Nnɔbae Pii A Wotwa De Anigye Ba Wɔ Taiwan
TAIWAN yɛ supɔw bi a ne tenten yɛ akwansin 240, na ne trɛw yɛ akwansin 90. Emu nnipa yɛ 20,000,000, na ɛyɛ wiase no mmeae a nnipa pii akyere so wɔ faako no mu biako. Ɔman no mufo pii ka China kasa anaasɛ Mandarin China kasa sɛnea Atɔe Famfo frɛ no no. Nanso wɔka kasa horow pii ne abusua abusua mu kasa bɛyɛ 13 wɔ ha.
Taiwan wɔ Tropic of Cancer no so, na ɛyɛ supɔw a ɛma nnɔbae yiye, na wotwa ɛmo ne nnɔbae afoforo pii araa ma abɛyɛ ɔman a ɛde nnuan kɔ amannɔne kɔtɔn. Nanso, otwa adwuma foforo rema wɔn a wɔde wɔn ho hyem no nya anigye kɛse. Eyi yɛ honhom fam otwa adwuma a ɛfa wɔn a wɔyɛ “ahenni no ho asɛmpa” no ho ade ɔkwan pa so no ho.—Mateo 24:14.
Ketewa bi a Woduae Mfiase No
Adwuma a ɛne Bible mu nokware aba a wogu wɔ Taiwan no fii ase bɛyɛ mfe 60 a atwam ni, bere a Ɔwɛn Aban Asafo no nanmusini bi fi Japan bɛmaa Bible ɔkasa ahorow bi wɔ Taipei a ɛne ahenkurow no mu no. Japanni aberantewa bi a wɔfrɛ no Saburo Ochiai tiee Ahenni nkrasɛm no na ankyɛ ofii ase kaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Akyiri yi, bere nyinaa asomfo baanu a wofi Japan kokyinkyin supɔw no so, na woguu asɛmpa no aba no. Awiei koraa no, Japan asraafo mpanyimfo de wɔn guu afiase, na wɔde wɔn nkwa too hɔ maa Onyankopɔn Ahenni no. Aba a na wɔagu no mu pii fifii ntɛmntɛm wɔ Amis abusua no mu, nanso anigyefo kakraa bi na wonyaa wɔn wɔ Chinafo pii a wɔte supɔw no atɔe fam mpoano no mu. Wɔyɛ Budhafo ne Taofo titiriw.
Honhom fam otwa adwuma a wɔyɛ wɔ Taiwan no akɔ so fi saa nhyɛase ketewa no so, na nnɛ supɔw no abɛyɛ asase a ɛsow aba. Sɛ nhwɛso no, wɔ mfe anum a etwaam no mu no, wɔbɔɔ nnipa 529 asu, na na wɔn mu fã kɛse no ara yɛ wɔn a wɔka Chinafo kasa. Eyi maa supɔw no so Ahenni adawurubɔfo no nyaa dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo a ɛyɛ 1,552 wɔ 1989 mu. Yiw, Taofo, Budhafo, ne wɔn a wɔka kɛkɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no retie asɛmpa no, na wɔresua Yehowa Nyankopɔn ho ade! Nanso, Bible no ho asɛm a wɔbɛka akyerɛ nnipa a wɔte sɛɛ a ɛsonosono wɔn tebea no te dɛn? Na dɛn na afi mu aba?
Animtew a Wɔde Tie Asɛm ne Anigye Ankasa
Asɛnka adwuma no a wɔyɛ wɔ Taiwan no wɔ akatua na ɛyɛ den nso, efisɛ awosu mu no, Chinafo yɛ nnipa a wɔtew wɔn anim. Wɔde obu tie ahɔho. Sɛ wɔde Bible nhoma ma wɔn a, obu nti wɔtaa gye. Enti, bere nyinaa asomfo binom de nsɛmma nhoma a ne dodow kosi 300 amema, anaasɛ wɔama wɔakra yɛn nsɛmma nhoma no 100 wɔ ɔsram biako mu. Mfe a atwam no mu no, wɔagyaw Bible, nhoma, nsɛmma nhoma, ne nkratawa pii ama nnipa no. Ɛnde, dɛn nti na sɛ wɔde toto ho a, Ahenni adawurubɔfo no dodow nkɔ anim ntɛmntɛm no?
Ade biako nti a ɛte saa no fi Konfusio nsusuwii a akyerɛ nnipa no adwene kwan mfehaha pii no. Sɛnea Konfusio kyerɛ no, “wobebu nea obu ma Ahonhom no nti ɔmmɛn wɔn no sɛ onyansafo.”a Adwene no ne sɛ onyansafo mfa ne ho nhyɛ som a wɔsom ahonhom anaa anyame no mu kɛse dodo. Enti, ebia pii bɛpɛ sɛ wohu Ahenni nkrasɛm no ho biribi de, nanso wɔn mu kakraa bi na wɔpɛ sɛ wɔyɛ Bible adesua. Afei nso, ɛwom sɛ Chinafo gye di sɛ ahonhom ne anyame pii wɔ hɔ de, nanso Ɔbɔadeɛ a ɔkorɔn ho adwene no yɛ ade foforo ma wɔn mu pii. Afei nso, Bible mu nnipa a pii nim wɔn ho asɛm, te sɛ Abraham ne Dawid no nkyerɛ biribi titiriw biara mma wɔn. Enti, ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu nea enti a bere ne boasetɔ ho hia na wɔaboa nnipa a wɔwɔ ha no ma wɔagye Bible no atom sɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu, na wɔn ankasa ne Ɔbɔadeɛ no, Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ. Nanso, ɛdenam Yehowa nhyira so no, mfaso reba mmɔdenbɔ a ɛte sɛɛ no so.
Nea Ɛde Nkɔso Ba
Mfe pii no, na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Taiwan asafo ahorow no mu no yɛ wɔn nhyiam horow no wɔ asa a wotua ho ka so. Wɔmaa asafo biako mu mpanyimfo huu sɛnea wohia nhyiambea a ɛfata kɛse bere a onigyeni bi kae sɛ: “Sɛ mowɔ nokware no a, dɛn na moreyɛ wɔ beae a ɛte sɛ ha? Dɛn nti na munni nhyiambea a mode bedi dwuma daa?” Enti, saa asafo no de Yehowa mu ahotoso fii ase hwehwɛɛ baabi pa a wobesi Ahenni Asa wɔ hɔ. Awiei no, wɔtɔɔ adan abien a ɛtoam wɔ ofie kɛse bi mu, na mprempren wɔwɔ Ahenni Asa fɛfɛ bi.
Wɔasi anaa wɔatɔ Ahenni Asa 11 wɔ Taiwan wɔ mfe asia a atwam no mu. Emu biara mu no, eyi ama otwa adwuma no anya nkɔanim na nnipa pii ba nhyiam. Nhwɛso biako ne asafo a ɛwɔ kesee fam kurow Tainan mu no. Wɔ 1981 mu no, na kurow kɛse a emu nnipa yɛ 600,000 yi wɔ asafo ketewaa biako pɛ a Ahenni adawurubɔfo 44 na wɔwom. Ahokyere nti, kuw yi sii gyinae sɛ wobesi wɔn ankasa Ahenni Asa. Esiane sɛ na anuanom no gye di sɛ Yehowa behyira wɔn nti, wofii adwuma no ase ɛwom mpo sɛ na wɔde dɔla 200,000 na ebesi asa no de. Ebinom de sika kɔkɔɔ a wɔde maa wɔn sɛ tiade mae; ebinom tuu wɔn amannɔne akwantu hyɛɛ da. Asafo no muni biara boae kosii ase.
Bere a anuanom a wɔwɔ Ɔwɛn Aban Asafo baa dwumadibea no tee adansi adwuma yi ho asɛm no, wosii gyinae sɛ wobesi asɛmpatrɛwfo fi wɔ Ahenni Asa no so, ma enti wotuaa ɛho ka no fã. Wowiee asa no wɔ mfe abien ntam. Dɛn na afi mu aba? Bere a wosii Ahenni Asa no wiei no, na adawurubɔfo no dodow adu 74! Mprempren asafo abien a adawurubɔfo a wɔwom no dodow yɛ 160 na wohyiam wɔ saa asa no so, na wɔkyekyem a, nnipa a wɔba dapɛn dapɛn nhyiam no dodow bɛyɛ 250. Mmprempren asafo abien no reyɛ nhyehyɛe asi Ahenni Asa a ɛto so abien.
Otwa Adwuma wɔ Mmusuakuw Ahorow Mu
Otwa adwuma no a wɔyɛ wɔ mmusuakuw ahorow mu wɔ Taiwan apuei fam mpoano no akɔ so fi bere a wofii Ahenni adwuma a wɔyɛ wɔ supɔw no so no ase pɛɛ no so. Amisfo a wodii kan suaa nokware no bɛboro mfe 50 a atwam ni no mu binom da so ara kura mu. Wɔahyia nsɛnnennen pii wɔ mfe a atwam no mu. Bere a Japan asraafo ko faa supɔw no wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu no, na ɛsɛ sɛ wosua Japanfo kasa. Bere a wɔsan de supɔw no maa Chinafo wɔ ɔko no akyi no, na ɛsɛ sɛ wosua Chinafo kasa. Wɔ 1960 mfe no mfiase mu hɔ no, wohyiaa sɔhwɛ foforo bi. Saa bere no mu no, Amis abusuakuw no mu atitiriw pii fii Yehowa ahyehyɛde a ɛho tew no mu anaasɛ wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔmfata sɛ wɔne wɔn bɔ fekuw. Eyi nyinaa mu no, Adansefo anokwafo kuw bi akɔ so asom Yehowa. Mprempren anuanom mmarima ne mmea anokwafo a wɔn mfe akɔ anim yi mmanananom pii redi asɛnka no anim.
Mmusuakuw afoforo mu nnipa nso anya nkɔanim wɔ honhom fam. Sɛ nhwɛso no, Ahenni adawurubɔfo anokwafo kuw bi wɔ Bunun abusuakuw no mu. Na wɔn nananom a wɔtraa ase wɔ yɛn bere yi mu no mu binom twa nnipa ti. Mprempren nnipa yi reka Onyankopɔn Ahenni ho asomdwoe nkrasɛm no. Wɔadi Lukai ne Paiwan mmusuakuw no nso adanse fɛfɛ, na wɔn mu pii ayɛ nsakrae atitiriw wɔ wɔn asetra mu. Ba Chu Fu ka ne suahu, bere a ɔka eyi no:
“Wɔwoo me wɔ Pingtung a ɛyɛ mmepɔw no so. Esiane sɛ na me papa yɛ Lukai abusuakuw no hene bi nti, na nkurɔfo de akyɛde a ɛyɛ aduan brɛ yɛn, enti na enhia sɛ yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. Esiane eyi nti, minyaa ahantan honhom. Mebɛyɛɛ mmofra nsɛmmɔnedifo kuw bi ‘panyin,’ yehunahunaa nkurɔfo na yɛbɔɔ wɔn apoo gyee wɔn sika. Na wosuro me wɔ m’akuraa ase. Midii mfe 22 no, mefaa me mpenanom bebree no mu biako sɛ me yere. Nanso na ɔbrasɛe ne asanom bebrebe no aka me hɔ araa ma mihui sɛ aware asetra yɛ den ma me sɛ megye atom. Ankyɛ yɛn aware no yɛɛ basaa, na mifii me kan abrabɔ no ase bio.
“Saa bere yi mu no, me yere fii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam. Na m’ani nnye ho na mibuu me ho sɛ obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso, esiane me yere koma pa ne mmɔden a ɔde nsi bɔe nti, wɔ 1973 mu no, mepenee so sɛ me ne no bɛkɔ amanaman ntam nhyiam bi wɔ Taipei. Yɛne Adansefo abusua bi na ɛtrae. Onuawa Chinani no ayamye ne afoforo ho adwempa a ɔwɔ no kaa me kɛse. Mesan kɔɔ fie no, mifii ase suaa Bible no na mebɔɔ mmɔden yiye sɛ mɛsakra. Wɔbɔɔ me asu wɔ 1974 mu.
“Efi saa bere no, mahyia sɔhwɛ pii. Na biako ne sɛ mesua sɛnea wɔkenkan Chinafo kasa. Na beae a mete a ɛmmɛn anuanom no nso yɛ ɔhaw foforo. Esiane sɛ na anuanom a wɔn ho akokwaw biara nni hɔ a me ne wɔn bɛbɔ anaa mɛhwehwɛ mmoa afi wɔn nkyɛn nti, ɛhyɛɛ me nkuran ma mede me ho too Yehowa so. Misuaa sɛnea mɛbrɛ me ho ase na mede me ho afam Yehowa ahyehyɛde no ho. Dɛn na afi mu aba? Ɛnnɛ, m’abusua mufo nyinaa yɛ nnam wɔ nokware no mu. Manya hokwan yɛ asafo mu ɔsomfo wɔ asafo a adawurubɔfo a wɔyɛ nsi 60 na wɔwom mprempren no mu. Ɛwom mpo sɛ minni ɔdom akyɛde titiriw biara de, nanso Yehowa ahyira me mmɔdenbɔ wɔ otwa adwuma no mu no so na wagyina akyi.”
Wogu Otwa Adwuma No So
Taiwan yɛ wiase nyinaa asasesin no fã ketewaa bi kɛkɛ. “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua” no yɛ nokware nso wɔ ha. (Mateo 9:37) Afe a etwaam no, nnipa 4,534 na wɔbaa Kristo wu nkae no ase. Bere a adwuma no rebɛn n’awiei no, adwumayɛfo a wɔyere wɔn ho wɔ Taiwan no de anigye nteɛm retwa aba no.—Fa toto Dwom 126:5, 6 ho.
[Ase hɔ asɛm]
a The Analects, vii 20, sɛnea Arthur Waley kyerɛɛ ase wɔ The Analects of Confucius, 1938, Vintage Books, New York mu no.
[Asase Mfonini/Mfonini wɔ kratafa 31]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
JAPAN
CHINA
TAIWAN
PHILIPPINES
[Mfonini]
Ahenni Asa bi a wosii nnansa yi ara wɔ Taiwan apuei fam mpoano
Ahenni adawurubɔfo ma nnipa pii a wɔwɔ asase a ɛma nnɔbae yi so nya anigye