India Po No Mu Nsupɔw Te Asɛmpa No
NEA ɛte sɛ kontonkurowi fã a ɛne Madagascar sɛ, a atrɛw bɛboro akwansin ɔpepem 1.5 wɔ India Po no atɔe fam ne Rodrigues, Mauritius, Réunion, Seychelles, Mayotte, ne Comoros nsupɔw no. Ɛwom sɛ nsupɔw yi atrɛw afa beae a ɛso de, nanso asase no kɛse ankasa yɛ kilomita 7,300 pɛ. Esiane sɛ emu nnipa yɛ ɔpepem 2.3 nti, ɛyɛ wiase no nsupɔw a ɛso nnipa akyere so sen biara no mu biako.
Yehowa Adansefo bɛyɛ 2,900 a wɔde nsiyɛ yere wɔn ho ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ nsupɔw no sotefo no ka nnipa a wɔte hɔ no ho. Esiane sɛ Adansefo yi te mmeae a atew ne ho nti, wɔn ani sɔ amansin so ahwɛfo nsrahwɛ, ne afe afe nhyiam horow a Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Vacoas, Mauritius, yɛ ho nhyehyɛe no ho titiriw. Ɛyɛ mmere a wɔn ani tumi gye nea Yesaia 42:10 (New World Translation) mu nsɛm yi kyerɛ no ho ankasa: “Monto dwom foforo mma Yehowa, mumfi asase ano nto n’ayeyi nnwom. Mo mmarima a moforo ɛpo, ne nea ɛwom nyinaa, nsupɔw ne mo a motete so.”
Nnansa yi ara baa dwumadibea no ananmusifo tuu kwan kɔɔ nsupɔw no so sɛ wɔkɔsra asafo ahorow no, na wɔayɛ afe afe da koro nhyiam atitiriw, a asɛmti no ne “Monyɛ Kronkron Abrabɔ Nyinaa Mu,” na na egyina 1 Petro 1:15 so. Sɛ wobetwa ɛpo hahraa no a, na ɛsɛ sɛ wɔde wimhyɛn tu kwan no mu fã kɛse—ɛtɔ mmere bi a, wɔfa nnɛyi wimhyɛn akɛse, nanso mpɛn pii no wɔtra wimhyɛn nketewa mu. Na wɔtaa fa ahyɛmma nso. Bra na yɛnkɔ, na kɔhwɛ sɛnea India Po a ɛwɔ akyirikyiri no mu nsupɔw no rete asɛmpa no!
Baabi a Yebedi Kan Agyina—Rodrigues
Bere a yɛde wimhyɛn fi Mauritius atwa nnɔnhwerew biako ne fã kwan no, yehu po mu ɔbotan bi. Ɛwɔ baka kɛse bi a atwa asase kurukuruwa ketewaa bi ho ahyia wɔ India Po no mu no ano. Ɛha, wɔ Rodrigues supɔw no so na yebedi kan agyina.
Wɔayɛ wimhyɛn gyinabea no wɔ asase no so ɔbotan bi a ayɛ sɛ bepɔw a wɔfrɛ no Point Coraille so. Ɔbotan no so yiye wɔ ha araa ma wobetumi atwitwa mu sɛ ntayaa de asi adan. Bɔs ketewaa bi de yɛn fa ɔkwan hihiaa bi a akɔntɔn a efi wimhyɛn gyinabea hɔ kɔ kuropɔn Port Mathurin mu no so. Wɔ baabi no, na yetumi hu supɔw no kosi abotan a ɛwɔ akyirikyiri no, baka bruu no, ne mpoano a abotan wowɔ no. Esiane sɛ asusow twaam ara ni nti, na sare mmerɛmmerɛw wɔ bepɔw no ho, na na anantwi, nguan, ne mmirekyi gyinagyina mu redidi.
Ahenni Asa kyɛkyɛwa bi a ɛho ne mu tew wɔ Port Mathurin mfinimfini a yɛde bɛyɛ yɛn da koro nhyiam titiriw no. Wofii adwuma no ase wɔ Rodrigues wɔ 1964 mu. Mprempren, asɛmpa no ho adawurubɔfo 36 na wɔne ɛhɔfo 37,000 no te. Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ yehui sɛ nnipa 53 na wɔbaa ase, na wɔbɔɔ aberante bi a wadi mfe 18 asu. Ɛwom sɛ ne maame nnim akenkan ne akyerɛw de, nanso ogyee nokware no wɔ 1969 mu, na wakɔ so asom Yehowa wɔ ɔsɔretia a n’abusua de ba no so nyinaa akyi. Mprempren ne mma no mu baanu ahyira wɔn so ama Yehowa.
Nhyiam no akyi no, yɛde dapɛn biako ka asɛm wɔ supɔw no so. Yɛka Mauritiafo Creole kasa, efisɛ ɛne kasa a wɔka wɔ Rodrigues ha nso. Bɔs ne nantew ma yedu yɛn asasesin no mu—obon ahabammono bi a ɛda bɛpow no so kwan no ho kosi po no ho. Ade fɛfɛ bɛn ara ni—baka a ani nsramabo, ɔbotan fitaa, na po bruu da akyi! Esiane sɛ mframa pa a efi nnim no ama yɛn ho ayɛ yɛn den nti, na yɛasiesie yɛn ho sɛ yebesim akɔ.
Yɛfa anammɔnkoro akwan a ɛda mfuw no mu no so kotwa atɛkyɛ asuten bi kɔ afie nketewa pii mu wɔ obon no mu. Wɔde anigye ma yɛn akwaaba wɔ ofie biara mu, na yetumi ka Ahenni nhyira horow a ɛrenkyɛ ɛbɛba no ho asɛm kyerɛ afiewuranom no. Ankyɛ na yɛadu obon no mu tɔnn, na na bere aso sɛ yɛkɔ fie. Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛsan aforo mmepɔw bio, na yɛanantew nnɔnhwerew pii, nanso wɔn ahɔhoyɛ su no boa yɛn—obi de ne jiip fa yɛn.
Yɛn ani agye sɛ yɛasan aba Vacoas Betel Fie fɛfɛ no mu bio wɔ adifi a ɔbrɛ wom no akyi. Wɔbɛyɛ da koro nhyiam atitiriw abien wɔ Municipal Hall. Da a edi kan no, nnipa 760 ba. Na wofi nsupɔw no so asafo ahorow 12 no mu fã mu. Ade kyee no, yɛne nnipa 786 a wofi asafo ahorow asia a aka no mu tie dwumadi koro no ara. Wɔbɔ afoforofo baanan asu wɔ dapɛn no awiei. Akwampaefo atitiriw 30 ne daa akwampaefo 50 na wɔwɔ hɔ a wɔka asɛmpa no kyerɛ supɔw no sotefo.
Seychelles a Ɛwɔ Akyirikyiri No
Seesei ara bere aso sɛ yɛsan fi hɔ kɔfa kusuu fam pɛɛ, wɔ ɛpo hahraa a ɛda hɔ kilomita 1,600 ne akyi no so kɔ supɔw Mahé wɔ Seychelles, a wɔfrɛ no Zil Elwannyen Sesel wɔ Creole kasa mu, a asekyerɛ ne “Seychelle Nsupɔw a ɛwɔ Akyirikyiri.” Ɔkwan no tenten nti, baa dwumadibea no tumi yɛ nsrahwɛ abien pɛ ho nhyehyɛe afe biara. Wɔyɛ da koro nhyiam titiriw no ne ɔmansin nhyiam no toatoa so nnansa wɔ fefɛw bere mu. Wɔyɛ ɔmantam nhyiam no akyiri yi wɔ afe no mu. Afei October mfinimfini yi, yɛaba ha rebɛyɛ ɔmantam nhyiam, na yɛde dapɛn biako asra asafo no wɔ ɛno akyi. Ɛha nso yebetumi aka yɛn Mauritius Creole kasa no.
Praslin ne La Digue nsupɔw a ɛbɛn no so anuanom abedu dedaw. Anigye bɛn ara ni sɛ nnipa a wofi aman 12 mu aba! Yɛbɛyɛ nhyiam no wɔ kurom hɔ Ahenni Asa so, ɔdan kɛse bi a wɔde mfiri sisi mu wɔ Ɔdansefo bi afikyiri, a wɔadan no saa. Esiane sɛ anuanom baasia pɛ, a nsrahwɛfo no ka ho na wɔfata sɛ wonya dwumadi no mu kyɛfa nti, wɔn mu binom nya hokwan ma ɔkasa pii nnanan no mu. Adawurubɔfo 81 no ani gye sɛ wohu sɛ nnipa 216 aba nhyiam no wɔ da a etwa to no mu.
Nhyiam no akyi no, yɛde ahyɛmma kɔ Praslin, kilomita 40 kwan wɔ Mahé kusuu fam apuei. Wɔde tacamahac dua na ayɛ anammɔn 60 ahyɛmma no. Ahyɛmma fɛfɛ no betumi afa nnipa 50 ne nnesoa bɛyɛ tɔn 40. Bere a yɛrefi Mahé hyɛn gyinabea no, na yɛde yɛn ahyɛmma no anim kyerɛ Praslin no, na yetumi te sɛnea engine no a ahyɛmma no mfrankaa a ɛsensɛn mfrankaa nnua abien so no boa no no twe ahyɛmma no nka.
Nnɔnhwerew abien akyi no, yetwa abotan no ho kodu Bay St. Anne fɛfɛ no mu nsu a ɛtaa hɔ dinn kɛse no so. Bere a yedu hyɛn gyinabea hɔ no, yehu sɛ yɛn nuanom retwɛn yɛn. Adawurubɔfo 13 na wɔwɔ supɔw ketewa yi so, na nsrahwɛfo 8 fi mmeae afoforo ba. Enti, yɛn ani gye kɛse bere a yehu sɛ nnipa 39 aba asa ketewaa no so rebetie ɔkasa titiriw no. Ade fɛfɛ a ebetumi ama wɔanya nkɔanim bɛn ara ni!
Bere a yɛwɔ Praslin ha no, ɛsɛ sɛ yɛkɔhwɛ Vallée de Mai fɛfɛ no. Ɛha na Coco-de-mer mmɛ a ɛbɔ akɛse sen biara wɔ wiase no mu, a emu biara mu duru bɛyɛ kilogram 20 no wɔ. Yehu mmɛ yi mu nea ɛrenyin ne nea anyin awie wɔ kwae no onwini a emu dwo no mu. Nsɛm a wɔakyerɛw ama nsrahwɛfo kyerɛkyerɛ mu sɛ na nea ɛware sen biara no tenten yɛ mita 31, bere a wosusuwii nea etwa to wɔ 1968 mu no. Wobu akontaa sɛ nnua atenten yi bi anya mfe 800. Egye mfe 25 ansa na dua no afi ase asow aba, ne mfe 7 ansa na aduaba no anyin awie. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nhoma no bɔ kɔkɔ sɛ: ‘Twa mfonini nkutoo, gyaw anammɔn nkutoo.”
Ade kyee anɔpa nnɔnson no, yɛde ɔkorow kɔ La Digue supɔw ketewa no so. Ahyɛmma pii sisi hyɛn gyinabea hɔ. Ɛno na nnipa 2,000 a wɔte hɔ no de tu kwan fi nsupɔw no so kɔ mmeae afoforo. Awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim a wofi Switzerland a wɔatra nsupɔw yi so fi 1975 behyia yɛn. Sɛ anka yɛbɛfa anantwi teaseɛnam “taksi” no, yɛnantew fa po a abotan kɔkɔɔ fɛfɛ a ɛpo ne osutɔ a egu so daa no ama ho ayɛ toromtorom wɔ ho no ano. Yedii anɔpaduan wiei no, yɛfa kwae ketewa bi a wɔakora so a anomaa tuntum a wɔfrɛ no flycatcher sow mma wom no mu kɔ anigyefo bi fie. Nnipa dumiɛnsa ahyiam wɔ hɔ sɛ wɔrebetie ɔkasa a wɔbɛma wɔ Creole kasa mu no. Yehyia awarefo bi a wɔayɛ wɔn nhyehyɛe nyinaa awie sɛ wɔde wɔn aware bɛhyɛ mmara ase na wɔatumi anya nkɔso wɔ honhom fam no. Nokwarem no, Yehowa de amanaman no mu ade a eye, nsupɔw a ɛwɔ akyirikyiri yi mu de mpo reba.
Yɛsan Ba Réunion
Réunion ne supɔw a anya nkɔso sen biara a yɛkɔsra hɔ wɔ akwantu yi mu. Bere a yɛbɛn asase no, yetumi hu lɔre kwan a kar anan fa so bere koro mu no sɛ kar ahorow a efi ahenkurow, Saint-Denis no mu ayɛ so ma. Adan atenten wɔ ɛpo no ne bepɔw no ntam. Nnipa bɛyɛ 580,000 na wɔte supɔw yi so, na ada adi sɛ ɛyɛ Ahenni adansedi asasesin a ɛsow aba. (Mateo 9:37, 38) Asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔyɛ nnam bɛyɛ 2,000 a wɔwɔ asafo ahorow 21 mu na wɔwɔ hɔ.
Yɛyɛ da koro nhyiam titiriw no wɔ agumadibea kɛse bi a wɔakuru so mu. Yɛn ani gye sɛ yehu sɛ nnipa 3,332 na wɔaba, na anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ afoforo 67 de wɔn ho ma sɛ wɔmmɔ wɔn asu yi! Bere a yɛne nsupɔw no so asɛmpatrɛwfo no anya fekubɔ mu anigye akyi no, yesim kɔ baabi a edi hɔ a yɛbɛkɔ no.
Mayotte—Aduhuam Supɔw
Nnɔnhwerew abien akyi no, yɛn wimhyɛn a ɛfa nnipa 40 no fi ase si wɔ Pamanzi, supɔw ketewa bi a ɔkwan a efi hɔ kɔ Dzaoudzi, Mayotte ahenkurow no mu yɛ kilomita 1.9 no wimhyɛn gyinabea. Wim a ayɛ bruu, amununkum fitaa, mmepɔw no ho nsase frɔmfrɔm, ne po bruu no nyinaa ka bom ma ɛyɛ paradise a asomdwoe wom a owia bɔ na osu tɔ wɔ hɔ ho mfonini. Ɔkwan a ɛfata so no, wɔfrɛ Mayotte sɛ Aduhuam Nsupɔw esiane ilang-ilang dua huahuam no nti. Wɔde ne nhwiren mu nneɛma kɔ France kɔyɛ nnuhuam a agye din wɔ wiase no mu.
Sɛ wode ahyɛmma kɔ supɔw kɛse no so a, egye simma 15. Bere a yedi nnɔkɔnnɔkɔwade bi wɔ asɛmpatrɛwfo no fie akyi no, wɔto nsa frɛ yɛn kɔ nhoma mu adesua wɔ supɔw no fã baabi a ɛyɛ kilomita 19 kwan. Ade a ɛde yɛn ahomegye nsrahwɛ a yɛhwɛɛ kwan no ba awiei bɛn ara ni! Yɛforo tra jiip bi a ɛso da hɔ mu, kɔfa akwan hihiaa so. Ɛte sɛ nea ɛka kakraa bi na yɛne nnipa, anantwi ne mfiri afoforo hyiam, nanso na ofirikafo a ɔyɛ Franseni no nim kwan no so. Ankyɛ, yedu Chiconi, faako a yehyia abusua a wɔyɛ adesua no wɔ wɔn fie no.
Agya no a anka ɔyɛ Kramoni no de yɛn kyerɛ ne mma baawɔtwe. Ne babarima kumaa a wadi mfe anan no bekyia yɛn, nea akyiri yi yehu sɛ ɛyɛ wɔn amammerɛ kwan so nkyia no. Ɔde ne nsa biako akyi to foforo no mu, na ogyina yɛn anim a ne nsa da ne nsa yam. Mfiase no yɛbɔ mmɔden sɛ yebekyia ne nsam, afei me yere bɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa begu n’atifi. Abofra ketewaa a n’aniwa akɛse kurukuruwa no de boasetɔ twɛn, akyinnye biara nni ho sɛ na ɔredwen nea yɛyɛ no ho. Awiei koraa no, yetumi yɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no—yɛde ne nsa gu n’atifi. Yɛde nnipa 14 na efi adesua no ase. Bere a yɛayɛ adesua no fã awie no, onigyeni bi ba na okyia obiara nsam. Ɛda adi sɛ ɛno nso yɛ wɔn amammerɛ no mu biako.
Bere a yɛkɔfa nkuraa a ase aduru sum resan yɛn akyi akɔ fie no, yehu mpan akɛse a wɔrekodidi anadwo wɔ nnua so. Yɛte jackfruit aduaba a emu nsu yerɛyerɛw a atetew agu ɔkwan a akontɔnkontɔn no so nso hua, ne mango, paya, ne oguaa hua huahuam no. Nkitaden, mmoa nketenkete a wɔte sɛ nkontromfi a wɔn anim te sɛ sakraman, a wɔn nnua atenten kurukuruwa a wɔbobɔw wɔ ha. Bere a yedu bepɔw bi so no, yehu ade fɛfɛ bi. Na afei ara na ɔsram akokɔsrade a atwa puruw no apue wɔ baka no so, na ne sunsuma a ɛhyerɛn wɔ nsu a ɛtaa hɔ dinn no mu. Ofirikafo no mpo tɔ ne bo ase brɛoo na ɔhwɛ. Yetwa yɛn ani hwɛ wɔ baabi a ɔkwan no akɔntɔn biara wɔ ɔkwan a aka a yetwae no mu.
Ade kyee no, yɛne asɛmpatrɛwfo no kɔ asɛnka. Nea edi kan no, yɛkɔ aberante bi a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔka Franse kasa yiye no nkyɛn. Ɔtra fam, na yɛtra ne mpa so. Yɛne aberante bi nso yɛ adesua a edi hɔ no, na ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛntra ne mattress a ɛda fam wɔ ne dan ketewa no mu no so. Bere bi akyi no, yefi ase yɛ peterepetere, bere a yɛbɔɔ mmɔden sɛ yebebu yɛn ani agu yɛn anan a asinsen, ne fifiri a ɛsen fa yɛn akyi no so no nyinaa akyi. Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛde yɛn adwene besi adesua a yɛde Franse ne Mahoria kasa yɛ no so, bere a ɔdan a ɛtoa so no mu radio bɔ nnwom a aba foforo denneennen no.
Nea otwa to a yɛkɔ ne nkyɛn no yɛ aberante bi a ofi Comoros a ɛbɛn hɔ no. Ɔsrɛ sɛ ontumi nka Franse kasa yiye, ɔkɔfa ne nhomawa ba, na yesiesie yɛn ho sɛ yebefi adesua no ase. Bere a ɔsɛmpatrɛwfo no kɔ so kyerɛkyerɛ biribi mu kyerɛ me no, ɔka asɛm bi twa mu, na ɔka sɛ ɔrebɛkenkan nkyekyem no. Ɔde obu reka akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ komm. Nnipa yi nyinaa yɛ Nkramofo, nanso wɔn ani sɔ nea wɔresua afi Bible mu no ankasa.
Yebisa nea enti a mmerante pii sua ade, nanso mmabaa anaasɛ mmeawa kakraa bi na wɔyɛ saa no. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ eyi fi asetra ne abusua mu amammerɛ ahorow. Esiane sɛ wɔpene ɔyerenom dodow aware so wɔ ɔsom ne asetra mu nti, ɔyere biara te n’ankasa fie, nkɛntɛnso a agya no wɔ no sua; na ɛna no na ɔhwɛ nneɛma so. Yɛte nso sɛ mmabea tra wɔn nanom fi kosi sɛ wɔbɛware. Nanso, mmabarima fi fie wɔ wɔn mmerante bere mu kɔkyekye wɔn ankasa banga, anaa ɔsese, anaasɛ wɔne mmarimaa afoforo kɔtra banga bi mu. Tebea horow yi mu no, mmerante de wɔn ho sɛ wobesua ade, sɛ wɔpɛ a, nanso mmeawa kakraa bi na wɔwɔ ahofadi a ɛte sɛɛ.
Na yɛbɛyɛ da koro nhyiam titiriw no Kwasida. Mfiase no na wim tew yiye, nanso eduu owigyinae no, osu fi ase muna, na ankyɛ osu kɛse fi ase tɔ. Ɛte sɛ nea anhaw obiara kɛse, efisɛ ɛma wim dwo. Ɛha nso yenya honhom fam ahode pii bere a adawurubɔfo ne akwampaefo 36 ani gye sɛ wohu sɛ nnipa 83 na wɔaba, na afoforo 3 na wɔbɔ wɔn asu no.
Brochure a ɛne Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! a woyii adi wɔ wɔn ankasa kasa mu no yɛ ade titiriw. Ɛnyɛ sɛ ɛno nkutoo ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma a ɛwɔ Mahoria kasa mu, na mmom nso ɛne nhoma biako pɛ a ɛwɔ saa kasa no mu. Arabic nkyerɛwee wɔ Roma nkyerɛwee no ase. Nkurɔfo sua Arabic nkyerɛwee no wɔ sukuu na ɛnyɛ Arabic kasa. Wobetumi de Arabic kasa abɔ mpae na wɔakenkan Koran wɔ Arabic mu; nanso wɔnte nea wɔbɔ din no ase. Bere a wɔkenkan Arabic nkyerɛwee a ɛwɔ brochure no mu no, wɔn ho dwiriw wɔn sɛ wotumi te ase. Nea wɔkenkan no yɛ wɔn ankasa Mahoria kasa a wɔde Arabic nkyerɛwee akyerɛw. Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ wɔn ani agye bere a wɔte nea wɔkenkan no ase no.
Ɛnyɛ den sɛ wɔde brochure ahorow bɛma nnipa no. Wɔ nkuraa a ɛbɛn no biako ase no, ɔbarima bi ba yɛn nkyɛn bere a yɛreka asɛm akyerɛ ɔbea bi no. Ofi ase kasa ahoɔden so kyerɛ yɛn nuabarima no wɔ Mahoria kasa mu. Na ɛte sɛ nea ɔyɛ ɔsɔretiafo kɛse. Ɔbarima no toa so kasa kyɛ kakra, na ɔtoto ne nsa kɛse. Akyiri yi onuabarima no kyerɛkyerɛ mu sɛ na ɔbarima no renwiinwii sɛ: “Mobɛyɛ dɛn atumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛkae nsɛm a moka kyerɛ yɛn no, bere a moba yɛn nkyɛn pɛnkoro afe biara no? Mobɛyɛ dɛn atumi ahwɛ kwan saa? Ɛsɛ sɛ moba yɛn nkyɛn mpɛn pii bɛka nneɛma yi ho asɛm kyerɛ yɛn.”
Saa nsɛm a etwa to no da yɛn nkate nso adi. Nokwarem no, Yehowa reboaboa amanaman nyinaa mu ade a eye no ano denam Ahenni asɛmpa no so. Ɛwom sɛ po hahraa tew wɔn ntam de, nanso nsupɔw no sofo ka ayeyi kɛse a yɛde ma yɛn Yɛfo ne soro Agya Yehowa Nyankopɔn no bi.—Hagai 2:7.
[Asase mfonini wɔ kratafa 21]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu.)
SEYCHELLES
INDIAN OCEAN
COMOROS
MAYOTTE
MADAGASCAR
MAURITIUS
RÉUNION
RODRIGUES
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Ɔbotan a ɛwɔ Prasin Bay, St. Anne
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Anantwi teaseɛnam “taksi” wɔ la Digue, Seychelles
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Ɔde brochure foforo no reka asɛm wɔ Mayotte