Na ɛnyɛ den sɛ wobehu obiara a ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obeguan afi nneduaban no mu no, efisɛ na wɔayi yɛn nyinaa ti basabasa. Na wotwitwa yɛn ti nhwi ma ɛkɔ fam wɔ mfinimfini anaa ano ano nyinaa. Nanso, na nneduafo bi de wɔayi wɔn ɔkwan a ɛfata so. Na wɔne henanom? Yɛn nneduadan so panyin no kyerɛɛ yɛn nnipa ko a wɔyɛ. Ɔkae sɛ: “Wɔyɛ Bibelforscher (Bible Asuafo).” Nanso mibisaa me ho sɛ, ‘dɛn na Bible Asuafo reyɛ wɔ nneduaban mu?’ Wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Esiane sɛ wɔsom Yehowa nti na wɔde wɔn aba ha yi.” Yehowa! Na ɛno ne bere a edi kan a mate Onyankopɔn din.

Akyiri yi mihuu Bible Asuafo no ho nsɛm pii. Na wɔn mu dodow no ara yɛ Germanfo. Wɔn mu binom atra nneduaban mu fi 1930 mfe no mfinimfini esiane sɛ wɔpow sɛ wobetie Hitler nti. Na anka wobetumi agyaa wɔn, nanso wɔampene so sɛ wobegyaa mu asiesie. SS asraafo no de wɔn yɛɛ wɔn tiyifo, na wɔmaa wɔn dwumadi atitiriw a ɛhwehwɛ sɛ adwumayɛfo a wɔwɔ wɔn mu ahotoso yɛ, te sɛ nneɛma so hwɛ nnwuma. Nea ɛyɛɛ yɛn ahodwiriw sen biara ne wɔn asomdwoe no, na wonni ɔtan anaa atuatew ne aweredi honhom biara. Na mintumi nte ase. Awerɛhosɛm ne sɛ, saa bere no na mente German kasa no yiye a ɛbɛma matumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ.

Owu Keteke No

Bere a Aman a wɔaka abom ko tia Germany no fii ase dii Germanfo no so no, wɔde nneduafo kɔɔ nneduaban ahorow a ɛwɔ ɔman no mfinimfini fam no mu, nanso na eyinom mu nnipa redɔɔso dodo. April 6, 1945 anɔpa no, SS asraafo no hyɛɛ yɛn mu 5,000 ma yɛnantew kilomita akron wɔ ɔkwan a ɛkɔ Weimar no so. Wɔbɔɔ wɔn a wɔantumi anantew ntɛm no kɔn ho tuo atirimɔden so kum wɔn. Bere a awiei koraa no yekoduu Weimar no, wɔmaa yɛtraa keteke no mu ma etui. Ɛde nna 20 fi keteke gyinabea biako kɔɔ foforo so wɔ Germany nyinaa na afei ɛtoaa so kɔhyɛn Czechoslovakia.

Da koro anɔpa bi, woyii yɛn keteke no fa bi sii nkyɛn. Asraafo no twetwee wɔn atuo, buee keteke no biako pon, na wokunkum Rusiafo nneduafo a wɔwom no nyinaa. Dɛn nti na wɔyɛɛ saa? Na nneduafo bɛyɛ dumien akum wɔn awɛmfo no aguan saa anadwo no. Meda so ara hu mogya no sɛ ɛresɔn fa keteke no ase gugu keteke kwan no so de besi nnɛ.

Awiei koraa no, keteke no koduu Dachau, faako a nnanu akyi no, Amerika Asraafo gyaa yɛn ma yɛdee yɛn ho. Nnafua 20 akwantu yi nyinaa mu no, nea yenya dii ara ne ntɔmmɔ a wɔnnoae kakraa bi ne nsu. Yesiim no, na yɛyɛ bɛyɛ 5,000, nanso 800 pɛ na ɛkae. Afoforo pii wuwui wɔ nna bi akyi. Mede, ɛkame ayɛ sɛ akwantu no mu nyinaa no, na mete funu bi so.

Adeyɛ Foforo

Minyaa ahofadi akyi no, na biribiara nyɛ ne kwan so sen sɛ mɛboa French Communist Party no, esiane sɛ me ne emufo no mu dodow no ara​—a wɔn mu atitiriw ka ho​—bɔe wɔ Buchenwald nti. Mebɛyɛɛ kuw a ɛwɔ Grenoble no mu ɔkyerɛwfo abadiakyiri na wɔhyɛɛ me nkuran ma mekɔɔ mpanyimfo ntetee sukuu bi wɔ Paris.

Nanso, ankyɛ na m’abam bui. Wɔ November 11, 1945 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ nsrabɔ bi wɔ Paris. Wɔmaa ɔpanyin a na ɔhwɛ yɛn kuw no so no sika bi sɛ yɛmfa ntua dabere a yebenya ho ka; nanso, na ɔmpɛ sɛ ɔde di yɛn ho dwuma. Na ɛsɛ sɛ yɛkae no nokwaredi ne adamfofa ho nnyinasosɛm a na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn bom no. Mibehui nso sɛ nnipa atitiriw pii a na minim wɔn no nni wiase ɔhaw ahorow ano aduru. Bio nso no, na wɔn mu pii yɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ, nso na migye Onyankopɔn di.

Akyiri yi mitu kɔɔ Lyons, faako a mekɔɔ so yɛɛ adwuma sɛ adan mfoniniyɛfo no. Wɔ 1954 mu no, Yehowa Adansefo baanu bɛsraa me, na mekraa Nyan! nsɛmma nhoma no bi. Nnanu akyi no, ɔbarima bi ne mmea a wɔbɛbɔɔ me pon no mu biako bɛsraa me. Mpofirim na me ne me yere hui sɛ yɛn baanu nyinaa ani gye honhom fam nneɛma ho.

Wɔ nkɔmmɔ a yɛbɔe no mu no, mekaee Bibelforscher a na wɔwɔ Buchenwald a wɔampa wɔn gyidi no. Ɛno ansa na mihui sɛ saa Bibelforscher yinom ne Yehowa Adansefo yɛ nnipa biako. Ɛdenam Bible adesua a wɔne yɛn yɛe so no, me ne me yere begyinaa Yehowa afã na wɔbɔɔ yɛn asu wɔ April 1955 mu.

Meda so ara kae nsɛm a esisii no te sɛ nea esisii nnɛra nkutoo. Minni m’amanehunu wɔ mmere a atwam mu no ho yaw. Ahyɛ me den na aboa me ma mahu sɛ nea wiase yi nniso horow no betumi ayɛ no sua koraa. Ɛwom sɛ osuahu a obi nya no tumi boa afoforo kosi baabi kɛkɛ de, nanso m’ani begye ho sɛ me de no bɛboa mmofra ma wɔahu sɛ hwee nni wiase yi mu ma enti wɔahwehwɛ nokware Kristosom mu nneɛma pa a ɛfata na ɛsom bo, sɛnea Yesu kyerɛkyerɛe no akyi kwan.

Ɛnnɛ, amanehunu ne atɛnkyea yɛ da biara da asetra fã. Te sɛ Bibelforscher a na wɔwɔ nneduaban no mu no, me nso merehwɛ wiase bi a eye koraa a ɛbɛba kwan, faako a onuadɔ ne atɛntrenee bɛtra hɔ na ɛnyɛ basabasayɛ ne nneɛma a ɛrentumi mma a wɔhwɛ kwan ma ɛtra so. Ansa na ɛno bɛba no, merebɔ mmɔden asom Onyankopɔn ne Kristo sɛnea metumi sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu, a me yere, me mma, ne me mmanananom ka me ho. (Dwom 112:7, 8)​—Sɛnea René Séglat ka kyerɛe.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Atifi: Edin bobɔ wɔ nneduaban no mu

Benkum so: Ɔpon a wɔfa mu kɔ Buchenwald. Nkyerɛwee no kenkan sɛ: “Obiara nsa bɛka nea ɛfata no”

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Atifi: Beae a wɔhyew afunu wɔ Buchenwald

Benkum so: Nneduafo dunsia na ɛda mpa a ɛsesa so yi mu biara so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena