Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 11/15 kr. 24-27
  • Asɛmpa Du South Africa Nkuraase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa Du South Africa Nkuraase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Zululand “Sunday” Sukuu
  • Bushveld a Tutuw Wɔ Hɔ No
  • Ɔhene Bi Hyɛ Mmara!
  • Anigye a Wɔde Boa Nokware Hwehwɛfo Pii
  • Aba a Adwuma No Asow
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 11/15 kr. 24-27

Asɛmpa Du South Africa Nkuraase

NNIPA dɔm a wɔn bo afuw, basabasayɛ ho polisifo, ne owusiw ɔtopae a wɔde pam nnipa a wɔyɛ basabasa. Nnansa yi mfe no mu no, ntawntawdi a ɛte sɛɛ asɛe South Africa nkurow nketewa ne akɛse mu asetra. Nkuraase a ɛhɔ yɛ fɛ mpo​—faako a ɔman no mu nnipa mu ɔha biara mu nkyem 40 te​—nkwatii amammuisɛm mu basabasayɛ no ɛ. Nanso, eyi nyinaa mu no, Yehowa Adansefo akɔ so aka “asomdwoe asɛmpa no” akyerɛ.​—Efesofo 6:16.

Mfe pii mu no, Yehowa Adansefo ayɛ afe afe asram abiɛsa asɛnka ɔsatu, a atirimpɔw pɔtee no ne sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ wɔn a wɔtete nkuraase no. Sɛ nhwɛso no, Ahenni adawurubɔfo 12,000 ne akyia wofi asafo ahorow 334 mu de wɔn ho hyɛɛ ɔsatu yi mu wɔ 1990 mu. Sɛnea ɛte no, ɛsɛ sɛ wodi akwanside pii so na ama wɔadu nkuraasefo a wɔahwete wɔ Afrika kesee fam no nkyɛn.

Nneɛma no bi ne sɛ Adansefo no hyia amanne ne kasa horow pii. Na hwɛ sɛnea egu ahorow! Sɛ nhwɛso no, akuafo a wɔka Engiresi ne Afrikaan kasa ne Pedis, Sothos, Tsongas, Tswanas, Vendas, Xhosas, ne Zulus kasa wɔ hɔ. Abusua biara wɔ n’amanne ne wɔn kasa soronko. Akwan no nso woware na ɛso atutu. Eyi nyinaa hwehwɛ ho a wɔde bɔ afɔre honhom, ne bere ne sika pii a wɔde bedi dwuma. Nanso Yehowa ahyira wɔn mmɔdenbɔ no so kɛse. Ma yɛnka asɛnka adwuma no fã a ɛda nsow yi mu amanehunu ne nkonimdi ho asɛm kakra nkyerɛ wo.​—Fa toto Malaki 3:10 ho.

Zululand “Sunday” Sukuu

Zululand a owia bɔ na osu tɔ wɔ hɔ kakra no mfinimfini na Umvoti Asubɔnten no asubonka a emu dɔ yiye no da. Sɛ obi gyina mmepɔw no so a, obetumi ahu Zulufo dɔte asese (afie) akuwakuw no sɛ ɛsesa so kɔ akyirikyiri. Da koro Kwasida wɔ 1984 mu no, Ahenni adawurubɔfo baanu faa ɔkwan a ɛso tutuw a akɔntɔn no so baa ɔbon no mu. Mpɔtam hɔ yɛ hyew yiye araa ma wɔato hɔ din sɛ Kwa-Sathane (Satan Atrae)​—ɛda adi sɛ ɛkyerɛ hell-gya a Satan na wasɔ ho atoro nkyerɛkyerɛ no!

Bere a fifiri afɔw anuanom no dotoo no, wɔkɔɔ ɔbea bi a ne din de Doris a ɔreyɛ Sunday sukuu nkyɛn. Bere a Doris tiee Ahenni nkrasɛm no wiei no, ɔtoo nsa frɛɛ Adansefo no ntɛm ara sɛ wɔmmɛkasa nkyerɛ ne kuw no mu mmofra bɛyɛ 40 no. Dɛn na efii mu bae? Dapɛn a edi hɔ no anuanom san de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm 70 kɔe sɛ ɛhɔnom sukuu no mfa nni dwuma. Adapɛn kakraa bi ntam no, Sunday sukuu no dan bɛyɛɛ Bible adesua kuw. Sɛ anka wɔbɛto asɔre nnwom no, wɔde anigye bom too Ahenni nnwom no sɛnea Afrikafo to no. Ankyɛ kuw no mufo bɛyɛɛ 60 ne akyi. Onua biako se: “Osuahu a ɛyɛ anigye bɛn ara ni sɛ yenyaa Sunday sukuu a ɛdan nokware sombea mu kyɛfa!”

Bushveld a Tutuw Wɔ Hɔ No

Esiane asɔre ahorow no ho a wɔde ahyɛ amammui mu basabasayɛ mu nti, aborɔfo akuafo pii hwɛ wɔn ho yiye wɔ obiara a ɔde Bible mu nkrasɛm ba wɔn nkyɛn no ho, anaasɛ wonya wɔn ho adwemmɔne mpo. Hyɛ amanneɛbɔ a Johannesburg kuw bi a wotwaa kilomita bɛyɛ 640 kɔkaa asɛmpa no wɔ Transvaal fã bi no de mae no nsow.

“Na yɛde nnɔnhwerew bɛyɛ anan nam kusuu fam akɔfa bushveld tamaa no so. Na kumaforote wɔ ɔkwan tee a ɛso hyerɛn wɔ Afrika owia no mu no so. Mpofirim ara ɔkwan a wɔagu so no baa awiei, na yeduu nea tutuw ne abon wɔ so no so. Awiei koraa no, yɛfaa anhwea kwan bi so koduu afuw bi mu.

Yekyiaa okuafo ɔbran no sɛ: “‘Makye oo, Meneer [Owura].’

Obuae sɛ: “‘Migye mo so. So mopɛ sɛ meboa mo?’

“Bere a yɛada yɛn ho adi awie no, yɛkyerɛɛ nea enti a yɛaba hɔ. Yɛn ano ansi na ɔteɛɛm sɛ: “Me dominee [sɔfo] abɔ me kɔkɔ wɔ mo ho! Mo nyinaa moyɛ Komunistfo ne Antikristo. Mumfi m’asase so ha ntɛm ara ansa na me . . .!’

“Sɛnea na okuafo no gyina hɔ no kyerɛ sɛ obetumi ayɛ basabasa bere biara mu. Esiane sɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee nti, yesii gyinae sɛ yebefi hɔ akɔ na ‘yɛaporoporow yɛn nan ase tutuw.’ (Mateo 10:14) Na anhwea pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ saa ankasa.

“Asɛnkoro no ara na esii wɔ afuw a edi hɔ no mu. Afei yehui sɛ na ɛhɔnom Dutch Reformed asɔre no sɔfo no nam telefon so rebɔ ‘ne nguan’ kɔkɔ wɔ ‘asiane bi a ɛreba’ mpɔtam hɔ no ho. Awiei koraa no, yehyiaa okuafo bi a ɛwom sɛ na n’ankasa ani nnye ho de, nanso ɔkae sɛ: ‘Yiw, mubetumi akasa akyerɛ m’apaafo no.’

“Na nea yɛrehwɛ kwan nen. Na adan kyɛkyɛwa bɛyɛ du sisi nnua bi ntam. Yehui sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wohu nea ɛrekɔ so de wɔn aniwa afa adan no mfɛnsere mu rehwɛ yɛn, bere a yɛrehyehyɛ nhoma no akuwakuw no fɛfɛ wɔ yɛn kar no anim. Kuw biako yɛ Bible, kuw foforo yɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, ne brochure ahorow. Ɛhɔnom mmarimaa no mu biako tuu mmirika kɔbɔɔ nkuraasefo no amanneɛ sɛ yɛaba hɔ. Ankyɛ nnipakuw bɛyɛ 30 betwaa yɛn kar no ho hyia tiee nkrasɛm no.

“Yɛbɔɔ ɔkasa a yɛakyere agu hama so maa wɔn wɔ Tswana kasa mu. Hwɛ anigye ara a nnipa yi nyae bere a wɔtee Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ne Paradise anidaso no wɔ wɔn ankasa kasa mu no! Sɛ yɛde nhoma no ma wɔn a, wɔde anigye kasa pii. Bere tiaa bi mu no, na wɔn a wogye no dodow aboro yɛn so. Akwakoraa bi mpo kae sɛ ɔbɛtɔ afiri a wɔde kyere kasa no. Bere a wɔkyerɛɛ asɛmpa no ho anisɔ wɔ akwan nketewa so​—fɛre a wɔde serew, nsa a wɔde ka wo, ne ‘meda ase’ a wɔka no brɛoo no, ɛkanyan yɛn yiye.’

“Mpofirim ara, mmofra no too santen na wɔtoo wɔn kurom dwom a wɔde gyaa ahɔho kwan. Ntɛm ara yɛn werɛ fii ɔkwan a tutuw ne abon wɔ so no, ne asɛm no a ɛtɔ mmere bi a wontie no. Na ɛfata mmɔden biara a yɛbɔe!”

Ɔhene Bi Hyɛ Mmara!

Soweto asafo biako nyaa dwumadi sɛ wɔnkɔka asɛm no wɔ baabi a ɛbɛn Piet Retief kurow no apuei fam. Ɛhɔnom amanne kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔhɔho di kan ka nea enti a waba hɔ no kyerɛ mpɔtam hɔ induna (ɔhene) no. Anuanom no dii saa nhyehyɛe no so. Hwɛ sɛnea wɔn ho dwiriw wɔn bere a ɔhene no de anigye maa wɔn akwaaba, na ɔmaa wɔn dabere wɔ n’ankasa fie no! Afei nso, ɔde ne nsɔano sii krataa a ɛda adawurubɔfo no adi so maa wɔn sɛ wɔmfa nkɔ afie afie. Ese: “Onyankopɔn Ahenni no ho asɛnkafo ni. Momma wɔmmra mo fie na muntie wɔn.”

Wotiei araa ma Adansefo no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛma baguam ɔkasa wɔ ɔhene no adiwo saa Kwasida no awia. “Adiwo” hɔ yɛɛ ma twom, na wɔde dwom ne mpaebɔ buee nhyiam no ano, na wɔsan de pɔnee. Wɔanya nnipa komapafo ho osuahu ahorow a ɛte saa ara wɔ nkuraa afoforo ase.

Onipa biako a ɔte sɛɛ ne Nathaniel, a ɔwɔ Pitsedisulejang akuraa ketewa no ase wɔ Bophuthatswana a ɔpɛ asi hɔ no. Na ɔyɛ obi a ɔyɛ adwuma de kyerɛ ɛhɔfo sɛnea wodua nnɔbae wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Na wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛma beae kesee no adan paradise. Nanso bere a ɔtee sɛ ɛrenkyɛ asase nyinaa so paradise bɛba no, n’ani gyei. Ɔde ahopere kyerɛkyerɛw nsɛm biara a ɔdawurubɔfo no de kyerɛɛ no no too hɔ. Wɔkyerɛɛ Nathaniel asafo a ɛbɛn no sen biara, a ɛwɔ kilomita bɛyɛ 30 no ntɛm ara.

Anigye a Wɔde Boa Nokware Hwehwɛfo Pii

Ɔkwampaefo anaasɛ bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo a wɔfrɛ no Monika ka sɛ: “Yehowa kyerɛ yɛn sɛ ohia nsiw obi a honhom mu kɔm de no kwan wɔ nokware no a obehu no mu.” Na ɔka akwampaefo kuw a wɔkaa asɛm wɔ mfuw mu wɔ Orange Free State no tataw so wɔ ɔman no mfinimfini no ho. Akwampaefo no tee nka dɛn wɔ wɔn ho a wɔyeree sɛ wɔde asɛmpa no bɛkɔ nnipa yi nkyɛn no ho? Wobuae sɛ: “Hena na obetumi akyerɛ bo a nneɛma a yɛanya no som no.” Nokwarem no, akwampaefo no nyaa honhom mu akatua wɔ wɔn mmɔdenbɔ no ho.

Akenkan a obi a honhom mu kɔm de no nnim mpo no nsiw no kwan wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nokware a obesua no mu. Wɔn a wonnim akenkan ne akyerɛw anaa wonim kakra no gyee Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase so Daa! brochure a wɔayɛ mfonini fɛfɛɛfɛ wom no titiriw. Mmofra ne mpanyimfo nyinaa ani gyee Paradise mfonini fɛfɛ no ho. Bere nyinaa dwumayeni biako a ɔboa ma wotintim saa nhoma no kae sɛ: “Brochure yi boa nkuraasefo no ma wohu Paradise sɛnea ɛte ankasa, na ɛma obu a wɔwɔ ma Bible no yɛ kɛse.”

Ade koro yi ara nti, wɔn ani gye Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no ho kɛse. Wɔ Lebowa a ɛwɔ akyirikyiri mpɔtam hɔ no, yɛn honhom fam anuawanom baanu ho dwiriw wɔn sɛ wohui sɛ akwakoraa bi a onhu ade yiye ne ne yere wɔ nhoma yi bi wɔ Sepedi kasa mu. Na awarefo yi de di dwuma sɛ wɔn osua nhoma de kyerɛ ɛhɔnom mmofra ade. Nokwarem no, na wɔasua nhoma no yiye na wɔahyɛ nneɛma nsow wom araa ma ɛretetew. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei bere a wogyee foforo no!

Enti saa nokware Kristofo nhoma ahorow no redi ahiade kɛse bi ho dwuma de boa wɔn a nokware no ho kɔm de wɔn. Anigyesɛm ne sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no na etintim nhoma a wotintim wɔ ɔman no mu kasa horow mu no nyinaa mu fã kɛse. Wɔde nhoma 113,529, brochure ahorow, ne nsɛmma nhoma a Asafo ti no tintim no memae wɔ South Africa nkuraase wɔ 1990 mu nkutoo.

Aba a Adwuma No Asow

So osuahu pa yi ne nhoma a wɔde amema no asow aba a ɛbɛtra hɔ daa wɔ South Africa nkuraase? Akyinnye biara nni ho sɛ aba saa. Esiane asɛmpa no dawuru a wɔbɔ wɔ South Africa nkuraa ase nti, wɔatew asafo anan ne kuw a atew ne ho akron fi 1989 reba no. Bere tiaa mu akwampaefo atitiriw ne daa akwampaefo na wodii adwuma yi mu fã kɛse anim.

So wokae Doris ne ne Sunday sukuu a ɛwɔ obon a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Zululand no? Ɛnnɛ, ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo a wahyira ne ho so na wɔabɔ no asu. Afei nso, Ahenni adawurubɔfo kuw a emufo yɛ baakron kɔ so nya honhom mu nkɔso wɔ hɔ. Afoforofo pii kɔ nhyiam horow wɔ Doris fie, na wɔbɔɔ nnipa baason a ɔne wɔn yɛɛ Bible adesua asu wɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Durban wɔ December 1990 mu no ase.

Aba a ɛte sɛɛ no yɛ anigyede a ɛkanyan South Africa Ahenni adawurubɔfo. Wɔde ɔsomafo Paulo nsɛm yi asie wɔn komam: “Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye.” (Galatifo 6:10) Yiw, Yehowa nkoa asi wɔn bo sɛ wobedu nnipa komapafo nyinaa nkyɛn, a wɔn a wɔte nkuraa ase wɔ “asase ano nohɔ” yi ka ho.​—Asomafo no Nnwuma 1:8.

[Asase Mfonini/​Mfonini wɔ kratafa 24]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Lebowa

TRANSVAAL

Soweto

Piet Retief

Bophuthatswana

ORANGE FREE STATE

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena