Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 3/1 kr. 24-29
  • Atɛntreenee Ma Aman Nyinaa Nnansa Yi Ara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atɛntreenee Ma Aman Nyinaa Nnansa Yi Ara
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma Pa a Ɛreba ho Sunsuma
  • Atɛntrenee a Mmɔborohunu Wom
  • Atɛntrenee ma Aman Nyinaa
  • So Woregye Onyankopɔn Akwan a Ɛteɛ no Atom?
  • Atɛntrenee Nyankopɔn No Bɛyɛ Ade Ntɛm
  • “Amanaman, Mo Ne Ne Man Mmɔ Anigyese”
  • Yehowa—Nokware Atɛntrenee Ne Adetrenee Fibea No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Suasua Yehowa—Bu Atɛntrenee Na Yɛ Adetrenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • ‘N’akwan Nyinaa Tene’
    Bɛn Yehowa
  • Yehowa—Nea Ɔdɔ Trenee ne Atɛntrenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 3/1 kr. 24-29

Atɛntreenee Ma Aman Nyinaa Nnansa Yi Ara

‘Atɛntrenee​—atɛntrenee akyi na di, na woanya nkwa, na woakɔfa asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no.’​—DEUTERONOMIUM 16:20.

1. Na dɛn ne Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma onipa, na ɔkwan bɛn so nkutoo na na obetumi ama anya mmamu?

ATIRTMPƆW nti a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea ne sɛ ɔbɛma wɔde abɔde a wɔyɛ pɛ ahyɛ asase so ma. Na wɔn nyinaa de nkamfo bɛma no na wɔayɛ wɔn fam de wɔ asase no so a wobedi no mu. (Genesis 1:26-28) Esiane sɛ wɔyɛɛ onipa wɔ Onyankopɔn suban so ne ne nsɛso nti, wɔmaa ne su horow a ɛne nyansa, atɛntrenee, ɔdɔ ne tumi. Onipa nam su horow yi a ɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so nkutoo na obetumi adi atirimpɔw a ne Yɛfo wɔ ma no no ho dwuma.

2. Na atɛntrenee akyi a wobedi no ho hia Israel mma dɛn?

2 Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, onipa tew atua wɔ ɔkwan a Onyankopɔn nam so yɛ ade no ho na wobuu no kumfɔ. Afei, esiane pɛ a ɔnyɛ nti, na ɔrentumi nni Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma no ho dwuma. Tumi a onipa ntumi mmu atɛntrenee a ɛyɛ pɛ no ayɛ ade titiriw wɔ nkogudi yi mu. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Mose kaee Israel mma sɛ: ‘Atɛntrenee​—atɛntrenee akyi na munni’! Na wɔn nkwa ne tumi a wobetumi afa Bɔhyɛ Asase no gyina atɛntrenee akyi a na wobedi no so.​—Deuteronomium 16:20.

Nneɛma Pa a Ɛreba ho Sunsuma

3. Dɛn nti na sɛnea Yehowa ne Israel dii no mu a yɛbɛhwehwɛ no ho hia ma yɛn nnɛ?

3 Sɛnea Yehowa ne Israel man dii no hyɛ ahotoso a yɛwɔ sɛ ɔnam n’Akoa a wapaw,​—Yesu Kristo so bɛma n’atɛntrenee ada adi wɔ aman nyinaa mu no mu den ankasa. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ nsɛm mu sɛɛ se: “Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ’ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.” (Romafo 15:4) Esiane sɛ Onyankopɔn ‘dɔ trenee ne atɛntrenee’ nti, na ɔhwehwɛ sɛ Israelfo no suasua no wɔ sɛnea wɔne wɔn ho wɔn ho di no nyinaa mu. (Dwom 33:5) Yɛnam mmara 600 a ɔde maa Israel no mu kakraa bi a yɛbɛhwehwɛ mu no so betumi ahu eyi pefee.

4. Wodii hokwan ahorow a ɔmanfo wɔ ho nsɛnnennen ho dwuma dɛn wɔ Mose Mmara no ase?

4 Na wonhyia hokwan ahorow a ɔmanfo wɔ ho nsɛnnennen biara bere a na wodi Mose Mmara no so no. Leviticus 19:34 reka obi a ɔnyɛ Israelni a na wabɛtra asase no so ho asɛm no, ese: “Ɔhɔho a wabɛtra mo mu nyɛ mo sɛ mo kuroni bi, na dɔ no sɛ wo ho.” Nhyehyɛe a ɛteɛ na ɔdɔ wom bɛn ara ni! Afei nso, wotuu atemmufo ne adansefo nyinaa fo sɛ: “Nkasa asɛm bi mu nkom nkodi nnipa dodow akyi nnan asɛm ani. Na ohiani nso, nhwɛ n’anim wɔ asɛm mu.” (Exodus 23:2, 3) Susuw ɛno ho​—wobu adefo ne ahiafo nyinaa atɛntrenee!

5. Fa nsɛmmɔnedi ho mmara a na ɛwɔ Mose Mmara no ase no toto nea ɛwɔ hɔ nnɛ no ho.

5 Wɔ Mose Mmara no ase no, na nsɛmmɔnedi ho mmara korɔn sen nnɛyi aman mmara nhoma mu mmara ahorow no. Sɛ nhwɛso no, na wɔmmfa ɔkorɔnfo nto afiase na ama wayɛ adesoa ama nnipa a wɔyɛ adwumaden a wodi mmara so no. Na ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma de tua ade a wawia no ho ka mmɔho abien anaa nea ɛboro saa. Enti na ade a wawia no wura nhwere hwee. Fa no sɛ ɔkorɔnfo no ampene sɛ ɔbɛyɛ adwuma de atua ka no. Wɔ eyi mu no, wɔtɔn no kɔ nkoasom mu kosi sɛ ɔbɛhyɛ ade no ananmu. Sɛ ɔkɔ so yɛ mpi a, wokum no. Ɔkwan yi so no, woyi atɛntrenee adi kyerɛ ade a wawia no wura na ɛyɛ ade a emu yɛ den a ebesiw afoforo a ebia wobɛpɛ sɛ wowia ade no kwan. (Exodus 22:1, 3, 4, 7; Deuteronomium 17:12) Afei nso, esiane sɛ nkwa yɛ kronkron wɔ Onyankopɔn ani so nti, wokum owudifo biara. Eyi yii onipa tirimɔdenfo ne owudifo fii ɔman no mu. Nanso, woyii mmɔborohunu adi kyerɛɛ onipakumfo a wanhyɛ da no.​—Numeri 35:9-15, 22-29, 33.

6. Israelfo mmara ahorow no mu a yɛhwehwɛ no ma yenya adwene bɛn?

6 Ɛnde, hena na obetumi aka sɛ ɛnyɛ nea atɛntrenee daa adi wɔ sɛnea Onyankopɔn ne Israel man dii wɔ atemmu fam nyinaa no mu? Enti, hwɛ awerɛkyekye ne anidaso a ɛma yenya bere a yesusuw sɛnea wɔnam Kristo Yesu so bɛma Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 42:1 anya mmamu no! Wɔma yenya awerɛhyem wɔ hɔ sɛ: ‘Atɛntrenee befi akɔ amanaman mu.’

Atɛntrenee a Mmɔborohunu Wom

7. Ka sɛnea Yehowa ne Isreal dii mmɔborohunu kwan so no ho asɛm.

7 Mmɔborohunu wɔ atɛntrenee a Onyankopɔn bu mu. Eyi daa adi pefee bere a Israelfo no fii ase tew Onyankopɔn trenee nneyɛe ho atua no. Tie Mose nkyerɛkyerɛmu a ɛfa mmɔborohunu mu a Yehowa tĩ hwɛɛ wɔn wɔ mfe 40 a wodii wɔ sare so no ho no: “Ohuu no sare asase so ne nkyerekyerewa so, sare pradada so nkekaboa su mu: otwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ no so yiye, ɔkoraa no so sɛ n’aniwa kurutiayisi. Sɛ ɔkɔre hwanyan ne buw na otu bɔ ne mma so mfamfia no, ɔtrɛw ne ntaban mu faa no, ɔsoaa no ne ntakra so. [Yehowa] nko ara na ɔkyerɛe no kwan.” (Deuteronomium 32:10-12) Akyiri yi bere a ɔman no wae tii nokware som ho no, Yehowa ka kyerɛ wɔn sɛ: “Monsan mfi mo akwammɔne ne mo nsɛnnii bɔne no so.”​—Sakaria 1:4a.

8, 9. (a) Onyankopɔn yii atɛntrenee a mmɔborohunu wom adi kyerɛɛ Yudafo no koduu he? (b) Amanehunu bɛn na awiei koraa no ɛtoo wɔn, nanso dɛn na yebetumi aka wɔ sɛnea Onyankopɔn ne wɔn dii no ho? ɛ

8 Wobuu wɔn ani guu mmɔborohunu a Yehowa kae se obeyi adi akyerɛ wɔn no so. Onyankopɔn nam odiyifo Sakaria so kae sɛ: “Nanso wɔante, ma me nso, wɔantie me.” (Sakaria 1:4b) Enti Onyankopɔn atɛntrenee a mmɔborohunu wom ma ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no sɛ ɔmmɛboa wɔn ma wɔnsan mmra ne nkyɛn. Osuboni Yohane de Onyankopɔn Ba no kyerɛe bere a ɔkaa eyi no: “Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.” (Yohane 1:29) Yesu de mfe pii kyerɛkyerɛɛ Yudafo no Onyankopɔn akwan a ɛteɛ a wammrɛ na ɔyɛɛ anwonwade ahorow pii na ɔnam saayɛ so daa no adi sɛ na ɔne Ogyefo a wɔkaa ne ho asɛm siei no. (Luka 24:27; Yohane 5:36) Nanso nnipa no antie anaasɛ wɔannye anni. Enti, ɛmaa Yesu kae sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔtan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo.”​—Mateo 23:37, 38.

9 Onyankopɔn twentwɛn atemmu a na ɔde bɛba wɔn so no ase mfe 37 bio kosii 70 Y.B. mu. Afei ɔmaa Romafo no kwan ma wɔsɛee Yerusalem na wɔfaa Yudafo mpempem pii kɔɔ nnommumfa mu. Sɛ yesusuw Yehowa abodwokyɛre ne ne boasetɔ a ɔdaa no adi mfehaha pii no ho a, hena na ɔrentumi nhu atɛntrenee a ɛdaa adi wɔ sɛnea ɔne Israel fi dii nyinaa no mu no?

Atɛntrenee ma Aman Nyinaa

10. Ɔkwan bɛn so na wɔdaa Onyankopɔn atɛntrenee adi kyerɛɛ aman nyinaa?

10 Bere a Israel pow Yesu akyi no, Yakobo kae sɛ: “Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no mu kankyerekyere paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din.” (Asomafo no Nnwuma 15:14) “Ɔman” yi a saa Yudafo kakraa bi a wogyee Yesu toom sɛ Mesia no ka ho na wɔka bom yɛ “Nyankopɔn [honhom mu] Israel]” a emufo yɛ Kristo Yesu akyidifo 144,000 a wɔde honhom awo wɔn no. (Galatifo 6:16; Adiyisɛm 7:1-8; 14:1-5) Na Amanaman mufo momonotoni gyidini a odi kan ne Kornelio. Bere a Kornelio ne ne fifo gyee Onyankopɔn nkwagye kwan toom no, Petro kae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Paulo trɛw teɛ a animhwɛ a enni Yehowa fam teɛ no mu bere a ɔka eyi no: “Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu. Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifo.”​—Galatifo 3:28, 29.

11. Bɔhyɛ bɛn na wɔde maa Abraham, na ɔkwan bɛn so na ebenya mmamu?

11 Wɔkae yɛn bɔ bi a ɛyɛ nwonwa a Yehowa hyɛɛ Abraham no wɔ ha. Onyankopɔn gyinaa ɔpɛ a na tete agya panyin no wɔ sɛ ɔde ne dɔba Isak bɛbɔ afɔre no so ka kyerɛɛ no sɛ: “Esiane sɛ woadi saa asɛm yi, na woankame me wo ba koro no nti, . . . nhyira na mehyira wo . . . Na w’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Genesis 22:16-18) Ɛbɛyɛ dɛn na bɔhyɛ yi atumi abam? “Abraham asefo” a wɔne Yesu ne n’akyidifo 144,000 a wɔasra wɔn a wodi nokware kodu owu mu no befi soro adi adesamma so mfe apem. (Adiyisɛm 2:10, 26; 20:6) Yehowa ma yenya bere a nhyira wom no ho awerɛhyem sɛ: “Na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.” Dɛn ntia? Efisɛ ‘wɔnam atɛntrenee ne trenee so bɛwowaw’ saa Mesia Ahenni ‘nniso’ no ‘akosi daa.’​—Yesaia 9:7.

12. Wɔanya Abraham apam no mu nhyira dedaw akodu he?

12 Nanso ɛho nhia sɛ wɔtwɛn kosi sɛ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no befi ase na ama wɔanya Abraham apam no mu nhyira horow no. “Nnipakuw kɛse” bi a wofi “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” renya nhyira horow yi dedaw. Wɔnam wɔn ‘ntade a wɔhohoro wɔ oguammaa [Yesu Kristo] no mogya mu’ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no so anya trenee gyinabea wɔ Yehowa anim. Wɔabɛyɛ Yehowa nnamfo te sɛ Abraham! Atɛntrenee reda adi wɔ ɔkwan a Yehowa nam so bɛma nnipa ɔpepem pii a wofi aman nyinaa mu anya nkwagye no mu ampa.​—Adiyisɛm 7:9, 14.

So Woregye Onyankopɔn Akwan a Ɛteɛ no Atom?

13, 14. (a) Komam nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada aseda a yɛwɔ ma Yehowa no adi?

13 So ɔkwan a Yehowa nam so da atɛntrenee adi ne ɔdɔ mu a ofi de ne Ba a ɔwoo no koro mae sɛ agyede maa wo no aka wo koma na akanyan wo yiye? Susuw Abraham nkate horow ho bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne ba, nea ɔdɔ no yiye no mmɔ afɔre no ho! Nanso Onyankopɔn nkate kɔ akyiri sen saa. Susuw ne nkate horow ho bere a na nnipa a wɔretwam gu ne Dɔba no anim ase yeyaw no na ɔte yaw kɛse nka wɔ asɛndua so no ho. Susuw nea Yehowa yɛe wɔ Yesu nteɛm a ese: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me?” no ho. (Mateo 27:39, 46) Nanso na atɛntrenee hwehwɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ma kwan ma ne Dɔba no wu wɔ ɔkwan a ɛte saa so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda ne mudi mu a okura no adi na wasan Onyankopɔn trenee ho. Afei nso, esiane sɛ Yehowa maa kwan maa ne Ba no wui nti obuee nkwagye kwan maa yɛn.

14 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ne Ba no ka yɛn ma yegye tom wɔ baguam sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn . . . ne oguammaa no dea.” (Adiyisɛm 7:10) Yɛnam ho dwuma a yedi wɔ ɔkwan pa so no da no adi sɛ yegye Mose nsɛm yi di: ‘Yehowa akwan nyinaa yɛ atɛntrenee.’ (Deuteronomium 32:4) Hwɛ anigye ara a yɛma Yehowa ne ne Ba no nya bere a yegye akwantrenee a Onyankopɔn nam so bɛma onipa anya nkwagye tom na afei yedi akyi no!

15. Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ Nikodemo no ho hia yɛn dɛn?

15 So ɛnyɛ yɛn ani gye sɛ yɛn mfɛfo gyidifo a wɔtraa ase wɔ 1870 mfe no mu no gyinaa ogye afɔre ɔsɛmpɔw no akyi pintinn? So yɛn ani nnye sɛ nnɛ yɛyɛ ahyehyɛde a asi ne bo sɛ ebegyina Onyankopɔn akwantree a ɔdɔ wom a ɔnam so bɛma adesamma anya nkwagye akyi no mufo? Sɛ yɛn ani gye de a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ku nea Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo no ho titiriw: “Na Onyankopɔn ansoma ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase. Nea ogye no di no, wommu no atɛn. . . . Na nea ɔyɛ nea ɛyɛ nokware no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, efisɛ ɔyɛɛ no Onyankopɔn mu.” Sɛ yebekwati Onyankopɔn atemmu a, ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛwɔ Ɔba no mu gyidi denam yɛ a yɛbɛyɛ ‘nnwuma wɔ Onyankopɔn mu’ no so.​—Yohane 3:17, 18, 21.

16. Ɔkwan bɛn so na Yesu asuafo no betumi ahyɛ ɔsoro Agya no anuonyam?

16 Yesu kae sɛ: “Eyi mu na wɔahyɛ m’agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo. Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu, sɛnea madi m’agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.” (Yohane 15:8, 10) Mmara nsɛm yi bi ne nea ɛwɔ he? Yehu biako wɔ Yohane 13:34, 35, faako a Yesu ka kyerɛ n’asuafo sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho . . . Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” Ɔdɔ aba no da adi wɔ Yehowa Adansefo mu. Yesu de ahyɛde mae nso sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) So w’ankasa woreyɛ ‘nnwuma yi wɔ Onyankopɔn mu’?

17. Dɛn na afi asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu aba a ɛyɛ Onyankopɔn atɛntrenee a wada no adi?

17 Atɛntrenee wɔ ɔkwan a Yehowa nam so maa Yesu akyidifo kwan sɛ wɔnyɛ nnwuma a ɛne asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ no mu no da adi bere a yesusuw nea Yehowa Adansefo tumi yɛe wɔ afe biako pɛ mu ho no. Wɔ 1988 mu no, wɔbɔɔ asuafo afoforo 239,268 asu! So eyi mma wo koma ani nnye?

Atɛntrenee Nyankopɔn No Bɛyɛ Ade Ntɛm

18. Esiane sɛ wɔtaa Yehowa nkurɔfo nti, nsɛm bɛn na wobetumi abisa?

18 Wɔnyɛɛ adansedi adwuma yi a wɔanhyia ɔtaa. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yohane 15:20) Yehowa Adansefo nnɛyi abakɔsɛm di nokware a asɛm yi yɛ no ho adanse. Wɔabara Adansefo wɔ aman ahorow mu na wɔde wɔn agu afiase, wɔahwe wɔn na wɔayɛ wɔn ayayade mpo. Ɛma yɛkae Habakuk nkɔmhyɛsɛm no bio: “Mmara mu gow na atɛntrenee mfi ara da.” Enti, ɛtɔ bere bi a, Yehowa nkurɔfo betumi ate nka sɛ ɛsɛ sɛ wobisa sɛ: ‘Dɛn nti na Yehowa hwɛ wɔn a wɔne yɛn di no ɔkwammɔne so no? Dɛn nti na Ɔyɛ komm bere a ɔbɔnefo mene obi a ɔteɛ kɛse sen no no?’​—Habakuk 1:4, 13.

19. Bɛ bɛn na Yesu bui a ɛboa yɛn ma yɛte nsɛm ase sɛnea Onyankopɔn te no?

19 Yesu buu bɛ bi a ɛboa yɛn ma yebua nsemmisa a ɛte saa na ɛma yetumi hu nneɛma sɛnea Onyankopɔn hu no. Wɔ Luka 17:22-37 no, Yesu kaa basabasayɛ tebea a ɛbɛhyɛ nneɛma nhyehyɛe yi agyirae no ho asɛm. Ɔkae sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea esisii ansa na Nsuyiri no reba wɔ Noa bere so ne bere a wɔsɛee Sodom ne Gomora wɔ Lot bere so no. Afei sɛnea wɔaka wɔ Luka 18:1-5 no, Yesu dan ne ho kɔhwɛɛ n’asuafo no na “obuu wɔn bɛ bi de kyerɛe sɛ etwa sɛ nnipa bɔ mpae daa a wɔmmrɛ.” Yesu kaa okunafo bi a na ahia no kɛse ne “ɔtemmufo bi” a na obetumi adi n’ahiade ahorow ho dwuma ama no ho asɛm. Okunafo no kɔɔ so srɛe sɛ: “Bu ntɛn gye me me tamfo nsam!” Esiane sɛ okunafo no ampa abaw nti, awiei koraa no ɔtemmufo no ‘buu ntɛn maa no.’

20. Asuade bɛn na Yesu bɛ no de ma yɛn?

20 Asuade bɛn na ɛwom ma yɛn nnɛ? Bere a Yesu de ɔtemmufo a ɔnteɛ no retoto Yehowa ho no, ɔkae sɛ: “Muntie nea ɔtemmufo yi ka! Na Onyankopɔn, sɛ ɔtɔ ne bo ase kyɛ wɔn ho nso a, ɔremmu ntɛn nnye wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa? Mise mo sɛ, obebu ntɛn agye wɔn ntɛm.”​—Luka 18:6-8a.

21. Ɛsɛ sɛ yebu ɔhaw a yɛn ankasa hyia no dɛn, na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma dɛn?

21 Kae bere nyinaa sɛ sɛ edu yɛn ankasa ɔhaw so a, te a ɛte sɛ nea yɛn adesrɛ no ho mmuae akyɛ no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ ɔboa yɛn. (2 Petro 3:9) Sɛ ɛba sɛ ebia yɛrehyia ɔtaa bi anaa wɔresisi yɛn sɛ saa okunafo no a, yebetumi anya gyidi sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ ma awiei koraa no wɔabu atɛntrenee. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada gyidi a ɛte saa adi? Ɛdenam mpae a yɛbɛbɔ bere nyinaa na yɛde nokwaredi agyina yɛn mpaebɔ ahorow akyi no so. (Mateo 10:22; 1 Tesalonikafo 5:17) Yɛnam yɛn nokwaredi so bɛda no adi sɛ gyidi wɔ asase no so, atɛntrenee nokware adɔfo wɔ hɔ ne sɛ yɛka wɔn ho.​—Luka 18:8b.

“Amanaman, Mo Ne Ne Man Mmɔ Anigyese”

22. Mose de ne dwom no baa awiei wɔ nkonimdi bɛn mu?

22 Mfehaha pii a atwam ni no, Mose de ne dwom no baa awiei wɔ nkonimdi kwan yi so sɛ: “Amanaman, mo ne ne man mmɔ angiyese, efisɛ obedi ne nkoa mogya so were, na ɔde aweredi betua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man.” (Deuteronomium 32:43) Yehowa aweredi da rebɛn kɛse. Hwɛ aseda ara a yɛde ma sɛ ɔreda boasetɔ ne atɛntrenee adi!

23. Dɛn na ɛtwɛn wɔn a wɔne Onyankopɔn man nya anigye no?

23 Ɔkwan no da so ara abue ama amanaman nyinaa mufo sɛ ‘wɔbɛba adwensakra mu,’ nanso ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase. Petro bɔɔ kɔkɔ sɛ: “[Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba.” (2 Petro 3:9, 10) Onyankopɔn atɛntrenee hwehwɛ sɛ ɛsɛ wɔsɛe nhyehyɛe bɔne yi nnansa yi ara. Sɛ ɛba saa a, ɛmmra sɛ ɛbɛyɛ nea yɛka wɔn a wotiee ɔfrɛ a ɛyɛ anigye yi ho: “Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese.” Yiw, ɛmmra sɛ ɛbɛyɛ nea yɛka saa anigyefo a wɔahu sɛ atɛntrenee da adi wɔ Onyankopɔn akwan nyinaa mu no ho!

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Mose Mmara no hyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn atɛntrenee mu no mu den?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yegye Onyankopɔn akwantrenee tom?

◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahyɛ Yehowa anuonyam?

◻ Ɛhe nkutoo na wobetumi ahu nokware anigye nnɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

“Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”​—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Onyankopɔn bɛma wɔabu atɛntrenee ama wɔn a wapaw wɔn a wɔteɛm frɛ no no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena