Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 3/15 kr. 24-27
  • “Nkwa Nsu” Woro Wɔ Cape Verde

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nkwa Nsu” Woro Wɔ Cape Verde
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • São Vicente Te “Kasa Kronn” No
  • Nnipa a Wɔatew Wɔn Ho
  • Nnamyɛ a Ano Yɛ Den wɔ Fogo Supɔw So
  • Abasow wɔ Katolekfo Asase So
  • Beae a Etwa To a Yebegyina​—Sal Supɔw So
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 3/15 kr. 24-27

“Nkwa Nsu” Woro Wɔ Cape Verde

REPUBLIC of Cape Verde atemmu ho nsɛm ɔsoafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yehowa Adansefo som a ɛwɔ Cape Verde fi afe 1958 no yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow.” Na ɔrekasa akyerɛ Adansefo baanu a wafrɛ wɔn akɔ ne dwumadibea no. Ɔka kaa ho sɛ: “Ɛyɛ yɛn yaw sɛ egyee bere tenten pii ansa na yɛregye Yehowa Adansefo atom wɔ mmara mu.”

Cape Verde Yehowa Adansefo bɛkae saa nhyiam a wɔyɛe no November 30, 1990 no bere tenten. Na ɛkyerɛ sɛ aban no agye wɔn atom sɛ mmara mu ɔsom ahyehyɛde wɔ saa ɔman no mu. Nanso, na ɛte sɛ asɛm bi a ɔka kyerɛɛ Adansefo baanu a na wɔwɔ dwumadibea hɔ no ankasa, efisɛ 1958 mu na wɔn mu biako​—Luis Andrade​—huu Bible ho nhoma bi a Ɔwɛn Aban Asafo no atintim. Bere a ɔkenkan nhoma ahorow no fi ne mfiase kosii n’awiei no, ohui sɛ wahu nokware no. Ɔde ahopere kaa nea wasua no ho asɛm kyerɛ Francisco Tavares a ɔyɛ n’adamfo dedadaw no. Mfe kakra a edi hɔ no mu no, wɔn baanu nyinaa nam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a wɔde manaa wɔn no akenkan so kɔɔ so nom nokware nsu no. Mfe du akyi wɔ 1968 mu no, wɔbɔɔ wɔn asu wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ a edi kan wɔ Cape Verde no mu.

Anuanom Andrade and Tavares huu asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔbɔ ɔfrɛ yi ho dawuru no bi: ‘Mommra mmegye nkwa nsu no kwa.’ (Adiyisɛm 22:17) Na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegye wɔn asasesin a ahwete a emu adwumayɛ yɛ den no mu nsɛnnennen no atom. Atlantik Po no mu nsupɔw atitiriw du ne nsupɔw nketewa bi na ɛka bom yɛ Cape Verde a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 560 kwan wɔ Dakar, Senegal, atɔe fam no. Kan no na wɔde edin Cape Verde a ɛkyerɛ “Asase Hwene Ahabammono” no frɛ nsupɔw a ɛwɔ Afrika mpoano no. Nanso, nsupɔw yi nyɛ ahabammono koraa, efisɛ osu ntɔ kɛse wɔ hɔ, na ɛsɛ sɛ ɛsotefo 350,000 no yɛ asase kesee no so adwuma na wɔanya biribi ahwɛ wɔn ho.

Wɔ mfe 30 a atwam no mu no, asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo atitiriw ayɛ adwuma denneennen sɛ bere nyinaa asomfo de nkwa nsu no akɔma nsupɔw no sotefo. Dɛn na afi adwuma a ɛte sɛɛ no mu aba? Nnansa yi, ɔmansin sohwɛfo bi a ofi Portugal kɔsraa Cape Verde asafo ahorow no. Yɛbɛma waka nea ohui no akyerɛ yɛn.

São Vicente Te “Kasa Kronn” No

Faako a yedii kan gyinae wɔ Cape Verde ne kurow Porto Grande a ɛwɔ São Vicente Supɔw so no. Bere a yefi wimhyɛn gyinabea hɔ rekɔ kurow no mu no, yehuu mmepɔw a ɛyɛ abotan a mframa abɔ anhwea akata so. Asase no a ɛredan anhweatam wɔ Afrika Kusuu Fam no atrɛw adu Cape Verde nsupɔw no so dedaw! Ɔpɛ bere mu mframa a emu yɛ hyew ne wesee no bɔ fi Sahara no so kɔfa po no so fi December kosi February, na ɛde anhwea ne tutuw kata nsupɔw no so. Ɛtɔ mmere bi a, tutuw no dɔɔso araa ma wimhyɛn ntumi ntu kwan. Sɛ ɔpɛ no si a, afifide kakra a aka no kisa.

Nanso honhom fam no, wotumi nya nsu ntɛm ara. Yehowa Adansefo akyekye asafo abien wɔ Porto Grande, na Ahenni adawurubɔfo 167 de nokware nsu a ɛma nkwa no rema São Vicente Supɔw no sotefo 47,000 no. Sɛ edu adapɛn awiei a, nnipa bɛyɛ 400 ba Bible nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so.

Wɔ dapɛn biako nsrahwɛ ahorow no mu no, na wɔreyɛ ahoboa a etwa to ama “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ kurow no mu agodibea a eye sen biara no mu no. (Sefania 3:9) Kurom hɔfo ne nhyiamfo a wofi Santo Antão ne São Nicolau nsupɔw no so ma wonyaa nnipa dodow a wɔsen biara a ɛyɛ 756. Wɔbɔɔ nnipa 24 asu. Bible drama a Adansefo no yɛe ka dwumadi no ho. Ɔbarima bi a ɔyɛ siniyɛfo panyin bɛhwɛɛ drama no na ɔkae sɛ: “Yesua afe biako, nanso yehyia ɔhaw ahorow pii. Wɔn a wɔyɛɛ mo drama no bɔɔ mmɔden yiye sɛ wɔde asram abien pɛ na esuae.” Bere a yewiee nhyiam no, na bere aso sɛ yɛkɔ kurow Praia, Cape Verde Republic ahenkurow a ɛwɔ São Tiago supɔw so no mu.

Nnipa a Wɔatew Wɔn Ho

Nnansa yi mfe no mu no, nsupɔw afoforo no sotefo pii atu abɛtra ahenkurow no mu rebɛhwehwɛ adwuma. Esiane eyi nti,wɔasisi tete asese wɔ kurow no kurotia, na ama nsu kakra a wonya no so atew, na ɛhɔ ayɛ fi. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya sika foforo aka wɔn akatua ho no, mmusua pii yɛn mmirekyi, mprako, ne nkokɔ. Wɔtaa hu wɔn sɛ wɔnenam mmorɔn so. Eyi ama nyarewa atrɛw.

Nanso, tebea horow a emu yɛ den sɛɛ nyinaa akyi no, mprempren asafo abien a ɛredɔ na ɛwɔ Praia, na Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 130 na wɔwom. Nokwarem no, Adansefo a wɔwɔ anigye yi ‘ankasa anya mfaso’ denam nea wɔasua afi Bible no mu a wɔde di dwuma no so. Esiane sɛ yɛn nuanom no ne wɔn mma bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nnipa kronkron a wɔn ho tew nti, wɔwɔ akwahosan pa wɔ honhom fam ne honam fam nyinaa. Ɛwom sɛ asetra yɛ den ma wɔn de, nanso wɔyɛ adefo wɔ honhom mu.​—Yesaia 48:17; 1 Petro 1:15, 16.

Bere a yekodui no, na anuanom ani abere resiesie wɔn ho ama wɔn ɔmantam nhyiam no. Adansefo ne anigyefo a wofi São Tiago ne Sal Rei ne Fogo nsupɔw no so nyinaa baa nhyiam no, na Yehowa ma wonyaa nnipa dodow a ɛsen biara a ɛyɛ 472. Obiara ani gyei kɛse, a mmofra pii a wɔn anim hyerɛn ka ho! Bere a na yɛte nnipadɔm a wɔayɛ aso retie ntam no, ɛdaa adi sɛ ɛnsɛ sɛ yebu “nneɛma nketewa da” animtiaa da. (Sakaria 4:10) Nnipa bebree yi abɛka nnipa baanu a wosuaa nokware no wɔ bɛboro mfe 30 pɛ a atwam ni no ho.

Ansa na yɛrefi supɔw no so no, yɛkɔsraa akuw nketewa abien, Vila Assomada ne Tarrafal wɔ kurow no akyi. Na supɔw no yɛ mmepɔmmepɔw, na ɛyɛ kesee. Nanso yehuu afifide a ɛrenyin ne nnua wɔ mmeaemmeae​—kube, kwadu, paya, mango ne nea ɛkeka ho nhama pii. Eyi ma yɛkae Yesaia nkɔmhyɛ a ese da bi anhweatam bɛpae nhwiren no. (Yesaia 35:1) Te sɛ asasebere no, mprempren mpo Yehowa Adansefo akuw nketewa abien a ɛwɔ hɔ nnɛ no de honhom fam aduan ne annone ma mpempem pii a wɔte honhom fam asase kesee so, sɛ yɛbɛka no saa a.

Nnamyɛ a Ano Yɛ Den wɔ Fogo Supɔw So

Supɔw a edi hɔ ne Fogo, asekyerɛ ne “ogya.” Ogya bepɔw mu a efi no kyerɛkyerɛ din no ase. Cano Peak da so ara yɛ ogya bepɔw. Ɛkame ayɛ sɛ ɛwɔ soro sen po no mita 2,800. Na bere tiaa bi ni a osu kɛse tɔe wɔ supɔw no so, osu kɛse a edi kan wɔ mfe pii a atwam no mu. Na nnipa no ani agye, na na wɔredua wɔn asɛ ne bankye, ne nnuan afoforo a wodi wɔ Cape Verde a adagyew nnim koraa.

Nanso, ɛnyɛ nea nnipa a wɔwɔ anisɔ no nni adagyew koraa sɛ wobegyae wɔn adwuma na wɔanom nokware nsu a efi Bible mu no bi. Yetumi ne akuw ahorow abiɛsa hyiae, ɛwom sɛ yɛbrɛe ansa na yedu wɔn nkyɛn de, ɛfisɛ na kar nnɔɔso, na enni ahoɔden. Yɛn ani gyei mmoroso bere a nnipa 162 baa nhyiam horow no, efisɛ na Ahenni adawurubɔfo 42 pɛ na wɔwɔ supɔw no so. Na eyi da anuanom mmarima ne mmea kuw ketewa a wɔde nnɔnhwerew 15 di dwuma ɔsram biara de sɛnkyerɛnne kwan so nokware ne nkwa nsu kɔma Fogo Supɔw no sotefo 32,000 no nnamyɛ adi.

Abasow wɔ Katolekfo Asase So

Yennya nkɔsraa yɛn nuanom a wɔwɔ Santo Antão ne São Nicolau nsupɔw no so ɛ. Sɛnea din ahorow yi kyerɛ no, Roman Katolek Asɔre no anya nsupɔw yi so nkɛntɛnso mfehaha pii. Ɛwom sɛ Katoleksom da so ara yɛ ɔsom titiriw wɔ Cape Verde de, nanso nnipa komapafo pii redan aba Bible no ho na ama wɔanya emu nokware nsu a ɛma obi ho yɛ no fɔmm no bi anom.

Ahenni adwurubɔfo 49 a wɔwɔ asafo nketewa abien mu wɔ Santo Antão no yere wɔn ho sɛ wobedi ɛsotefo 44,000 no honhom mu ahiade ahorow ho dwuma. Bere a nnipa 512 betiee baguam ɔkasa no wɔ Porto Novo Asafo no mu no, Ahenni adawurubɔfo 32 a wɔwɔ hɔ no hui pefee sɛ nokware no ho sukɔm de nnipa a wɔte sɛ nguan pii a wɔwɔ Santo Antão no.

Wofii adwuma no ase wɔ São Nicolau Supɔw so bɛyɛ mfe bi a atwam ni no mu, bere a onuawa ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Portugal nam krataakyerɛw so ne supɔw no so abusua bi suaa Bible no. Afei, wɔ 1978 mu no, ɔkwampaefo foforo bi a ɔwɔ Portugal sii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ supɔw a ofi so no so, São Nicolau, na wakɔka Bible mu nokware no akyerɛ ɛsotefo 15,000 no. Bere a ɔyɛɛ Bible nhyiam a edi kan wɔ supɔw no so no, onipa biako pɛ na ɔbae​—ɔno ankasa! Nanso Yehowa Nyankopɔn buaa mpae a emu yɛ den a ɔbɔe wɔ nhyiam no ase no. Wɔ yɛn nsrahwɛ no mu no, adawurubɔfo 48 a wɔwɔ asafo abiɛsa no mu no ani gyei sɛ wohui sɛ nnipa 335 aba nhyiam horow no.

Yɛyɛɛ ɔmansin nhyiam a edi kan wɔ supɔw no so wɔ yɛn nsrahwɛ no mu, na wɔde kurom hɔ agodibea maa yɛn a yɛantua hwee. Kurow no mpanyimfo de akasam ne ɛho nneɛma mae, na wɔmaa yɛn lɔre a yɛantua hwee. Asafo a ɛhwɛɛ nhyiam no so no mu adawurubɔfo 19 no maa nhyiamfo 100 no dabere, na wɔnoaa aduan maa nnipa 208 a wɔbae no. Wɔ ahokyere pii a yɛn nuanom no hyia da biara nyinaa akyi no, woyii ntoboa too Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu.

Wonim Yehowa Adansefo abrabɔ pa no wɔ ha yiye, na adwumawuranom no pii hwehwɛ wɔn bere a wohia adwumayɛfo no. Sɛ nhwɛso no, beae biako pɛ a wɔtɔn petrol wɔ supɔw no so no wura ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi sɛ ɔmmɛyɛ adwuma mma no, efisɛ ohia obi a ɔyɛ ɔnokwafo. Na onua no yɛ adwuma dedaw nanso ɔkae sɛ ɔbɛhwɛ sɛ obenya obi foforo ama no anaa. Adwumawura no kae sɛ: “Sɛ ɔyɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu nkutoo a!” Asram abien akyi no, ɔka kyerɛɛ yɛn nua no sɛ: “Yehowa Adansefo nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sika so!”

Beae a Etwa To a Yebegyina​—Sal Supɔw So

Baabi a etwa to a yebegyina wɔ yɛn akwantu yi mu ne Sal supɔw so. Ne din asekyerɛ ne “nkyene,” na ɛno da adwuma titiriw a ɛwɔ supɔw yi so adi ntɛm ara. Wɔ ha no, asafo ketewaa no mu adawurubɔfo 22 no yere wɔn ho denneennen sɛ wɔde Ahenni nkrasɛm no bɛma ɛsotefo 6,500 no. Na ɛyɛ anigye ankasa sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ nsupɔw yi sotefo, efisɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔma yewura ofie biara mu, na yetumi ne ofie no mufo pii bɔɔ nkɔmmɔ.

Sal Supɔw no so nsrahwɛ na ɛde yɛn akwantu no baa awiei. Nhyira bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi, sɛ yɛne Yehowa nkoa anokwafo a wɔwɔ Cape Verde yi bɛyɛ adwuma! Mprempren adawurubɔfo 531 na wɔwɔ nsupɔw yi so, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔn dodow no bɛkɔ anim efisɛ nnipa 2,567 a wɔkɔɔ Yesu wu Nkae ase wɔ 1991 mu no kɔ so nya honhom mu nsiesiei. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ ha no mu pii nni nneɛma pii wɔ honam fam de, nanso wodi nnuan pa wɔ honhom mu. Na hwɛ aseda ara a wɔde ma sɛ Yehowa rema nkwa nsu aworo pii wɔ nsupɔw yi so na ɛde anuonyam ne ayeyi abrɛ no!

[Asase mfonini wɔ kratafa 24]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu.)

CAPE VERDE

SANTO ANTÃO

SÃO VICENTE

SÃO NICOLAU

SANTA LUZIA

SAL

BOA VISTA

MAIO

SÃO TIAGO

FOGO

BRAVA

Praia

Atlantik Po

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena