Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 8/15 kr. 24-28
  • Onyankopɔn Adwuma A Wɔyɛ No Onyankopɔn Kwan So Wɔ Nigeria

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Adwuma A Wɔyɛ No Onyankopɔn Kwan So Wɔ Nigeria
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Ntrɛwmu a Ɛba Ntɛmntɛm
  • Adansi mu Nsɛm Ahorow a Wɔkae
  • Ɔman Mpanyimfo Mpeneso
  • Ɛda a Wobuee Ano No
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 8/15 kr. 24-28

Onyankopɔn Adwuma A Wɔyɛ No Onyankopɔn Kwan So Wɔ Nigeria

NA ƐYƐ ade a ɛyɛ nwonwa. Na nnade a wɔde si adan a wɔaboaboa ano​—bɛboro tɔn 500​—gu Houston, Texas, mpoano, fi ti kosi ti. Na obi a ɔhwɛ ma wɔde nneɛma gu po so ahyɛn mu rehwɛ nneɛma pii no ma wɔde agu po so hyɛn mu. Bere a ɔreyɛ adwuma no, ne ho dwiriw no sɛ ohui sɛ na wɔakyerɛw ne nyinaa ho “Watchtower.” Awiei koraa no, ɔkɔɔ obi a nneɛma no hyɛ ne nsa no nkyɛn na obisae sɛ: “Mise, ɔwɛn aban yi tenten te dɛn ankasa?”

Ɛno na nea ɔhwɛ ma wɔde nneɛma gu po so ahyɛn mu no hui sɛ ɛnyɛ nea wɔde nnade no besi ɔwɛn aban bi ankasa. Mmom no, na wɔde refa po so hyɛn de akɔ Igieduma, Nigeria, faako a wɔde besi baa dwumadibea adan afoforo ama Ɔwɛn Aban Asafo no​—kurow ketewaa bi ankasa wɔ Afrika kwaebirentuw no mu.

Mfe asia ni no, na beae a wobesi adan no wɔ Igieduma no yɛ kwaebirentuw a rɔba nnua sisi mu. Mprempren wɔhwɛ asase no yiye na ɛso yɛ fɛ; nhwiren, turo, ne asase kɛse a atwe nenam mu mpo wɔ hɔ! Nanso na nhoma tintimbea a ɛsõ sen asase a na kan baa dwumadibea a ɛwɔ Lagos no si so no nyinaa no wɔ asase no so. Tintim mfiri abiɛsa sisi tintimbea no mu, a biako betumi atintim nsɛmma nhoma 17,000 dɔnhwerew biako mu. Adan a wɔtra mu no betumi afa nnipa bɛboro 400. Na adididan kɛse ne mukaase ne faako a wɔhwɛ ayarefo ne ɛse nso wɔ nnwuma ahorow adan no mu. Wɔn ankasa wɔ wɔn nsu fibea ne nsuti a woyi gu nhyehyɛe. Anyinam akanea mfiri a komputa na ɛkyerɛ no kwan ma wonya anyinam ahoɔden. Ahenni Asa, dwumadibea dan, ne ogya dum dwumadibea wɔ hɔ. Wubehu akwan ne akwan ho akanea nso. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo frɛ Betel adan a ɛwɔ Igieduma no kuropɔn. Na adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama a wontua wɔn ka na wosii ne nyinaa, na wɔde ntoboa a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi na etuaa ho ka.

Ntrɛwmu a Ɛba Ntɛmntɛm

Bere a saa Betel yi ne nea ɛsõ sen biara a wɔasi pɛn wɔ Nigeria no, ɛnyɛ nea edi kan. Onua William R. Brown a ɔne ne yere ne ne babea tu kɔtraa Lagos wɔ 1930 mu no na wɔhyehyɛɛ nea edi kan no. Adan a na wotua ka a na ɛno mu na na wɔte no bɛyɛɛ Asafo ti no Afrika Atɔe Fam baa dwumadibea a na ɛhwɛ adwuma no so wɔ Nigeria, Ghana, ne Sierra Leone. Saa bere no, na asɛmpakafo a wɔyɛ hyew baason pɛ na wɔwɔ Nigeria.

Na Bible Brown, sɛnea na wɔtaa frɛ no no, yɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ ɔhyew na ɔwɔ akokoduru. Esiane sɛ na dwumadibea agua mu tra nkutoo nnɔɔso mma no nti, ɔde kar ne keteke kyinkyin ɔman no mu, maa baguam ɔkasa ahorow na ɔkyekyɛɛ nhoma pii.

Bere a nkrasɛm a tumi wom no regye ntini wɔ wɔn a wotie no adwene ne wɔn komam no, nnipa pii bɛyɛɛ Ahenni adawurubɔfo mmɔdenbɔfo. Na mfe du a edi hɔ no te sɛ afeha a edi kan mu bere bi wɔ Yerusalem bere a “Onyankopɔn asɛm kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii” no. (Asomafo no Nnwuma 6:7) Ebeduu 1940 mu no, na Yehowa ayeyifo a wɔyɛ nnam no dodow akɔ soro fi 7 akodu 1,051!

Na ‘nea osua no adan apem,’ nanso na eyi yɛ mfiase kɛkɛ. (Yesaia 60:22) Wɔ 1947 mu no, Asafo ti no de asɛmpatrɛwfo abiɛsa a wɔatete wɔn Gilead kɔɔ Lagos. Eyinom mu biako a ɔne Anthony Attwood no da so ara yɛ nnam wɔ ne dwumadi no mu. Ɔkae saa bere no mu Betel no: “Na ɛyɛ ɔdan bi a ɛwɔ mpaboa tɔnbea bi atifi. Na adan a wɔda mu abiɛsa, asa/dwumadibea, ne adididan na ɛwɔ hɔ. Na Onua ne Onuawa Brown ne wɔn abusua no te adan a wɔda mu no abien mu, na yɛn asɛmpatrɛwfo no kaa yɛn ho boaa ano wɔ ɔdan a wɔda mu a ɛto so abiɛsa no mu. Na mpa nketewa abiɛsa ne ntade adaka nkutoo na ɛkɔ mu.”

Adan pii a wohia no ma wotu kɔɔ abansoro a ɛtoa so abiɛsa bi mu wɔ 1948 mu. Saa bere no na Nigeria adawurubɔfo no dodow adu 6,825. Mfe awotwe akyi no, na saa dodow yi abu abɔ ho abiɛsa, enti woyii Betel bio de kɔɔ Shomolu, Lagos. Ɛhɔ, na bere a edi kan mu wɔ Nigeria no, Asafo ti no sii n’ankasa Betel Fi a na ɛyɛ ɔdan a adan a wɔda mu awotwe wom na esi asase a ne kɛse yɛ susuhama biako ne fã so. Ɔmantam no nniso too borɔn no Watch Tower Avenue. Na nnua pii wɔ turo no mu, a na akutu, paya, mango, ne kube ka bo. Nanso wɔ mfe 33 a edi hɔ no mu no, wɔde adan no bi kaa ho na wɔtrɛw mu. Ebeduu 1970 mfe no mfinimfini no, na ɛkame ayɛ sɛ adan akata asase no so nyinaa. Na ɛho abehia bio sɛ wotu.

Adansi mu Nsɛm Ahorow a Wɔkae

Nea edi kan no, wohuu asase bi a ne kɛse yɛ susuhama 76 wɔ Otta wɔ Lagos kusuu fam. Nanso nsɛnnennen ahorow kɔɔ so siw nkɔso kwan. Awiei no, ɛbɛdaa adi sɛ na ɛnyɛ Yehowa pɛ sɛ yetu kɔ hɔ. Nea edi hɔ no, wɔhwehwɛɛ asase wɔ ɔman no kesee fam nyinaa, na wɔ 1983 mu no, Asafo ti no nyaa asase bi a ne kɛse yɛ susuhama 140 wɔ Igieduma, wɔ Bendel Mantam mu.

Mfe asia a edi hɔ no mu no, anini ne aprammire fii hɔ bere a anuanom ne mfiri akɛse baa bɔ no. Na adwuma no ho asɛnkɛse titiriw biako ne sɛ na ɛyɛ den sɛ wobenya nnwinnade ne adansi nneɛma no mu pii wɔ ɔman no mu, anaasɛ na wontumi nnya bi koraa. Na wohia mmoa fi mmeae afoforo. Enti wɔtoo nsa frɛɛ Adansefo kuw bi wɔ United States sɛ wɔnhwehwɛ nneɛma, wɔntɔ, na wɔmmfa ngu po so hyɛn mu nkɔ. Terry Dean a na ɔno na ɔhwɛ dwumadi kɛse yi so no kyerɛ sɛ: “Nea ɛmaa adwuma no yɛɛ kɛse ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ na ɛsɛ sɛ yɛde biribiara fa po so hyɛn kɔ. Anuanom a wɔwɔ Nigeria no ka kyerɛɛ yɛn sɛ adansi nneɛma a wɔwɔ nyinaa ne anhwea, semɛnte, ne nsu!”

Eye sɛ na nneɛma atitiriw no bi wɔ hɔ, efisɛ adansi no gyee semɛnte tɔn 7,500, anhwea tɔn 55,000, ne mmosea tɔn 35,000. Na nnua pii wɔ hɔ. Nanso, wɔ mfe anum a edi hɔ no mu no, wɔde nneɛma tɔn 5,000 na efii United States kɔe, a na ɛbɛyɛ nnaka a wɔde po so hyɛn mu nneɛma gu mu no 347 a sɛ wɔde sisi anim a, ebedu akwansin 2.2.

Baa dwumadibea afoforo nso fi ayamye mu de nneɛma boae. England de anyinam akanea ho nneɛma nyinaa mae, a mfiri a ɛma anyinam ahoɔden akɛse asia ka ho. Sweden de afiri a wɔde ma nneɛma a emu yɛ duru so kɔ soro, trakta, afiri a wɔde tutu fam, lɔre kɛse, nnwinnade, mukaase nneɛma, ne telefon afiri mae. Bere a wɔkae sɛ wɔretɔn nnade aguadidan bi no, Sweden anuanom no tɔe na wɔde nneɛma no nyinaa guu po so hyɛn mu kɔɔ Nigeria. Ɛkame ayɛ sɛ aguadidan no mu ade a wɔamfa ankɔ ne sofi a wɔde sesaw sukyerɛma​—wɔhwɛ a na ɛho bɛba mfaso kɛse wɔ Sweden asen Afrika!

Nokwarem no, anuanom a wɔwɔ hɔ no nso boae sɛnea wɔn ahoɔden betumi. Bɛboro 125,000 boaa adwuma no denam beae a wɔresi ɔdan no a wɔbae wɔ adansi bere no mu no so. Pii boae sika fam. Abarimaa bi a wadi mfe ason de ntoboa a ɛyɛ sɛnt 20 (U.S., bɛyɛ ¢70.00) bae. Ɛyɛɛ dɛn na onyaa sika no? N’agya maa no bayerɛ sin bi sɛ ɔnnoa nni; nanso abarimaa no de siei na oduae wɔ bere a ɛsɛ sɛ wɔde dua mu. Akyiri yi otuu ne bayerɛ no na ɔde sika no yii ntoboa de boaa Igieduma adwuma no.

Yehowa Adansefo afoforo de wɔn nsaano nnwuma boae, na wɔtetee afoforo wɔ adansi nnwuma ahorow mu mpo. Pii, bɛyɛ 500 bere biara, yɛɛ adwumaden ankasa wɔ owia a ano yɛ den ne nsu a ɛtɔ mu de wiee adwuma no. Sɛ nhwɛso no susuw ɔfasu a wɔto twaa beae no ho hyiae adwuma no nkutoo ho. Asram ason a wɔde wiee ɔfasu a ne tenten reyɛ adu akwansin abien yi no mu no, anuanom no donnɔn dɔte na wɔyɛɛ kɔnkrete ntayaa mfuamfua bɛboro 57,000! Onua biako ka serewee sɛ: “Nea ɛma mekɔɔ so yɛe ne mpete a na wɔbɔ fa yɛn ti so retwɛn sɛ metwa ahwe fam a mihuu wɔn no!” Nokwarem no, te sɛ afoforo ɔpepem pii a wɔboae ma wotumi sii Igieduma wiei no, Yehowa honhom na ɛkanyan no na ekuraa no mu.

Ɔman Mpanyimfo Mpeneso

Aban mpanyimfo de biakoyɛ boaa adwuma no. Ɔmampanyin Dwumadibea no penee so sɛ wonnnye adansi nneɛma a wɔde fi amannɔne no biara ho tow. Ɔmantam no mu mpanyimfo annye asase no so adwumayɛ ne plan no a wɔde wɔn nsa bɛhyɛ ase no ho sika biara. Ɔdan ho sika kakraa bi pɛ na wogyei. Bere bi a asase ho akasakasa bi sɔree no, Omo N’oba, anaasɛ ɔhene a ɔhwɛ hɔ nyinaa no sɔre gyinae na ɔhyɛe sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wogyae adwuma no efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn adwuma.”

Sɛ́ na saa adwuma yi wɔ ɔsoro akyigyina no yɛ nea afoforo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo no gye toom. Bere a wɔtɔɔ Amerika adwumakuw bi nnade a wɔde besi ɔdan a wɔde kar ahorow besisi mu no, wɔsomaa wɔn nipa biako, Katolekni bi, sɛ ɔmmɛboa mma wonsi. Dapɛn abien a odii wɔ Igieduma no mu no, n’ani kae ntɛm, na ɔfrɛɛ ne mfɛfo adwumayɛfo no anuanom mpo. Ɔsan kɔɔ ne kurom akyi no, ɔkyerɛw Nigeria baa dwumadibea no sɛ: “M’ani nnyee adwuma mu kɛse saa da sɛ bere a na mewɔ hɔ reyɛ Onyankopɔn adwuma wɔ Onyankopɔn kwan so no.”

Ɛda a Wobuee Ano No

January 20, 1990 mu no, wohyiraa Betel adan fɛfɛ yi so maa Yehowa Nyankopɔn a ne honhom na ɛma wowiei no. Nsrahwɛfo fi Nigeria mmaa nyinaa bae, ɛwom sɛ wɔn a anyɛ yiye koraa no wɔbɔɔ wɔn asu bɛyɛ mfe 35 ni anaasɛ wɔn a wɔde mfe 20 ne akyi ayɛ bere nyinaa som adwuma no nkutoo na wɔtoo nsa frɛɛ wɔn de. Na anuanom mmea no hyehyɛ ntade yuu fɛfɛ a ɛne abotiri atenten kɔ, na anuanom mmarima no mu pii hyɛɛ Afrikafo ntade akɛse fɛfɛ no bi. Wɔka ne nyinaa bom a, nnipa 4,209 a wofi aman 29 so na wɔbaa ɔdan no anobue no bi. Anyɛ yiye koraa no na asɛmpatrɛwfo 80 a wɔn mu dodow no ara fi Afrika Atɔe Fam nsase so ka ho. Na amanneɛbɔ a efi baa ananmusifo baanum a wosii atirimpɔw mu biakoyɛ ne tema a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu no so dua no hɔ ka dwumadi nhyehyɛe no ho. Nkyia a wɔakyerɛw ne telegram fi anuanom a wɔwɔ aman 21 so bae, a na nkrasɛm a ɛka koma a efi “anuanom mmarima ne mmea 400 a wɔwɔ Moscow, Rusia” hɔ no ka ho.

Na Yehowa Adansefo Sodikuw a ɛwɔ Brooklyn, New York, no mufo baanu nso wɔ hɔ. Albert Schroeder kaa asɛmti a ɛne “Nea Wɔhwehwɛ ne sɛ Wobehu Wo Ɔnokwafo” no ho asɛm, na osii hia a ɛho hia sɛ Onyankopɔn nkurɔfo kɔ so di nokware no so dua. (1 Korintofo 4:2) Lyman Swingle na ɔmaa adan anobue ɔkasa no, na ɔkaa Salomo bere so anuonyam asɔrefi no si ho asɛm. Ɛwom sɛ na Onyankopɔn gyina asɔrefi no akyi na na ɔpene so de, nanso Yehowa maa emu daa hɔ fann sɛ nea ɛho hia kɛse koraa sen ɔdan no ne nokwaredi ne osetie a ne nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so no bɛyɛ. Saa kwan yi so no, Onua Swingle kyerɛe sɛ baa dwumadibea adan fɛfɛ a ɛwɔ Igieduma no ankasa nyɛ biribiara awiei na mmom ɛyɛ nea wɔde ma nokware som nya nkɔanim.

Ade kyee no, wɔyɛɛ adan anobue no ho nhyiam atitiriw wɔ Nigeria nkuropɔn abiɛsa mu. Nnipa bɛboro 60,000 na wɔkɔɔ eyinom ase.

Tete mmere mu no, sɛ Nigeriafo a wɔka Edo kasa no kɔ sɛ wɔrekɔhyɛ ɔhenkɛse bi anuonyam a, wɔhyɛ fã kɛse di ahurusi. Igieduma (mfiase no na wɔka no ugie dunai) ne asɛmfua a na wɔde ka nhyiam a ɛyɛ anigye saa no awiei a ɛba kama no ho asɛm. Yehowa nkurɔfo a wɔbae saa adan anobue da no sɛ wɔrebɛhyɛ Amansan Hene Yehowa Nyankopɔn anuonyam no fam no, nsɛmfua kakraa bi pɛ na ebetumi ayɛ nea ɛfata sen saa. Asɛmfua “Igieduma” no kae Ahenni adawurubɔfo 139,150 a wɔwɔ Nigeria no faako a teokrase akwankyerɛ ne afotu, ne nhoma ahorow a wɔatintim a ɛbɛboa wɔn ma wɔakɔ so ayɛ Onyankopɔn adwuma wɔ Onyankopɔn kwan so wɔ Nigeria no fi ba.

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

1. Atrae adan

2. Ahenni Asa

3. Nnwuma ahorow dan

4. Office

5. Tintimbea

6. Ɔdan a wɔde kar sisi mu

7. Anyinam ahoɔden mfiridan

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Onua ne ɔwawa Brown gyina 1940 mfe no mu baa dwumadibea no anim

Faako a wogye ahɔho wɔ baa dwumadibea foforo no tintimbea hɔ

Betel dan mu

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Tintim afiri a etintim nsɛmma nhoma a wɔde nnuru abien yɛ

Wɔrehyehyɛ nhoma agu lɔre mu

Ahenni Asa

Ɔsom Dwumadibea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena