Wubetumi Anya Akorade A Ɛsom Bo!
ENGIRESINI ɔdefo no bisae sɛ: “So wuhu biribi wom?” Misrifo nneɛma ho ɔdenimfo no buae sɛ: “Yiw, nneɛma a ɛyɛ nwonwa.” Na afe no yɛ 1922, na na afei ara na Howard Carter ahwɛ Farao Tutankhamen da a ɛwɔ Misraim Ahene Bon mu no mu. Anigye da adi yiye wɔ Carter nsɛm no mu:
“Bere a mitumi huu hann no mu yiye no, ɔdan no mu nneɛma daa adi nkakrankakra fii kusukuukuu, mmoa a wɔn ho yɛ nwonwa, ahoni, ne sika—na sika hyerɛn baabiara—no mu: Bere tiaa no mu no—ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ afoforo a na wogyina akyi no bere tenteenten—ahodwiriw maa metɔɔ mum . . . Na yɛnsoo biribi a ɛte sɛɛ, ɔdan a ɛte sɛ tete nneɛma akorae mũ—a nneɛma ahorow ahyɛ no ma ho dae da.” Carter gye toom sɛ onyaa akorade hwehwɛfo . . . akwanhwɛ a akyɛ” no bi.
Saa nneɛma a wokohui no maa akorade ahorow a ɛsom bo yiye a wɔde asie bɛboro mfe 3,000 ni no daa adi. Nanso Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ akorade hwehwɛ a ɛkyɛn so mu. Ɛyɛ adehwehwɛ a ɛso wɔ akatua koraa sen abohene, sika, anaa dwetɛ a wɔbɛhwehwɛ. Wɔde saa akorade hwehwɛ yi nya Onyankopɔn nyansa, na ne nneɛma a ɛsom bo kɛse no biako ne daa nkwa.—Yohane 17:3.
Mmɔdenbɔ ho Hia
Egye mmɔdenbɔ kɛse na wɔatumi atutu fam apɛ tete nneɛma. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubetutu wuram asase bi anaasɛ wubesian akɔ nsu a emu yɛ hu mu akɔhwehwɛ akorade bi a wɔde asie anaasɛ ɛhyɛ nsu ase. Nanso akorade hwehwɛfo a wɔn ani abere de anigye bɔ mmɔden a ɛte saa. Mpɛn pii no wogyina nsɛnnennen ano na wodi akwanside ahorow a ɛte sɛ nea wontumi nni so so. Wiɛ, so Onyankopɔn nyansa a wɔbɛhwehwɛ no mfata sɛ wɔbɔ ho mmɔden kɛse mpo?
Sɛ yɛde mmɔdenbɔ a ɛho hia no sua Bible ne nokware Kristofo nhoma ahorow a wɔasiesie de reboa yɛn ma yɛahwehwɛ nyansa abohene a ɛwɔ mu no a, yebenya akorade. Mmɔdenbɔ a ɛkɔ so daa ho hia yiye. Sɛ yefi ase tutu fam sɛ yɛrehwehwɛ honam fam akorade na yegyae bere a yedwiriw asase no ani ara kwa a, yɛrennyɛ adefo. Saa ara nso na ɛbɛyɛ bere a yefi ase sɛ yɛbɛhwehwɛ honhom mu akorade na yegyae bere tiaa bi akyi esiane sɛ yesusuwii sɛ ɛyɛ ɔbrɛ dodo sɛ yɛbɛtoa so no nti no. Wɔn a wɔyere wɔn ho sɛ wɔn nsa bɛka “ɔsoro nyansa” no na wonya. (Yakobo 3:17) So ɛnsɛ sɛ wobɔ mmɔden a ɛho hia no na wohwehwɛ Onyankopɔn nyansa mu akorade a ɛsom bo kɛse no?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Cover and page 3 photo: K. Scholz/H. Armstrong Roberts