Adwumaden A Ɛyɛ Sɛ Wɔbɛka Asɛm Wɔ Wiase No Hyɛn Gyinabea A Ɛso Sen Biara No Biako Mu
ROTTERDAM, a ɛwɔ faako a Rhine, Europa asubɔnten a adagyew nni so sen biara no bɔ North Sea mu no no, wɔ din sɛ wiase no hyɛn gyinabea a ɛso sen biara no biako. Esiane sɛ po so ahyɛn adwumakuw bɛyɛ 500 ahyɛn ba Rotterdam nti, ɛne nkurow 800 a ɛwɔ wiase nyinaa di nkitaho tee. Ɛyɛ amanaman ntam hyɛn gyinabea ampa.
Nanso, Netherlandfo hyɛn gyinabea a adi bɛyɛ mfe 650 no nyɛ baabi a ahyɛn hyiam kɛkɛ. Ɛyɛ nnipa nso nhyiambea. Ahyɛn mu adwumayɛfo fi wiase afanan nyinaa ba ha awia ne anadwo biara. Netherlands Yehowa Adansefo kɔ hyɛn mu adwumayɛfo no nkyɛn. Te sɛ Adansefo a wɔwɔ mmeae afoforo no, wɔhwehwɛ akwan a wɔbɛfa so aka wiase no mu asɛmpa a eye sen biara—a ese ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛdan asase no Paradise—akyerɛ nnipa nyinaa a hyɛn mu adwumayɛfo ka ho.—Daniel 2:44; Luka 23:43; 1 Timoteo 4:10.
“Asɛmpatrɛw Adwuma A Nnipa no Mmom Na Wɔba Yɛn Nkyɛn”
Mfe bi a atwam ni no, Netherlands Ɔwɛn Aban Asafo no ka kyerɛɛ bere nyinaa asɛnkafo anaasɛ akwampaefo baasia sɛ wɔnkɔyɛ adwuma wɔ ahyɛn mu wɔ Rotterdam hyɛn gyinabea. Akwampaefo no de anigye kɛse gyee hokwan no toom. Wobisabisaa hyɛn gyinabea mpanyimfo no nsɛm, wɔhwehwɛɛ hyɛn gyinabea hɔ, na ankyɛ wohui sɛ wɔama wɔn adwuma a ne yɛ nna fam.
Meinard a ɔhwɛ hyɛn gyinabea asɛnka no so no ka sɛ: “Ɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma a nnipa no mmom na wɔba yɛn nkyɛn.” Ɛno kyerɛ dɛn? “Mpɛn pii no, ɔsɛmpatrɛwfo twa kwan tenten kɔ nnipa no nkyɛn, nanso wɔ yɛn fam no, nnipa no na wotwa kwan tenten ba yɛn nkyɛn.” Ɔde ka ho sɛ: “Ebia yɛn asɛnka asasesin no ne amanaman ntam de a wubetumi anya.” Rotterdam Europoort 1985 afe nhoma no kae sɛ wɔ 1983 mu, afe a akwampaefo no fii adwuma titiriw yi ase no, ahyɛn 30,820 a efi aman ahorow 71 mu na ɛbaa Rotterdam hyɛn gyinabea. Ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ amanaman ntam de!
Ɔkwan a ɛfata so no, “hyɛn gyinabea asɛmpatrɛwfo”—sɛnea hyɛn mu adwumayɛfo no fii ase frɛɛ akwampaefo no—nso fi aman ahorow mu. Geert, Peter, ne ne yere Karin yɛ Netherlandfo; Daniel ne Meinard fi Indonesia; na Solomon yɛ Etiopiani. Europa, Asia, ne Afrika a wofi no ma wɔka kasa bɛboro awotwe, nanso sɛ wobetumi ayɛ adwuma yi a, wɔwɔ akwanside afoforo a ɛsɛ sɛ wodi so.
“Asɔre a Wɔka Baesekre”
Peter a wadi mfe 32 a anka ɔyɛ hyɛn mu odwumayɛni no se: “Worentumi nnantew kɛkɛ nkɔ hyɛn gyinabea bi nkɔforo hyɛn.” Eyi kyerɛ sɛ wuhia tumi krataa a wɔde kɔ hyɛn gyinabea ne nea wɔde foro ahyɛn. Peter se: “Na nhyehyɛe a ɛma nneɛma kyɛ pii wom, nanso bere a yenyaa tumi nkrataa awɔtwe a yɛn mfonini ne aban nsɔano wom akyi no, na yɛayɛ krado koraa sɛ yɛbɛkɔ.” Wɔkyekyɛɛ hyɛn gyinabea a ɛyɛ kilomita 37 no mu ahorow abiɛsa, a akwampaefo baanu yɛ emu biara mu adwuma
Nanso, ɔkwan bɛn so na wubedi kasa horow pii a hyɛn mu adwumayɛfo a wofi aman pii mu ka no ho dwuma? Ɛwom sɛ akwampaefo no boaboaa Bible nhoma a ɛwɔ kasa horow 30 mu ano na wɔde wɔn baesekre faa nea ebetumi de, nanso na ɛte sɛ nea bere nyinaa wonni nea ɛdɔɔso. Solomon a wadi mfe 30 serew ka sɛ: “Wuntumi nhu kasa horow mu de a wubehia no ankasa da. Ɛtaa ba sɛ hyɛn mu adwumayɛfo no hwehwɛ kasa a woamfa emu nhoma ankɔ no, na afei wɔka kyerɛ wo sɛ wɔn hyɛn no betu wɔ nnɔnhwerew abiɛsa anaa nea ɛte saa ntam.” Esiane sɛ wɔmpɛ sɛ wobedi hyɛn mu adwumayɛfo no huammɔ nti, akwampaefo no mu biako de ahoɔhare fi hɔ kɔfa nhoma a wɔhwehwɛ no, ɔde ahoɔhare san ba na ɔde ma hyɛn mu adwumayɛfo a wɔn ho pere wɔn no. Peter se: “Bere a ɔhaw koro no ara san sɔree bio bere a yɛreka asɛm wɔ hyɛn gyinabea no afã horow a ebegye nnɔnhwerew abiɛsa na wɔde baesekre adu hɔ no, ɛdaa adi sɛ na yehia ɔkwan foforo a yɛbɛfa so adi ɔhaw no ho dwuma.”
Da koro bi Adansefo a wɔte hyɛn gyinabea no mpɔtam hɔ no de teaseɛnam abien a baesekre betumi atwe a ebiara kɛse te sɛ tupoo brɛɛ akwampaefo no. Akwampaefo no de kasa horow nyinaa mu nhoma a wɔwɔ no hyɛɛ mu, wɔde saa wɔn baesekre no na wɔde wɔn ani kyerɛɛ hyɛn gyinabea hɔ. Ankyɛ na teaseɛnam no bɛyɛɛ ade a wohu daa. Akwampaefo no mu biako ka sɛ: “Na abɛyɛ ade a wɔde hu yɛn. Sɛ ɔpon ano hwɛfo bi hu sɛ yɛreba a, obue ɔpon no, ɔde ne nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛsen ntwam na ɔteɛm sɛ: ‘Asɔre a wɔka baesekre no na wɔrekɔ no.’” Mmere afoforo nso, sɛ ɔwɛmfo bi hu sɛ “asɔre a wɔka baesekre” no reba faako a ɔwɔ no a, obue ɔpon no na ɔteɛm sɛ: “Polandfo ahyɛn abien ne Chinafo de biako!” Mmoa a ɛte sɛɛ no ma akwampaefo no de nhoma a ɛwɔ kasa a ehia mu no kɔ hyɛn no mu. Nanso ɛsɛ sɛ wɔkɔ hɔ wɔ bere a ɛsɛ mu nso. Dɛn ntia?
Bere a Ɛsɛ mu Nsrahwɛ ne Nkrasɛm a Ɛyɛ ne Bere mu De
Akwampaefo no betumi akasa akyerɛ hyɛn mu adwumayɛfo no wɔ bere a wɔregye wɔn ahome awia anaasɛ wɔredidi awia nkutoo. Nanso, bere a aduannoafo no de yɛ adwuma no gu ahorow, na wobetumi anya hyɛn no mu panyin ne mpanyimfo afoforo da mũ no nyinaa. Afei nso, akwampaefo no hui sɛ Britaniafo ahyɛn a ebegyina Rotterdam no de Britaniafo bere na ɛyɛ adwuma (Netherlandfo di wɔn anim dɔnhwerew biako), ma enti wɔn adwumayɛfo no kodidi bere a hyɛn mu adwumayɛfo a wɔnyɛ Britaniafo asan rekɔyɛ adwuma no. Ɛda adi pefee sɛ hyɛn gyinabea ɔkwampaefo hia dɔn a wotumi de ho to so.
Nanso, so hyɛn mu adwumayɛfo wɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn ahomegye mmere bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ? Geert a wadi mfe 31 no se: “Mpɛn pii no, mihu sɛ wɔwɔ Ahenni nkrasɛm no ho adwempa Ebia ɛte saa efisɛ wɔn ankasa hu sɛnea nnipa nniso horow di nkogu no.” Sɛ nhwɛso no, hyɛn mu adwumayɛfo binom ka kyerɛɛ Geert sɛ awi pii a wokoyi maa Etiopiafo a ɔkɔm rede wɔn no da so ara gu hyɛn gyinabea hɔ bere a wɔsan kɔɔ hɔ bio wɔ asram pii akyi no, na saa bere no na awi no aporɔw na akisi ayɛ mu ma. Geert ka sɛ: “Ɛnyɛ nwonwa sɛ hyɛn mu adwumayɛfo pii nni amammuisɛm mu anidaso bio. Enti Bible bɔhyɛ a ese adesamma nyinaa benya nniso biako no kanyan wɔn anigye.”
Peter ne no yɛ adwene. “Germanfo hyɛn mu panyin bi kae sɛ anka n’adwumayɛfo no bɛpam me afi hyɛn no mu wɔ mfe du a atwam no mu, nanso wiase no tebea a ɛresakra nnɛ no akanyan wɔn anigye wɔ Bible nkrasɛm a ɛyɛ ne bere mu de no mu.” Korea hyɛn mu aduannoafo bi kae sɛ wɔ Iran ne Iraq ɔko no mu no, ɔsraman bi bɛbɔɔ hyɛn kɛse a na ɔyɛ emu adwuma no, na ogya tɔɔ mu wɔ Persian Gulf no mu. Ɔkaa ntam sɛ sɛ wanwu a, ɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. Onyaa nkwa. Bere a akwampaefo no hyiaa no akyiri yi wɔ Rotterdam no, na ɔpɛ Korea kasa mu nhoma a wobetumi de abrɛ no no nyinaa.
Ahyɛn pii gyina hyɛn gyinabea nna pii. Eyi ma akwampaefo no nya kwan kɔsra wɔn mprenu, mprensa anaasɛ nea ɛboro saa ma wɔkɔtoa wɔn Bible mu nkɔmmɔbɔ ahorow no so bere a wɔapɔn adwuma no. Nanso, sɛ afiri a ɛda hyɛn bi mu ho ka a, ebia hyɛn no besi hɔ bɛyɛ adapɛn abiɛsa. Ɔkwampaefo bi de serew ka sɛ: “Ɛyɛ ɔhaw ma adwumakuw no, nanso eye ma yɛn adwuma no.” Afei, wɔ Bible mu nkɔmmɔbɔ a wɔtoa so akyi no, akwampaefo no yɛ nhyehyɛe yi Asafo ti no mfonini no biako a ɛne “Bible No—Awo Ntoatoaso Yi Nhoma” kyerɛ wɔ wɔn adidibea. Hyɛn mu adwumayɛfo no bi nso ba Yehowa Adansefo nhyiam horow a wɔyɛ no wɔ aman afoforo kasa pii mu wɔ Rotterdam no. Wɔyɛ eyi kosi sɛ afiri a ɛda hyɛn no mu no befi ase ayɛ adwuma bio. Afei ɛsɛ sɛ wogyae Bible no sua. Wɔsan sɛkyɛ nhama no, na hyɛn no fi hyɛn gyinabea hɔ kɔ—nanso emfi akwampaefo no adwenem.
Hyɛn Mu Adwumayɛfo Nsɛm a Ɛhyɛ Nkuran
Ɛdenam ahyɛn no din a ɛba atesɛm nkrataa mu anaasɛ hyɛn gyinabea so ahwɛfo no komputa so no so no, hyɛn gyinabea akwampaefo no hu bere a ahyɛn a wɔayɛ emu adwuma no tu kɔ ne bere a ɛsan ba. Sɛ biako san ba bio ara pɛ a, na akwampaefo no ho pere wɔn sɛ wɔbɛkɔ akɔsra hyɛn mu adwumayɛfo no ahu nea asi fi bere a etwa to a wɔkɔsraa wɔn no. Nkuranhyɛ nsɛm bɛn ara na hyɛn mu adwumayɛfo no ka sɛɛ yi!
Hyɛn mu odwumayɛni biako de Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no bi maa ne mfɛfo hyɛn mu adwumayɛfo baanum bere a hyɛn no tui no, na wɔn baasia no yɛɛ Bible adesua. Ɔkyeree ti a ɛfa abusua asetra ho no guu kasɛt so na ɔbɔe wɔ adidibea hɔ kyerɛɛ hyɛn mu adwumayɛfo no nyinaa. Wɔ hyɛn foforo mu no, hyɛn mu odwumayeni bi a ɔkɔɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa bi a ɛbɛn Antwerp hyɛn gyinabea so no de frankaa bi a ɔde nkyerɛwee akɛseakɛse akyerɛw “Yehowa Adansefo Ahenni Asa” wom sɛn adidibea no ɔfasu ho. Afei ɔtoo nsa frɛɛ hyɛn no mu adwumayɛfo sɛ wɔmmra hɔ bere a ɔyɛ Bible nhyiam no. Ansa na ɔreyi frankaa no, ɔtoo nsa frɛɛ hyɛn no mu adwumayɛfo no sɛ wɔmmra nhyiam a edi hɔ no. Dapɛn a edi hɔ no, ɔde frankaa no sɛn hɔ na hyɛn mu adwumayɛfo no san bae.
Akwampaefo no hui nso sɛ hyɛn mu adwumayɛfo no mu binom mfa wɔn nhoma no nhyɛ wɔn nneɛma mu. Meinard se: “Bere a yɛkɔɔ Isaac, radio ho dwumayɛni bi a ofi Afrika Atɔe Fam dan mu no, na yennya baabi ntra. Na Asafo ti no nsɛmma nhoma, nhoma ne concordance ahorow gugu baabiara—wabuebue mu.” Na Isaac akyerɛw Bible mu nsemmisa bi ato hɔ, efisɛ na ɔretwɛn ma akwampaefo no asan aba.
Nanso, hyɛn mu adwumayɛfo no mu binom ntwɛn nkosi sɛ akwampaefo no bɛba wɔn nkyɛn. Da koro anadwo, Geert telefon no gyigyei bere a wakɔda akyi.
“Ɛbɛyɛ hena ni”? Saa na Geert kae bere a na ɔrekɔfa telefon no.
Obi nne de anigye kae sɛ: “W’adamfo na ɔrekasa no!”
Geert bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkae onii ko.
Ɛnne no kae sɛ: “W’adamfo a ɔwɔ hyɛn no mu no.
Geert kae sɛ: “Wɔabɔ anɔpa nnɔnabiɛsa!”
“Yiw, nanso woka kyerɛɛ me sɛ sɛ me hyɛn no bedu Rotterdam bio pɛ a, memfrɛ wo. Wiɛ, maba!” Bere tiaa bi akyi no, na Geert nam kwan so rekohyia n’adamfo a n’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho no.
“Tow W’abodoo Gu”
Hyɛn mu adwumayɛfo kyerɛw akwampaefo no ka Bible nhoma ho anisɔ a wɔanya nso ho asɛm. Emu nsɛm no bi na edidi so yi:
‘Mafi ase kenkan Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no . . . Mprempren mete nneɛma pii a na mente ase kan no ase. Mewɔ anidaso sɛ yɛn hyɛn no bɛsan aba Rotterdam.’—Angelo.
‘Makenkan nhoma no, mede nsemmisa remana wo na woatumi abua wɔ wo nkrataa no mu.’—Alberta.
‘Mprempren mekenkan Bible no da biara. Ɛyɛ me anigye sɛ meyɛ w’adamfo. Nnamfo a wɔkyerɛ me kwan kɔ Onyankopɔn nkyɛn a manya no ne ade a eye sen biara a aba m’asetra mu pɛn.’—Nickey.
Nkrataa a ɛyɛ anigye sɛɛ no ma akwampaefo no kae nea Bible no ka wɔ Ɔsɛnkafo 11:1 no: “Tow w’abodoo gu nsu ani, na daakye bi wubehu.” Wɔn ani gye titiriw bere a wɔte sɛ hyɛn mu adwumayɛfo bi abegyina Yehowa afã no.
Sɛ nhwɛso no, Polandfo hyɛn mu odwumayeni Stanislav ani gyee nea osua fii Asafo ti nhoma ahorow no mu no no. Ɔyɛɛ Bible nhoma ho nhomakorabea ketewaa bi, na sɛ ɔde hyɛn tu kwan a, osua emu asɛm biara. Meinard se: “Bere a yɛtee ne nka bio no, ɔkyerɛw sɛ wɔabɔ no asu.”
Folkert, hyɛn bi mu odwumayeni panyin bi tee Ahenni nkrasɛm no nea edi kan wɔ Rotterdam. Asram abien biara na ɔsan ba hyɛn gyinabea hɔ bedi dapɛn biako, na osua Bible no toatoa so nnanson. Afei ansa na ɔretu kwan akodi asram abien bio no, akwampaefo no de nkurow a wɔbɛfa mu Ahenni Asa ahorow address maa no. Folkert kɔɔ asa ahorow no so na anigye a wɔde maa no akwaaba no kaa ne koma. Ankyɛ, wɔbɔɔ hyɛn mu odwumayɛni yi asu na mprempren ɔde nnamyɛ resom Yehowa.
Na Mike, a ɔyɛ Britaniafo Po so sraani panyin bi ne Adansefo no adi nkitaho bi, na na ɔresua Bible no bere a na wɔwɔ po so no. Bere bi, bere a asraafo hyɛn a ɔyɛ mu adwuma no baa Rotterdam no, ɔtraa ne baesekre a wɔtumi bobɔw so baa Ahenni Asa bi so. Ɔdɔ ne biakoyɛ a ohui no maa n’ani gyei, na ɔka kyerɛɛ nnamfo no sɛ wasi gyinae sɛ obegyae n’adwuma no. Ɛwom sɛ na aka no mfe anan pɛ na wanya sika kɛse bere a wagyae adwuma no de, nanso okuraa ne gyinaesi no mu na akyiri yi wɔbɔɔ no asu.
Meinard se: “Ɔpɛ a emu yɛ den a Mike, Stanislav, Folkert, ne afoforo wɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa no kanyan yɛn ma yɛkɔ so hwehwɛ hyɛn mu adwumayɛfo a wɔte sɛ wɔn wɔ hyɛn gyinabea hɔ.”
So Wubetumi Anya Mu Kyɛfa?
Sɛ wobu kɔmpɔ hwɛ bɛyɛ mfe du a wɔde aka asɛm wɔ wiase no hyɛn gyinabea a ɛso sen biara no biako mu a, “hyɛn gyinabea asɛmpatrɛwfo” no fi koma nyinaa mu gye tom sɛ—adwuma no nna fam nanso mfaso wɔ so. Meinard ka ne nyinaa bom tiawa sɛ: “Wɔ da biara da asɛnka akyi no, yɛtra baesekre so kɔ fie a yɛte nka sɛ saa hyɛn mu adwumayɛfo no mu binom retwɛn sɛ yɛbɛba abɛsra wɔn.”
So ebetumi aba sɛ hyɛn mu adwumayɛfo retwɛn ma moabɛsra wɔn wɔ hyɛn gyinabea a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ no mu? Ebia mo asafo no mu mpanyimfo betumi ayɛ nhyehyɛe na moatumi anya adwuma a ne yɛ nna fam nanso mfaso wɔ so yi mu kyɛfa.
[Adaka wɔ kratafa 20]
NSASESIN A WƆABARA YƐN ADWUMA NO WOM MU KƆ
Wɔ nnansa yi afe bi mu no, hyɛn bɛboro 2,500 a efi aman a wɔabara Yehowa Adansefo dwumadi ahorow wom no aba Rotterdam. Hyɛn gyinabea hɔ akwampaefo no huu eyi sɛ hokwan a wɔde bedi dwuma de ama Bible nkrasɛm no adu nsasesin yi mu.
Wɔ Asiafo ahyɛn a akwampaefo no dii kan kɔɔ mu no biako mu no, wɔde nhoma 23 a wokura no nyinaa memaa na adwumayɛfo no bi dii yaw efisɛ wɔannya bi. Abarimaa bi a ɔyɛ adwuma wɔ Asiafo hyɛn foforo mu mukaase no yɛɛ ahwɛyiye kɛse. Bere a ogyee nhoma no fii ɔkwampaefo bi nkyɛn akyi no, ɔsan de brɛɛ no a wakyekyere ho na wakyerɛw address agu akyi. Ɔkwampaefo no tee ase. Na asiane kɛse wom sɛ abarimaa no de nhoma no bɛka ne ho akɔ. Da no ara ɔde kɔmanae wɔ post office de kɔɔ Far East.
Na hyɛn mu odwumayɛni bi te hyɛn bi a efi Afrika mu a okura nhoma a ne man mu Adansefo hwehwɛ no din. Efi saa bere no, bere biara a hyɛn mu odwumayɛni no bɛsan akɔ ne man mu no, na nhoma ayɛ ne bag mu ma. Hyɛn mu odwumayɛni bi a ofi Afrika man foforo bi mu no aba mu bui yiye bere a Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no abiɛsa pɛ na akwampaefo a wɔne no resua ade no tumi de maa no no. Hyɛn mu odwumayɛni no de abasamtu maa ne nsa so kɔɔ soro teɛɛm sɛ: “Moamma me hwee koraa! Anuanom no hia 1,000!” N’ankasa ahobammɔ nti, akwampaefo no ka kyerɛɛ no sɛ bere biara ɔmfa 20 pɛ nkɔ.
Ebia nea ɛka koma sen biara ne bere a akwampaefo no tee sɛ hyɛn bi fi ɔman bi a Adansefo no gyidi nti, wɔtaa wɔn na wɔn mu pii ahwere wɔn nnwuma ne wɔn agyapade no mu aba. Berɛ a wohui sɛ hyɛn no mu aduan sohwɛfo no yɛ Ɔdansefo no, wɔkɔɔ hyɛn no mu panyin nkyɛn kobisaa kwan sɛ ɔmma wɔmfa nneɛma ngu hyɛn no mu nkɔboa wɔn. Hyɛn no mu panyin no penee so, na nna kakraa bi akyi no, na wɔde ntade, mpaboa ne nneɛma afoforo bag akɛse ɔha rekɔma adansefo no wɔ saa ɔman no mu.
[Adaka wɔ kratafa 21]
HYƐN MU ASƐNKA—NEA ƆBEA BI KA WƆ HO
Korin, ɔbea biako pɛ a ɔka akwampaefo no ho ka sɛ: ‘Mfiase no metwentwɛn me nan ase sɛ mɛka Peter ho akɔ, efisɛ na mate sɛ hyɛn mu adwumayɛfo yɛ basabasa na wɔbow nsa. Nanso, mahu sɛ wɔn mu pii bu ade. Mpɛn pii no sɛ hyɛn mu odwumayeni bi te sɛ yɛyɛ awarefo a, okoyi ne yere ne ne mma mfonini ba na ofi ase ka n’abusua ho asɛm. Yɛatumi de Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma pii amema wɔ saa kwan yi so.”
Ahyɛn mu a yɛkɔ sɛ okunu ne ɔyere no nso ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkɔ hyɛn no mu adwumayɛfo yerenom ne mmea afoforo a ɛtɔ mmere bi a, wɔyɛ adwuma wom sɛ ayarehwɛfo no nkyɛn. Karin se: “Wɔntaa mmɛn ahɔho, nanso sɛ wohu me a, wonya ɔpɛ kɛse sɛ wɔne yɛn bɛbɔ nkɔmmɔ.”
Dɛn ne ade a ɛyɛ den sen biara wɔ n’adwuma no mu? Karin bua sɛ: “Ahama antweri. Na mikyi saa nneɛma a enni ahoɔden no.” So otumi dii ehu no so? “Yiw. Da bi, bere a metwentwɛn me nan ase sɛ mɛforo biako no, hyɛn mu adwumayɛfo bi a wofi Paraguay hwɛɛ me na wɔteɛm sɛ: ‘Wubetumi aforo. Fa wo ho to Onyankopɔn so kɛkɛ.’ Nokwarem no,” Karin ka serew sɛ, “Wɔkaa saa akyi no, na etwa sɛ meforo.” Ne kunu de anigye ka sɛ: “Esiane sɛ ɔde mfe anan aforo ahama antweri pii nti, ɔforo te sɛ hyɛn mu odwumayeni.”
Karin ne ne kunu Peter, kɔɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu a ɛto so 89 no wɔ United States. September 28, 1990, no, wɔkɔɔ faako a wɔbɛyɛ wɔn adwuma foforo no, Ecuador, ɔman a hyɛn gyinabea wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔte nka te sɛ wɔwɔ wɔn kurom.
[Adaka wɔ kratafa 22]
WOYƐ HYƐN MU ODWUMAYENI?
So wopɛ sɛ wobɛkɔ Engiresi kasa mu nhyiam a Yehowa Adansefo ayɛ ho nhyehyɛe bere a mo hyɛn no akogyina wiase no mu hyɛn gyinabea atitiriw no biako mu no? Ɛnde fa Ahenni Asa address ne nhyiam mmere a edidi so yi hyɛ wo ho:
Hamburg, Schellingstr. 7-9; Memeneda, anwummere 4:00; telefon: 040-4208413
Hong Kong, 26 Leighton Road; Kwasida, anɔpa 9:00; telefon: 5774159
Marseilles, 5 Bis, rue Antoine Maille; Kwasida, anɔpa 10:00; telefon: 91 79 27 89
Naples, Castel Volturno (40 km north of Naples), Via Napoli, corner of Via Salerno, Parco Campania; Kwasida, awia 2:45; telefon: 081/5097292
New York, 512 W. 20 Street; Kwasida, anɔpa 10:00; telefon: 212-627-2873
Rotterdam, Putsestraat 20; Kwasida, anɔpa 10:00; telefon: 010-41 65 653
Tokyo, 5-5-8 Mita, Minato-ku; Kwasida, anwummere 4:00; telefon: 03-3453-0404
Vancouver, 1526 Robson Street; Kwasida, anɔpa 10:00; telefon: 604-689-9796