Nsɛm No Mu Nhumu
Kɔkɔbɔ Sɛnkyerɛnne
December a etwaam no mu no, asasewosow bi a na ɛyɛ 6.9 wɔ Richter nsenia so no bubuu Rusiafo man Armenia pasaa. Anyɛ yiye koraa no, asasewosow no a wɔkaa ho asɛm sɛ “ɛyɛ nea enye koraa wɔ Rusia abakɔsɛm mu no mu biako” no kunkum nnipa 25,000 na ɛmaa 500,000 bɛyɛɛ wɔn a wonni afi. Ɛsɛee Armenia kurow kɛse a ɛto so abien a ɛne Leninakan a emufo yɛ 290,000 no mu nkyem abiɛsa mu abien na ɛsɛee Spitak a ɛyɛ kurow a nnipa bɛyɛ 30,000 na wɔte mu no pasapasa. Asasewosow no dwerɛw nkuraase pii nso. Anyɛ yiye koraa no nnipa 5,400 a wonyaa wɔn ti didii mu na ogye adwumayɛfo a wofi aman ahorow so gyee wɔn fii mmubui a na ayeyɛ nkoko no mu, na sɛnea Rusia aban mpanyimfo kyerɛ no, apirafo dodow duu 13,000.
Ɛwom sɛ nyansahufo wɔ nneɛma atitiriw nti a nsasewosow pii sisi no ho adwene bi de, nanso wontumi nka bere pɔtee a eyinom bɛba no nsie. Nanso, sɛnea nsasewosow ba ntoatoaso na ɛsɛe ade wɔ saa afeha yi mu no nyɛ Bible asuafo a wɔatete wɔn a wonim Yesu Kristo “sɛnkyerɛnne” a ɔka siei a ɛhyɛ ne “ba a waba” ne “nneɛma nhyehyɛe yi awiei” no agyirae no ho asɛm no nwonwa. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ ɛwom sɛ Yesu ankyerɛkyerɛ nea ɛde saa nsasewosow yi bɛba no mu de, nanso ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ sɛ́ “sɛnkyerɛnne” a ɛwom pii no fã no, “asasewosow bɛba mmeaemmeae.”—Mateo 24:3, 7, NW.
“Wiase Nniso”
Ɔbenfo Kenneth Hare a ɔyɛ asase ho nsɛm ne wim tebea nsakrae ho ɔbenfo bi no se ɔkwan biako a wobetumi afa so ako atia asase so ɔhyew ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu asiane afoforo a ɛba no ne wiase nniso biako. Hare bɔɔ kɔkɔ sɛ adesamma resɛe abɔde wɔ ɔkwan a edi awu so. Calgary Herald a ɛyɛ Canada atesɛm krataa bi no bɔ amanneɛ sɛ ɛnyɛ nuklea awudi nkutoo na ɛhunahuna okyinsoromma no na mmom “asase so nneɛma a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so nso.” Hare kyerɛ sɛ carbon mframa tɔn ɔpepepem abiɛsa na kar ne mfiridwuma mu mfiri ahorow puw gu mframa mu afe biara. Computer nhwehwɛmu kyerɛ sɛ sɛ carbon-dioxide dodow no kɔ anim nkakrankakra mpo a, ennu afe 2075 mu no na abɔ ho. Hare kae sɛ “yɛde wiase nyinaa asɛnnennen aba,” na sɛ wɔannya nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho mmara wiase nyinaa a, “asɛm bɛto yɛn.”
Ntease wɔ nea Ɔbenfo Hare kamfo kyerɛ no mu ampa. Nanso, so onipa betumi anya anidaso da bi sɛ ɔde wiase nyinaa nniso a ebetumi ayɛ nneɛma te sɛ ɛbɛkyerɛ sikasɛm mu nkɔso kwan, ebenya nneɛma a ɛma ahoɔden fibea a ɛnsɛe mframa, na ama adesamma ate ase sɛ ɛsɛ sɛ wonya nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no a wobɛhwɛ so yiye ho nhyehyɛe bi wɔ wiase nyinaa bɛba?
Dabida! Onyankopɔn Asɛm ka no pefee sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Nanso, ɛwɔ Onyankopɔn nsam. Sɛ́ “Asomdwoe Hene” no, ne Ba Yesu Kristo bedi wiase nniso bi a ebedi tumi atɛntrenee ne trenee mu so. Wɔ ne soro nniso ase no, adesamma remfa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no nto asiane mu.—Yesaia 9:6, 7; Daniel 2:44.
Afotu Bɔne
So ɛyɛ adebɔne sɛ abofra bɛyɛ n’awofo so asoɔden? Leon Kuczynski a ɔyɛ onyin ho ɔdenimfo bi wɔ Guelph Sukuupɔn a ɛwɔ Ontario, Canada, no kyerɛ sɛ ɛnte saa papa. Nokwarem no. The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ bere a Kuczynski ayɛ nhwehwɛmu wɔ ɛnanom 70 ne wɔn mma mu awie no, ogye di sɛ “akwan horow a abofra fa so yɛ n’awofo so asoɔden no ho hia wɔ n’asetra mu onyin mu.” Sɛnea asɛm no kyerɛ no, sɛ mmofra anyɛ nea wɔaka akyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ a, ɛnsɛ sɛ ɛhaw awofo. Dɛn ntia? Kuczynski se adeyɛ a ɛte saa no yɛ ne kwan so. Ɔdenimfo no te nka nso sɛ “pow a abofra pow sɛ obetie n’awofo no betumi ayɛ ahofadi ne onyin ho sɛnkyerɛnne.”
Awofo asɛm a mmofra ntie no nyɛ onyin ho sɛnkyerɛnne. Nea ɛne no bɔ abira no, Ɔhene nyansafo Salomo kyerɛwee sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” (Mmebusɛm 22:15) Bere a ebia ebinom bɛka mpo sɛ abofra asoɔden de nnepa bi ba no, Onyankopɔn Asɛm ne wɔn nyɛ adwene. Mfehaha bi ni no ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.” (Kolosefo 3:20) Awofo anyansafo bɛhwɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ wɔn kwankyerɛfo wɔ mmofra ntetee mu.—Mmebusɛm 19:18: 29:15.