Nsɛm No Mu Nhumu
“Nsusuwii Foforo”
Genesis 1:1 kyerɛ sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” Bɛboro mfirihyia ɔha ni no, nyansahufo a wogye adannandi tom no akasa atia saa Bible mu asɛm yi. Nanso, The Orange County Register a ɛyɛ California atesɛm krataa bi no bɔ amanneɛ sɛ “wɔn mu pii renya saa asɛm a efi tete na tumi wom a ɛfa wɔ a Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ ho no ho nsusuwii foforo mprempren.”
Sɛ nhwɛso no asɛm no ka nea Australiani abɔde ho ɔdenimfo Michael Denton ka wɔ ne nhoma Evolution: A Theory in Crisis mu no ho asɛm. Ɔkyerɛ sɛ fi bere a Darwin kyerɛw ne nhoma On the Origin of Species no de besi nnɛ no, wonnyaa adanse biako mpo a ɛboa Darwin nkyerɛkyerɛ no.
Saa ara nso na Register no fa nhoma The Mystery of Life’s Origins: Reassessing Current Theories a nyansahufo baasa kyerɛwee no mu asɛm ka. Sɛnea krataa no kyerɛ no, wɔkyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ nea nkwa betumi afi ase ara kwa, na “wɔkyerɛ mu sɛ ‘Ɔbɔadeɛ bi a ɔhyɛ amansan no akyi’ ne nkyerɛkyerɛmu a ntease wom sen biara wɔ nkwa fibea ho.” Sɛ́ nea ɛboa saa nsusuwii yi no, asɛm no ka sɛ “wɔfa” Britaniani ɔsoro abɔde ho ɔdenimfo Fred Hoyle “nsɛm ka kɛse wɔ nea ɔkae sɛ gye a wobegye adi sɛ nkwaboaa a edi kan no bae ara kwa no te sɛ nea wogye di sɛ ahum kɛse bi a ɛbɔ fa baabi a wɔto wimhyɛn afã horow gu no betumi ahyehyɛ Boeing 747” no ho.
Wɔ nyansahufo pii fam no, adanse a ɛkyerɛ sɛ Obi a Ɔma Nneɛma ba Pumpuni bi wɔ hɔ no yɛ nea mfomso biara nni ho. Nanso wɔn a wɔkɔ so pow wɔ a Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no nso ɛ? Eye sɛ wɔn a wɔte saa no besusuw nsɛm a odiyifo Yesaia kyerɛwee yi ho: “Musi nneɛma ti ase! So wobu ɔnwemfo sɛ dɔte, na ayɛde aka akyerɛ ne yɛfo sɛ: Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me?”—Yesaia 29:16.
Adammɔ a Edi Awu
Wɔ afe yi January mu no, wɔde Theodore Robert Bundy a wadi awu pii no traa Florida Ɔman Afiase no anyinam ahoɔden akongua so kum no. Wɔkyerɛ sɛ wakunkum mmea 36 atirimɔden so, ɛwom sɛ mpanyimfo de ani bu sɛ dodow no betumi adu 100 de.
Wɔ nsɛm a wobisabisaa Bundy ansa na wɔrekum no mu no, ogye toom sɛ aguaman mfonini yɛ ade titiriw a ɛboaa ne nsɛmmɔnedi nneyɛe no. Daily News bɔ amanneɛ sɛ sɛnea Ɔbenfo James Dobson a ɔno na obisabisaa no nsɛm no kyerɛ no, “ofii ase hwɛɛ aguaman mfonini wɔ nnutɔnbea, ne akwan ho mpo, bere a na wadi mfe bɛyɛ 12 anaa 13 no, na ɛkaa no hɔ, ɔbɔɔ ho dam.”
Bundy nsɛm a n’ankasa kae yi si Arthur Gary Bishop a na ɔno nso yɛ owudifo a wɔabu no fɔ a wokum no afe a etwaam no mu sɛ ɔne mmarimaa baanum ada na wakunkum wɔn no so dua. Sɛnea The Tribune a ɛyɛ San Diego, California, atesɛm krataa bi no kyerɛ no, Bishop kae sɛ na aguaman mfonini “‘haw no kɛse’ sɛ abarimaa no na ɛno na ɛde n’asehwe no bae.” Bishop faa adwene ho nimdefo bi a odii adanse wɔ n’asenni no mu no asɛm kae sɛ “bere a [aguaman mfonini] ka nkurɔfo hɔ no, wɔn akɔnnɔ ahorow ano yɛ den, wɔn nkate ankasa no sɛe na wofi ase pɛ sɛ wɔyɛ sɛnea wohu no.” Bishop ankasa kae sɛ: “Saa na na ɛte wɔ me fam. Meyɛ obi a ɔne mmarimaa da a wɔabu no awudi ho kumfɔ, na na aguaman mfonini yɛ m’asehwe no mu ade titiriw.”
Ɛwom sɛ awudifo a wɔn ankasa ka wɔn nsɛm agye atom sɛ aguaman mfonini sɛe ade de, nanso nnipa pii wɔ hɔ a wɔda so ara bu no sɛ ɛyɛ anigyede a empira. Kɔkɔbɔ a ɛwɔ Yesaia 5:20 no fa wɔn a wɔte saa no ho: “Wonnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa, ne papa sɛ bɔne, wɔn a wɔde sum yɛ hann na wɔde hann yɛ sum.”
Ɛnyɛ Ahintasɛm Biara
The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ United Church sɔfo Phyllis Smith kyerɛ sɛ ɛda adi sɛ wɔn a wɔyare owuyare nsemmisa reyɛ asɛe asɔfo no mu binom gyidi. Sɛnea Smith kyerɛ no, “nnipa a wɔrewu bisabisa nkwa ne owu ho ahintasɛm ahorow a obiara nte ase ho nsɛm.” Ose: “Ɛho nhia sɛ yɛte ɔhaw nka esiane sɛ yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yenya mmuae no nyinaa nti.” Smith kyerɛ sɛ sɛ wobisa honhom mu nsɛm a emu yɛ den a, ‘ɛho nhia sɛ asɔfo no ka bi ma Onyankopɔn.’
Bere a ɛyɛ nokware sɛ ebia ankorankoro rennya nkwa ne owu ho nsemmisa ho mmuae nyinaa no, Bible no wɔ bi. So ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo no hu nea n’Asɛm no ka? Ɔsomafo Petro kae sɛ ɛsɛ sɛ mfɛfo gyidifo ‘siesie wɔn ho daa, sɛ wɔbɛkyerɛ obiara a obisa wɔn anidaso a ɛwɔ wɔn mu no ase.’ (1 Petro 3:15) Anyɛ den amma tete Kristofo no sɛ wɔbɛte awufo tebea anaasɛ daakye hokwan a ɛwɔ hɔ ma adesamma a wowuwu no ase. Ná wonim sɛ Ɔsɛnkafo 9:5 se: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” Na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Wɔ Onyankopɔn nokware asomfo fam no, nkwa ne owu nni ahintasɛm biara.