Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 5/15 kr. 24-27
  • Goajiro Indiafo De Aso Pa Tie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Goajiro Indiafo De Aso Pa Tie
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Adwene a Yedii Kan Nyae
  • Afie Hwehwɛ
  • Yɛne Goajirofo Hyia Anim ne Anim
  • Nnipa Dodow a Yɛnhwɛ Kwan Bae
  • Ɛhɔnom Sankɔ
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 5/15 kr. 24-27

Goajiro Indiafo De Aso Pa Tie

NA ƐTE sɛ nea ɔbea panyin a ɔte dua kɛse bi onwini mu, a ɔhyɛ atade tuntum yuu a esi ne nan ase no fi ɔman foforo koraa mu. Ɔkaa kasa foforo bi nso. Ɔde anigye kae sɛ: “Monsan mmra bio.” Bere a ɔde ne nsa rekyerɛ n’abusuakuw mu nnipa afoforo 50 a wɔatra ase atwa ne ho ahyia no, ɔka kaa ho sɛ: “Yɛn nyinaa pɛ sɛ mosan ba bio. Mommra dapɛn biara!”

Na eyinom yɛ nnipa bɛn? Dɛn nti na wɔn ho pere wɔn sɛ yɛbɛsan aba, ɛwom sɛ wɔne yɛn nhyiaa da de? Ma yɛnka da koro bi a yekodii wɔ Goajiro Indiafo a wɔte La Guajira Supɔw so wɔ Colombia kusuu fam apuei a ɛbɛn Venezuela kusuu fam atɔe no ho asɛm nkyerɛ wo.

Adwene a Yedii Kan Nyae

Bere a yefii Venezuela ahenkurow Caracas mu no, faako a yedii kan gyinae ne Maracaibo. Bere a yɛkɔɔ kurom no, yehuu mmabaa baasa a wɔnam kwan no so a wɔhyehyɛ ntade atenten fɛfɛ. Na wɔnsɛ Venezuelafo koraa​—wɔn afono nnompe wɔ soro, wɔn honam ani yɛ nnodowee, wɔn ti nhwi yɛ nteateaa tuntum. Bere a yehuu sɛnea wɔtɔ wɔn bo ase nantew no, Goajiro Indiafo a yehuu wɔn bere a edi kan yi maa yɛn ho dwiriw yɛn.

Da a yɛkɔɔ La Guajira Supɔw no so no, na wim tew. Ansa na anɔpawia no rebɔ denneennen no, yɛn mu 50 foroo bɔs bi, a na yɛn ani agye sɛ yɛrenya ɔman no mu nyinaa ɔsatu titiriw a ɛbɛma yɛde Bible nkrasɛm no akɔ Venezuela ha nkuraa ase no mu kyɛfa. Na yɛrekɔ kurow Paraguachón a ɛwɔ Colombia hye so no mu.

Yefii kurow Maracaibo mu no, yɛkɔfaa nkurow ne nkuraa nketewa pii a ebiara wɔ gua ne apata a wɔtotɔn mpaboa a wɔanwene, ne ntade fɛfɛ atenten a wɔfrɛ no mantas no wɔ ase. Akuraa biara wɔ aguabɔbea titiriw a emu tew, ne asɔredan a wɔaka ho aduru a ɛma ɛhɔ nyinaa yɛ fɛ. Na nnipa no nyinaa sɛ Indiafo. Ɛwom sɛ na wɔyɛ soronko koraa ma yɛn de, nanso na ɛsɛ sɛ yɛkae yɛn ho sɛ eyinom yɛ Venezuelafo a wodi kan no mu binom.

Afie Hwehwɛ

Awiei koraa no, yeduu faako a yɛrekɔ no. Yɛn bɔs no kogyinaa lɔre kwan no nkyɛn, na yɛde kosii ɔfasu tiawa bi ho wɔ dua bi a adennan onwini mu. Na akuraa no ase sukuu wɔ ɔfasu no fã foforo​—wɔatom efisɛ ɛyɛ Kwasida.

Bere a yɛkyɛɛ yɛn mu akuw abien no, kuw biara faa baabi kɔhwehwɛɛ afie. Na ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ obiara ma obetie Bible ɔkasa a wɔbɛma wɔ Goajiro kasa mu awia nnɔnabiɛsa wɔ sukuu no mu no. Na Evelinda, Goajiro Indiani bi ka yɛn ho. Na yɛwɔ anidaso sɛ eyi bɛma wɔagye yɛn atom kɛse, efisɛ ɛwom sɛ yetumi ka Spania kasa de, nanso yennim Goajiro kasa no ho hwee koraa.

Bere a yefii akuraa no ase no, na ɛsɛ sɛ yɛnantew pii fa afie ntam. Bere a na yɛnam ɔkwan tẽẽ bi a pɔw kusuu bi wɔ n’afanu nyinaa no, abarimaa bi a wadi bɛyɛ mfe du bedii yɛn nkyɛnmu, na ɔde ahodwiriw hwɛɛ yɛn. Evelinda serew kyerɛɛ no na ɔde Goajiro kasa kyerɛkyerɛɛ nea enti a yɛaba hɔ no mu kyerɛɛ no. Na ne din de Omar, na bere a yɛtoo nsa frɛɛ no sɛ ommetie ɔkasa no bi akyi no, otuu mmirika kɔe.

Bere a yɛmanee no, yɛfaa ɔkwan bi a nsu a ɛtɔe nkyɛe no ama ɛso afɔw so. Yɛtee sɛ eyinom yɛ akwan a sum ase aguadifo fa so fi Colombia kɔ Venezuela. Na yɛte afifide frɔmfrɔm hua wɔ mframa no mu. Ɛwom sɛ na mframa no mu yɛ nwini de, nanso eyi ansɛe yɛn anigye. Nea ɛte biara no, yɛn werɛ fii ɔhaw biara bere a nwura kusuu no mu kwan no kopuee asase kɛse a wɔadɔw​—Goajirofo fie mpofirim no.

Yɛne Goajirofo Hyia Anim ne Anim

Na mmirekyi a agyiraede fitaa, tuntum, ne nnodowee fɛfɛ wɔ wɔn ho deda onwini no mu a wɔde akomatɔyam wesawesaw wɔn ano. Na ɔbea bi a ɔrema ne ba aduan da ahamankaa bi a ɛsɛn nnua abien bi ntam no mu. Na mmofra nketewa bi regoru wɔ nkyɛn baabi. Na ɔwɔ nnua ne dade hama a wɔde agye dɔtedan bi a wɔde sare akuru so ho ban akyi pɛɛ. Na adan nkyɛkyɛwa kakra wɔ hɔnom. Ɛda adi sɛ na biako yɛ mukaase, a na ogya redɛw wɔ fam hɔ wɔ nkuku akɛse bi ntam. Na wɔde mmirekyi nhoma asensɛn nkyɛn baabi na ama awo.

Bere a ɔbarima bi a ogyina ɔpon no ano hui sɛ yɛreba no, otuu mmirika baa n’anim na ɔde nkongua abien sisii ɔbea a ɔda ahamankaa no mu no nkyɛn maa yɛn. Evelinda de wɔn kasa kyiaa ɔbarima no ne ɔbea no, na ɔde Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase so Daa! brochure a mfonini wom no kyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma daakye no mu. Asomdwoe tebea horow a ɛwɔ mpɔtam hɔ no ma yehui sɛ amanaman ntam ɔhaw ahorow ne nkyereso a ɛwɔ nkuropɔn mu no renyɛ nsɛmti a ɛfata wɔ ha. Na kuw no mu Ɔdansefo biako akyerɛkyerɛ mu sɛ esiane sɛ Goajiro Indiafo yɛ kommkomm wɔ ɔkwan bi so nti, ehia sɛ yɛkyerɛ wɔn ho anigye ankasa wɔ mfiase pɛɛ. Ose: “Na yɛtaa bisa sɛnea abusua no ho te, sɛnea otwa adwuma no kɔ so, ne sɛ ebia osu atɔ nnansa yi ne ade. Eyi bue kwan ma yɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛ wɔn, na yɛkyerɛ wɔn sɛ ɛrenkyɛ Yehowa beyi amanehunu nyinaa ne Satan Ɔbonsam a wosuro no titiriw no afi hɔ.”

Bere a Evelinda kasae no, n’atiefo no kyerɛe sɛ wɔne no yɛ adwene, na ankyɛ ɔbea foforo bi ne mmofra pii bɛkaa wɔn ho. Na yɛadi kan ate sɛ Goajiro mmara ma kwan ma ɔbarima ware yerenom pii. So ɛte saa wɔ ha? Eyi ma yesusuw Yenny ho, Goajironi hoɔfɛfo bi a wadi mfe 21 a ɔte Maracaibo. Goajironi ɔdefo bi maa tiade kɛse bi sɛ ɔbɛware no. Nanso, n’awofo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo no adwene anhyia wɔ ho. Ɛwom sɛ Yenny maame penee aware no so de, nanso ne papa ampene. Na ɔbarima no ware Yenny nuabea dedaw!

Bere a Evelinda kaa n’asɛm no wiei no, ɔbarima no gyee brochure biako. Ɔbea a na ogyina n’akyi no nso kae sɛ yɛmma no biako, na yɛde maa no anigye so. Saa bere no na yɛn nnamfo a wɔaka no abetwa yɛn ho kɔ. Enti yɛtoo nsa frɛɛ abusua no sɛ wommetie awia ɔkasa no, na yegyaw wɔn hɔ kɔe, efisɛ na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyera wɔ akuraa a yennim ase yi ase.

Ɔdansefo biako a ɔka kuw no ho kae nea ɛtoo no kyerɛe. Ɔbarima bi a ɔda ahamankaa mu yɛɛ aso tiei bere a ne yere kɔfaa nnɔkɔnnɔkɔwade bi bae​—chicha a wɔde mmɔre ayɛ nkuruwa abien. Yɛn nuabarima no de obu gye nomee. Akyiri yi nea ɔne no nam, a ɔyɛ Goajironi a ne din de Magaly kyerɛɛ sɛnea wɔyɛ anonne no mu kyerɛɛ no. Mpɛn pii no, wɔde wɔn se na ɛyam aburow no! Ɔpaee serew bere a ohui sɛ n’anim asesa no.

Indiani aberante foforo bi a n’ani gyee mmɔden a yɛn nuanom no bɔe sɛ wɔde Bible nkrasɛm no bɛba ne fie no ho huru fii n’ahamankaa no mu sii fam. Ɔfaa soro atade hyɛe, na n’ankasa dii wɔn anim de wɔn kɔɔ ofie bi a ahintaw a wɔabu wɔn ani agu so no mu.

Bere a yetwaam wɔ baabi foforo a wɔadɔw hɔ a yɛn nnamfo no ne abusua no mufo a wɔn ani afi rebɔ nkɔmmɔ no, yehui sɛ mmofra nketewa kuw bi a wɔn afuru ayeyɛ akɛse a wɔnhyɛ hwee gyinagyina dua bi ase komm. Yɛtee sɛ ɔyare yi fi nnuan pa a wonnya nni ne mmoawa nketenkete bi. Saa nnipa yi mu pii tete baabi a wonni ɔdorobɛn mu nsu ne anyinam nkanea. Nokwarem no, eyi kyerɛ sɛ wonni fridge, afiri a ɛma mframa, anaasɛ akanea.

Nnipa Dodow a Yɛnhwɛ Kwan Bae

Na da no retwam ntɛmntɛm. Bere a yɛsan kɔɔ bɔs no mu kodii yɛn awia aduan no, yesusuw nnipa a yɛtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wommetie awia Bible ɔkasa no dodow ho.

Wɔbɔɔ awia 2:45 no, yebisae sɛ ebia yɛn a yɛde bɔs no bae no nkutoo na yɛbɛyɛ yɛn nua Goajironi a wasiesie simma 45 ɔkasa wɔ ɛhɔnom kasa mu no atiefo anaa. Nanso amma saa! Abusua ketewa a edi kan no de fɛre baa sukuu no mu. Ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn bere a obiara ma wɔtee nka sɛ yegye wɔn tom no. Wɔ simma kakra a edi hɔ no mu no, nnipa pii bae, na ɛda adi sɛ ebinom anantew kwan tenten. Abusua a na wɔte baabi a wɔadɔw hɔ a wɔwɔ mmirekyi dumien no nso bae! Hwɛ sɛnea awuraa a na ɔda ahamankaa no mu no asakra wɔ ne manta tuntum fɛfɛ no mu! Abofra Omar, a yɛkasa kyerɛɛ no wɔ ɔkwan no so no nkutoo bae. Bere a afoforo bedui no, sukuu no mu kɔnkret atrapoe tenten a wɔtraa so sɛ benkyi no so yɛɛ ma. Enti yɛn adamfo ofirikafo no fii ase yiyii nkongua fii bɔs no mu de maa nkurɔfo traa so bere a na wɔrema ɔkasa no.

Goajiro Indiafo 55 traa ase tiei bere a na Eduardo rema Bible ɔkasa no. Nanso, wɔantra ase komm. Sɛ wɔpene asɛm bi a ɔkasafo no ka so a, wɔkasa hyɛ wɔn menewam anaa wɔyɛ dede bi de pene so. Bere a ɔkaa nsɛmmɔnedi awiei a ɛreba ho asɛm no, aberewa a yɛaka ne ho asɛm wɔ mfiase no kaa bi. Ɔkae sɛ: “Yiw, nsɛmmɔnedi adɔɔso” maa obiara tee. “Nokwarem no, nsɛmmɔnedifo yi mu binom te ha pɛɛ mprempren. Enti, mewɔ anidaso sɛ wotie!” Onua Eduardo de anifere gyee asɛm a ɔkae no toom, na ɔtoaa ne kasa no so.

Ɔkasa no akyi no, yɛn kuw no muni bi twaa wɔn mfonini. Goajirofo no ani gyee ho, na wobisae sɛ wɔmma wɔn Nya Asetra Mu Anigye brochure ahorow no so nkɔ soro mfa ntwa mfonini a edi hɔ no anaa. Afei wɔn mu binom fii hɔ kɔe nkakrankakra, nanso wɔn mu bɛyɛ fã twɛnee, na wɔhwɛɛ yɛn bere a yɛforoo bɔs no. Wɔma yɛhyɛɛ wɔn bɔ sɛ yɛbɛsan aba, na afei wogyinagyinaa hɔ hinhim wɔn nsa kosii sɛ bɔs no akyi memee.

Bere a yɛrekɔ no, yɛtee nka sɛ ɛyɛ hokwan sɛ yɛde Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kɔɔ nnipa yi nkyɛn. Wɔ pii fam no, na ɛno ne bere a edi kan koraa a wɔate. Na Maracaibo Adansefo no reka wɔn nsrahwɛ a edi hɔ no ho asɛm dedaw. So yɛbɛsan akɔ hɔ bio?

Ɛhɔnom Sankɔ

Anuanom no san kɔɔ hɔ wɔ adapɛn abien akyi. Wɔde Bible nhoma pii memae, wɔsan kɔsraa anigyefo, na wofii ofie Bible adesua ahorow ase. Afei nso, Indiafo 79 baa baguam nhyiam a ɛto so abien a wɔyɛe wɔ petee mu no. Saa bere no anuanom no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔbɛsan aba wɔ adapɛn abiɛsa akyi, na ɛnyɛ adapɛn abien akyi, esiane ɔmansin nhyiam bi nti. Ɛhaw Indiafo no. Wɔn mu biako kae sɛ: “Ebia yebewuwu ansa na saa bere no adu!” Wobisaa dekode a ɔmansin nhyiam yɛ. Wɔn ani gyee ho kɛse araa ma wosii gyinae sɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔn nso wɔba hɔ! Wɔyɛɛ nhyehyɛe, na wɔn mu 34 tumi baa nhyiam no wɔ Maracaibo, a anuanom a wɔka Goajiro kasa boaa wɔn ma wɔtee Spania kasa mu dwumadi no ase.

Yehowa pɛ ne sɛ ‘nnipa nyinaa benya nokware no ho nokware nimdeɛ.’ (1 Timoteo 2:3, 4) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wobehu sɛ wɔde aso pa tie asɛm no wɔ saa Indiafo a wɔhwehwɛ nokware no a wɔte La Guajira Supɔw so no mu.

[Adaka wɔ kratafa 26]

Bible Mu Nokware Ama Asetra Ayɛ Anigye

Iris ne Margarita, Goajirofo mmofra baanu ani gyei bere a wohuu Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase so Daa! brochure no. Nanso na wohyia ɔhaw bi. Na wonnim akenkan. Ɔdansefo a ɔkɔɔ wɔn nkyɛn no kae sɛ ɔbɛboa wɔn denam Learn to Read and Write nhomawa no so. Ankyɛ mmeawa no ani gyei sɛ wotumi kyerɛw na wɔbɔ edin Yehowa no ɔkwan a ɛteɛ so.

Bere a wonyaa nkɔso no, wɔn ho dwiriw wɔn wɔ anidaso a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no ho. Bɔhyɛ a ese adesamma nyinaa benya ahofadi no titiriw kaa wɔn koma. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛhanom asetra yɛ awerɛhow yiye ma yɛn mmofra. Wɔtaa de yɛn ma aware wɔ yɛn mmofraase pɛɛ, na mmonnaato yɛ asiane bere nyinaa.”

Nea ɛyɛ ade titiriw ma Iris ne Margarita ne ɔmansin nhyiam bi a wɔkɔe wɔ Maracaibo no. Wɔn anim daa anigye a wɔte nka wɔ wɔn komam no adi, ne titiriw bere a na wɔreto nnwom no. Bere nyinaa wɔde ahopere twɛn wɔ ɔpon no ano bere a Adansefo no ba wɔn nkyɛn ne wɔn bɛyɛ wɔn Bible adesua no, na wɔmma baguam ɔkasa a wɔma wɔ wɔn akuraa ase no mpa wɔn ti so. Mmeawa yi te nka sɛ Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ ama wɔn asetra ayɛ anigye ampa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena