Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 3/15 kr. 26-29
  • Ahenni Dawurubɔ Wɔ Malaysia a Nneɛma Ahorow Wɔ Hɔ No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahenni Dawurubɔ Wɔ Malaysia a Nneɛma Ahorow Wɔ Hɔ No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nyamesom Asɛnnennen no ho Dwuma a Wodi
  • Kasa ne Amammerɛ Ahorow no ho Dwuma a Wobedi
  • Wɔ “Wɔn a Wotwa Eti Asase” So
  • ‘Nea Osua Koraa no Redan Apem’
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 3/15 kr. 26-29

Ahenni Dawurubɔ Wɔ Malaysia a Nneɛma Ahorow Wɔ Hɔ No Mu

NKRAMOFO adan a wɔayɛ atifi kurukuruwa, abosonnan ahorow, asɔredan ahorow a atifi sorɔnsorɔn, Hindufo adan a ahoni ahorow sisi mu. Eyi ne Malaysia, asase a wiase ɔsom atitiriw anan no hyia wɔ so no. Emu nnipa 16,000,000 no yɛ Malayfo, Chinafo, Indiafo, Eurasiafo, Ibanfo, Kadasanfo, ne mmusua ahorow a wɔyɛ asase no sofo ankasa pii. Ɛda adi sɛ nyamesom, amammerɛ, atetesɛm, ne kasa ahorow ahorow nni baabiara sɛ ha.

Malaysia a ɛda nkyempɛ no kusuu fam pɛɛ wɔ China Kesee fam Po no mu no wɔ nsase ahorow abien: asase a ɛreyɛ ayɛ supɔw a kan na atɔe famfo frɛ no Malaya no ne Sabah ne Sarawak aman a ɛwɔ Borneo supɔw so wɔ apuei fam no. Efi mpoano nsase a ɛda fam a ɛyɛ atɛkyɛ no so nam kwaebirentuw a mpɛn pii no wontumi mfa mu no mu kosi mmepɔw atenten​—a Bepɔw Kinabalu a ne tenten yɛ anammɔn 13,455 no ka ho​—no so no, asase no gu ahorow ahorow te sɛ emu nnipa ne amammerɛ no ara pɛ.

Ɛyɛ eyinom mu na Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛka “ahenni ho asɛmpa yi.” (Mateo 24:14) Ɔkwan bɛn so na wotumi du nnipa a wɔwɔ kasa, amammerɛ, ne nyamesom adwene a ɛsonsonoe yi nyinaa nkyɛn?

Ahenni nkrasɛm no a wɔbɛka no te dɛn wɔ saa asase yi so? Nea ɛsen ne nyinaa no, dɛn na Adansefo no atumi ayɛ?

Nyamesom Asɛnnennen no ho Dwuma a Wodi

Nea ɛbɛyɛ na asɛmpa no adawurubɔfo no atumi akasa akyerɛ nkurɔfo a wofi nyamesom ahorow no mu no, ɛsɛ sɛ wosua sɛnea wobeyiyi Nkramofo afie afi Hindufo de ho, Buddafo anaa Taofo abusua afi Protestantfo anaa Katolekfo ho. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ eyi?

Adanse ahorow a emu da hɔ wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, afɔremuka kɔkɔɔ a ɛhyerɛn yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ Taofo anaa Buddafo fie sɛnea Maria anaa Yesu honi kyerɛ sɛ ɛyɛ Katolekfo atrae no. Nea wɔde hu no saa ara nso ne mango ahaban a ɛwɔ Hindufo afi mu anaa Koran mu kyerɛw nsɛm a ɛwɔ Arab kasa mu a wɔakyerɛw agu Nkramofo afie apongua atifi no.

Ɔsom ko a ofiewura no wom a wubehu no yɛ ade biako; nya a wubenya no ma n’ani agye asɛmpa no ho no yɛ ade foforo koraa. Nea wɔtaa ka a mpɛn pii no ɛyɛ China, Malay, ne Engiresi kasa a wɔde afrafra no ne: “Semua agama sama lah.” Nea edi eyi akyi ne, “Mesrɛ wo, m’ani nnye ho.” Bere a ofiewura no serew n’ano no, na ɛkyerɛ sɛ waka akyerɛ wo sɛ osusuw sɛ nyamesom nyinaa yɛ ade koro na n’ani nnye ho nen. Malaysiafo a wɔwoo wɔn sɛ Buddafo, Taofo, anaa Hindufo no ani agye Kristoman asɛmpatrɛwfo adwensakra a ɛba ntɛmntɛm no ho na wɔakɔdɔm Protestantfo akuw horow. Esiane sɛ wɔn asɔfo atu wɔn aso nti, wɔn mu pii asisi wɔn aso wɔ asɛmpa no ho. Nanso, wɔrebɔ Yehowa din kɛse no ne n’atirimpɔw dawuru nkakrankakra wɔ asase a nneɛma ahorow ahorow wɔ hɔ yi so.

Esiane Yehowa Adansefo ntoboase ne ntease nti, nnipa komapafo pii reyɛ Ahenni nkrasɛm no ho ade ɔkwan pa. Sɛ nhwɛso no, susuw Patrick a na ɔnom sigaret na wagyaw ne ti nhwi atenten a ɔnsrɛn mu no ho. Wɔtetee no wɔ China akodi ahorow mu na sɛ ne bo fuw a ɔyɛ basabasa. Ɛwom sɛ na onni asetra mu atirimpɔw biara de, nanso nsɛm a ɛne “owu nni hɔ bio” a Ahenni ɔdawurubɔfo bi kenkan kyerɛɛ no fii Adiyisɛm 21:4 no kaa no kɛse. Enti Patrick penee Bible adesua so. Bere a Kyerɛwnsɛm mu nokware ahorow a ɔresua no kanyan no no, ankyɛ na ofii ase ka kyerɛɛ ne na denam nkrataa kyerɛw ne n’ankasa a ɔne no kasa bere a wakɔ fie no so. Nanso na ɔsɔre tia kɛse.

Da bi, na Patrick ne ne na reteɛ ne nua kumaa a ɔno nso aben wɔ karate mu no so. Bere a ne nua no fii ase bobɔɔ wɔn na ɔtotoo n’anan no, ɛna no ho dwiriw no sɛ ohui sɛ Patrick anyɛ bi antua ka na mmom ɔyɛɛ dinn. N’ani begyee nea na ne ba no resua a ɛwɔ tumi a ɛma obi sakra saa no ho kɛse. Ne na nyaa nkɔso ntɛmntɛm na wɔbɔɔ no asu asram asia akyi. Ɔno nso dii ɛna bi a wadi mfe 73 a ɔyɛ Buddani kɛse no adanse. Saa ɔbea yi nso kyerɛɛ hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi atra ase daa no ho anisɔ. Ɛwom sɛ onnim nhoma de, nanso ofii ase suaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no na ɔkyeree Chinafo nkyerɛwde no guu ne tirim sɛnea obetumi. Mprempren ɔyɛ asɛmpa no ho ɔdawurubɔfo.

Kasa ne Amammerɛ Ahorow no ho Dwuma a Wobedi

Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi kasa pii tebea no ho dwuma no, ɛho hia sɛ wonya nhoma adaka a nhoma pii wom. Nanso ɛnyɛ nea eyi taa di asɛnnennen no ho dwuma.

Sɛ nhwɛso no, sɛ́ Ɔdansefo bi yɛ Chinani na ɔwɔ nhoma a ɛwɔ China kasa mu no nkyerɛ sɛ ɔkwan biara so no obetumi ne Chinani ofiewura akasa. So wɔka kasa koro no ara? Sɛ Ɔdansefo no yɛ Hokkienni na ofiewura no yɛ Kantonni a, eyi betumi ayɛ asɛnnennen. Esiane sɛ wɔka China kasa no wɔ wɔn menewam nti, nsakrae kakraa bi a ɛbɛba wɔ nsɛm din bobɔ mu no betumi ama akyerɛ ade foforo koraa. Sɛ yɛbɛyɛ eyi ho nhwɛso a: Na ɛnyɛ aseresɛm bere a na onuawa ɔkwampaefo bi a ɔka Hokkien kasa nam baabi a Kantonfo te keka kyerɛ nkurɔfo sɛ ɔyɛ “osuani ɔbɔdamfo” bere a na ɔpɛ sɛ ɔka sɛ ɔyɛ “Bible suani” no.

Sɛ wɔde asɛmfua a ɛteɛ no mpo di dwuma a, ebia ɛrenkyerɛ ade koro no ara mma obiara. Esiane sɛ Malaysiafo yɛ mmusua ahorow pii ɔman nti, mpɛn pii no wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa afoforo na wɔhwɛ yiye sɛ wɔremfom obiara. Ɛyɛ den titiriw sɛ wɔbɛka sɛ dabi akyerɛ ɔhɔho. Enti, wusua sɛ sɛ ofiewura pene Bible adesua anaa Kristofo nhyiam horow a ɔbɛkɔ so a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo dɛ pii. Dɛn ntia? Eyi nkyerɛ ankasa sɛ ɔregye atom. Egye bere ne osuahu na wode ahu wɔn a wɔn ani gye ho ankasa no.

Malaysia ka aman a wɔwɔ ahomegye nna ne nyamesom afahyɛ ahorow pii no ho. Eyinom yɛ mmere a nkurɔfo srasra wɔn nnamfo ne abusuafo a wonni adagyew. Malaysia Adansefo no nso hyɛ wɔn dwumadi mu den na wɔde ahomegye nna a ɛtete saa no di dwuma de ka asɛmpa no kyerɛ. Nanso sɛ biribi pa befi mu aba a, ɛsɛ sɛ wɔde anifere ne ntease yɛ saa.

Chinafo Afe Foforo Da yɛ nna a ɛtete saa no mu biako pɛ. Taofo gye di sɛ nea ɛbɛyɛ na yiyedi aba afe no nkae no mu no, ɛsɛ sɛ wɔde ayamye nsɛm ne nnwuma pa fi afe no ase. Saa da no, Ɔdansefo bɛpow sɛ ɔde nsɛm te sɛ “owu,” “ɔyare,” ne “ɛyaw” bedi dwuma. Mmom no, ɔde n’adwene besi nsɛmti a ɛyɛ anigye te sɛ “ase a wɔbɛtra daa wɔ akwahosan ne asomdwoe ne yiyedi a ɛtra hɔ daa mu wɔ wiase foforo bi mu” no so. Saa ahomegye da yi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔkae nkurɔfo wɔ wɔn amanehunu ahorow ho.

Wɔ “Wɔn a Wotwa Eti Asase” So

Esiane sɛ ankorankoro a “wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” na wɔka bom yɛ “nnipakuw kɛse” no nti, biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ sɛ yebesusuw Malaysia Apuei Fam mmusuakuw a wofi ɔman no mu no ho. (Adiyisɛm 7:9) Ɛma koma ani gye sɛ wubehu sɛ Sarawakfo a wɔn dodow kɔ anim bere nyinaa​—a bere bi na wɔfrɛ hɔ sɛ Wɔn a Wotwa Eti Asase no​—regye Ahenni nkrasɛm no so.

Sɛ nhwɛso no, mfe anan ni no, na Ahenni adawurubɔfo baasa pɛ na wɔwɔ Miri a ɛyɛ mpoano kurow bi a ɛwɔ Sarawak a wotu petrol wɔ hɔ no. Ɛnnɛ, pii rekyerɛ Bible no a wobesua ho anigye. Onuawa ɔkwampaefo bi bu Bible adesua 17 ho akontaa, na n’adesuafo no mu binom ankasa ne anigyefo afoforo sua ade. Mprempren asafo bi a emu yɛ hyew wɔ Miri kurow ketewaa no mu.

Ibanfo a wofi Sarawak no ade biako a ɛma wɔda nsow ne wɔn adan atenten no. Wɔde nnua a ɛyɛ den ne berɛw na asisi adan atenten yi a egyina nnua so no. Mpɛn pii no wosisi wɔ asubɔnten ho wɔ kwae ano, na adan a wɔtra mu efi 30 kosi 40 anaa nea ɛboro saa a ɛtoatoa so na ɛwɔ fã ne fã nyinaa a ne nyinaa wɔ abranaa a wɔnantew so biako na ɛwom. Yɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no mu pii wɔ asasesin a ɛte sɛɛ no mu.

Bere bi, na wɔrebɛma Bible mu ɔkasa a egyina asɛmti “Anidaso Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Awufo?” so wɔ adan atenten yi biako mu. Ofie panyin (anaa tuai rumah) no boaboaa nnipa no nyinaa ano wɔ ruai anaa abranaa a wɔnantew so biako no so. Obiara de ɔpɔw ne kommyɛ kɛse tiei kosii sɛ wowiee ɔkasa no. Afei, ɔbarima biako bisae sɛ: “Ɔkwan bɛn so na ebetumi ayɛ nea awufo nnim hwee?” Ɔfoforo nso kae araa sɛ papafo kɔ soro dedaw na abɔnefo no wɔ hell a ogya dɛw mu mu. Nanso ebinom ani gyee hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi atra ase daa wɔ paradise asase so no ho na wɔpɛe sɛ wosua pii ka ho. Na ɛte sɛ bere a Paulo kasa kyerɛɛ Atenefo wɔ Areopago no ara pɛ.​—Asomafo no Nnwuma 17:32-34.

Na Ibanni Juing Insoli a wadi mfe 72 na ɔkɔ Anglikan Asɔre no te ɔdan tenten foforo mu. Bere a ɔyɛ abofra no, na nsemmisa te sɛ eyinom haw no: Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ Nyankopɔn betumi ayɛ awufo ayayade daa wɔ hell a emu yɛ hyew mu? Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, dɛn nti na ntɛnkyea pii wɔ hɔ saa? Obiara antumi amma no mmuae a ɛma akomatɔyam. Da koro bi, n’adamfo bi tɔɔ Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no bi fii kurom. Bere a Juing adamfo no hui sɛ nhoma no betumi ama ne nsemmisa no ho mmuae no, ɔde fɛm no. Anigye bɛn ara na Juing nyae sɛɛ yi! Awiei koraa no, wɔ mfirihyia 60 a ɔde ahwehwɛ akyi no, wahu nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no!

Juing sii ne bo sɛ n’ankasa nsa bɛka nhoma no bi. Otwaa akwansin 150 kɔɔ Kuching a ɛyɛ Sarawak ahenkurow no mu kɔhwehwɛɛ nhomatɔnbea ahorow mu. Wanhu nhoma no bi wɔ baabiara. Saa anadwo no, wɔ ne busuani bi fi no, ɔtee sɛ obusuani foforo bi wɔ bi. Wɔkyerɛɛ no kwan kɔɔ kurom hɔ Ahenni Asa so na ɔtɔɔ nhoma ahorow 15 sɛ ɔde rekɔ ne fie tenten no mu.

Bere a Juing kenkan ne nyinaa wiei no, ɔsan baa kurow no mu na obisae sɛ wɔmmɔ no asu. Mpanyimfo no serewee wɔn ano na wɔwosow wɔn ti. Nanso, nea ɛyɛɛ wɔn nwonwa no, ankyɛ na wohui sɛ ɔfata koraa. Enti, wɔbɔɔ no asu! Juing san baa ɔdan tenten no mu a ɔso Bible ho nhoma pii no, ofii ase kaa asɛm kyerɛɛ n’afipamfo. Nea edi kan no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ne nnamfo no nnye nokware no bere a wɔakenkan nhoma ahorow no awie no. Nanso ankyɛ na ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔne wɔn sua Bible no. Na Juing asɛnka akontaabu yɛ da biara da nsɛm a wakyerɛkyerɛw bere nyinaa!

Saa amanneɛbɔ yi fi Lahad Datu kurow a ɛwɔ Sabah ɔman no mu a atew ne ho no mu: Ɔbea warefo bi a onnyinii pii ne ne mma baasa suaa nokware no denam Bible adesua a onua bi a ɔwɔ Kinabalu a ɛyɛ ɔmantam no ahenkurow mu ne wɔn yɛe denam nkrataa kyerɛw so no so. Awiei no, ɔbea no sii gyinae sɛ ɔbɛma wɔabɔ no asu wɔ ɔmansin nhyiam bi ase. Nanso, wɔ asubɔ kasa no mfinimfini no, ne kunu bɔ hyɛn hɔ na ɔkae sɛ ɔmmɛsen mma wɔnkɔ fie.

Wokoduu fie no, okunu no bɔɔ mmɔden sɛ obesiesie nneɛma nanso anyɛ yiye. Awiei koraa no, ɔteɛɛm sɛ: “Afei, dɛn na wopɛ?” Ne yere no buae sɛ: “Mepɛ sɛ wɔbɔ me asu.” Obisae sɛ: “Ɛho hia wo kɛse saa?” “Yiw, ɛne bere a ɛho hia sen biara wɔ m’asetra mu.” Awiei koraa no obuae sɛ: “Eye! Frɛ mo panyin no. Mesi asubura ma wɔabɔ wo asu wɔ ha.”

Sɛnea ɔbarima no kae no, ɛno ne nea ɔyɛe. Na wɔbɔɔ ne yere no asu bere a edi hɔ a ɔmansin sohwɛfo bɛsraa wɔn no​—wɔ asubura a ne kunu atu ama no no mu! Nanso dɛn na ɛmaa onuawa yi sii ne bo saa no? Wiɛ, ɛwom sɛ na watew ne ho de, nanso osiesiee ne ho maa nneɛma a wosua wɔ nhyiam horow no ase no daa. Sɛ “nhyiam” bi twa ne ti so a, ɔte nka te sɛ nea onnidii. Mprempren saa onuawa yi kyerɛkyerɛ ne mma na ɔyɛ ofie Bible adesua ahorow abiɛsa.

‘Nea Osua Koraa no Redan Apem’

Alfred ne Thelma Wicke a wofi Australia kɔɔ Malaysia no na wobuee Ahenni adwuma no ano wɔ 1939 mu. Wɔn asɛmpatrɛw adwuma a nokwaredi wom no reyɛ adu mfirihyia 50, na Yehowa ahyira wɔn mmɔdenbɔ no so wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so dɛn ara! Efi bere a wobuee baa dwumadibea wɔ Penang wɔ 1972 mu na Onua Wicke somee sɛ baa sohwɛfo no, asɛnka adwuma wɔ Malaysia no anya nkɔanim. Saa bere no, na Ahenni adawurubɔfo 207 na wɔwɔ hɔ. Mfe du akyi no, dodow no bɔɔ ho mpɛn abiɛsa. Enti wɔ 1983 mu no, woyii baa dwumadibea no kɔɔ Klang a ɛyɛ po so ahyɛn gyinabea kurow a ɛbɛn ɔman no nyinaa ahenkurow, Kuala Lumpur no mu. Baa dwumadibea adan afoforo no yɛ abansoro a ɛtoa so abiɛsa a edi mprempren ahiade no ho dwuma yiye. (Hwɛ kratafa 26.)

Mfe kakraa bi ni no, wɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ wɔde Ahenni nkrasɛm no bedu wɔn a wɔka China ne Tamil kasa no nkyɛn. Mprempren, wɔ Chinafo asafo ahorow abien akyi no, Chinafo ne Tamilfo akuw wɔ asafo afoforo pii mu ne Japanfo kuw bi a emufo yɛ nnipa bɛyɛ 20 a emu yɛ hyew nso.

Asafo ahorow 20 ne Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 900 na wɔwɔ asasesin no mu nyinaa mprempren. Eyi ma adawurubɔfo ne ɔmanfo nkyekyem ba bɛyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo 1 biara ka asɛm kyerɛ ɔmanfo 18,500. Enti adwuma pii da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ nea ɛkyerɛ sɛ nkɔso betumi aba no, nnipa 2,633 na wɔbaa 1988 Nkaedi afahyɛ no ase. Eyi maa Malaysia Adansefo no ani gyei, na pii de wɔn ho rehyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Yiw, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Malaysia no de ahopere rehwɛ kwan sɛ wobedu adawurubɔfo 1,000 botae no ho. Wɔkae Yehowa bɔhyɛ no yiye: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.”​—Yesaia 60:22.

[Asase Mfonini wɔ kratafa 26]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

THAILAND

MALAYSIA

Penang

Kuala Lumpur

Klang

Singapore

MALAY PENINSULA

SUMATRA

EQUATOR

South China Sea

PHILIPPINES

SABAH

Kota Kinabalu

Mt. Kinabalu

Lahad Datu

BRUNEI

Miri

MALAYSIA

SARAWAK

Kuching

BORNEO

600 Km

400 MI

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena