Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 10/15 kr. 22-25
  • “Gyina A Yebegyina Pintinn Sɛ Nguankuw Biako” Wɔ Chad

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Gyina A Yebegyina Pintinn Sɛ Nguankuw Biako” Wɔ Chad
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wɔ N’Djamena
  • Yesi Pala Kwan So
  • Kuw a Wɔyɛ Nnam wɔ Kélo No
  • Koumra, Doba, ne Bongor
  • Wɔayɛ Biako Ɛwom sɛ Wɔwɔ Akyirikyiri
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 10/15 kr. 22-25

“Gyina A Yebegyina Pintinn Sɛ Nguankuw Biako” Wɔ Chad

Te sɛ wɔn mfɛfo Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Chad no ani sɔ afe afe nhyiam horow a wɔyɛ ho nhyehyɛe ma wɔn honhom mu denhyɛ no. Eyi yɛ amanneɛbɔ a ɛfa ɔkwan bi a wotu kɔɔ da koro nhyiam atitiriw a wɔyɛe wɔ Afrika mfinimfini ɔman a asase atwa ho nyinaa ahyia no kesee fam no mu no ho.

Esiane akwan atenten ne akwantu den a ɛyɛ nti, mpɛn pii no wɔyɛ Chad nhyiam horow no akuw nketewaa mu, na wogyina wim tebea so na ɛhyɛ bere no. Efi June kɔ September mu no, osutɔ bere no ma ɛyɛ den sɛ wobetu kwan na wɔ mmeae bi no, entumi nyɛ yiye. Wɔyɛ da koro nhyiam atitiriw no bere a osutɔ a emu yɛ den no atwam no. Afe awiei akwamma ahorow no ye ma ɔmantam nhyiam akɛse. Na ansa na osu no befi ase bio June mu no, wɔyɛ nnanu ɔmansin nhyiam horow no.

NA ƐYƐ Kwasida awia a wim yɛ hyew. Ná nnipa 184 ahyɛ Ahenni Asa a ɛwɔ N’Djamena, Chad ahenkurow mu no so ma. Ɔhyew no nyinaa akyi no, na wɔayɛ aso retie ɔkasa titiriw a ɛne “Gyina a Yebegyina Pintinn Honhom Koro Mu” no. Wɔn ani gyei saa anɔpa no sɛ wohui sɛ nnipa baasa de nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ho so a wɔahyira ama Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Ná eyi ne da koro nhyiam atitiriw asia a na me ne ɔhwɛfo kwantufo a ofi ɔman no mu anya hokwan sɛ yɛbɛkɔ akɔsom wɔ ase no mu nea edi kan.

Adansefo 267 a wɔwɔ Chad no ani sɔɔ nhyiam horow no asɛmti a ɛne “Gyina a Yebegyina Pintinn sɛ Nguankuw Biako” no titiriw. Wɔne wɔn mfɛfo Kristofo a wɔwɔ nsase afoforo so no ntam atew koraa. Nanso, honhom mu aduan koro a wonya ne ɔkwan koro no ara a wɔfa so hwɛ wɔn no hyɛ wɔn nkuran ma wɔkɔ so sɛ wɔne wɔn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no de biakoyɛ bɛyɛ adwuma. Afotu pa a ɛwɔ saa dwumadi nhyehyɛe yi mu no nso hyɛɛ wɔn den sɛ wobegyina Satan wiase no nkɛntɛnso ne ɔtaa anaa ɔsɔretia ano pintinn.

Wɔ N’Djamena

Wɔhyehyɛɛ Yehowa Adansefo asafo a edi kan wɔ Chad no wɔ N’Djamena wɔ 1964 mu. Mprempren Ahenni asɛmpa no ho adawurubɔfo bɛboro 90 na wɔwom. Ná ɛyɛ anigye sɛ wobɛhwɛ atiefo no mu na woahu pii a wɔasom nokware mu fi adwuma no mfiase wɔ Chad no. Ná onua biako wɔ yerenom baasa bere a osuaa Bible mu nokware nea edi kan no. Ankyɛ na ohuu hia a ɛho hia sɛ ɔma n’abrabɔ ne Bible gyinapɛn ahorow hyia no. Ɔwaree ne yere a odi kan no mmara kwan so na ɔne afoforo no tetew mu, ɛwom sɛ ɔyɛɛ ɔhwɛ nhyehyɛe maa wɔn de. Wɔbɔɔ no asu wɔ 1973 mu na wayɛ hyew adwuma no mu fi saa bere no.

Ɔpanyin biako bi a onyaa dwumadi no mu kyɛfa ahyia gyidi ho sɔhwɛ a ɛyɛ den. Wɔ 1975 mu no, nniso a na ɛwɔ hɔ saa bere no hyɛe sɛ obiara mfa ne ho nhyɛ amanne ahorow a egyina awufosom so mu; na wobetumi akum obiara a obebu so no. Bere a onua no gyinaa pintinn na ɔrennyaa ne gyidi mu nsiesie no, atumfo no fii ase hwehwɛɛ no. Nniso mu nsakrae a ɛbae saa asiane bere titiriw no mu no nkutoo na egyee no.

Yesi Pala Kwan So

N’Djamena akyi no, ɔkwan a yɛretu akɔ kesee fam akɔsom wɔ nhyiam anum a aka no ase fi ase. Yɛafa kwan no so pɛn nanso na ɛyɛ ɔpɛ bere mu nkutoo. Afei, wɔ September awiei bere a osutɔ bere no reba awiei no, nhaban afefɛw na ɛyɛ fɛ. Ná ɛyɛ anigye bere a ɛsɛ sɛ wotu kwan. Yetwaa awi mfuw pii ho. Afei na na mmɛtem a etuetue nnua atenten a ɛsa kwan no ho ho no rehoa. Ɛrenkye na wɔatwa, wɔahata, na wɔde asie dɔte aduankorabea a atifi hwirenhwiren a ebi wɔ nkuraase nyinaa no mu. Awi na eye Chadfo dodow no ara aduan titiriw. Wɔde ɔwɔmma a mpɛn pii no aware sen onipa a okura no siw wɔ dua ɔwaduru mu. Afei wɔde nsuɔhyew fra esiam no, na wɔbɔ no atɔwatɔw na wɔde ka nkuruma anaa nkate nkwan ho di.

Yehuu asaawa mfuw pii bere a yɛkɔ kesee fam akyirikyiri no. Esiane sɛ asase no da fam wɔ ɔman no beae yi nti, ɛte sɛ nea nsase a nhwiren wɔ so no kɔpem wim ano pɛɛ. Ɛrenkyɛ na mmusua mũ nyinaa aba afum de wɔn nsa abɛtetew asaawa no. Asaawa ne ade a ɛde sika ba sen biara wɔ Chad, wɔtetew tɔn 133,000 wɔ 1988 mu. Onwini redwo no, na yɛretwa Ɔtare Léré. Nkoko wɔ ɔman no fã yi na ɛyɛ fɛ yiye, titiriw no wɔ afe no mu saa bere yi. Esiane sɛ yeduu hɔ bere pa mu nti, yetumi tɔɔ apataa kɛse bi a na wɔakyere no foforo na wɔakyew no ɔkwan no nkyɛn hɔ ara. Ná ɛyɛ aduan a ofiewura biara de ahohoahoa de bɛma.

Ade biako a ɛma akwantu yɛ den kɛse saa bere yi no ne sɛ sɛ osu tɔ a, wosi mpampim twa ɔkwan no mu de siw lɔre kwan. Dɛn ntia? Wɔde rebɔ ɔkwan no ho ban. Enti, bere a yehui sɛ wim asakra ayɛ tumm prɛko pɛ no, yɛn aba mu bui. Ná yɛmpɛ da sɛ yɛbɛda ɔkwan nkyɛn wɔ nsu no mu. Nanso nea ɛho hia kɛse no, na yɛrennu da koro nhyiam titiriw a edi hɔ no ase ntɛm. Nea ɛyɛ anigye no, nsu a antɔ ntɛm yi antɔ kɛse wɔ ɔkwan no mu. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ yɛtwɛn kakraa wɔ mpampim pii ho de, nanso saa anadwo no ɔdasum no, yeduu Pala a ɛyɛ kurow a nnipa bɛyɛ 32,000 na wɔte mu no mu asomdwoe mu. Nanso ɛdɛn ara na na ɛda hɔ twɛn yɛn sɛɛ yi! Wim a ɔsram nni hɔ no ma yehuu nsoromma ahorow a ɛyɛ fɛ ne Milky Way nsoromma kuw no, a ɛyɛ adehwɛ a wɔn a wɔtete nkurow akɛse mu no mu dodow no ara renhu da. Ɛkaee yɛn nea nti a yegyina pintinn no​—sɛ yɛbɛhyɛ amansan a ɛyɛ nwonwa yi Bɔfo Kɛse no anuonyam.

Asafo nketewaa abien ne kuw bi a wɔatew wɔn ho na wohyiaam wɔ Pala. Anuanom nkumaa baasa nantewee bɛboro akwansin 60 baa nhyiam yi. Esiane sɛ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ kesee fam no susuae na mpanyimfo kakraa bi na wɔwɔ hɔ nti, wɔkyeree dwumadi no afã bi guu kasɛt so wɔ N’Djamena na wɔbɔe. Eyi ma wonya dwumadi a etu mpɔn bere a nnipa kakraa bi na wɔaba mpo no. Yɛn ani gyei sɛ wɔbɔɔ onipa biako asu.

Kuw a Wɔyɛ Nnam wɔ Kélo No

Nea edi hɔ no, yetuu kwan tiaa bi kɔɔ Kélo, faako a nnipa 194 baa dwumadi no ase Kwasida no. Mmusua pii a wɔwɔ mmofra nkumaa nantewee bɛboro akwansin 20 na wɔbae. Ná wɔbɛbɔ nnipa baanu a wɔahyira wɔn ho so foforo asu. Sɛ edu ɔpɛ bere mu a, sɛ wɔanyɛ nhyiam no baabi a ɛbɛn asubɔnten bi ho a, ɛyɛ a na asubɔ yɛ den; enti na ɛsɛ sɛ wɔbɔ nnipa pii asu wɔ ankora mu. Nanso ɛhɔ a yɛkɔe wɔ osutɔ bere awiei no maa nneɛma yɛɛ mmerɛw. Ne nyinaa akyi no, na ɛho hia sɛ yɛde kar twa bɛboro akwansin 12 ansa na yɛanya beae a ɛfata.

Na asubɔ hwehwɛfo no mu biako yɛ abeawa kumaa bi a na wɔasɔ ne gyidi ahwɛ kɛse. Na n’abusua de no asi ɔbarima bi a n’ani nnye ho sɛ obesua Bible no asiwa. Bio nso, ɔbarima no pɛe sɛ wɔka wɔn bom denam abusua amanne so mmom sen sɛ wɔbɛware wɔ mmara kwan so. Esiane sɛ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obetua tiade a ɛso nti, ɔbea no abusuafo de nhyɛso pii baa ne so. Ná ɛsɛ sɛ otu kɔ baabi foforo bere bi mpo sɛnea ɛbɛyɛ a obekwati aware a ennyina kyerɛw nsɛm so a na n’abusua no pɛ no. Ogyinaa pintinn eyi nyinaa mu na onyaa nkɔso fɛfɛ. Fi bere a wɔbɔɔ no asu no, abusua no ɔsɔretia no agyae. Yɛda Yehowa ase sɛ yɛwɔ nnipa anokwafo a wɔte saa wɔ yɛn mu.

Anuanom a wɔwɔ ha no wɔ nneɛma afoforo a ɛno nti ɛsɛ sɛ wɔda Yehowa ase. Amanko a emu yɛ den sii Chad na afei, wɔ 1984 mu no, ɔkɔm a emu yɛ den sii. Ɔpanyin bi a ɔwɔ hɔ kae sɛ ɔkɔm no mu bere bi no, ɔhwɛɛ wɔn a wɔwɔ Ahenni Asa so no na osusuwii sɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no mu bi bɛkɔ so ara atra ase asram kakraa bi mu anaa. Nanso, Yehowa ahyehyɛde no de aduan kɔboaa wɔn, na eyii wɔn amanehunu no fii hɔ. Mprempren anisɔ a wɔwɔ ma ɛno no da adi wɔ wɔn som a nnamyɛ wom no mu. Akwampae honhom a emu yɛ den wɔ Kélo. October 1989 mu no, Ahenni adawurubɔfo no mu nkyem abiɛsa mu biako yɛɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn bere nyinaa anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa.

Osuahu a wonyae wɔ ɔkɔm no mu no kyerɛɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔn nso wɔyɛ ayamye. Afe a etwaam no mu no, ɔpanyin bi a ɔwɔ asafo no mu yaree mpofirim na owui. Ogyaw abusua a wɔyɛ mmofra baakron, a nea osua wom koraa no adi asram kakraa bi. Ne yere hyiaa abusua nhyɛso a ɛbɛma ɔde ne ho ahyɛ ayiyɛ a na awufosom wom mu. Anuanom no maa no mmoa a na ohia, ma enti otumi gyinaa nhyɛso dennen no ano. Afei asafo no ka boom yɛɛ adwuma de sii ofi maa ɔne ne mma nkumaa no, de kaa ɔhonam fam mmoa a wɔde maa no akwan horow so no ho. Eyi kowiee adansedi fɛfɛ mu wɔ kurow no mu, na ɛyɛɛ nea efi Kristosom adwumayɛ mu ba a ɛyɛ anigye no ho ɔyɛkyerɛ.​—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Koumra, Doba, ne Bongor

Kurow a edi hɔ a yɛkɔɔ so ne Koumra. Akwan a mmosea wɔ so maa akwantu a ne tenten yɛ akwansin 180 no yɛɛ mmerɛw. Ɔkwan so no, yɛfaa Moundou a ɛyɛ kurow a mfiridwuma wom, a nnipa bɛboro ɔpeha te mu no mu. Nnipa aduɔsɔn biako na wɔbaa nhyiam no ase wɔ Koumra. Onua aberantewaa bi a ɔnkɔɔ sukuu biara da gyinaa asɛnka agua no so kasae. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea sua-akenkan-ne-akyerɛw nhyehyɛe a wɔkyerɛ wɔ Ahenni Asa so no boaa no na ɛmaa no ahotoso a ohia no. Mprempren ɔne nnipa afoforo baanan sua Bible no.

Yewiee da koro nhyiam titiriw no wɔ Koumra no, yɛsan de yɛn ani kyerɛe N’Djamena, a na beae a edi hɔ a yɛrekɔ akɔyɛ yɛn nhyiam no nea ɛto so anum no ne Doba. Osu bi a antɔ ntɛm hwee wɔn a na wɔrekɔ nhyiam no mu binom na na ɛsɛ sɛ wɔda ɔkwan mu anadwo no. Nanso, obiara duu hɔ bere pa mu na wofii dwumadi no ase wɔ Doba. Nnipa aduonum biako na na wɔwɔ hɔ, na obiako de ne ho mae sɛ wɔmmɔ no asu.

Ná beae a etwa to no ne Bongor. Eyi yɛ baabi a wodua ɔmo, na sɛnea asase no yɛ tratraa no maa yɛn ho dwiriw yɛn. Dodow a wɔbaa Bongor no maa wɔn a wotiee dwumadi no wɔ Chad no nyinaa dodow koduu 630. Na bere a wɔbɔɔ nnipa baanu foforo asu no, dodow a wɔbɔɔ wɔn asu no nyinaa yɛɛ akron.

N’Djamena a yɛsan bae no na yɛde wiee akwantu a na ɛyɛ bɛyɛ akwansin 1,200 no. Ná ɛyɛ anigye sɛ yɛne Onyankopɔn nkoa a wɔagyina pintinn mfe pii, ne afoforo pii a wɔrenya nkɔso a ɛyɛ nwonwa no bɔ fekuw. Ná wɔn nnamyɛ ma ɔsom adwuma no hyɛ nkuran titiriw. October 1989 mu no, na adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara a ɛyɛ 267 na wɔwɔ Chad, a na ɛyɛ afe a etwaam no nkɔanim so ɔha biara mu 20.

Wɔayɛ Biako Ɛwom sɛ Wɔwɔ Akyirikyiri

Ɔman no mu a yetuu kwan fae no ma yehuu sɛnea asɛmpa no a wɔka no asase a wɔka kasa horow bɛboro 200 wɔ so no yɛ asɛnnennen no. Ɛwom sɛ Franse ne Arabic kasa ne kasa atitiriw a ɛwɔ Chad de, nanso wɔ da koro nhyiam atitiriw no biara ase no, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ dwumadi no ase fi Franse mu kɔ kasa afoforo mu. Ɛno mpo, wɔn a wɔbaa nhyiam beae bi no pii nte ɔmantam no kasa ase. Enti na ɛda so ara yɛ asɛnnennen sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔate dwumadi no ase.

Mmeae a yɛkɔe no nyinaa no, anuanom mmarima ne mmea no de ahɔhoyɛ som yɛn. Na nnuan no yɛ awi anaa ɔmo siam a wɔabɔ no atɔwatɔw ne nkwan a wɔde atomde agu mu no sɛnea yɛkae mfiase no. Ɛtɔ mmere bi a, abeawa bi na ɔde aduan no a esisi apaawa so na wɔde ntama fɛfɛ akata so no ba. Ɔde apaawa no si ne ti so fɛfɛ, na ɛbɛyɛ wo fɛ kɛkɛ.

Nnipa a wɔte Chad kusuu fam no yɛ Nkramofo titiriw; wɔn a wɔte kesee fam no yɛ Katolekfo, Protestantfo, anaa abosonsomfo titiriw. Nniso no kura ɔsom mu ahofadi mu, na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yetumi hyiam a obiara nyɛ yɛn hwee, esiane sɛ ahofadi nyɛ nea wonya anaa wɔde ma wɔ baabiara nti.

Da koro nhyiam titiriw dwumadi no boaa Adansefo kakraa bi a wɔwɔ Chad no ma wohui sɛ ɛwom sɛ asase so de, wɔatew wɔn ho afi wɔn nuanom afoforo a wɔwɔ wiase mmeae afoforo no ho koraa de, nanso wɔne wɔn aka abom wɔ nguankuw biako mu ampa. Ɛboaa wɔn ma ‘wɔde honhom koro gyinae’ a nhyɛso ne ɔsɔretia a wohyia no mfa ho.​—Filipifo 1:27.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena