Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 3/1 kr. 14
  • “Nguan No Te Ne Nne”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nguan No Te Ne Nne”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awiei Koraa no, Otiei
  • Ɔbea bi a Ɔpɛ Nyamesom Nya ne Mpaebɔ Ho Mmuae
  • Faako a Yebenya Awerɛkyekye
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Odwanhwɛfoɔ Pa No ne Nnwammuo No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nguanhwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ, Nguan A Wɔwɔ Ahotoso
    Nyan!—1988
  • Kɔhwɛ Asase No Kɔhwɛ Nguan No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 3/1 kr. 14

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

“Nguan No Te Ne Nne”

◻ YESU kae sɛ: “Nguan no te [oguanhwɛfo no] nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi.” (Yohane 10:3) Ɔde kaa ho bio sɛ: ‘Minim me nguan na me nguan nso nim me.’ (Yohane 10:14) Wɔn a wɔte sɛ nguan no tie Yesu nne bere a ɔnam Bible no so ne wɔn kasa no. Hyɛ sɛnea nnipa komapafo baanu a wofi Italy yɛɛ eyi no nsow.

Awiei Koraa no, Otiei

◻ Alberto kyerɛw sɛ: “Midii 16 na mifii ase nom wii na mefaa LSD, na midii 18 no, mifii ase de heroin dii dwuma. Meyɛɛ biribiara a metumi asusuw ho na matumi atɔ nnubɔne no. Mebɔɔ korɔn, metɔn nnubɔne, misisii afoforo, metɔn me nneɛma nyinaa. Na mintumi nnyae. Akwamma a mikodii wɔ amannɔne, akuraase a mekɔ trae bere tenten, ne me ho a mede bɔɔ amammui akuw horow a wɔko tia atɛnkyea​—nneɛma yi mu biara ammoa me. Mesɔɔ aware hwɛe, nanso ankyɛ na mesan kɔɔ me kan tebea no mu bio. Ɔbabea a yɛwoe mpo amma mannyae nnubɔne nom. Nokwarem no, esiane sɛ na afei mihia sika pii nti, tebea no sɛee koraa. Afei me yere gyaa me, na wɔ mfe abien a me nkutoo trae mu no. mihuu me babea no mprenu pɛ. Na meguanguan nnubɔne tɔnfo a mede wɔn ka no, na mpɛn pii sɛ migyae nnubɔne no nom a, ɛyaw nka a metee no ma mihuu amane bebree.

“Afei mekaee nhoma bi a Yehowa Adansefo de maa me mfe bi a atwam no mu. Na ɛda so ara wɔ me nkyɛn, na mifii ase kenkan ɛne Bible no nyinaa. Saa kwan yi so no, mibehuu nokware Nyankopɔn, Yehowa, na mebɔɔ mpae srɛɛ ne hɔ mmoa. Bere a mede nea meresua no dii dwuma nkakrankakra no, ɛyaw a mete nka bere a migyae nnubɔne nom no ano brɛɛ ase. Minyaa adwuma, na ɛnam Yehowa mmoa so no, m’abusua no san baa me nkyɛn bio. Mekɔɔ Ahenni Asa so, na ɛhɔ na mihui sɛ Yehowa Adansefo wɔ nokware no. Bere a me ne me yere asan abom bio no, yɛne Adansefo no suaa Bible no, na awiei koraa no wɔbɔɔ yɛn asu. Afei hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛka yɛn anidaso ho asɛm kyerɛ afoforo sɛ daa akwampaefo!”

Ɔbea bi a Ɔpɛ Nyamesom Nya ne Mpaebɔ Ho Mmuae

◻ Ɔbea bi bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ 1958 mu no, na mede me ho ahyɛ asɔre nsɛm mu yiye, titiriw wɔ ɔsom mu kwan a mitu kɔɔ Sanctuary of the Madonna of the Divine Love a ɛwɔ Rome no. Bere kɔɔ so no, mebɛyɛɛ ɔsɔfo pɔn bi a ɔne Rome ɔsɔfo panyin adamfo a ɔbɛn no yiye, na me ne Paapanom Paul VI ne John Paul II bɔɔ nkɔmmɔ pii wɔ kokoam. Bere a mede mfe 25 ayɛ akwantu ahorow a wɔde kɔhwɛ nyamesom mu mmeae ho nhyehyɛe no, wɔmaa me abasobɔ krataa. Nanso, bere bi akyi no, gyidi a mewɔ sɛ Katolekni a ɔpɛ ne som yiye no fii ase hinhimii. Mihui sɛ korɔnbɔ, nsisi, animhwɛ, ne sum ase dwumadi kɔ so. Mifii ase hwɛɛ asɔre no wɔ ɔkwan foforo so bere a mihui sɛ wɔtaa tiatia Onyankopɔn mmara so no. Nneɛma a ɛte sɛɛ no haw me, na mesrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me efisɛ na me gyidi ano rebrɛ ase. Na metaa su.

“Afei, mfe anan a atwam ni no, me babarima brɛɛ me Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a Yehowa Adansefo de maa no. Na emu yɛ anigye araa ma mekyerɛɛ no sɛ ɔmmrɛ me pii. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mihuu Yehowa Adansefo Ahenni Asa bi na mikogyaw krataa bi wɔ ɔpon no ase sɛ obi mmɛsra me. Adansefo no baa me nkyɛn nnanan akyi. Mifii ase suaa Bible no, na minyaa nkɔanim kosi sɛ wɔbɔɔ me asu. Mprempren migye di sɛ me nsa aka nea na mehwehwɛ bere nyinaa no afei​—nokware no!”

Ankorankoro yi tiee Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo nne, na ‘nokware no ma wɔdee wɔn ho.’​—Yohane 8:32.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 14]

Garo Nalbandian

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena