Ahofadi A Wɔhwehwɛ Wɔ Senegal
DAKAR, Senegal nnɛyi ahenkurow mpoano pɛɛ na Gorée Supɔw ketewaa no da. Biribi a ɛma wɔkae abakɔsɛm mu awerɛhosɛm bi si supɔw no so—nkoa fie a wosii wɔ 1776 mu.
Ɛyɛ afie a ɛte sɛɛ pii a wɔde nkoa 150 kosi 200 guu mu, wɔ efĩ mu bɛyɛ asram abiɛsa ansa na wɔde po so hyɛn refa wɔn akɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri no mu biako. Wɔpaapae mmusua mu a na emufo renhu wɔn ho wɔn ho bio; ebia wɔde agya no kɔ Louisiana wɔ North America, wɔde ɛna no kɔ Brazil anaa Cuba, na wɔde mmofra no kɔ Haiti, Guyana, anaa Martinique. Onipa ahofadi a wobuu ani guu so bɛn ara ni! Eyi nso yɛ nkaede a tumi wom a ɛkyerɛ sɛ ahofadi yɛ hokwan a ɛsom bo kɛse a ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ bi bere nyinaa.
Mihui eyi wɔ nsrahwɛfo nhomawa bi a na merekenkan wɔ wimhyɛn a na ɛrekɔ Senegal, ɔman a ɛwɔ West Africa asase a apuw kɔ soro kɛse no atɔe fam pɛɛ sen biara no mu. Senegal sare mantam no da anhweatan a ɛda kusuu fam ne apuei fam ne kwaebirentuw a ɛwɔ kesee fam no ntam. Ɛha na wubetumi ahu baobab dua fɛfɛ a enyin kyɛ, a ɛsow aduaba nwonwaso bi a wɔfrɛ no monkey bread (kontromfi brodo), a wɔde yɛ tartar srade no. Ɛyɛ asase a nkontromfi ne nnomaa a wɔn ho yɛ fɛ, ne tete nkuraa a ɛwɔ mango nnua ntam nso wɔ so.
Metraa ase dinn susuw me nsrahwɛ a mahwɛ kwan akyɛ a ɛde me bɛkɔ baabi a wɔfa kɔ West Africa yi no ho. Ɛnnɛ, Senegal a emu nnipa yɛ ɔpepem ason a wofi mmusua ahorow pii mu no wɔ ahofadi kɛse. Nanso so ebetumi aba sɛ ebia obi wɔ honam fam ahofadi, nanso wayɛ akoa ama nneyɛe ne gyidi hunu a ɛmma onnya nokware ahofadi? Mede ahopere hwɛɛ hyia a mehyia me honhom fam anuanom, na mate nkɔso a nokware a ɛma nnipa de wɔn ho no renya wɔ saa wiase no fã no ho asɛm afi wɔn hɔ tẽẽ no kwan.—Yohane 8:32.
‘Yehowa Pɛ sɛ Munya Saa Ɔdan Yi’
Na nneɛma a mɛyɛ no mu nea edi kan ne sɛ mɛkɔ akɔsra Watch Tower baa dwumadibea ne asɛmpatrɛwfo fie wɔ Dakar. Bere a yeduu nnɛyi ɔdan bi a ɛwɔ kurow no fã bi a ɛhɔ yɛ dinn ho no, mihuu J kɛse bi wɔ ɔdan no anim. Ná nea nkyerɛwde J no gyina hɔ ma no ne m’asemmisa a edi kan wɔ baa dwumadibea hɔ nsrahwɛ no mu.
Nea ɔde me kyinkyin hɔ no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛyɛ anigye yiye. Bere a yɛrehwehwɛ baa dwumadibea adan a ɛso wɔ 1985 mu no, yɛkɔhwɛɛ saa ɔdan yi a na wɔresi no. Nanso yɛtee nka sɛ ɛso dodo ma yɛn ahiade ahorow. Bere a ɔdan no wura tee sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo no, na n’ani gye ho yiye sɛ yebegye ɔdan no atua ho ka, efisɛ na onim yɛn nokwaredi. Ose: ‘Migye di sɛ mo Nyankopɔn Yehowa no pɛ sɛ munya ɔdan yi. Monhwɛ! J kɛse bi mpo wɔ anim. Bere a mema wɔkyerɛw wɔ hɔ no, misusuwii sɛ ebegyina hɔ ama me din John, nanso seesei de migye di sɛ egyina hɔ ma Onyankopɔn din a ɛne Yehowa no!’ Yɛde anigye atra ɔdan fɛfɛ yi mu wɔ mfe anum a atwam no mu.”
Afei mepɛe sɛ mihu sɛnea yɛn asɛnka adwuma no fii ase wɔ Senegal.
“Yehowa ɔdansefo bi a ofi France bɛyɛɛ adwuma bi no na ɔde nokware nsu a ɛma ahofadi no baa Senegal wɔ 1950 mfiase mu hɔ. Wɔ 1965 mu no, wobuee baa dwumadibea bi ano wɔ Dakar sɛ ɛnhwɛ adwuma no so wɔ aman a ɛka Franse kasa a ɛne Senegal, Mali, ne Mauritania, ne Gambia a ɛka Engiresi kasa no nso so. Efi 1986 reba no, yɛrehwɛ adwuma no so nso wɔ Guinea-Bissau, faako a wɔka Portuguese kasa no.”
Esiane sɛ minim sɛ ɔman yi mufo bɛboro ɔha biara mu nkyem 90 nyɛ Kristofo nti, mibisaa nkɔso a wɔanya no ho asɛm. Nea ɔde me kyinkyin hɔ no kae sɛ: “Ɛwom sɛ ɔman yi mu nnipa pii nnim Bible no de, nanso adwuma no renya nkɔso bere nyinaa. Wɔ January 1991 mu no, yɛn ani gyei sɛ yenyaa Ahenni adawurubɔfo 596. Eyi kyerɛ sɛ ɛhanom anuanom ne asɛmpatrɛwfo no reyɛ adwuma denneennen.”
Mekae sɛ: “Minim sɛ asɛmpatrɛwfo pii resom wɔ ha.”
“Yiw, yɛwɔ asɛmpatrɛwfo bɛyɛ 60 a wɔde wɔn aba nsasesin a yɛhwɛ so no mu, na wofi aman 13 mu. Wɔyɛ adwuma denneennen na wɔaboa yiye ma adwuma no anya nhyɛase a ɛyɛ den yiye. Ɛhanom anuanom no da honhom yi adi wɔ ɔdɔ ne nnamyɛ a wɔwɔ ma nokware no mu. Wɔ ɔhaw ahorow a wohyia, te sɛ adwuma a wonnya nyɛ ne honam fam nneɛma kakraa bi a wɔwɔ nyinaa akyi no, anuanom pii de nnɔnhwerew 15 ne nea ɛboro saa yɛ adwuma wɔ asɛnka mu ɔsram biara. Yɛwɔ anidaso sɛ wubehyia saa adwumayɛfo nsiyɛfo no binom wɔ wo nsrahwɛ no mu.”
Mehwɛɛ kwan sɛ mehyia wɔn.
Me ne Asɛmpatrɛwfo Kɔ Asɛnka
Margaret (a ɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no bɛboro 20 ansa na ɔrewu nnansa yi no) tuu ne ho mae sɛ ɔde me bɛka ne ho akɔ n’asasesin mu wɔ kurow no mfinimfini. Yɛfaa car rapide (kɔ ntɛm bra ntɛm kar) na ama mahu sɛnea ɛhɔnom asetra no te kakra. Nokwarem no, ɛyɛ bɔs ketewaa bi a ɛtaa gyinagyina. Ɛfa nnipa 25, na sɛ wɔn nyinaa nni honam a, mitumi hu sɛnea ɛkame ayɛ sɛ akwantu no betumi ayɛ nea ahotɔ wom no. Na mmea baanu a me ne wɔn te akongua biako so no sosoe, nanso mede serew gyee tebea no toom.
Bere a yeduu faako a yɛrekɔ no, Margaret kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wubetumi ahu nneɛma pii a ɛyɛ anigye wɔ m’asasesin a ɛwɔ anafo no mu.” Bere a ɔde ne nsa rekyerɛ aguadi apata bi a ɛsesa so wɔ kwan no ho no, obisae sɛ: “So wuhu saa mpaboa fɛfɛ no? Wɔde nguan ne mmirekyi nhoma a wɔahyɛ no aduru na ɛyɛe.” Yɛkɔɔ mpaboa pamfo no nkyɛn, na Margaret fii ase de wɔn kasa a ɛne Wolof no kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Wɔyɛɛ aso tiei yiye, na wɔn ani gyee Adam ne Hawa mfonini a ɛwɔ brochure fɛfɛ no mu no ho.
Ankyɛ adetɔnfo a wɔfrɛ wɔn wɔ hanom sɛ bana-bana no baa yɛn nkyɛn, na wɔde nneɛma ahorow pii kyerɛɛ yɛn. Na ebinom kura ɔprae; afoforo de ntama, krado, nnuru, sika kotoku, akutu, ne ntakraboa mpo kyerɛɛ yɛn. Na obiako pɛ sɛ ɔtɔn kora, biribi a wɔde bɔ dwom a nhama sesa so a wɔde kora anaa toa fã ayɛ, a ne kɔn yɛ dua ma me; na wɔde nsa abien no nyinaa na ɛbɔ. Mihui sɛ mfonini nketewa a wɔde mmoa nhoma, abirekyi abɛn, ne “akraye” nworaa ayɛ wɔ akyi. Yɛkyerɛkyerɛ mu sɛ yɛrentɔ biribiara a nsɛnkyerɛnnede a ebia efi abayisɛm anaa amanne a emfi Kristosom mu wɔ ho no. Nea ɛyɛ yɛn nwonwa no, bana-bana no penee so, na ɔkyerɛe sɛ n’ankasa yɛ Ɔkramoni. Ɔde kora no siei n’atade yuu, anaa boubou no akyi, na otiei yiye bere a Margaret de Arabic kasa mu brochure rema no no. N’ani gyee yiye ma enti ogyee brochure no na ofii ase kenkan wɔ hɔ ara. Bere a ɔdaa yɛn ase pii akyi no, ɔde brochure no ne kora a yɛantɔ no fii hɔ kɔe. Na yegye di sɛ obesua brochure no wɔ fie.
Akyiri yi me ne John a ɔno nso ayɛ ɔsɛmpatrɛwfo bɛboro mfe 20 no kasae.
John ka kyerɛɛ me sɛ: “Nnipa a wɔwɔ hɔ no wɔ adamfofa su kɛse, na ɛkame ayɛ sɛ wubetumi akasa akyerɛ obiara a wuhyia no. Wɔn nkyia titiriw ‘assalam alaikum’ no kyerɛ sɛ ‘asomdwoe nka wo,’ na nnipa pii pɛ asomdwoe. Teranga, anaa ahɔhoyɛ asase ni, na wɔde ayamye, nnipa ho anigye, ne anigye na ɛkyerɛ saa.” Na ɛreyɛ mmerɛw kɛse ama me sɛ mehu nea enti a Adansefo nkumaa pii a wofi aman afoforo mu no tumi gyaw wɔn mmusua ne wɔn nnamfo bɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ ɔman yi mu no.
Wɔade Wɔn Ho ma Wɔyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No
Asɛmpatrɛw honhom no anya ɛhanom Adansefo no so nkɛntɛnso kɛse. Eyi da adi titiriw, efisɛ adwuma a wonnya nyɛ ma bere nyinaa akwampae adwuma a wɔbɛyɛ no yɛ adwumaden ankasa. Marcel ne Lucien a wɔnam Bible mu nokware a wosuae no so dee wɔn ho fii su a edi awu ho no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Na yɛpɛ sɛ yɛyɛ akwampae adwuma no de da anisɔ a yɛanya no adi. Nanso na ɛyɛ den sɛ yebenya adwuma a wɔde bere fã yɛ. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ turo, nanso anyɛ yiye. Ntamasi adwuma a yɛyɛe no nso gyee yɛn bere mu fã. Mprempren yɛto brodo, na yɛwɔ aguadidan ahorow bi a yɛkɔtɔn wom daa, na ɛrema nneɛma ayɛ yiye.” Ɛda adi pefee sɛ egyee gyidi ne nyansa kɛse ne mmɔdenbɔ a efi komam ankasa, nanso eyi di adanse sɛ wobetumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no bere a sikasɛm ayɛ den mpo no.
Bere a Yehowa Adansefo fii ase ne Michel suaa Bible no, na ɔrekɔ sukuupɔn wɔ Dakar. Ose: “Na sukuufo no pii ɔbrasɛe su no ama mahaw, na na nsemmisa a ne bua yɛ den sɔre wɔ m’adwene mu. Dɛn nti na onipa ayɛ akoa ama nneyɛe ne tebea horow a edi awu?
Bible no maa minyaa mmuae no. Na ɛte sɛ nea wɔayi adesoa duruduru bi afi me mmati so. Ɛwom sɛ m’awofo hyɛe sɛ mentoa m’adesua no so de, nanso meyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no, na afei mesom sɛ daa ɔkwampaefo wɔ bere a na aka a ɛsɛ sɛ midi wɔ sukuupɔn no mu no mu. Mahu sɛ asɛmpa no a meka kyerɛ afoforo sɛ ɔkwampaefo no na ɛma minya anigye a ɛsen biara, na ɛnyɛ adwuma a mɛhwehwɛ wɔ nhyehyɛe a ɛrenkyɛ ɛbɛba awiei no mu.” Mprempren Michel resom sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Mbour.
Ɔyerenom Dodow Aware ne Kristofo Ɔyere Biako Aware
Ɛhanom amanne ne Kristosom mu nnyinasosɛm ahorow ntaa nhyia bere nyinaa, na eyi betumi ama nsɛnnennen asɔre. Alioune a ɔyɛ Yehowa Adansefo asafo asia a ɛwɔ Dakar ne mmeae a ɛbemmɛn no mu biako ɔhwɛfo guamtrani no kae sɛ: “Bere a edi kan a metee nokware a ɛma ahofadi no, na mewɔ yerenom baanu. Sɛ Ɔkramoni no, na ɔsom ma me kwan sɛ meware pii mpo. Na me papa wɔ yerenom baanan, na me nnamfonom no mu pii wɔ bebree. Wogye tom wɔ Afrika ha.” Nanso dɛn na saa asetra kwan yi de bae?
Alioune kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔyerenom pii a obi wɔ no betumi de ɔhaw pii aba, ne titiriw wɔ mmofra no fam. Me ne me yere a odi kan no wɔ mma du, na me ne nea ɔto so abien no wɔ mma baanu. Wɔ mmusua a ɛte sɛɛ mu no, agya no taa yɛ ɔhɔho ma ne mma no, enti wonnya ne mmoa ne ne nteɛso mu mfaso. Ɔyerenom dodow aware ammɔ me ho ban amfi awaresɛe nso ho. Mmom no, ahosodi a ɛyɛ Onyankopɔn honhom aba no na ayɛ saa.” Enti, dɛn na Alioune yɛe?
Ɔtoaa so sɛ: “Memaa me yere a ɔto so abien no san kɔɔ n’awofo fie, na mede anifere kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛnyɛ sɛ mahu biribi a m’ani nnye ho wɔ ne ho, na mmom mepɛ sɛ midi Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow so. Meyɛɛ nhyehyɛe atitiriw a menam so bɛhwɛ me mma du no nyinaa wɔ honam fam ne honhom fam, na mede aseda ma sɛ nnɛ wɔn nso wɔresom Yehowa. Baakron a wɔyɛ adawurubɔfo no mu baanum abɔ asu, wɔn mu baanu som sɛ akwampaefo atitiriw, na baasa a wɔaka no nso som sɛ daa ɔkwampaefo ne akwampaefo aboafo. Nokware no ama made me ho afi ɔhaw a ɛbata mmofra ntetee ho no mu pii ho.”
Abosonsom ne Nokware Som
Nea edi hɔ wɔ m’akwantu no mu no ne sɛ mekɔ akɔsra Casamance mantam mu wɔ kesee fam. Sɛnea ɛte sɛ nea biribiara yɛ frɔmfrɔm ne ahabamomono no maa m’ani gyei. Esiane sɛ Casamance Asubɔnten kɛse no mu nsu no fɔw ɛhɔ asase no bɛyɛ kilomita 300 nti, wonya ɛmo, aburow ne nkate pii wɔ hɔ. Na abansoro adan nkurukuruwa a wɔde sare akuru so ayɛ no te sɛ hwiei a wɔde kora nsu ma ɔpɛ bere no ahwete wɔ asase no so nyinaa. Wɔakyekye ne kuropɔn a ɛne Ziguinchor no wɔ mmɛfuw kɛse bi onwini mu. M’ani gyei sɛ mihyiaa Yehowa nkurɔfo asafo a wɔyɛ nnam wɔ ha.
Dominic, ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔyɛ adwuma wɔ Ziguinchor ne mmeae a ɛbemmɛn no ka kyerɛɛ me sɛ asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ ha yi rekɔ so fɛfɛ. Ose: “Bɛyɛ mfe du pɛ a atwam ni no, na adawurubɔfo 18 na wɔwɔ Ziguinchor Asafo no mu. Mprempren wɔyɛ 80. Nea ɛbɛyɛ na yɛadi nkɔso kɛse yi ho dwuma no, yesii Ahenni Asa foforo, na yɛde dɔte kɔkɔɔ bi a ɛwɔ faako a asa no si pɛɛ no na esii. Ɔdansi adwuma no bɛyɛɛ adansedi kɛse maa kurom hɔfo. Wɔn a wohuu nnipa a wofi mmusua ahorow pii mu sɛ wɔrebom ayɛ adwuma wɔ asomdwoe mu no kaa yɛn ho asɛmpa. Nnipa a wɔn dodow sen biara a ɛyɛ 206 na wɔbaa ɔmansin nhyiam bi a yɛyɛe nnansa yi no ase, na wɔbɔɔ nnipa 4 asu.”
Nnipa pii a wofi Senegal ha yi da so ara di wɔn nananom abosonsom gyidi no akyi, wɔsom abosom ɛwom mpo sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo anaa Nkramofo de. Mitiee asɛm a Victor, Ziguinchor Asafo no mu panyin bi kae no yiye.
“Wɔwoo me too abosonsomfo abusua kɛse bi mu wɔ Guinea. Wɔwoo me no, me papa hyiraa me so maa honhom anaasɛ adaemone bi. Nea ɛbɛyɛ na manya n’anim dom no, daa miyi bag tuntum bi fi mpa no ase, meyɛ afɔremuka ketewaa bi, na mede mogya bɔ afɔre ma abɛn ketewaa bi a egyina hɔ ma adaemone a ɔbɔ me ho ban no. Mebɛyɛɛ Katolekni akyi mpo no, na meda so ara te nka sɛ meyɛ akoa ma no. Mitu baa Senegal akyi no, Yehowa Adansefo fii ase ne me suaa Bible no. Me ne me yere hui sɛ yɛrentumi nkɔ so ‘nnidi wɔ Yehowa pon so ne ahonhommɔne pon so.’ (1 Korintofo 10:21) Nanso bere a migyaee afɔrebɔ no, ahonhommɔne no fii ase haw yɛn. Na misuro sɛ mɛtow bag tuntum a ahonhommɔne ho nneɛma nyinaa wom no akyene, efisɛ na minim ɔbarima bi a wabɔ dam koraa esiane sɛ ɔyɛɛ saa nti.” Ahoyeraw tebea bɛn ara na na Victor wom sɛɛ yi!
“Awiei koraa no, Romafo 8:31, 38, 39 maa yenyaa ahoɔden a yehia no de sɛee abosonsom ho biribiara. Esiane sɛ mprempren yɛde yɛn ho ato Yehowa so nti, yɛanya ahofadi ampa. Me fifo nyinaa wɔ daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso a ɛyɛ anigye, faako a adesamma nyinaa bɛde wɔn ho afi adaemone atirimɔdenfo nkɛntɛnso ase no.”
Awiei koraa no, na bere aso sɛ mefi hɔ. Bere a meboaboa me bag ano no, midwen me Senegal nsrahwɛ a me werɛ remfi da no ho. Hwɛ sɛnea ɛhyɛɛ me gyidi den sɛ mihyiaa nnipa pii a wɔade wɔn ho afi nkoa a wɔayɛ ama nnubɔne, ɔbrasɛe, ne gyidi hunu mu, na mprempren wɔrenya nokware ahofadi no, na mekasa kyerɛɛ wɔn. Wɔ sikasɛm fam ahokyere nyinaa akyi no, wɔrenya anigye ne akomatɔyam wɔ Yehowa a wama wɔanya daa nkwa wɔ paradise asase so ho nokware anidaso no som mu. Hwɛ aseda ara a yɛde ma nea wama atumi ayɛ yiye sɛ yɛbɛbɔ asɛmpa a ɛte sɛɛ dawuru wɔ “[Yehowa] anisɔ afe no mu” wɔ wiase nyinaa na ɛnyɛ Senegal nko no! (Yesaia 61:1, 2)—Wɔkyerɛw mae.
[Asase mfonini wɔ kratafa 8]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
SENEGAL
St. Louis
Louga
Thiès
Dakar
Kaolack
GAMBIA
Banjul
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Wɔka nokware nsu a ɛma ahofadi no ho asɛm kwa wɔ nkuraa ase
Ɔwɛn Aban Asafo no Asɛmpatrɛwfo fie ne baa dwumadibea a ɛwɔ Dakar, Senegal no
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Senegalfo te Kristofo nkrasɛm no wɔ mpoano nso