Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 9/15 kr. 24-27
  • Mfuw Ahoa Ama Ama Otwa Wɔ Brazil

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfuw Ahoa Ama Ama Otwa Wɔ Brazil
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Akwampaefo Yɛ Otwa Adwuma no Bi
  • Asɔfo Nkɛntɛnso Ka Otwa Adwuma No
  • Mmɔden a Wɔkɔɔ so Bɔe Ma Wonyaa Nhyira
  • Wɔsakra Wɔn Asetra
  • Yɛ Otwa Adwuma no Bi Kosi Ase
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 9/15 kr. 24-27

Mfuw Ahoa Ama Ama Otwa Wɔ Brazil

“MOMMA mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa. Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu.” (Yohane 4:35, 36) Saa Yesu Kristo nkɔmhyɛ nsɛm no abam nnɛ wɔ South America ɔman kɛse a ɛne Brazil mmeae a ɛwɔ akyirikyiri no mu.

Mfe pii ni no, Brazil Yehowa Adansefo renya nkɔanim a ɛsɔ ani yiye. Wɔ April 1991 mu no, Ahenni nneɛma twafo a wɔn dodow sen biara a wɔyɛ 308,973 yɛɛ 401,574 ofie Bible adesua. Nnipa 897,739 hyiam kaee Yesu, nea ofii otwa adwuma no ase no wu wɔ March 30, 1991 mu.

Wɔ nneɛma pa a ɛte sɛɛ a afi mu aba no nyinaa akyi no, asasesin no fã bi da so ara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wotwa nneɛma no wɔ hɔ. Nnipa ɔpepem anum ne akyi te Brazil mmeae a asɛnka adwuma kakraa bi na Yehowa Adansefo ayɛ wɔ hɔ, anaasɛ wɔnyɛɛ bi koraa wɔ hɔ. Dɛn na wɔreyɛ na ama wɔatrɛw otwa adwuma no mu akɔ saa mmeae yi?

Akwampaefo Yɛ Otwa Adwuma no Bi

Asram asia bi a etwaam nnansa yi mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Brazil no somaa bere nyinaa Ahenni adawurubɔfo​—bere tiaa mu akwampaefo atitiriw 100 ne daa akwampaefo 97​—kɔɔ nkurow 97 a emu dodow no ara wɔ ɔman no apuei fam a nnipa pii te hɔ no mu. Asafo ahorow mu ahenni adawurubɔfo tuu wɔn ho mae kɔyɛɛ adwuma wɔ saa mmeae yi bere tiaa bi. Wɔ akwanside ahorow a na ɛsɛ sɛ wodi so nyinaa akyi no, nea efii mu bae no yɛ anigye.

Sɛ nhwɛso no, wɔ São João da Ponte a ɛwɔ Minas Gerais mantam mu no, akwampaefo no kɔɔ ɛhɔnom sukuu no mu nyamesom kyerɛkyerɛfo no nkyɛn. Otiee nkrasɛm no wiei no, ogyee Your Youth​—Getting the Best Out Of It nhoma no 50 maa n’adesuakuw no. Ɔkyerɛkyerɛfo foforo ka kyerɛɛ akwampaefo a na wɔrefi hɔ akɔ no sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mufi ha kɔ, efisɛ moreyɛ adwuma pa wɔ ha. Mo nkutoo na mutumi kyerɛkyerɛ Bible no mu fann.”

Ɛnyɛ obiara na n’ani gyee adwuma pa yi ho. Sɛ nhwɛso no, susuw krataa bi a wotintimii wɔ atesɛm krataa (Diário de Montes Claros) mu wɔ asɛmti a ɛne “Wɔabɔ Ɔsɔfo Sobo sɛ Ɔkanyan Basabasayɛ ne Nyiyim” ase no ho. Krataa no se: “Sɛ wɔreyɛ asɔre a, nea [ɔsɔfo] no yɛ ne sɛ ɔkasa tia asɔre afoforo mufo, ɛwom mpo sɛ asɔfo no mfa Katolekfo ne Kristofo akwankyerɛ a ɛsɛ a ɛfa Asɛmpa no ho mma anokwafo no de. Bere a na ɔrebɔ Mass no, ɔkasa tiaa Yehowa Adansefo asomfo a wɔwɔ kurow no mu no, ɛwom sɛ wɔne Katolekfo nni no ɔkwammɔne so de.” Esiane sɛ ɔnna nitan a ɛte sɛɛ adi nti, asɛm no kyerɛwfo (ɔsɔfo bi) betiee Bible mu ɔkasa a akwampaefo no mae no, na ɔde anigyefo afoforo kaa ne ho bae. Wɔn nyinaa ani gyee nhyiam no ho.

Anuanom baanan a wofi Fortaleza de wimhyɛn fi ɔman no mu kɔɔ Fernando de Noronha Island, a ɛwɔ kilomita 400 no so. Na wonnii supɔw no sofo 1,500 no adanse papa biara wɔ bɛboro mfe 15 mu. Anuanom no de nhoma 50, nsɛmma nhoma ne brochure 245 mae wɔ nnafua du mu, na wofii ofie Bible adesua 15 ase. Nnipa dumien baa Kristo wu Nkae no a edui wɔ wɔn nsrahwɛ no mu no ase. Akwampaefo no wɔ anidaso sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no, adwuma no ase betim yiye wɔ hɔ nnansa yi ara. Anuanom binom ayɛ wɔn adwene sɛ wobetu akɔtra supɔw no so.

Asɔfo Nkɛntɛnso Ka Otwa Adwuma No

Arpoador Asafo a ɛwɔ Rio de Janeiro no mu Ahenni adawurubɔfo kuw bi tuu wɔn ho mae sɛ wɔde adapɛn abien bɛka asɛm no wɔ Minas Gerais mantam a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 200 no mu nkurow no pii mu. Nea ɛyɛ wɔn anigye ne sɛ na ɛhɔnomfo wɔ ahɔhoyɛ su ne ayamye kɛse. Mmarima no tu wɔn kyɛw bere biara a wɔbɔ Onyankopɔn anaa ne din Yehowa no. Nanso, esiane obu a wɔwɔ ma Onyankopɔn nti, asɔfo no nyaa wɔn so nkɛntɛnso a wɔammrɛ ho.

Wɔ kurow biako mu no, ɔsɔfo no tuu nnipa no fo sɛ wonntie Yehowa Adansefo na wɔnnkɔ nhyiam a wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ no ase. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛyɛ Mass titiriw bi wɔ bere a wɔbɛyɛ nhyiam no ara mu, na ɔde akasam kaa Mass no ho asɛm denneennen wɔ n’asɔredan no akyi. Nanso wɔ ne mmɔdenbɔ no nyinaa akyi no, kurow no mufo 29 baa nhyiam no kaa ahɔho no ho.

Na ɛnte saa koraa wɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ no mu. Wɔ hɔ no, ɔsɔfo no ka kyerɛɛ nnipa no sɛ sɛ Adansefo no ba wɔn nkyɛn a wontie wɔn. Nea efii mu bae ne sɛ nnipa 168 na wɔkɔɔ nhyiam a wodii kan yɛe no. Akyiri yi ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ sɛnea Yehowa Adansefo yɛ Nkaedi no yiye, sɛnea ɔkae no, efisɛ “wɔyɛ wɔ ɔkwan a ɛteɛ no so.” Wɔ adapɛn abien a wɔde kaa Ahenni ho asɛmpa wɔ mpɔtam hɔ no mu no, wɔde nhoma 1,014 ne nsɛmma nhoma ne brochure 1,052 memae.

Mmɔden a Wɔkɔɔ so Bɔe Ma Wonyaa Nhyira

Ɔsram biako akyi no, Ahenni adawurubɔfo 34 san kɔɔ hɔ sɛ wɔkɔhwɛ Bible adesua a wofii ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no. Kristoni panyin a odii wɔn anim no kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ anigyesɛm bere a yehui sɛ anigyefo no de aseda ne wɔn aniwam nusu maa yɛn akwaaba no.” Onuawa biako kae sɛ ɔbea bi baa ɔne Adansefo afoforo nkyɛn wɔ adidibea bi de “nusu srɛe sɛ yɛne no mmesua ade.” Ɔbea foforo bi suaa ade mprensa wɔ dapɛn a na Adansefo no wɔ hɔ no mu. Bere biara osiesie ne ho ansa na adesua no adu so. Ɔbea no kae sɛ wafi ase rebɔ nokware Nyankopɔn Yehowa no mpae. Ɔka kaa ho sɛ: “Wɔ me koma mu no, na eyi ne nea meretwɛn bere nyinaa.”

Akyiri yi wɔmaa akwampaefo baanu kɔɔ hɔ sɛ wɔnkɔboa saa mpɔtam hɔ anigyefo no. Te sɛ afeha a edi kan Y.B. mu no, “wɔn a wɔpɛ daa nkwa no bɛyɛɛ gyidifo.” (Asomafo no Nnwuma 13:48, New World Translation) Na te sɛ Samariani bea a Yesu dii no adanse wɔ Yakob abura no ho no, wofii ase kaa nea wosua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. (Yohane 4:5-30) Ɛnnɛ akwampaefo baanu no anya afoforo 6 abɛka wɔn ho ne wɔn resom, na wɔkyekyem a, nnipa 20 ba dapɛn dapɛn nhyiam horow no.

Esiane sɛ wɔn ani gyee nea efi adwuma titiriw yi mu bae no ho nti, Arpoador Asafo no mufo 29 kɔkaa asɛm no wɔ Mutum kurow a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 500 no mu. Ɔpanyin a odii kuw no anim no kae sɛ: “Sɛnea wogyee yɛn fɛw so no yɛ soronko ankasa. Nnipa pii de asoyɛ ne anigye kɛse tiei ma enti yefii Bible adesua 170 ase, na yɛte nka sɛ wɔn mu pii bɛtoa so.” Sɛ wɔkyekyem a, adawurubɔfo no mu biara de nnɔnhwerew 90 kaa asɛm, na wɔde nhoma bɛyɛ 1,100 memaa nkurɔfo. Nnipa dodow 181 na wobetiee baguam ɔkasa ahorow a anuanom no mae no.

Asram kakraa bi akyi no, asafo no kogyee ɔdan fɛfɛ bi wɔ Mutum mfinimfini a wɔde bedi dwuma sɛ Ahenni Asa ne akwampaefo fie. Amanneɛbɔ a edi kan a akwampaefo mmea baanu a wɔde wɔn akɔ hɔ no de brɛɛ Asafo ti no fã bi kenkan sɛ: “Esiane sɛ yɛafi adesua pii ase dedaw nti, yehia akwampaefo pii. Wɔ mmoa a anuanom a wofi Rio de Janeiro de ma pɛnkoro ɔsram biara no nyinaa akyi mpo no, adwuma no so. Afiewuranom du biara a yɛne wɔn kasae no mu baakron ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsan mmra.” Mprempren ɔkwampaefo foforo akɔka wɔn ho.

Wɔsakra Wɔn Asetra

Ɛhyɛ nkuran yiye sɛ yebehu sɛ nokware no ase atim na asow aba pa. Onigyeni bi kyerɛwee sɛ: “Bible no ho nimdeɛ a manya no ne ade a eye sen biara a me nsa aka pɛn. M’asetra asakra ayɛ papa, na mennom nnuru a edwudwo ɛyaw ano bio. . . . Ɛmmra sɛ Yehowa behyira mo wɔ biribira a moayɛ ama me no ho.”

Ɔfoforo nso kae sɛ: “Sɛnea Yehowa abue m’ani no yɛ me nwonwa. Ɛwom sɛ me nenabea wui wɔ dapɛn yi mu de, nanso mprempren mewɔ anidaso sɛ mehu no bio. Mewɔ anidaso sɛ wɔbɛbɔ me asu, nanso mepɛ sɛ midi kan siesie me ho yiye ansa. Ɛmmra sɛ Yehowa behyira mo wɔ sɛnea mobaa ha bɛkyerɛɛ yɛn ɔkwan hihiaa a ɛkɔ daa nkwa mu no ho.” Onipa foforo nso kae sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ magyae tawanom ɔsram biako a atwam ni. M’ani gye nsɛmma nhoma a mode manaa me no ho yiye. Nneɛma pa pii wom a ɛboaa me ma migyaee tawanom.” Akyinnye biara nni ho sɛ otwa adwuma no ma wonya biribi pa gyina so di ahurusi.

Nanso, wɔannya nhyira a ɛte sɛɛ no a wɔammrɛ ho. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔbea bi ne ne babea fii ase suaa ade no, kurow hɔ sɔfo bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ sɛ wɔkɔ Adansefo no nhyiam ase a, ɔbɛpam wɔn afi asɔre no mu. Esiane sɛ wobuu wɔn ani guu ahunahuna no so nti, wɔn kan nnamfo kwatii wɔn, ebinom ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔrebɔ dam efisɛ “saa Yehowa no” mpue wɔ Katolek Bible no mu. Esiane sɛ ɔbea no anhu Yehowa din wɔ ne Katolek Bible no mu nti, ɔtoo nsa frɛɛ mpɔtam hɔfo sɛ da a ɔne akwampaefo no besua ade no wɔmmɛsra no. Ɔbea bi de ne Catholic Paulinas Bible nkyerɛase bae. Bere a ɔkenkan Onyankopɔn din wɔ Exodus 6:3 wɔ ase hɔ asɛm no mu no, ɔpenee sɛ wɔne no mmɛyɛ Bible adesua wɔ ne fie.

Yɛ Otwa Adwuma no Bi Kosi Ase

Tumi bɛn na adwuma a wɔyɛ wɔ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma mu no nya wɔ adwumayɛfo no ankasa so? Ahenni ɔdawurubɔfo biako kae sɛ: “Saa adwuma yi hyɛɛ yɛn gyidi ne yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu den, na ɛboaa yɛn ma yɛsan hwehwɛɛ nneɛma a ehia yɛn sen biara no mu.” Ɔdawurubɔfo foforo kae sɛ: “Saa nnafua 14 no maa ɔdɔ a mewɔ ma me nuanom a wɔsom sɛ abusua biako a wokura botae koro: sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn a wodwo pii no yɛɛ kɛse. Ɛma minyaa ɔdɔ pii maa wɔn a wɔtaa de nusu gye yɛn nkrasɛm tom, na wɔkyerɛ sɛ nokware no ho sukɔm de wɔn ankasa no. Na nea ɛsen ne nyinaa no, metee Yehowa dɔ nka sɛ ɛrema yɛanya hokwan asom no.”

Ɔpanyin bi a ɔkɔɔ asɛnka no bi wɔ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma no mu no twee adwene sii nsonsonoe a ɛwɔ ɛhɔnom ne nkurow akɛse mu asetra ntam no so. Ɔkae sɛ: “Mifii ase dwen sɛnea anuanom pii asetra betumi ayɛ anigye denam nkuraa ase a wobetu akɔtra hɔ no so ho. Ɛkame ayɛ sɛ nsɛmmɔnedi nni ha. Ɛnyɛ sɛ sɛnea nkurow nketewa ne akɛse kakra mu asetra tumi ma akatua a esua so yɛn di nko, na mmom ɛma yɛne yɛn nuanom bɔ kɛse nso, na yɛde bere pii yɛ honhom fam nnwuma. So anuanom pii a onyin ama wɔagyae adwuma, mmofra a wɔwɔ abusua mu asɛyɛde a esua, anaa anuanom a wɔn adwuma ma wotumi tu kɔtra baabi no begye hokwan soronko yi atom ma ɛde anigye abrɛ wɔn ankasa, Yehowa ne wɔn yɔnkonom?”

Saa asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma wɔ Brazil ho amanneɛbɔ yi di adanse sɛ mfuw no ahoa ama otwa. Wɔ mfe abien pɛ mu no, ɛhɔnom adwumayɛ ama wɔatew asafo afoforo ne akuw a ɛnyɛ asafo 191. Pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, nanso akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira so bere a Ahenni adawurubɔfo pii yɛ otwa adwuma a ɛsow aba no bi no. So wubetumi anya mu kyɛfa kɛse?

[Asase Mfonini/​Mfonini wɔ kratafa 25]

Rio de Janeiro Adansefo a wɔwɔ anigye reyɛ otwa adwuma no bi

[Asase Mfonini]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

BRAZIL

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Nkuraa ase adansedi wɔ Minas Gerais

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena